Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wobɛkɔ So ‘Anantew Honhom Mu’?

Wobɛkɔ So ‘Anantew Honhom Mu’?

Wobɛkɔ So ‘Anantew Honhom Mu’?

“Monkɔ so nnantew honhom mu na ɔhonam akɔnnɔ remma mo akwan mu koraa.”—GALATIFO 5:16.

1. Yɛbɛyɛ dɛn ayi bɔne a yesuro sɛ yebetumi ayɛ atia honhom no ho dadwen afi yɛn mu?

BIRIBI wɔ hɔ a yebetumi ayɛ de ayi bɔne a yesuro sɛ yɛbɛyɛ atia Yehowa honhom kronkron no ho dadwen afi yɛn mu. Ɛne sɛ yɛbɛyɛ nea ɔsomafo Paulo kae yi: “Monkɔ so nnantew honhom mu na ɔhonam akɔnnɔ remma mo akwan mu koraa.” (Galatifo 5:16) Sɛ yɛma Onyankopɔn honhom kyerɛ yɛn kwan a, ɔhonam akɔnnɔ bɔne rennya yɛn so tumi.—Romafo 8:2-10.

2, 3. Sɛ yɛkɔ so nantew honhom mu a, ɛbɛka yɛn dɛn?

2 Sɛ ‘yɛkɔ so nantew honhom mu’ a, Onyankopɔn adeyɛ tumi no bɛkanyan yɛn ma yɛatie Yehowa. Yɛbɛda su pa adi wɔ asɛnka mu, asafo no mu, yɛn afie mu, ne mmeae afoforo. Honhom no aba bɛda adi wɔ sɛnea yɛne yɛn aware mu ahokafo, yɛn mma, yɛn mfɛfo gyidifo, ne afoforo di nsɛm mu.

3 Tra a ‘yɛtra ase wɔ Onyankopɔn fam wɔ honhom mu’ no boa yɛn ma yɛtwe yɛn ho fi bɔne ho. (1 Petro 4:1-6) Sɛ honhom no nya yɛn so tumi a, yɛrenyɛ bɔne a wontumi mfa mfiri yɛn da. Nanso mfaso foforo bɛn na honhom mu a yɛbɛnantew no bɛma yɛanya?

Wo ne Onyankopɔn ne Kristo Nkɔ So Nnya Abusuabɔ Pa

4, 5. Honhom mu a yɛnantew no ka sɛnea yebu Yesu no dɛn?

4 Esiane sɛ yɛkɔ so nantew honhom kronkron mu nti, yetumi ne Onyankopɔn ne ne Ba no nya abusuabɔ pa. Bere a Paulo rekyerɛw honhom akyɛde no ho asɛm akɔma ne mfɛfo gyidifo wɔ Korinto no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mepɛ sɛ [mo a kan na moyɛ abosonsomfo no hu] sɛ obiara nni hɔ a ɔde Nyankopɔn honhom kasa a ɔka sɛ: ‘Yesu yɛ abusude!’ na obiara ntumi nka sɛ: ‘Yesu ne Awurade!’ gye sɛ ɛnam honhom kronkron so.” (1 Korintofo 12:1-3) Honhom biara a ɛhyɛ nkurɔfo ma wɔka Yesu ho abususɛm no fi Satan Ɔbonsam hɔ. Sɛ́ Kristofo a yɛnantew wɔ honhom kronkron mu no, yegye di paa sɛ Yehowa nyanee Yesu fii awufo mu na wama no so sen abɔde foforo biara. (Filipifo 2:5-11) Yɛwɔ gyidi wɔ Kristo ogye afɔre no mu na yegye Yesu tom sɛ yɛn Awurade a Onyankopɔn apaw no.

