Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Nyansa Bɔ Onipa Ho Ban”

“Nyansa Bɔ Onipa Ho Ban”

“Nyansa Bɔ Onipa Ho Ban”

MMEBUSƐM 16:16 ka sɛ: “Nyansa nya ye sen sika dɛn ara, na nhumu nya sɛ sɛ wɔpaw sen dwetɛ.” Dɛn nti na mfaso wɔ nyansa so saa? Efisɛ “nyansa bɔ onipa ho ban sɛnea sika nso bɔ onipa ho ban no; nanso nimdeɛ so mfaso ne sɛ ɛne nyansa kora ne wuranom nkwa so.” (Ɔsɛnkafo 7:12, NW) Nanso ɔkwan bɛn so na nyansa kora ne wuranom nkwa so?

Onyankopɔn nyansa a yebenya, kyerɛ sɛ, Onyankopɔn Asɛm Bible mu nokware nimdeɛ a yebenya na yɛde abɔ yɛn bra no boa yɛn ma yɛnantew ɔkwan a ɛsɔ Yehowa ani so. (Mmebusɛm 2:10-12) Ɔhene Salomo a ɔtraa ase wɔ tete Israel no kae sɛ: “Teefo tempɔn ne bɔne kwati, nea ɔhwɛ ne kwan kora ne kra so.” (Mmebusɛm 16:17) Nokwarem no, nyansa gye ne wuranom fi akwammɔne so na ɛkora wɔn nkwa so! Nsɛm ntiantiaa a nyansa wom a ɛwɔ Mmebusɛm 16:16-33 no ma yehu sɛnea Onyankopɔn nyansa betumi aboa yɛn ma yɛn suban, yɛn kasa ne yɛn nneyɛe ayɛ papa. *

“Nya Ahobrɛase Honhom”

Nyansa a wɔka ho asɛm sɛ onipa no ka sɛ: “Ahokyerɛ ne ahantan . . . na mikyi.” (Mmebusɛm 8:13) Ahantan ne nyansa ntam kwan ware paa. Ɛho hia sɛ yɛyɛ ade nyansa mu na yɛhwɛ yiye na yɛanyɛ ahomaso anaa ahantan. Ne titiriw no, sɛ yɛatumi ayɛ biribi wɔ asetra mu anaa sɛ yɛwɔ hokwan bi wɔ Kristofo asafo no mu a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye.

Mmebusɛm 16:18 ka sɛ: “Ahantan di ɔsɛe anim, na kwasiare honhom di asehwe kan.” Susuw asehwe a ɛsen biara a esii wɔ amansan yi mu no ho hwɛ. Eyi yɛ Onyankopɔn honhom mu ba a ɔyɛ pɛ a ɔyɛɛ ne ho Satan Ɔbonsam no asehwe. (Genesis 3:1-5; Adiyisɛm 12:9) So wanna ahomaso su adi ansa na ɔrehwe ase? Bible ka eyi ho asɛm bere a ɛka sɛ ɛnsɛ sɛ wɔpaw obi a ɔyɛ abɛɛfo sɛ ɔhwɛfo wɔ Kristofo asafo no mu efisɛ “anhwɛ a na wahoman ahwe atemmu a wɔde ama Ɔbonsam no mu.” (1 Timoteo 3:1, 2, 6) Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛhwɛ yiye sɛ yɛrennyigye afoforo so ma wɔnyɛ ahantan, na yɛn nso yennya su a ɛte saa!

