Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛmfa Boasetɔ Ntwɛn Yehowa Da No

Yɛmfa Boasetɔ Ntwɛn Yehowa Da No

Yɛmfa Boasetɔ Ntwɛn Yehowa Da No

‘Momfa boasetɔ nka mo gyidi ho.’ —2 PETRO 1:5, 6.

1, 2. Dɛn ne boasetɔ, na dɛn nti na Kristofo hia?

YEHOWA da kɛse no abɛn paa. (Yoel 1:15; Sefania 1:14) Sɛ́ Kristofo a yɛasi yɛn bo sɛ yebedi nokware ama Onyankopɔn akosi ase no, yɛde ahopere twɛn bere a ɛbɛda adi sɛ Yehowa tumidi na ɛteɛ no. Nanso seesei de, esiane yɛn gyidi nti, ɔtan, animtiaabu, ɔtaa, ne owu ba yɛn so. (Mateo 5:10-12; 10:22; Adiyisɛm 2:10) Eyi hwehwɛ sɛ yenya boasetɔ—kyerɛ sɛ, animia a yɛde gyina amanehunu ano. Ɔsomafo Petro hyɛ yɛn nkuran sɛ: ‘Momfa boasetɔ nka mo gyidi ho.’ (2 Petro 1:5, 6) Yehia boasetɔ efisɛ Yesu kae sɛ: “Nea ogyina mu kosi awiei no na wobegye no nkwa.”—Mateo 24:13.

2 Yetumi yare, yɛn dɔfo bi tumi wu ma yedi awerɛhow, na yehyia sɔhwɛ afoforo nso. Hwɛ sɛnea sɛ yɛpa yɛn gyidi a, Satan ani begye afa! (Luka 22:31, 32) Ɛdenam Yehowa mmoa so no, yebetumi agyina sɔhwɛ ahorow ano. (1 Petro 5:6-11) Ma yensusuw ebinom asetra mu osuahu ahorow ankasa a ɛkyerɛ sɛ yebetumi de boasetɔ ne gyidi a emu yɛ den atwɛn Yehowa da no ho nhwɛ.

Ɔyare Nsiw Wɔn Kwan

3, 4. Fa nhwɛso bi kyerɛ sɛ yebetumi de nokwaredi asom Yehowa ɛmfa ho ɔyare.

3 Onyankopɔn mfa anwonwakwan so nsa yɛn yare nnɛ, nanso ɔma yɛn ahoɔden a yɛde gyina ɔyare ano. (Dwom 41:1-3) Sharon ka sɛ: “Matra mmubuafo akongua mu fi bere a m’ani fii. Efi bere a wɔwoo me no, mmubui nti, m’ani annye sɛ mmofra a aka no.” Yehowa ne ne bɔhyɛ ahorow a ɛfa apɔwmuden a edi mũ ho ade a Sharon suae no ma onyaa anidaso. Ɛwom sɛ ontumi nkasa yiye na ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛnantew de, nanso onya anigye wɔ Kristofo som adwuma no mu. Bɛyɛ mfe 15 a atwam no, ɔkae sɛ: “Ebia m’apɔwmuden bɛkɔ so asɛe de, nanso Onyankopɔn mu ahotoso ne abusuabɔ a me ne no wɔ no na me nkwa gyina so. Hwɛ anigye ara a manya sɛ meka Yehowa nkurɔfo ho na mewɔ no mu ahotoso sɛ ɔbɛboa me bere nyinaa!”