5 Nnipa binom a na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no gyee kyim sɛ Yesu amma wɔ honam mu. (2 Yohane 7-11) Adwene a ɛnteɛ a ɛte saa a wogye toom no maa ebinom poo nokware nkyerɛkyerɛ a ɛfa Yesu, Mesia no ho no. (Marko 1:9-11; Yohane 1:1, 14) Honhom kronkron mu a yɛbɛnantew no remma yennye awaefo nkyerɛkyerɛ a ɛte saa ntom. Nanso sɛ yebenya Yehowa anim dom na yɛakɔ so anantew “nokware kwan” no so a, gye sɛ yɛkɔ so ma yɛn ani da hɔ wɔ honhom mu. (3 Yohane 3, 4) Enti momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛpo awaefo nkyerɛkyerɛ nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkɔ so ne yɛn soro Agya no anya abusuabɔ a emu yɛ den.

6. Su ahorow bɛn na Onyankopɔn honhom ma wɔn a wɔnantew wɔ honhom mu no nya?

6 Paulo kaa awaefo abosonsom ne fekusɛm ho asɛm de kaa “ɔhonam nnwuma” te sɛ aguamammɔ ne ahohwi ho. Nanso ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Wɔn a wɔyɛ Kristo Yesu dea no de, wɔabɔ honam akɔnnɔ ne n’apɛde asɛndua mu. Sɛ yɛte ase honhom mu a, ɛnde momma yɛnkɔ so nni honhom no akwankyerɛ akyi pɛpɛɛpɛ.” (Galatifo 5:19-21, 24, 25) Su ahorow bɛn na Onyankopɔn adeyɛ tumi no ma wɔn a wɔnantew wɔ honhom mu no nya? Paulo kyerɛwee sɛ: “Honhom no aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ahosodi.” (Galatifo 5:22, 23) Momma yensusuw honhom aba yi mu biara ho nhwɛ.

“Yɛnnodɔ Yɛn Ho”

7. Dɛn ne ɔdɔ, na su a ɔdɔ wɔ no bi ne nea ɛwɔ he?

7 Ɔdɔ a ɛka honhom aba no ho no taa kyerɛ sɛ obi pɛ afoforo asɛm paa anaa odwen wɔn ho na ɔne wɔn nya abusuabɔ a emu yɛ den. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ “Onyankopɔn ne dɔ” efisɛ obiara nni hɔ a ɔda saa su no adi sen no. Ɔdɔ kɛse a Onyankopɔn ne ne Ba no wɔ ma adesamma no daa adi wɔ Yesu Kristo ogye afɔre no mu. (1 Yohane 4:8; Yohane 3:16; 15:13; Romafo 5:8) Sɛ́ Yesu akyidifo no, ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn ho yɛn ho no ne ade a wɔde hu yɛn. (Yohane 13:34, 35) Nokwasɛm ne sɛ, wɔhyɛ yɛn sɛ “yɛnnodɔ yɛn ho.” (1 Yohane 3:23) Paulo nso kae sɛ ɔdɔ yɛ abodwokyɛre na ne yam ye. Ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw, entu ne ho, ɛnyɛ ade a ɛnsɛ anaa ɛnhwehwɛ nea n’ankasa hia. Ɔdɔ bo nhaw no na ɛmfa bɔne nhyɛ ne mu. Enni nea ɛnteɛ ho ahurusi, na mmom edi nokware ho ahurusi. Ɔdɔ tɔ ne bo ase biribiara mu, egye biribiara di, ɛwɔ biribiara mu anidaso, na egyina biribiara ano. Bio nso, ɔdɔ to ntwa da.—1 Korintofo 13:4-8.

8. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya ɔdɔ ma yɛn mfɛfo a yɛne wɔn som Yehowa no?

8 Sɛ yɛma kwan ma Onyankopɔn honhom kanyan ɔdɔ wɔ yɛn mu a, ɔdɔ bɛtra yɛne Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa ntam. (Mateo 22:37-39) Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Nea onni dɔ no te owu mu. Obiara a ɔtan ne nua no yɛ wudifo, na munim sɛ owudifo biara nni hɔ a daa nkwa te ne mu.” (1 Yohane 3:14, 15) Sɛ na wobegye onipakumfo bi akɔ Israelfo guankɔbea kurow bi mu a, na gye sɛ wohu sɛ ɔtan biara nni onipakumfo no ne nea wakum no no ntam. (Deuteronomium 19:4, 11-13) Sɛ yɛma honhom kronkron no kyerɛ yɛn kwan a, yebenya ɔdɔ ama Onyankopɔn, yɛn mfɛfo asomfo ne afoforo.