Mmebusɛm 16:19 ka sɛ: “Eye sɛ wo ne abrɛfo nya ahobrɛase honhom sen sɛ wo ne ahokyerɛfo bɛkyɛ asade.” Nea ɛma yehu sɛ eyi yɛ afotu a nyansa wom no da adi wɔ tete Babilon hene Nebukadnesar asɛm no mu. Ahantan nti, ɔyɛɛ ohoni kokuroo bi wɔ Dura tataw so—ɛbɛyɛ sɛ na egyina hɔ ma n’ankasa. Ebetumi aba sɛ wɔyɛɛ ohoni yi sii fapem bi a ɛkorɔn paa so ma enti na ne tenten kɔ soro kodu anammɔn 90. (Daniel 3:1) Ebia wɔyɛɛ nkaedum tenteenten yi de yɛɛ Nebukadnesar ahemman no ho sɛnkyerɛnne. Ɛwom sɛ nnipa ani betumi agye nneɛma a ɛyɛ atenten na ɛkorɔn te sɛ saa ohoni no, abo nkaedum atenten, asɔredan atifi abantenten ne abansoro adan atenten ho de, nanso Onyankopɔn nhu no saa. Odwontofo no kae sɛ: “[Yehowa, NW] wɔ ɔsorosoro, na ɔhwɛ ahobrɛasefo, na ahantanfo de, ohu wɔn wɔ akyirikyiri.” (Dwom 138:6) Nokwasɛm ni, “nea ɛyɛ kokuroo wɔ nnipa anim no yɛ akyide wɔ Onyankopɔn ani so.” (Luka 16:15) Ɛyɛ papa sɛ yebedi “nneɛma a ɛba fam akyi” mmom sen sɛ ‘yebedwennwen nneɛma akɛse ho.’—Romafo 12:16.

Fa ‘Nhumu’ ne “Ano Dɛdɛ” Kasa

Ɔkwan bɛn so na nyansa a yebenya no ka yɛn kasa? Ɔhene nyansafo no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Nea odwen asɛm so no hu papa. Na nhyira ne nea ɔde ne ho to [Yehowa, NW] so. Wɔfrɛ komam nyansafo sɛ nhumufo, na ano dɛdɛ ma adenim dɔ. Nimdeɛ yɛ nkwa nsuti ma nea ɔwɔ, na agyimfo asotwe ne wɔn agyimisɛm. Onyansafo koma kyerɛ n’ano nimdeɛ, na ɛma adenim dɔ n’anom.”Mmebusɛm 16:20-23.

Nyansa boa yɛn ma yɛde nhumu ne ano dɛdɛ kasa. Dɛn ntia? Efisɛ obi a ɔyɛ komam nyansafo no bɔ mmɔden sɛ ‘obehu papa’ wɔ asɛm bi mu, na “ɔde ne ho to [Yehowa, NW] so.” Sɛ yɛbɔ mmɔden hwehwɛ nneɛma pa a afoforo yɛ a, ɛda adi sɛ yɛbɛka wɔn ho asɛm pa. Sɛ́ anka yɛbɛkasa atia afoforo anaa yɛne wɔn begye akyinnye no, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn anom kasa yɛ dɛ mmom. Sɛ yehu afoforo nsɛm tebea mu yiye a, ɛboa yɛn ma yɛte ahokyere a ebia wɔwom ne sɛnea wɔregyina ano no ase.

Sɛ yɛreyɛ Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no a, nyansa a yɛde bɛkasa no nso ho hia. Sɛ yɛkyerɛkyerɛ afoforo Onyankopɔn Asɛm a, ɛnyɛ yɛn botae ara ne sɛ yɛbɛka Bible mu asɛm akyerɛ wɔn kɛkɛ. Mmom yɛn botae ne sɛ yɛbɛka asɛm no ma aka nnipa koma. Eyi hwehwɛ sɛ yɛma yɛn anom kasa yɛ dɛ.

Sɛ yebetumi aka asɛm ma adan yɛn atiefo ti a, ɛhwehwɛ sɛ yehu wɔn adwene, nea wɔn ani gye ho, wɔn nsɛm tebea ne ntetee a wonyae wɔ asetra mu. Yɛbɛyɛ dɛn ahu nneɛma a ɛte saa? Osuani Yakobo bua sɛ: “Obiara nyɛ ntɛm asɛntie ho, ɔnyɛ nyaa ɔkasa ho.” (Yakobo 1:19) Sɛ yebisa otiefo no nsɛm na yetie no yiye a, yebetumi ahu onipa ko a ɔyɛ.