4 Ɔsomafo Paulo hyɛɛ Kristofo a na wɔwɔ Tesalonika no nkuran sɛ ‘wɔnkyekye akra a wɔahaw werɛ.’ (1 Tesalonikafo 5:14) Nneɛma bi te sɛ abasamtu kɛse betumi ama obi anya adwenemhaw. Wɔ afe 1993 mu no, Sharon kyerɛwee sɛ: “Metee nka sɛ wɔde me yɛ hwee a ɛnyɛ yiye, . . . enti egyaw me adwennwene kɛse mfe abiɛsa. . . . Minyaa awerɛkyekye ne afotu fii mpanyimfo no hɔ. . . . Yehowa fi ayamye mu nam Ɔwɛn-Aban no so de adwenemhaw ho nkyerɛkyerɛmu a emu dɔ mae. Nokwarem no, odwen ne nkurɔfo ho, na onim sɛnea yɛte nka.” (1 Petro 5:6, 7) Sharon da so ara de nokwaredi resom Onyankopɔn bere a ɔretwɛn Yehowa da kɛse no.

5. Adanse bɛn na ɛkyerɛ sɛ Kristofo betumi agyina adwennwene kɛse ano?

5 Esiane tebea horow a Kristofo binom afa mu pɛn nti, agyaw wɔn adwennwene kɛse. Harley huu akodi a wokunkum nnipa pii wom wɔ Wiase Ko II mu, na ɛma ɔsosoo akodi ho daebɔne. Sɛ ɔda a, otumi teɛteɛm sɛ: “Monhwɛ mo ho yiye oo!” Ɔbɛsɔre no, na mfifiri afɔw no twɔnn. Nanso ɔde Onyankopɔn akwankyerɛ bɔɔ ne bra, na bere kɔɔ so no, mpɛn dodow a na ɔsoso dae a ɛte saa no so tewee.

6. Ɔkwan bɛn so na Kristoni bi gyinaa adwenemhaw ano?

6 Ná ɛyɛ den paa ma Kristoni bi a ɔwɔ adwenemhaw sɛ ɔbɛka asɛm no wɔ afie afie. Nanso ɔkɔɔ so yɛɛ saa efisɛ ohui sɛ asɛnka adwuma no na ɛbɛma ɔne wɔn a wotie no no anya nkwa. (1 Timoteo 4:16) Ɛtɔ da bi a, na ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛbɔ dɔn a ɛwɔ nkurɔfo afie pon ano no nanso ɔkae sɛ: “Bere bi akyi no, na mitumi hyɛ me ho so kɔ ɔpon a edi hɔ no ano kɔsɔ hwɛ bio. Ɛdenam ɔsom adwuma no a mekɔɔ so de me ho hyɛɛ mu so no, minyaa honhom fam nkɔso a ɛsɛ.” Ná ɛyɛ den ma onua yi sɛ ɔbɛkɔ asafo nhyiam nso, nanso na onim sɛ ne nuanom Kristofo a ɔne wɔn bɛbɔ no ho hia. Enti na ɔbɔ mmɔden kɔ.—Hebrifo 10:24, 25.

7. Ɛwom sɛ ebinom suro sɛ wɔbɛkasa wɔ nnipa mu anaa wɔbɛkɔ asafo nhyiam de, nanso dɛn na wɔyɛ de kyerɛ sɛ wɔmpaa abaw?

7 Kristofo binom suro tebea horow anaa nneɛma bi dodo. Sɛ nhwɛso no, ebia wosuro sɛ wɔbɛkasa wɔ nnipa mu anaa wɔbɛkɔ asafo nhyiam mpo. Hwɛ sɛnea ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛma mmuae wɔ Kristofo nhyiam ase anaasɛ wɔbɛyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi! Nanso, wogu so denneennen, na nhyiam a wɔba ne mmuae a wɔma no hyɛ yɛn nkuran paa.

8. Sɛ obi wɔ adwenemhaw a, ade titiriw bɛn na ɛboa paa?

8 Sɛ obi wɔ adwenemhaw na ogye n’ahome na ɔda pii a, ebetumi aboa no ma wagyina ano. Ebia ɛho behia sɛ okohu oduruyɛfo. Nanso ne ho a ɔde bɛto Onyankopɔn so wɔ mpaebɔ mu ne ade titiriw a ɛboa paa. Dwom 55:22 ka sɛ: “Dan w’adesoa to [Yehowa, NW] so, na obeso wo mu, ɔremma ɔtreneeni ntwiw n’anan mu da.” Ɛnde, “fa wo koma nyinaa bata [Yehowa, NW] ho” ɔkwan biara so.—Mmebusɛm 3:5, 6.

