Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Woayɛ Bɔne Atia Honhom Kronkron?

Woayɛ Bɔne Atia Honhom Kronkron?

Woayɛ Bɔne Atia Honhom Kronkron?

“Bɔne bi wɔ hɔ a, ɛkɔ owu mu.”—1 YOHANE 5:16.

1, 2. Yɛyɛ dɛn hu sɛ obi betumi ayɛ bɔne atia Onyankopɔn honhom kronkron?

“MISUSUW sɛ mayɛ bɔne atia honhom kronkron no, na ɛhaw me paa.” Eyi ne asɛm a ɔbea bi a ɔwɔ Germany kyerɛwee, ɛmfa ho sɛ na ɔsom Onyankopɔn no. So Kristoni betumi ayɛ bɔne atia Onyankopɔn honhom kronkron anaa n’adeyɛ tumi no?

2 Yiw, obi betumi ayɛ bɔne atia Yehowa honhom kronkron no. Yesu Kristo kae sɛ: “Wɔde bɔne ne abususɛm biara befiri nnipa, nanso abususɛm a etia honhom no de, wɔremfa mfiri.” (Mateo 12:31) Wɔbɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Sɛ yenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ, na ɛno akyi no yɛboapa dan kɔ bɔne so a, bɔne ho afɔre biara nni hɔ bio, mmom no atemmu akwanhwɛ a ɛyɛ hu na ɛwɔ hɔ.” (Hebrifo 10:26, 27) Ɔsomafo Yohane nso kyerɛwee sɛ: “Bɔne bi wɔ hɔ a, ɛkɔ owu mu.” (1 Yohane 5:16) Nanso, so nea wayɛ bɔne a emu yɛ duru no na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ wayɛ ‘bɔne a ɛkɔ owu mu’?

Ahonu ma Yenya Bɔne Fafiri

3. Sɛ bɔne bi a yɛayɛ haw yɛn paa a, dɛn na ebetumi akyerɛ?

3 Awiei koraa no, Yehowa na obebu abɔnefo nyinaa atɛn. Nokwarem no, esiane sɛ Yehowa yɛ nea ɛteɛ bere nyinaa nti, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa bu yɛn nneyɛe ho akontaa kyerɛ no. (Genesis 18:25; Romafo 14:12) Yehowa na ɔbɛkyerɛ sɛ ebia yɛayɛ bɔne a wontumi mfa mfiri yɛn, na ɔno na obetumi ayi ne honhom afi yɛn so. (Dwom 51:11) Nanso, sɛ bɔne bi a yɛayɛ haw yɛn paa a, ebetumi akyerɛ sɛ yɛanu yɛn ho ankasa. Sɛ́ obi benu ne ho nokwarem no kyerɛ dɛn?

4. (a) Sɛ́ wubenu wo ho no kyerɛ dɛn? (b) Awerɛkyekye bɛn na Dwom 103:10-14 ma yenya?

4 Sɛ́ yebenu yɛn ho no kyerɛ sɛ yɛbɛsesa yɛn su wɔ bɔne bi a yɛayɛ anaa yɛpɛ sɛ yɛyɛ ho. Ɛkyerɛ sɛ yebedi yaw wɔ bɔne bi a yɛayɛ ho, na yɛasakra yɛn adwene. Sɛ yɛayɛ bɔne a emu yɛ duru bi na yɛafa akwan ahorow a ɛkyerɛ sɛ yɛanu yɛn ho so a, odwontofo no nsɛm yi betumi akyekye yɛn werɛ: “[Yehowa nsusuw] yɛn bɔne so ne yɛn nni, na ɔnhwɛ yɛn mfomso nhyɛ yɛn ananmu. Na sɛ ɔsoro ware sen asase no, sɛ n’adɔe sõ, wɔn a wosuro no so ne no. Sɛ apuei ne atɔe ntam ware no, sɛ wama yɛn ne yɛn mmarato ntam aware ne no. Sɛ agya yam hyehye no mma ho no, sɛ [Yehowa, NW] yam yɛ no wɔn a wosuro no ho ne no. Na onim yɛn su, ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma.”—Dwom 103:10-14.

5, 6. Ka asɛntitiriw a ɛwɔ 1 Yohane 3:19-22 mu no ho asɛm, na kyerɛkyerɛ nea ɔsomafo no nsɛm no kyerɛ mu.