“Yehowa Mu Anigye ne Mo Abannennen”

9, 10. Nneɛma bɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye?

9 Yehowa yɛ “anigye Nyankopɔn.” (1 Timoteo 1:11; Dwom 104:31) Ɔba no ani gye sɛ ɔbɛyɛ n’Agya apɛde. (Dwom 40:8; Hebrifo 10:7-9) “Yehowa mu anigye ne [yɛn] abannennen.”—Nehemia 8:10, NW.

10 Sɛ yɛyɛ Onyankopɔn apɛde bere mpo a yɛwɔ ahokyere, awerɛhow anaa ɔtaa mu no a, anigye a efi Onyankopɔn hɔ no ma yenya abotɔyam. Hwɛ anigye ara a “Onyankopɔn ho nimdeɛ” ma yenya! (Mmebusɛm 2:1-5) Abusuabɔ pa a yɛne Onyankopɔn wɔ no gyina ne ho nokware nimdeɛ, gyidi a yɛwɔ wɔ ne mu ne gyidi a yɛwɔ wɔ Yesu ogye afɔre no mu no so. (1 Yohane 2:1, 2) Ade foforo a ɛma yɛn ani gye ne sɛ yɛka Kristofo anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa no ho. (Sefania 3:9; Hagai 2:7) Ahenni anidaso a yɛwɔ ne hokwan kɛse a yɛanya de reka asɛmpa no ma yɛn ani gye. (Mateo 6:9, 10; 24:14) Saa ara nso na daa nkwa anidaso a yɛwɔ no ma yɛn ani gye. (Yohane 17:3) Esiane sɛ yɛwɔ anidaso nwonwaso a ɛte sɛɛ nti, ɛsɛ sɛ ‘yɛma yɛn ani gye.’—Deuteronomium 16:15.

Hwehwɛ Asomdwoe na Nya Abodwokyɛre

11, 12. (a) Wobɛkyerɛkyerɛ asomdwoe mu dɛn? (b) Tumi bɛn na Onyankopɔn asomdwoe nya wɔ yɛn so?

11 Asomdwoe a ɛno nso yɛ honhom aba no kyerɛ sɛ biribiara nhaw obi adwene. Yɛn soro Agya no yɛ Asomdwoe Nyankopɔn, na wɔma yɛn awerɛhyem sɛ: “[Yehowa, NW] de asomdwoe behyira ne man.” (Dwom 29:11; 1 Korintofo 14:33) Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Mede asomdwoe gya mo, mede m’asomdwoe ma mo.” (Yohane 14:27) Ɔkwan bɛn so na na ɛbɛboa n’akyidifo no?

12 Asomdwoe a Yesu de maa n’asuafo no ma wonyaa akomatɔyam, na eyii ehu a na ahyɛ wɔn so no fii hɔ. Ne titiriw no, bere a honhom kronkron a na wɔahyɛ ho bɔ no baa wɔn so no, wonyaa asomdwoe. (Yohane 14:26) Tumi a honhom no wɔ wɔ yɛn so ne yɛn mpaebɔ a wobua nnɛ no ma yenya “Nyankopɔn asomdwoe” a biribiara ne no nsɛ a ɛma yenya akomatɔyam no. (Filipifo 4:6, 7) Bio nso, Yehowa honhom boa yɛn ma yɛda odwo adi, na yɛne yɛn mfɛfo gyidifo ne afoforo tra ase asomdwoe mu.—Romafo 12:18; 1 Tesalonikafo 5:13.

13, 14. Dɛn ne abodwokyɛre, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛda no adi?