Ná ɔsomafo Paulo nim sɛnea wɔka asɛm ma ɛdan afoforo ti yiye. (Asomafo Nnwuma 18:4) Wɔn a na wɔsɔre tia no no mu baako a wɔfrɛ no Demetrio a ɔyɛ dwetɛ dwumfo no kae sɛ: “Ɛnyɛ Efeso nko na Paulo yi adan nnipakuw pii adwene de wɔn kɔ ntease foforo ho, na mmom ɛkame ayɛ sɛ Asia mantam mu nyinaa.” (Asomafo Nnwuma 19:26) So Paulo gyee anuonyam maa ne ho wɔ sɛnea otuu mpɔn wɔ asɛnka adwuma no mu no ho? Dabida. Obuu n’asɛnka adwuma no sɛ ɛyɛ Onyankopɔn “honhom ne [ne] tumi ho adanse.” (1 Korintofo 2:4, 5) Yehowa honhom kronkron no boa yɛn nso. Esiane sɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso nti, yɛwɔ awerɛhyem sɛ ɔbɛboa yɛn bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde nhumu ne kasadɛ bɛyɛ yɛn asɛnka adwuma no.

Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔfrɛ “komam nyansafo sɛ nhumufo.” (Mmebusɛm 16:21) Nokwarem no, nhumu yɛ “nkwa nsuti” ma wɔn a wɔwɔ bi no. Na agyimfo nso ɛ? ‘Wobu nyansa ne nteɛso animtiaa.’ (Mmebusɛm 1:7) Sɛ wɔpo Yehowa nteɛso a, dɛn na ɛba wɔn so? Sɛnea yɛaka no, Salomo ka sɛ: “Agyimfo asotwe ne wɔn agyimisɛm.” (Mmebusɛm 16:22) Wɔtaa nya asotwe a emu yɛ den ka nteɛso no ho. Agyimfo betumi de ahokyere, aniwu, ne ɔyare aba wɔn ho so, na mpo wɔapatuw awu.

Bere a Israel hene no resan aka mfaso a ɛwɔ nyansa a yɛde bɛkasa so ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Nsɛm a ɛyɛ dɛ yɛ ɛwokyɛm, ɔkra adɔkɔdɔkɔde ne nnompe akwahosan.” (Mmebusɛm 16:24) Sɛnea ɛwo yɛ dɛ na ɛma obi a ɔkɔm de no koma tɔ ne yam no, saa ara na nsɛm a ɛyɛ dɛ hyɛ nkuran na ɛma akomatɔyam. Ɛwo tumi sa yare nso, na eye ma onipa. Saa ara na nsɛm a ɛyɛ dɛ nso te; ɛma honhom mu denhyɛ.—Mmebusɛm 24:13, 14.

Hwɛ Yiye wɔ ‘Ɔkwan a Ɛte sɛ Nea Ɛteɛ’ Ho

Salomo ka sɛ: “Ɛwɔ ɔkwan bi a ɛteɛ onipa ani so, na n’awiei yɛ owu kwan.” (Mmebusɛm 16:25) Eyi yɛ adwene a ɛnteɛ ne ɔkwan a etia Onyankopɔn mmara a obi fa so ho kɔkɔbɔ. Onipa ani so no, ebetumi ayɛ sɛ nea ɔkwan bi teɛ nanso ebia na etia Onyankopɔn Asɛm mu nnyinasosɛm a ɛteɛ ankasa no. Bio nso, Satan betumi ahyɛ nnaadaa a ɛte saa ho nkuran na ama obi afa ɔkwan a ogye di sɛ ɛteɛ so, bere ko a ɛkɔ owu mu ankasa.

