Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛna Bi Gyidi Ma Otumi Gyinaa Asiane Ano

Ɛna Bi Gyidi Ma Otumi Gyinaa Asiane Ano

Ɛna Bi Gyidi Ma Otumi Gyinaa Asiane Ano

“Sɛ morekenkan krataa yi a, na ɛkyerɛ sɛ mawu, efisɛ oprehyɛn a wɔyɛɛ me no anyɛ yiye.”

EYI ne asɛm a edi kan a Yehowa Dansefo bi a ɔyɛ ɛna a wɔfrɛ no Carmen kyerɛwee wɔ krataa bi a ɔde kɔmaa ne mmabea baasa a na wɔadi mfe 25, 19, ne 16 no. Sɛnea ɛkɔbae no, oprehyɛn no anyɛ yiye, na awerɛhosɛm ne sɛ, Carmen wui.

Sɛ́ obi bewu agyaw ne mmabea baasa wɔ tebea a ɛyɛ yaw saa mu no yɛ awerɛhosɛm paa. Nanso, Yehowa ne ne bɔhyɛ ahorow mu gyidi a ɛyɛ den a na ɛna yi wɔ no ma otumi gyinaa asiane no ano yiye, na ɛda adi pefee wɔ ne krataa a ɛka koma no mu sɛ na ɔwɔ asomdwoe. Hyɛ nsɛm a ɔka kyerɛɛ ne mmabea no nsow.

Nea edi kan koraa no, mereka akyerɛ mo sɛ medɔ mo nyinaa papaapa. . . . Moyɛ mmabea a mo ho dwo a ɛna biara ani begye mo ho, na mede mo hoahoa me ho.

“Me yam a anka me ne mo atra akosi sɛ Onyankopɔn wiase foforo a wahyɛ ho bɔ no bɛba . . . , nanso esiane sɛ amma saa nti, masrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa mo sɛnea ɛbɛyɛ a mubetumi akɔ so adi no nokware sɛnea moreyɛ no. Me ne mo ahyia sɔhwɛ pii, nanso Yehowa annyaw yɛn da. . . . Enti, monkɔ so mfa Yehowa akwankyerɛ a ɔnam n’ahyehyɛde no so de ma no mmɔ mo bra, na monkɔ so mmoa asafo no ne mpanyimfo no. Monka asɛm no bere nyinaa, na monnɔ anuanom nyinaa.

“Yɛn ntam bɛtetew bere tiaa bi pɛ. . . . Mesrɛ mo sɛ, momfa bɔne biara a meyɛɛ mo ne ntease a mannya amma mo anaa ka a manka sɛnea medɔ mo no ankyerɛ mo no nkyɛ me. . . . Minim sɛ mo mu biara wɔ n’ahiade. Nanso, Yehowa nim nea muhia sen mo ankasa mpo, na ɔbɛma no nsa aka nea mo hia biara, na obehyira mo wɔ mo boasetɔ no ho.

“Mommma mo werɛ mmfi mo anidaso a ɛno ne wiase foforo no mu asetra da, na mommɔ mmɔden sɛ mobɛkɔ mu. Yehowa nhyira mo na ɔnhyɛ mo den sɛnea ɛbɛyɛ a mubedi nokware akosi awiei. . . . Me mmabea a moda me koma so, mommma mo werɛ nnhow, medɔ mo!”

Asiane betumi ato obiara wɔ bere biara. Ɔhene Salomo a ɔtraa ase tete no kyerɛwee sɛ: “Ɛbere ne [asiane, NW] to wɔn nyinaa.” (Ɔsɛnkafo 9:11) Nanso, wɔn a wɔwɔ Onyankopɔn mu gyidi a ɛyɛ den no betumi anya awerɛhyem a na ɔsomafo Paulo a ɔkaa asɛm a edi hɔ yi wɔ no bi. Ɔkae sɛ: “Migye di yiye sɛ owu anaa nkwa . . . anaa abɔde foforo biara rentumi ntew yɛn mfi Nyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Kristo Yesu mu no ho.”—Romafo 8:38, 39; Hebrifo 6:10.