13 Abodwokyɛre ne asomdwoe wɔ abusuabɔ efisɛ ɛyɛ ntoboase a yɛde gyina abufuw anaa bɔne a obi ayɛ yɛn ano, a yɛhwɛ kwan sɛ tebea no bɛyɛ yiye. Onyankopɔn wɔ abodwokyɛre. (Romafo 9:22-24) Yesu nso da su a ɛte saa ara adi. Yebetumi anya su a ɛte saa so mfaso efisɛ Paulo kyerɛwee sɛ: “Wohuu me mmɔbɔ sɛnea ɛbɛyɛ a Kristo Yesu bɛfa me a midi kan no so ayi n’abodwokyɛre nyinaa adi, de ayɛ nhwɛso ama wɔn a wobegye no adi anya daa nkwa no.”—1 Timoteo 1:16.

14 Abodwokyɛre su boa yɛn ma sɛ afoforo kasa anaa wɔyɛ nneɛma a ɛmfata tia yɛn a, yetumi gyina ano. Paulo hyɛɛ ne mfɛfo Kristofo nkuran sɛ: “Munnya abodwokyɛre mma nnipa nyinaa.” (1 Tesalonikafo 5:14) Esiane sɛ yɛn nyinaa tɔ sin na yedi mfomso nti, akyinnye biara nni ho sɛ yɛbɛpɛ sɛ afoforo nya yɛn ho abotare bere a yɛafom wɔn no. Enti momma yɛmmɔ mmɔden sɛ ‘yebenya abodwokyɛre, anigye mu.’—Kolosefo 1:9-12.

Da Ayamye ne Papayɛ Adi

15. Kyerɛkyerɛ ayamye mu, na ma ho nhwɛso.

15 Yɛda ayamye adi bere a yɛkyerɛ sɛ yedwen afoforo ho denam nsɛm a ɛyɛ dɛ a yɛka ne mmoa a yɛde ma wɔn so. Yehowa yam ye, na saa ara nso na ne Ba no te. (Romafo 2:4; 2 Korintofo 10:1) Wɔhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn ne Kristo asomfo bɛda ayamye adi. (Mika 6:8; Kolosefo 3:12) Nnipa binom a na wɔne Onyankopɔn nni abusuabɔ mpo daa “yɔnkodɔ soronko adi.” (Asomafo Nnwuma 27:3; 28:2) Ɛnde akyinnye biara nni ho sɛ sɛ yɛkɔ so nantew honhom mu a, yebetumi ada ayamye adi.

16. Tebea horow a ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yɛda ayamye adi no bi ne nea ɛwɔ he?

16 Sɛ obi aka asɛm a ɛyɛ yaw anaa wayɛ biribi a ɛhaw yɛn ma ahyɛ yɛn abufuw mpo a, yebetumi ada ayamye adi. Paulo kae sɛ: “Mo bo mfuw, nanso monnyɛ bɔne; mommma owia nnkɔtɔ mo so mo abufuw mu, na mommma Ɔbonsam kwan nso. . . . Mo ne mo ho nni no ayamye ne ayamhyehye so, na mumfi mo pɛ mu mfa bɔne mfirifiri mo ho, sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de firii mo koraa no.” (Efesofo 4:26, 27, 32) Ne titiriw no, ɛfata sɛ yɛda ayamye adi kyerɛ wɔn a wɔrehyia sɔhwɛ no. Nokwarem no, sɛ obi reman afi “papayɛ ne trenee ne nokware” kwan no so, na sɛ Kristofo asafo no mu panyin bi antumi annyina Kyerɛwnsɛm so amfa afotu amma no esiane sɛ osuro sɛ ɛbɛhaw no nti a, ɛnkyerɛ ayamye.—Efesofo 5:9.

17, 18. Papayɛ kyerɛ dɛn, na dwuma bɛn na ɛsɛ sɛ su yi di wɔ yɛn abrabɔ mu?

17 Papayɛ kyerɛ ɔbra pa, suban pa, anaa adɔe a obi da no adi. Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa sen Onyankopɔn. (Dwom 25:8; Sakaria 9:17) Ná Yesu wɔ suban pa, nanso wampene so sɛ wɔde abodin “Papa” bɛfrɛ no bere a wɔfrɛɛ no “Ɔkyerɛkyerɛfo Pa” no. (Marko 10:17, 18) Eyi te saa efisɛ na obu Onyankopɔn sɛ ɔno na ɔyɛ papa sen obiara.