Ade a eye sen biara a yebetumi de abɔ yɛn ho ban na yɛannaadaa yɛn ho ne sɛ, yebenya ntease ne nyansa koma ne ahonim a yɛde Onyankopɔn Asɛm mu nimdeɛ atete no. Sɛ yɛresisi gyinae wɔ asetra mu a, sɛ́ ebia ɛfa abrabɔ anaa ɔsom anaa biribi foforo biara ho no, ɔkwan a eye sen biara a yebetumi afa so abɔ yɛn ho ban na yɛannaadaa yɛn ho ne sɛ yɛbɛma Onyankopɔn mmara a ɛfa papa ne bɔne ho no akyerɛ yɛn kwan.

“Odwumayɛfo Kɔm Yɛ Adwuma ma No”

Ɔhene nyansafo no toaa so sɛ: “Odwumayɛfo kɔm yɛ adwuma ma no, efisɛ n’ano pĩa no.” (Mmebusɛm 16:26) Nea Salomo reka ne sɛ, sɛ odwumayɛni repɛ aduan adi a, ɛma ‘ɔyere ne ho yɛ adwuma’ efisɛ ne kɔm no “pia no” anaa ɛkanyan no. Sɛ yɛn kɔn dɔ biribi te sɛ aduan a, ebetumi akanyan yɛn ma yɛayɛ adwuma. Akɔnnɔ a ɛte saa so wɔ mfaso. Nanso sɛ yɛma yɛn kɔn dɔ biribi boro so ma ɛdan adifudepɛ nso ɛ? Nea efi mu ba no te sɛ nea sɛ obi sɔ gya de renoa aduan a, ogya no tumi dɛw kɛse ma ɛkɔtɔ kwae mu no. Adifudepɛ yɛ obi akɔnnɔ a ontumi nhyɛ so, na ɛsɛe ade. Sɛ onyansafo hu asiane a ɛte saa a, ɔhyɛ n’akɔnnɔ a ɛyɛ papa mpo so.

Mfa “Ɔkwan a Enye So”

Yɛn anom asɛm betumi asɛe ade te sɛ ogya a ano yɛ den. Bere a Salomo reka sɛnea afoforo ho mfomso a yɛbɛhwehwɛ na yɛadi ho nseku sɛe ade no ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Obusuyɛfo bɔre bɔne, na n’ano te sɛ ogya a ɛhyehye. Onipa kɔntɔnkye hyɛ takrawogyam, na osututufo tetew nnamfo ntam.”Mmebusɛm 16:27, 28.

Onipa a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe ne yɔnko nipa din no, yɛ “obusuyɛfo.” Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden hwehwɛ nneɛma pa a afoforo yɛ na yɛka nsɛm a ɛbɛma afoforo abu wɔn. Na wɔn a wodi afoforo ho nseku a yebetie wɔn no nso ɛ? Ɛnyɛ den koraa sɛ nsɛm a wɔka no betumi ama yɛanya wɔn ho adwemmɔne, atetew nnamfo ntam na ɛde mpaapaemu aba asafo no mu. Sɛ yɛyɛ anyansafo a, yɛrentie nnipa a wɔte saa.

Bere a Salomo rebɔ sɛnea obi betumi adaadaa ne yɔnko ma wafa ɔkwammɔne so ho kɔkɔ no, ɔkae sɛ: “Omumɔyɛfo daadaa ne yɔnko, na ɔma ɔfa ɔkwan a enye so. Obubu n’aniwa de bɔ pɔw bɔne. Ɔwe n’ano de di bɔne.”Mmebusɛm 16:29, 30, NW.