Yɛn Dɔfo Bi Wu Ano a Yebegyina

9-11. (a) Sɛ yɛn dɔfo bi wu a, dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina awerɛhodi ano? (b) Ɔkwan bɛn so na nhwɛso a Hana yɛe no betumi aboa yɛn ma yɛagyina yɛn dɔfo bi wu ano?

9 Sɛ owu tetew abusuafo mu a, ade kɛse a ɛte saa a wɔahwere no betumi ama wɔadi awerɛhow paa. Bere a Abraham yere Sara a ɔdɔ no no wui no, osuu no. (Genesis 23:2) Saa ara nso na bere a Yesu adamfo Lasaro wui no, “nusu guu Yesu” mpo a na ɔyɛ pɛ no. (Yohane 11:35) Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ sɛ yɛn dɔfo bi wu a, yebedi awerɛhow. Nanso Kristofo nim sɛ owusɔre wɔ hɔ. (Asomafo Nnwuma 24:15) Enti wonni “awerɛhow sɛnea wɔn a aka a wonni anidaso biara no yɛ no.”—1 Tesalonikafo 4:13.

10 Yɛbɛyɛ dɛn agyina yɛn dɔfo bi wu ano? Ebia mfatoho yi bɛboa. Sɛ yɛn adamfo bi tu kwan a, esiane sɛ yenim sɛ ɔbɛsan aba nti, yɛntaa nni awerɛhow pii. Adwene a ɛte saa a yebenya bere a Kristoni nokwafo bi awu no remma yenni yaw pii, efisɛ yenim sɛ obenya owusɔre.—Ɔsɛnkafo 7:1.

11 Yɛn ho a yɛde bɛto “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no so koraa no bɛboa yɛn ma yɛagyina yɛn dɔfo bi wu ano. (2 Korintofo 1:3, 4) Saa ara na Hana a na ɔyɛ okunafo a Bible ka ne ho asɛm no ho a yebedwennwen no nso bɛboa yɛn. Ɔwaree mfe ason akyi pɛ na ne kunu wu gyaw no. Nanso odii mfe 84 no, na ɔda so ara som Yehowa wɔ asɔrefie hɔ daa. (Luka 2:36-38) Akyinnye biara nni ho sɛ ne ho a otu mae no boaa no ma ogyinaa awerɛhodi ne ankonamyɛ ano. Yɛn ho a yɛde bɛhyɛ Kristofo dwumadi mu daa, a Ahenni ho asɛm a yɛbɛka no ka ho no betumi aboa yɛn ma yɛagyina yɛn dɔfo bi wu ano.

Sɔhwɛ Ahorow a Yebegyina Ano

12. Abusua mu sɔhwɛ bɛn na Kristofo binom ahyia?

12 Ɛsɛ sɛ Kristofo binom gyina sɔhwɛ a wohyia wɔ wɔn abusua mu no ano. Sɛ nhwɛso no, sɛ obi aware mu hokafo sɛe aware a, hwɛ sɛnea ebetumi ahaw abusua no afa! Esiane ahodwiriw ne awerɛhow nti, ebia ɔwarefo a ne ho nni asɛm no rentumi nna, na obesu pii. Nnwuma nketenkete a ɔyɛ mpo betumi ayɛ den ama no araa ma wadi mfomso anaa wapira. Ɔwarefo a ne ho nni asɛm no anom betumi atõ, ne so betumi atew, na ebia adwennwen bɛhyɛ no so. Ebetumi ayɛ den ama no sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ Kristofo dwumadi ahorow mu. Na hwɛ sɛnea ebetumi aka mmofra no kɛse afa!

