Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Esiane sɛ na wofi ase twa atoko bere a na Israelfo mmarima nyinaa rekɔ Apiti Afahyɛ no nti, henanom na na wotwa atoko aba a edi kan a na wɔde kɔ asɔrefie hɔ no?

Wɔde akwankyerɛ maa Israelfo no wɔ Mose Mmara no mu sɛ: “Afirihyia biako mu mpɛn abiɛsa na wo mmarima nyinaa mmeyi wɔn ho adi [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn anim faako a ɔbɛkyerɛ hɔ: apiti nnapɔnna, adapɛn dapɔnna ne asese nnapɔnna mu.” (Deuteronomium 16:16) Efi Ɔhene Salomo bere so reba no, Yerusalem asɔrefie hɔ na Onyankopɔn kyerɛe sɛ wɔnhyɛ fã no.

Ná wodi afahyɛ abiɛsa no mu nea edi kan no wɔ osutɔ bere mfiase. Esiane sɛ wɔfrɛ no Apiti Afahyɛ nti, sɛ wodi Twam Afahyɛ no Nisan 14 a, na wofi Apiti Afahyɛ yi ase Nisan 15, na ɛtoam nnanson kosi Nisan 21. Wɔ Israelfo kalenda so no, na Nisan 16 a ɛyɛ afahyɛ no da a ɛto so abien no ne bere a wofi ase twa aba a edi kan wɔ afe no mu. Saa da no, na ɛsɛ sɛ ɔsɔfo panyin no de atoko ‘afĩ a edi kan no’ kɔ kohim ‘wɔ Yehowa anim’ wɔ asɔrefie hɔ. (Leviticus 23:5-12) Esiane sɛ na ɛsɛ sɛ mmarima nyinaa kɔ Apiti Afahyɛ no ase bi nti, henanom na na wotwa atoko a wɔde bɔ afɔre yi?

Wɔde ahyɛde a ɛne sɛ wɔmfa aba a edi kan mmɔ afɔre mma Yehowa wɔ Apiti Afahyɛ bere mu no maa ɔman mũ no nyinaa. Ná ɛnsɛ sɛ obiara fi ase twa aba a edi kan no na n’ankasa de ba asɔrefie hɔ. Mmom no, wɔde ahyɛde maa ɔman no sɛ wɔmpaw ebinom ma wonsi ɔman no ananmu nyɛ saa. Enti na wobetumi asoma ebinom ma wɔakɔ atoko afuw a ɛbɛn hɔ mu akotwa atoko afĩafĩ a wɔde bedi Apiti Afahyɛ no. Bere a Encyclopaedia Judaica reka baabi a na wonya atoko no fi ho asɛm no, ɛka sɛ: “Sɛ na atoko no anyin sɛ wotwa a, ɛnde na wonya fi Yerusalem mpɔtam hɔ; sɛ ɛnte saa a, na wobetumi de afi Israel baabiara aba. Ná mmarima baasa na wokotwa atoko no, a wɔn mu biara kura ne kantankrankyi ne ne kɛntɛn.” Afei na wobetumi de atoko afĩ biako abrɛ ɔsɔfo panyin no ma ɔde abɔ afɔre ama Yehowa.

Nnɔbae a edi kan a na ɛsɛ sɛ Israelfo de bɔ afɔre no yɛ hokwan kɛse a wonyae a na wɔde bɛkyerɛ hyira a Onyankopɔn ahyira wɔn asase ne wɔn nnɔbae so no ho anisɔ. (Deuteronomium 8:6-10) Nanso, nea ehia sen saa no, na afɔre no yɛ “nneɛma pa a ɛbɛba no sunsuma.” (Hebrifo 10:1) Nea ehia titiriw no, Yesu Kristo nyan fii awufo mu wɔ Nisan 16, afe 33 Y.B., ɛda a na wɔde aba a edi kan bɔ afɔre ma Yehowa no. Ɔsomafo Paulo reka Yesu ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Kristo afi awufo mu sɛ wɔn a wɔawuwu mu aba a edi kan. . . . Nanso obiara ne ne gyinabea: Kristo ne aba a edi kan no, ansa na wɔn a wɔyɛ Kristo dea no adi hɔ wɔ ne mmae mu.” (1 Korintofo 15:20-23) Aba a edi kan a wɔakyekyere no afĩafĩ a na ɔsɔfo panyin no him wɔ Yehowa anim no yɛ Yesu Kristo a wɔanyan no afi awufo mu no ho mfonini—owufo a odi kan koraa a wɔanyan no a ɔrenwu bio. Yesu nam eyi so buee kwan a wɔbɛfa so agye adesamma afi bɔne ne owu mu.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 26]

© 2003 BiblePlaces.com