So amumɔyɛsɛm betumi adaadaa nokware asomfo? Ɛnnɛ wɔadaadaa nnipa pii ma wɔabɔ “pɔw bɔne.” Wɔhyɛ amumɔyɛsɛm ho nkuran anaa wɔde wɔn ho hyem. Ebia ɛrenyɛ den mma yɛn sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi amumɔyɛsɛm ho. Nanso sɛ wɔfa anifere kwan so twetwe yɛn kɔ mu nso ɛ? So wɔntwetwee nnipa ɔpepem pii mma wɔnhwɛɛ anigyede anaa agodi a ɛhyɛ amumɔyɛsɛm ho nkuran? Kɔkɔbɔ a Kyerɛwnsɛm de ma no mu da hɔ fann: “Wo ne anyansafo mmɔ, na dan onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no hu amane.” (Mmebusɛm 13:20) Hwɛ sɛnea Onyankopɔn nyansa bɔ yɛn ho ban!

Dɛn na yebetumi aka afa obi a ɔde ne bere nyinaa ahwehwɛ nyansa ne ntease ma enti ‘ɔmfaa ɔkwan a enye so’ ho? Obi bere nyinaa a ɔde anantew trenee kwan so no fata nkamfo wɔ Onyankopɔn ani so na ɔfata obu. Mmebusɛm 16:31 ka sɛ: “Abotiri a ɛyɛ fɛ ne dwen, wohu no trenee kwan so.”

Nanso biribiara nni hɔ a ɛyɛ fɛ wɔ abufuhyew ho. Adam ne Hawa abakan Kain ‘bo fuw ne nua Habel pii’ na ‘ɔsɔre hyɛɛ no, na okum no.’ (Genesis 4:1, 2, 5, 8) Ɛwom sɛ ɛtɔ mmere bi a biribi nti yɛn bo tumi fuw de, nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamma yɛn bo amfuw antra so. Mmebusɛm 16:32 ka no pefee sɛ: “Nea ne bo kyɛ fuw no [ye] sen dɔmmarima, na nea odi ne honhom so no sen nea ɔko fa kurow.” Sɛ obi antumi anhyɛ ne ho so wɔ n’abufuw ho a, ɛyɛ mmerɛwyɛ na ɛnyɛ suban pa. Ɛyɛ mmerɛwyɛ a ebetumi ama ‘wafa ɔkwan a enye so.’

Bere a ‘Atemmu Nyinaa Fi Yehowa’

Israel hene no kae sɛ: “Kokom na wɔtwe ntonto, na ɛho atemmu nyinaa fi [Yehowa, NW].” (Mmebusɛm 16:33) Wɔ tete Israel no, ɛtɔ mmere bi a na Yehowa nam ntonto so ma wohu n’apɛde. Ná ntonto yɛ abo nketewa nkuruwankuruwa anaa nnua nketenkete. Ná wodi kan bisa Yehowa ma osi gyinae wɔ asɛm bi ho. Ɛno akyi no, wɔtow ntonto no gu obi atade a wabu agu so mu na wɔayi mu biako. Ná wogye nea ebefi mu aba no tom sɛ efi Onyankopɔn hɔ.

Ɛnnɛ Yehowa mfa ntonto so mma ne nkurɔfo nhu nea ɛwɔ n’adwene mu. Wada n’apɛde adi wɔ n’Asɛm Bible mu. Onyankopɔn nyansa a obi benya no gyina Bible mu nokware nimdeɛ so titiriw. Enti ɛnsɛ sɛ yɛma da koro mpo pa yɛn ti so a yɛnkenkan Kyerɛwnsɛm no fã bi.—Dwom 1:1, 2; Mateo 4:4.

[Ase hɔ asɛm]

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Dɛn nti na nyansa so wɔ mfaso sen sika?

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Dɛn na ɛma w’anom kasa yɛ dɛ bere a wowɔ asɛnka mu no?

[Mfonini wɔ kratafa 10]

“Obusuyɛfo bɔre bɔne”

[Mfonini wɔ kratafa 11]

Sɛ obi anhyɛ n’abufuw so a, obetumi ‘afa ɔkwan a enye so’

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Amumɔyɛsɛm betumi adaadaa obi