5 Ɔsomafo Yohane nsɛm yi nso ma yenya awerɛkyekye saa ara: “Eyi na ɛbɛma yɛahu sɛ yefi nokware no mu, na yɛbɛma yɛn koma awerɛhyem n’anim wɔ biribiara a yɛn koma bebu yɛn fɔ mu, efisɛ Onyankopɔn sõ sen yɛn koma na onim nneɛma nyinaa. Adɔfo, sɛ yɛn koma mmu yɛn fɔ a, ɛnde yetumi de ahotoso kasa wɔ Onyankopɔn anim; na biribiara a yebisa no, yenya fi ne hɔ, efisɛ yedi n’ahyɛde so na yɛyɛ nea ɛsɔ n’ani.”—1 Yohane 3:19-22.

6 Yɛnam ɔdɔ a yɛda no adi kyerɛ yɛn nuanom ne bɔne a yɛtwe yɛn ho fi ho no so kyerɛ sɛ “yefi nokware no mu.” (Dwom 119:11) Sɛ biribi nti yɛn koma bu yɛn fɔ a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ “Onyankopɔn sõ sen yɛn koma na onim nneɛma nyinaa.” Yehowa da mmɔborohunu adi kyerɛ yɛn efisɛ onim yɛn ‘nuadɔ a nyaatwom nnim,’ bɔne a yɛko tia, ne mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛyɛ n’apɛde no. (1 Petro 1:22) Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so, da ɔdɔ adi kyerɛ yɛn nuanom, na yɛanhyɛ da anyɛ bɔne a, yɛn koma ‘remmu yɛn fɔ.’ Yebetumi de ‘ahotoso akasa wɔ Onyankopɔn anim’ wɔ mpaebɔ mu, na obetie yɛn efisɛ yedi n’ahyɛde so.

Wɔyɛɛ Bɔne Tiaa Honhom Kronkron

7. Dɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ wɔde obi bɔne befiri no anaa wɔremfa mfiri no?

7 Bɔne bɛn na wɔmmfa mfiri? Nea ɛbɛyɛ a yebenya eyi ho mmuae no, ma yensusuw Bible mu nhwɛso ahorow bi ho nhwɛ. Sɛ yɛanu yɛn ho wɔ bɔne a emu yɛ duru bi ho nanso ɛda so ara haw yɛn paa a, ɛsɛ sɛ eyi kyekye yɛn werɛ. Yebehu sɛ ɛnyɛ bɔne ko a obi ayɛ ne asɛm no; na mmom adwene a ɛma ɔyɛe, ne komam tebea, ne sɛ ɔhyɛɛ da anaa wanhyɛ da no, na ɛbɛkyerɛ sɛ wɔde befiri no anaa wɔremfa mfiri no.

8. Dɛn na afeha a edi kan Yudafo nyamesom akannifo no binom yɛe de yɛɛ bɔne tiaa honhom kronkron?

8 Afeha a edi kan Yudafo nyamesom akannifo a wɔsɔre tiaa Yesu Kristo atirimɔden so no yɛɛ bɔne tiaa honhom kronkron no. Wohui sɛ Yesu de Onyankopɔn honhom yɛɛ anwonwade de hyɛɛ Yehowa anuonyam. Nanso, Kristo atamfo yi kae sɛ ɔde Satan Ɔbonsam tumi na ɛyɛ saa. Sɛnea Yesu kyerɛe no, na wɔn a wɔreka abususɛm atia Onyankopɔn honhom kronkron no reyɛ bɔne a wɔremfa mfiri wɔn wɔ “bere yi mu anaa nea ɛbɛba no mu.”—Mateo 12:22-32.

9. Dɛn ne abususɛm, na dɛn na Yesu kae wɔ ho?

9 Abususɛm kyerɛ dinsɛe, nsɛm a ɛyɛ yaw, anaa kasatia. Esiane sɛ honhom kronkron fi Onyankopɔn hɔ nti, sɛ obi kasa tia honhom kronkron yi a, ɛte sɛ nea ɔrekasa atia Yehowa ara pɛ. Sɛ obi kɔ so ka nsɛm a ɛte saa na wannu ne ho a, wɔremfa mfiri no. Asɛm a esii a ɛmaa Yesu kaa nsɛm yi faa bɔne a ɛte saa ho no kyerɛ sɛ na Yesu reka wɔn a wɔhyɛ da ko tia Onyankopɔn honhom kronkron no dwumadi. Esiane sɛ Farisifo no hui sɛ Yesu de Yehowa honhom reyɛ adwuma nanso wɔkae sɛ tumi yi fi Ɔbonsam nti, wɔkaa abususɛm tiaa honhom kronkron no. Enti Yesu kae sɛ: “Obiara a ɔbɛka abususɛm atia honhom kronkron no rennya fafiri da, na mmom odi bɔneyɛ ho fɔ daa.”—Marko 3:20-29.