13, 14. (a) Nkuranhyɛ bɛn na wunya fi Salomo mpae a ɔbɔ de hyiraa asɔrefie no so no mu? (b) Dɛn nti na yɛbɔ mpae hwehwɛ honhom kronkron?

13 Sɛ yehyia sɔhwɛ a ɛte saa a, Yehowa ma yɛn mmoa a yehia. (Dwom 94:19) Yehu adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn tie ne nkurɔfo mpaebɔ wɔ Ɔhene Salomo mpae a ɔbɔ de hyiraa Yehowa asɔrefie so no mu. Salomo bɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ: “Mpaebɔ biara, nkotɔsrɛ biara a onipa biara anaa wo man Israel nyinaa wɔ no, sɛ obiara behu ne koma mu haw, na ɔbɛtrɛw ne nsa mu kyerɛ ofi yi a, wo ara tie ɔsoro, wo trabea hɔ na fa firi, na yɛ ma onipa no sɛ n’akwan nyinaa te, sɛ wuhu ne komam no; na wo ara wo nko na wunim nnipa mma nyinaa koma mu, nea ɛbɛyɛ na wɔasuro wo, nna a wɔde bɛtra asase a wode maa yɛn agyanom no so no nyinaa.”—1 Ahene 8:38-40.

14 Ne titiriw no, sɛ yɛkɔ so bɔ mpae hwehwɛ honhom kronkron a, ebetumi aboa yɛn. (Mateo 7:7-11) Su ahorow te sɛ anigye ne asomdwoe ka honhom aba no ho. (Galatifo 5:22, 23) Sɛ yɛn soro Agya no tie yɛn mpaebɔ a, hwɛ sɛnea yɛn ho tɔ yɛn—ɛma yɛn awerɛhow dan anigye, na asomdwoe si ahoyeraw ananmu!

15. Kyerɛw nsɛm bɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛatew yɛn adwennwene so?

15 Sɛ ɛsɛ sɛ yegyina adwennwene kɛse bi ano a, yebetumi ahwɛ kwan sɛ yɛn ho bɛyeraw yɛn kakra. Nanso sɛ yɛma Yesu nsɛm yi tra yɛn adwenem a, adwennwene a ɛte saa so betumi atew. Yesu kae sɛ: “Monnnwennwene mo kra ho sɛ dɛn na mubedi anaa dɛn na mobɛnom, anaa mo nipadua ho sɛ dɛn na mobɛhyɛ. ... Enti, monkɔ so nhwehwɛ ahenni no ne [Onyankopɔn] trenee kan, na ɔde nneɛma a aka yi nyinaa bɛka ho ama mo.” (Mateo 6:25, 33, 34) Ɔsomafo Petro hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛntow yɛn dadwen nyinaa ngu Onyankopɔn so, efisɛ ɔdwene yɛn ho.’ (1 Petro 5:6, 7) Ɛyɛ papa sɛ yɛbɛbɔ mmɔden adi ɔhaw bi ho dwuma. Nanso bere a yɛayɛ nea yebetumi nyinaa wɔ ho awie no, mpae na ɛsɛ sɛ yɛbɔ na ɛnyɛ ɔhaw no na ɛsɛ sɛ yedwennwen ho. Odwontofo no too dwom sɛ: “Fa wo kwan hyɛ [Yehowa, NW] nsam, na fa wo ho to no so, na ɔno na ɔbɛyɛ.”—Dwom 37:5.

16, 17. (a) Dɛn nti na yentumi nne yɛn ho korakora mfi adwennwene ho? (b) Sɛ yɛde Filipifo 4:6, 7 yɛ adwuma a, dɛn na yebenya?