18 Esiane bɔne a wɔde woo yɛn nti, ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛyɛ papa bere nyinaa. (Romafo 5:12) Nanso sɛ yɛbɔ mpae srɛ Onyankopɔn sɛ ‘ɔnkyerɛ yɛn papayɛ’ a, yebetumi ada su yi bi adi. (Dwom 119:66, NW) Paulo ka kyerɛɛ ne mfɛfo gyidifo a na wɔwɔ Roma no sɛ: “Me nuanom, me ara nso migye tom sɛ papayɛ ahyɛ mo nso mã sɛnea nimdeɛ nyinaa ahyɛ mo mã no.” (Romafo 15:14) Ɛsɛ sɛ Kristofo asafo mu panyin yɛ obi a “ɔpɛ papayɛ.” (Tito 1:7, 8) Sɛ Onyankopɔn honhom kyerɛ yɛn kwan a, wobehu yɛn sɛ nnipa a wɔpɛ papayɛ, na Yehowa ‘bɛkae yɛn wɔ yɛn yiyeyɛ’ ho.—Nehemia 5:19; 13:31.

“Gyidi a Nyaatwom Nnim”

19. Gyina Hebrifo 11:1 so kyerɛkyerɛ gyidi mu.

19 Gyidi a ɛno nso yɛ honhom aba no kyerɛ “awerɛhyem a yɛde twɛn biribi a yɛn ani da so, nneɛma a yenhu ho adanse a ɛda adi pefee.” (Hebrifo 11:1) Sɛ yɛwɔ gyidi a, ɛma yenya awerɛhyem sɛ biribiara a Yehowa ahyɛ ho bɔ no bɛba mu ɔkwan biara so. Nneɛma a yenhu ho adanse a ɛwɔ hɔ no mu yɛ den araa ma enti wɔka sɛ gyidi te sɛ saa adanse no. Sɛ nhwɛso no, abɔde a yehu no ma yegye di sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ. Sɛ yɛkɔ so nantew honhom mu a, gyidi a ɛte saa na yɛbɛda no adi.

20. Dɛn ne “bɔne a etumi kyekyere yɛn ntɛm” no, na yɛbɛyɛ dɛn akwati ɛno ne ɔhonam nnwuma?

20 Sɛ yenni gyidi a, ɛno ne “bɔne a etumi kyekyere yɛn ntɛm” no. (Hebrifo 12:1) Ɛho hia sɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔn honhom so na ama yɛatumi akwati ɔhonam nnwuma, honam fam adedodowpɛ, ne atoro nkyerɛkyerɛ a ebetumi asɛe yɛn gyidi no. (Kolosefo 2:8; 1 Timoteo 6:9, 10; 2 Timoteo 4:3-5) Onyankopɔn honhom ma Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no nya gyidi a ɛte sɛ adansefo a wɔtraa ase ansa na Kristosom reba ne afoforo a Bible ka wɔn ho asɛm no de. (Hebrifo 11:2-40) Yɛn ankasa “gyidi a nyaatwom nnim” no betumi ahyɛ afoforo nso gyidi den.—1 Timoteo 1:5; Hebrifo 13:7.

Da Odwo ne Ahosodi Adi

21, 22. Wɔkyerɛ odwo ase dɛn, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛda no adi?

21 Nea odwo kyerɛ ne sɛ obi bo mfuw ntɛmntɛm na ɔtɔ ne bo ase wɔ ne nneyɛe mu. Onyankopɔn su biako ne odwo. Nea ɛma yehu saa ne sɛ, Yesu a na odwo no daa Yehowa su adi pɛpɛɛpɛ. (Mateo 11:28-30; Yohane 1:18; 5:19) Ɛnde, sɛ́ Onyankopɔn asomfo no, dɛn na wɔhwehwɛ sɛ yɛyɛ?