10. Dɛn nti na Yesu frɛɛ Yuda sɛ “ɔsɛe ba” no?

10 Susuw Yuda Iskariot asɛm no nso ho hwɛ. Wanni nokware, na na owiawia sika fi ntoboa adaka a na ɔhwɛ so no mu. (Yohane 12:5, 6) Akyiri yi, Yuda Iskariot kɔɔ Yudafo akannifo no hɔ ne wɔn kɔhyehyɛɛ ho sɛ obegye nnwetɛbona 30 na wayi Yesu ama wɔn. Nokwarem no, Yuda yii Yesu mae akyi no, odii ho yaw nanso wannu ne ho wɔ bɔne a ɔboapa yɛe no ho da. Eyi nti, Yuda mfata sɛ onya owusɔre. Enti Yesu frɛɛ no “ɔsɛe ba.”—Yohane 17:12; Mateo 26:14-16.

Wɔanyɛ Bɔne Antia Honhom Kronkron No

11-13. Bɔne bɛn na Ɔhene Dawid ne Bat-Seba yɛe, na awerɛkyekye bɛn na yebetumi anya afi sɛnea Onyankopɔn ne wɔn dii nsɛm no mu?

11 Ɛtɔ mmere bi na sɛ Kristofo a wɔayɛ bɔne a emu yɛ duru ka wɔn bɔne ma asafo mu mpanyimfo boa wɔn a, ebia wɔbɛkɔ so ara adi Onyankopɔn mmara a wobuu so no ho yaw. (Yakobo 5:14) Sɛ biribi a ɛte saa haw yɛn a, ebia nea Kyerɛwnsɛm no ka fa wɔn a wɔde wɔn bɔne firii wɔn no ho a yebesusuw ho no, bɛboa yɛn.

12 Ɔhene Dawid ne Uria yere Bat-Seba yɛɛ bɔne a emu yɛ duru. Bere a Dawid gyina ne dan atifi na ohuu ɔbea hoɔfɛfo yi sɛ ɔreguare wɔ ofie a ɛbɛn ne de ho mu no, Dawid ma wɔde no baa n’ahemfie na ɔne no dae. Akyiri yi bere a ɔtee sɛ ɔbea no anyinsɛn no, ɔbɔɔ pɔw sɛ ɔbɛma ɔbea no kunu Uria ne no ada de akata aware a wasɛe no no so. Bere a eyi anyɛ yiye no, ɔhene no yɛɛ nhyehyɛe sɛ wonkum Uria wɔ akono. Ɛno akyi no, Dawid waree Bat-Seba, na ɔne no woo ba ma abofra no wui.—2 Samuel 11:1-27.

13 Yehowa dii Dawid ne Bat-Seba asɛm no ho dwuma. Ɛda adi sɛ Onyankopɔn gyinaa Dawid ahonu ne Ahenni apam a na ɔne Dawid ayɛ no so de ne bɔne firii no. (2 Samuel 7:11-16; 12:7-14) Ɛda adi sɛ Bat-Seba daa ahonu adi, efisɛ onyaa hokwan bɛyɛɛ Ɔhene Salomo maame ne Yesu Kristo nenabea. (Mateo 1:1, 6, 16) Sɛ yɛayɛ bɔne na yɛanu yɛn ho a, ɛyɛ papa sɛ yɛkae sɛ Yehowa ahu.

14. Ɔkwan bɛn so na yehu sɛnea Onyankopɔn tumi de bɔne firi no ho nhwɛso wɔ Ɔhene Manase asɛm no mu?