16 Paulo kyerɛwee sɛ: “Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.” (Filipifo 4:6, 7) Sɛ́ Adam asefo a yɛtɔ sin no, yɛrentumi nne yɛn ho korakora mfi adwennwene ho. (Romafo 5:12) Hetifo mmea a Esau waree wɔn no ‘hyɛɛ’ Esau awofo, Isak ne Rebeka a na wɔsom Onyankopɔn no “awerɛhow.” (Genesis 26:34, 35) Ɛbɛyɛ sɛ ɔyare maa adwennwene hyɛɛ Timoteo ne Trofimo a na wɔyɛ Kristofo no so. (1 Timoteo 5:23; 2 Timoteo 4:20) Ná Paulo dwennwen ne mfɛfo gyidifo ho. (2 Korintofo 11:28) Nanso wɔn a wɔdɔ “mpaebɔ tiefo” no betumi akɔ ne nkyɛn bere biara.—Dwom 65:2.

17 Bere a yɛretwɛn Yehowa da no, yenya mmoa ne awerɛkyekye fi “asomdwoe Nyankopɔn” no nkyɛn. (Filipifo 4:9) Yehowa yɛ “mmɔborohunufo ne ɔdomfoɔ,” ‘oye, na ɔde firi,’ na “ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma.” (Exodus 34:6; Dwom 86:5; 103:13, 14) Enti yɛmma yɛn ‘adesrɛ nnu n’asom,’ efisɛ eyi bɛma yɛanya “Onyankopɔn asomdwoe”—asomdwoe a ɛboro nnipa ntease so.

18. Sɛnea wɔaka wɔ Hiob 42:5 no, ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi “ahu” Onyankopɔn?

18 Sɛ yenya yɛn mpaebɔ ho mmuae a, yehu sɛ Onyankopɔn ka yɛn ho. Bere a Hiob gyinaa ne sɔhwɛ mu no, ɔkae sɛ: “Sɛ aso te nko na metee wo [Yehowa] nka, na afei m’aniwa ahu wo.” (Hiob 42:5) Sɛ yɛwɔ ntease, gyidi, ne anisɔ a, yebetumi asusuw sɛnea Onyankopɔn ne yɛn di nsɛm no ho “ahu” no yiye asen sɛnea yenim no no. Hwɛ sɛnea abusuabɔ a ɛte saa ma yenya akomatɔyam ne asomdwoe!

19. Sɛ ‘yɛtow yɛn dadwen nyinaa gu Yehowa’ so a, dɛn na ebefi mu aba?

19 Sɛ ‘yɛtow yɛn dadwen nyinaa gu Yehowa’ so a, yebetumi anya akomatɔyam a ɛbɛbɔ yɛn koma ne yɛn adwene ho ban de agyina sɔhwɛ ano. Yɛbɛte nka wɔ yɛn komam sɛ yɛwɔ asomdwoe na yɛrensuro biribiara. Adwennwene renhyɛ yɛn so anaa yɛrenhaahae.

20, 21. (a) Adanse bɛn na Stefano asɛm no de ma a ɛkyerɛ sɛ yenya asomdwoe bere a yehyia ɔtaa no? (b) Ma yɛn bere yi so nhwɛso a ɛkyerɛ sɛ obi tumi nya asomdwoe bere a ɔrehyia sɔhwɛ no.

20 Bere a osuani Stefano hyiaa ne gyidi ho sɔhwɛ a ano yɛ den no, wanyɛ basabasa. Ansa na ɔredi Sanhedrinfo no adanse a etwa to no, Sanhedrin no mufo nyinaa ‘hui sɛ n’anim te sɛ ɔbɔfo anim.’ (Asomafo Nnwuma 6:15) Ná n’anim tew te sɛ Onyankopɔn bɔfo. Bere a Stefano ma ɛdaa adi sɛ atemmufo no di fɔ wɔ Yesu wu no ho no, “ɛwowɔɔ wɔn komam na wofii ase twɛree wɔn se guu no so.” “Bere a honhom kronkron ayɛ [Stefano] mã no, ɔhwɛɛ soro haa huu Nyankopɔn anuonyam ne Yesu sɛ ogyina Onyankopɔn nsa nifa.” Saa anisoadehu no hyɛɛ Stefano den ma odii nokware kosii owu mu. (Asomafo Nnwuma 7:52-60) Ɛwom sɛ yennya anisoadehu de, nanso yebetumi anya Onyankopɔn asomdwoe bere a yɛrehyia ɔtaa no.