22 Sɛ́ Kristofo no, wɔhwɛ kwan sɛ ‘yebedwo koraa ama nnipa nyinaa.’ (Tito 3:2) Yɛda odwo adi wɔ yɛn asɛnka adwuma mu. Wotu Kristofo a wɔn ho akokwaw no fo sɛ sɛ Kristoni bi di mfomso na wɔreteɛ no so a, wɔnyɛ saa “odwo honhom mu.” (Galatifo 6:1) Yɛn nyinaa betumi ada “ahobrɛase adwene ne odwo” adi de aboa ma biakoyɛ ne asomdwoe atra Kristofo asafo no mu. (Efesofo 4:1-3) Sɛ yɛkɔ so nantew honhom mu na yenya ahosodi a, yebetumi ada odwo adi.

23, 24. Dɛn ne ahosodi, na ɔkwan bɛn so na ɛboa yɛn?

23 Ahosodi boa yɛn ma yɛhwɛ yɛn nsusuwii, yɛn kasa ne yɛn nneyɛe yiye. Bere a Yehowa ne Babilonfo a wɔsɛee Yerusalem dii nsɛm no, ‘ɔhyɛɛ ne ho so.’ (Yesaia 42:14) Bere a na ne Ba no rehu amane no, ɔdaa ahosodi adi de ‘gyaw yɛn nhwɛso.’ Ɔsomafo Petro nso tuu ne mfɛfo Kristofo fo sɛ wɔmfa ‘ahosodi nka wɔn nimdeɛ’ ho.—1 Petro 2:21-23; 2 Petro 1:5-8.

24 Wɔhwɛ kwan sɛ Kristofo asafo no mu mpanyimfo benya ahosodi. (Tito 1:7, 8) Nokwarem no, obiara a honhom kronkron kyerɛ no kwan no betumi ada ahosodi adi na ɔnam so akwati ɔbrasɛe, kasafĩ, anaa biribi a ebetumi ama Yehowa bo afuw no. Sɛ yɛma Onyankopɔn honhom boa yɛn ma yenya ahosodi a, yɛn kasa a ɛho tew ne yɛn abrabɔ pa no bɛda adi ama afoforo ahu.

Kɔ So Nantew Honhom Mu

25, 26. Sɛ yɛnantew honhom mu a, ɛbɛka yɛne afoforo ntam abusuabɔ dɛn nnɛ, na yɛn daakye nso ɛ?

25 Sɛ yɛnantew honhom mu a, yɛde nsi bɛka Ahenni no ho asɛm. (Asomafo Nnwuma 18:24-26) Nnipa ani begye yɛn ho, na ne titiriw no, wɔn a wɔsom Onyankopɔn ani begye sɛ wɔne yɛn bɛbɔ. Sɛ́ nnipa a honhom kronkron kyerɛ yɛn kwan no, yɛn nso yebetumi ahyɛ yɛn mfɛfo a yɛne wɔn som Yehowa no nkuran. (Filipifo 2:1-4) Ɛnyɛ saa na Kristofo nyinaa pɛ sɛ wɔyɛ anaa?

26 Wɔ wiase a Satan di so yi mu no, ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛnantew honhom mu. (1 Yohane 5:19) Nanso nnipa ɔpepem pii reyɛ saa nnɛ. Sɛ yɛde yɛn koma nyinaa to Yehowa so a, yebenya anigye nnɛ na yebetumi akɔ so anantew Yehowa a ofi ɔdɔ mu ma yɛn honhom kronkron no trenee akwan so daa.—Dwom 128:1; Mmebusɛm 3:5, 6.

Wubebua Dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na ‘honhom mu a yɛnantew’ no ka yɛne Onyankopɔn ne ne Ba no ntam abusuabɔ?

• Su ahorow bɛn na honhom kronkron no ma yenya?

• Akwan a yebetumi afa so ada Onyankopɔn honhom aba no adi no bi ne nea ɛwɔ he?

• Sɛ yɛnantew honhom mu a, ɛbɛka yɛn asetra dɛn nnɛ, na yɛn daakye nso ɛ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Yehowa honhom kronkron ma yenya yɛn mfɛfo gyidifo ho dɔ

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Ka nsɛm a ɛyɛ dɛ kyerɛ afoforo na boa wɔn fa da ayamye adi