14 Yehu sɛnea Yehowa tumi de bɔne firi no ho nhwɛso wɔ Yuda hene Manase asɛm no nso mu. Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne. Manase sisii afɔremuka maa Baal, ɔsom “ɔsoro asafo nyinaa,” na osisii afɔremuka maa atoro anyame wɔ asɔrefie abangua abien no so. Ɔmaa ne mma faa ogya mu, ɔhyɛɛ ahonhonsɛmdi ho nkuran, na ɔmaa Yuda ne Yerusalemfo ‘yɛɛ bɔne sen amanaman a Yehowa sɛee wɔn Israelfo anim no.’ Wantie kɔkɔbɔ a Onyankopɔn adiyifo de maa no no. Awiei koraa no, Asiria hene faa Manase nnommum. Bere a Manase wɔ nnommumfa mu no, onuu ne ho, na ofii ahobrɛase mu bɔɔ Onyankopɔn mpae mpɛn pii, na Onyankopɔn de ne bɔne firii no, na ɔsan de no baa Yerusalem bɛtraa n’ahengua so, na Manase maa nokware som kɔɔ so.—2 Beresosɛm 33:2-17.

15. Asɛm bɛn na esii wɔ ɔsomafo Petro asetra mu a ɛkyerɛ sɛ Yehowa de bɔne firi ma ‘ɛboro so’?

15 Mfe pii akyi no, ɔsomafo Petro yɛɛ bɔne a emu yɛ duru denam Yesu a ɔpaa no no so. (Marko 14:30, 66-72) Nanso, Yehowa de Petro bɔne firii no ma ‘ɛboroo so.’ (Yesaia 55:7, NW) Dɛn ntia? Efisɛ Petro fii ne koma mu nuu ne ho. (Luka 22:62) Nea ɛma yehu sɛ Onyankopɔn de firii Petro ne sɛ, nnafua 50 akyi wɔ Pentekoste da no, Petro nyaa hokwan dii Yesu ho adanse akokoduru so. (Asomafo Nnwuma 2:14-36) Saa ara na sɛ Kristoni bi yɛ bɔne nnɛ na onu ne ho a, Onyankopɔn betumi de afiri no. Odwontofo no too dwom sɛ: “Yah, sɛ wudi amumɔyɛde akyi a, [Yehowa, NW], hena na anka obegyina? Na wo na fafiri wɔ wo fam.”—Dwom 130:3, 4.

Bɔne a Yɛayɛ ho Yaw a Yɛremma Ɛnhyɛ Yɛn So

16. Nneɛma bɛn na Onyankopɔn gyina so de bɔne firi?

16 Ɛsɛ sɛ nhwɛso a yɛaka ho asɛm yi boa yɛn na amma bɔne a ɛyɛ yɛn sɛ yɛayɛ atia honhom kronkron no anhyɛ yɛn so. Nhwɛso ahorow yi ma yehu sɛ Yehowa de abɔnefo a wonu wɔn ho bɔne firi wɔn. Ade a ɛho hia titiriw ne sɛ yebefi yɛn koma mu abɔ Onyankopɔn mpae. Sɛ yɛayɛ bɔne a, yebetumi agyina Yesu agyede afɔre no, Yehowa mmɔborohunu, sintɔ a wɔde woo yɛn, ne nokwaredi a yɛde asom Yehowa no so asrɛ bɔne fafiri. Esiane sɛ yenim sɛ Yehowa yɛ ɔdomfo nti, yebetumi asrɛ bɔne fafiri, a yɛwɔ ahotoso sɛ ɔde befiri yɛn.—Efesofo 1:7.

17. Sɛ yɛayɛ bɔne na yehia honhom fam mmoa a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

17 Na sɛ yɛayɛ bɔne na yentumi mmɔ mpae esiane sɛ yɛn bɔne no ama yɛne Onyankopɔn ntam asɛe nti nso ɛ? Osuani Yakobo kyerɛw eyi ho asɛm sɛ: “Ma [onipa a ɔte saa no mfrɛ] asafo no mu mpanyimfo na wɔmmɔ mpae mma no, na wɔnsra no ngo Yehowa din mu. Na gyidi mpaebɔ no bɛma nea ɔnte apɔw no ho ayɛ no den, na Yehowa bɛma no so. Na sɛ wayɛ bɔne bi nso a, wɔde befiri no.”—Yakobo 5:14, 15.