21 Susuw nsɛm a Kristofo binom a wowuwui wɔ Nasifo nsam wɔ Wiase Ko II no mu no kae no ho hwɛ. Bere a wɔn mu baako reka n’asɛm wɔ asɛnnibea no, ɔkae sɛ: “Wobuu me kumfɔ. Mitiei, na bere a mekaa asɛm a edi so yi, ‘Di nokware kosi owu mu’ ne yɛn Awurade anom nsɛm kakra wiei no, asenni no baa awiei. . . . Nanso, mommma ɛno nhaw mo seesei. Efisɛ, mewɔ asomdwoe bi a muntumi nte ase!” Kristoni aberante bi nso a na wɔrebetwa ne ti kyerɛw kɔmaa n’awofo sɛ: “Anadwo 12 abɔ apa ho. Meda so ara wɔ bere a metumi de asesa m’adwene. Sɛ mepa yɛn Awurade no a, metumi asan anya anigye wɔ wiase yi mu? Dabida! Nanso seesei munnya awerɛhyem sɛ mede anigye ne asomdwoe na ɛrefi wiase yi mu.” Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa boa n’asomfo anokwafo.

Wubetumi Agyina Mu!

22, 23. Dɛn na wubetumi anya ho awerɛhyem bere a wode boasetɔ twɛn Yehowa da no?

22 Ebia worenhyia sɔhwɛ ahorow a yɛasusuw ho yi bi. Nanso asɛm a Hiob a na osuro Onyankopɔn no kae yi yɛ nokware: “Onipa a ɔbea awo no, ne nna yɛ tiaa bi, na ɔhaw mee no.” (Hiob 14:1) Ebia woyɛ ɔwofo a woyere wo ho sɛ wode Bible bɛkyerɛkyerɛ wo mma. Wobehyia sɔhwɛ wɔ sukuu mu, nanso sɛ wogyina Yehowa afã na wɔde ne trenee nnyinasosɛm bɔ wɔn bra a, hwɛ sɛnea w’ani gye! Ebetumi aba sɛ worehyia nsɛnnennen ne sɔhwɛ ahorow wɔ adwumam. Nanso, wubetumi agyina eyi ne tebea afoforo ano efisɛ ‘Yehowa soa w’adesoa ma wo daa daa.’—Dwom 68:19.

23 Ebia wubesusuw sɛ wonyɛ onipa titiriw biara, nanso ma ɛntra w’adwenem sɛ Yehowa werɛ remfi w’adwuma ne ɔdɔ a woda no adi wɔ ne din kronkron ho no da. (Hebrifo 6:10) Ɛdenam ne mmoa so no, wubetumi agyina wo gyidi ho sɔhwɛ ano. Enti kɔ so bɔ Onyankopɔn apɛde a wobɛyɛ no ho mpae na fa ka wo nhyehyɛe ho. Sɛ woyɛ saa a, wubetumi anya ahotoso sɛ wubenya Onyankopɔn nhyira ne ne mmoa bere a wode boasetɔ twɛn Yehowa da no.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na Kristofo hia boasetɔ?

• Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina ɔyare ne yɛn dɔfo bi wu ano?

• Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ boa yɛn ma yegyina sɔhwɛ ahorow ano?

• Dɛn nti na yebetumi de boasetɔ atwɛn Yehowa da no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Yɛn ho a yɛde to Yehowa so no boa yɛn ma yegyina yɛn dɔfo bi wu ano

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Mpae a yefi yɛn komam bɔ no boa yɛn ma yegyina yɛn gyidi ho sɔhwɛ ano