Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wowɔ Ɔkra a Enwu Da?

So Wowɔ Ɔkra a Enwu Da?

So Wowɔ Ɔkra a Enwu Da?

SO yɛyɛ honam ne mogya ara kwa? Anaa biribi foforo ka nea wɔde bɔɔ yɛn no ho? So yɛbɛtra nkwa mu bere tiaa bi? Anaa biribi hyɛ yɛn mu a yenhu a sɛ yewu a, ɛkɔ so tra ase?

ƐWOM sɛ ɔsom ahorow a ɛwɔ wiase no wɔ adwene horow wɔ owu akyi asetra ho de, nanso wɔn mu dodow no ara adwene hyia wɔ asɛm koro yi ho: Biribi hyɛ onipa mu a enwu da na ɛkɔ so tra ase wɔ ne wu akyi. Nnipa pii susuw sɛ saa “biribi” yi yɛ ɔkra. Dɛn na wugye di? So yɛn fã bi yɛ ɔhonam ɛnna yɛn fã bi nso yɛ ɔkra? Dɛn ne ɔkra? So nnipa wɔ ɔkra a enwu da? Hwɛ hia a ɛho hia sɛ yehu nea yɛyɛ ankasa ho nokwasɛm!

“Onipa Yɛɛ Ɔkra Teasefo”

So “ɔkra” yɛ onipa fã bi a bere a wawu no, efi no mu kɔtra baabi? Bible mu nsɛm asekyerɛ nhoma bi ka sɛ, “wɔtaa de ɔkra no gyina hɔ ma onipa mũ no.” (Holman Illustrated Bible Dictionary) Sɛ nhwɛso no, Genesis 2:7 ka sɛ: “[Yehowa, NW] Nyankopɔn de fam dɔte nwenee onipa, na ohuw nkwa home guu ne hwene mu, na onipa yɛɛ ɔkra teasefo.” Ná onipa a odi kan, Adam, yɛ ɔkra.

Kyerɛw nsɛm afoforo foa ntease a ɛne sɛ “ɔkra” no betumi akyerɛ onipa mũ no so. Sɛ nhwɛso no, Bible ka sɛ ɔkra tumi yɛ adwuma. (Leviticus 23:30) Wɔka ɔkra no ho asɛm sɛ ne home tew no, wɔhaw no, ehu ka no, na otumi haw. (Atemmufo 16:16; Hiob 19:2; Asomafo Nnwuma 2:43; 1 Tesalonikafo 5:14) Bere a Romafo 13:1 reka onipa ho asɛm sɛ ɔkra no, ɛka sɛ: “Momma ɔkra biara mmrɛ ne ho ase nhyɛ atumfoɔ a wɔkorɔn no ase.” Na yɛkenkan wɔ 1 Petro 3:20 sɛ: “Wɔ Noa nna no mu, . . . wɔkoraa nnipa kakra, akra baawɔtwe so, faa nsu no mu.” Biribiara nni kyerɛw nsɛm yi mu a ɛkyerɛ sɛ ɔkra no yɛ biribi a yenhu a ɛkɔ so tra ase wɔ obi wu akyi.

Na mmoa ne afifide nso ɛ? Wɔyɛ akra anaa? Susuw nea Bible ka wɔ sɛnea wɔbɔɔ mmoa no ho hwɛ. Onyankopɔn kae sɛ: “Akra a ɛte ase nhyɛ nsu mu mã.” Da a edi hɔ no, Onyankopɔn kae sɛ: “Akra a ɛte ase mmra asase so, afieboa ne mmoa a wɔwea ne wuram mmoa, sɛnea wɔn nyinaa su te.” (Genesis 1:20, 24, NW) Enti abɔde a nkwa wom nyinaa, sɛ ɛyɛ onipa anaa aboa, yɛ akra. Kyerɛwnsɛm no nka sɛ afifide yɛ akra.

Wɔde asɛmfua “ɔkra” no di dwuma wɔ kwan foforo so nso. Yɛkenkan wɔ Hiob 33:22 sɛ: “Ne kra bɛn ɔsɛe amoa, na ne nkwa nso bɛn akumfo.” Nsɛmfua “ɔkra” ne “nkwa” a wɔde dii dwuma wɔ ha no kyerɛ ade koro, nanso asɛmfua ɔkra no kyerɛkyerɛ nkwa mu kɔ akyiri. Ɛnde “ɔkra” betumi akyerɛ nkwa a obi wɔ sɛ ɔkra teasefo anaa onipa nso. Enti Kyerɛwnsɛm no ka Mose atamfo a na wɔrehwehwɛ no akum no no ho asɛm sɛ, “wɔn a na wɔrehwehwɛ [ne] kra no nyinaa awuwu.” (Exodus 4:19, NW) Na Bible ka Yesu Kristo ho asɛm sɛ: “Onipa Ba no . . . de ne kra [nkwa] ayɛ agyede de agye nnipa bebree.”—Mateo 20:28.