18. Sɛ mpo wɔatu obi afi Kristofo asafo no mu a, dɛn na ɛkyerɛ sɛ wobetumi de ne bɔne afiri no?

18 Sɛ mpo obi yɛ bɔne na wannu ne ho ma wotu no fi asafo no mu a, ɛno nkyerɛ sɛ wontumi mfa ne bɔne mfiri no. Paulo kyerɛw obi a na wɔasra no a wotuu no fii Kristofo asafo no mu wɔ Korinto no ho asɛm sɛ: “Animka a dodow no ara de ama saa onipa no ara dɔɔso ma no, enti afei de munyi mo yam mfa mfiri na monkyekye ne werɛ, na awerɛhodi bebrebe ammene no.” (2 Korintofo 2:6-8; 1 Korintofo 5:1-5) Nanso sɛ wɔn a wɔayɛ bɔne no betumi ne Onyankopɔn asan anya abusuabɔ pa a, ɛho hia sɛ wogye mmoa a Kristofo asafo mu mpanyimfo begyina Bible so de ama wɔn no tom, na wɔda no adi sɛ wɔanu wɔn ho ampa. Ɛsɛ sɛ ‘wɔsow aba a ɛkyerɛ adwensakra.’—Luka 3:8.

19. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛakɔ so ayɛ “den wɔ gyidi” mu?

19 Dɛn na ebetumi ama yɛanya adwene sɛ yɛayɛ bɔne atia honhom kronkron? Eyi betumi ayɛ nsɛm a ɛhyɛ yɛn so dodo anaa ɔyare. Wɔ tebea a ɛte saa mu no, mpaebɔ ne yɛn ahome a yebegye pii betumi aboa yɛn. Ne titiriw no, ɛnsɛ sɛ yɛma Satan bu yɛn abam na yegyae Onyankopɔn som. Esiane sɛ ɔbɔnefo wu nyɛ Yehowa fɛ nti, akyinnye biara nni ho sɛ sɛ ne somfo biara yera a, n’ani nnye ho. Enti sɛ yesuro sɛ yɛayɛ bɔne atia honhom kronkron no a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so sua Onyankopɔn Asɛm, a emu bi ne Nnwom nhoma no a ɛma awerɛkyekye no. Ɛho hia sɛ yɛkɔ so kɔ asafo nhyiam na yɛyɛ Ahenni asɛnka adwuma no bi. Saa a yɛbɛyɛ no bɛboa yɛn ma yɛayɛ “den wɔ gyidi” mu, na amma adwene a ebia yɛanya sɛ yɛayɛ bɔne a wontumi mfa mfiri yɛn no anhyɛ yɛn so.—Tito 2:2.

20. Nsɛm bɛn na ebetumi aboa obi ma wahwehwɛ ne ho mu ahwɛ sɛ ɔnyɛɛ bɔne ntiaa honhom kronkron?

20 Obiara a osusuw sɛ wayɛ bɔne atia honhom kronkron no betumi abisa ne ho sɛ: ‘Makasa atia honhom kronkron anaa? Efi bere a minuu me ho wɔ me bɔne ho no, so seesei masesa m’adwene wɔ ahonu a ɛte saa ho? So mewɔ gyidi sɛ Onyankopɔn tumi de bɔne firi? So meyɛ ɔwaefo a wapo honhom fam mmoa?’ Ebetumi aba sɛ nnipa a wɔte saa no behu sɛ wɔnkaa abususɛm biara ntiaa Onyankopɔn honhom kronkron, na saa ara nso na wɔnyɛɛ awaefo. Wɔanu wɔn ho, na wogye di paa sɛ Yehowa de bɔne firi. Sɛ saa a, wɔnyɛɛ bɔne ntiaa Yehowa honhom kronkron.

21. Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

21 Hwɛ nhyira ara a ɛyɛ sɛ yebehu sɛ yɛnyɛɛ bɔne ntiaa honhom kronkron! Nanso, yebesusuw nsɛmmisa a ɛfa honhom kronkron ho wɔ adesua a edi hɔ no mu. Sɛ nhwɛso no, yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘So mema Onyankopɔn honhom kronkron kyerɛ me kwan ankasa? So ɛda adi wɔ m’asetra mu sɛ mesow honhom kronkron aba?’

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na yebetumi aka sɛ obi betumi ayɛ bɔne atia honhom kronkron?

• Sɛ́ obi benu ne ho no kyerɛ dɛn?

• Bere a Yesu wɔ asase so no, henanom na wɔyɛɛ bɔne tiaa honhom kronkron?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi adi adwene a ɛne sɛ yɛayɛ bɔne a wontumi mfa mfiri yɛn no so?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Wɔn a wɔkae sɛ Yesu nam Satan tumi so na ɛyɛɛ anwonwade ahorow no yɛɛ bɔne tiaa Onyankopɔn honhom kronkron

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Ɛwom sɛ Petro paa Yesu de, nanso wanyɛ bɔne a wontumi mfa mfiri no