Sɛnea Bible kyerɛkyerɛ “ɔkra” mu no mu da hɔ pefee. Asɛmfua no betumi akyerɛ onipa anaa aboa anaa nkwa a abɔde bi wɔ sɛ ɔkra teasefo. Sɛnea yebehu no, saa nkyerɛkyerɛmu yi ne nea Bible ka fa nea ɛto ɔkra wɔ owu mu no hyia.

Ɔkra a Ɔyɛ Bɔne No Bewu

Bible ka sɛ: “Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu.” (Hesekiel 18:4) Odiyifo Elia a na wahaw no ‘srɛe sɛ ne kra nwu.’ (1 Ahene 19:4) Saa ara na Yona kɔɔ so ‘srɛe sɛ ne kra nwu.’ (Yona 4:8) Nokwarem no, sɛ onipa wu a, na ɔkra no awu; ɛnyɛ ade a enwu da. Esiane sɛ onipa yɛ ɔkra nti, sɛ yɛka sɛ obi awu a, ɛkyerɛ sɛ ne kra awu.

Nanso kyerɛw nsɛm afoforo a ɛka ɔkra no ho asɛm sɛ ɛrefi onipa mu ne ɛresan aba onipa mu no nso ɛ? Bible ka nea ɛtoo Rahel bere a ɔwoo ɔbabarima no ho asɛm sɛ: “Ne kra refi ne mu na ɔreyɛ awu no, ɔtoo no din Ben-Oni, . . . na n’agya de, ɔfrɛɛ no Benyamin.” (Genesis 35:18) Na 1 Ahene 17:22 no nso ka okunafo bi babarima a wonyanee no no ho asɛm sɛ: “[Yehowa, NW] tiee Elia nne [wɔ mpaebɔ mu], na abofra no kra san baa no mu, na onyaa nkwa.” So kyerɛw nsɛm yi kyerɛ sɛ ɔkra no yɛ nipadua no fã bi a yenhu a etumi fi ne mu kɔ anaa ɛsan ba nipadua no mu?

Kae sɛ, “ɔkra” nkyerɛase biako ne “nkwa.” Enti Rahel kra a na ɛrefi ne mu no kyerɛ sɛ na ne nkwa reba awiei. Nokwarem no, Bible ahorow bi kyerɛ asɛm “ne kra refi ne mu” no ase sɛ “ne nkwa resa” (Knox) ne “oguu ahome a etwa to” (Jerusalem Bible). Saa ara na wɔ okunafo no ba no asɛm no mu no, ɛyɛ nkwa na ɛsan baa abarimaa no mu.—1 Ahene 17:23.

Sɛnea Onipa Te

Ɛda adi sɛ Bible no ma yehu sɛnea onipa te. Onni ɔkra; ɔyɛ ɔkra. Esiane sɛnea onipa te nti, sɛ awufo betumi asan anya nkwa a, gye sɛ wonya owusɔre. Bible hyɛ bɔ sɛ: “Mommma eyi nnyɛ mo nwonwa, efisɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa bɛte [Yesu] nne na wɔafi adi; wɔn a wɔyɛɛ papa no bɛkɔ nkwa sɔre mu, na wɔn a wɔyɛɛ akyide no akɔ atemmu sɔre mu.” (Yohane 5:28, 29) Owusɔre ho bɔhyɛ a ɛbɛba mu ɔkwan biara so no yɛ anidaso ankasa a awufo wɔ no nnyinaso, na ɛnyɛ ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no.

Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yenya nea owusɔre yɛ ne nea ɛbɛyɛ ama adesamma no ho nokware nimdeɛ! Onyankopɔn ne Kristo ho nimdeɛ nso ho hia, efisɛ Yesu kae wɔ mpaebɔ mu sɛ: “Eyi na ɛkyerɛ daa nkwa, sɛ wobenya wo, nokware Nyankopɔn koro pɛ no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo, ho nimdeɛ.” (Yohane 17:3) Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ no ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo ma woasua Bible no sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya Onyankopɔn, ne Ba, ne Ne bɔhyɛ ahorow ho nimdeɛ kɛse. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ hwehwɛ Yehowa Adansefo, anaa kyerɛw wɔn a wɔyɛɛ nsɛmma nhoma yi.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 4]

Wɔn nyinaa yɛ akra

[Asɛm Fibea]

Abirekyi: CNPC—Centro Nacional de Pesquisa de Caprinos (Sobral, CE, Brasil)