Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Anwonwade” Abien a Esii wɔ Georgia Nhyiam Bi Ase

“Anwonwade” Abien a Esii wɔ Georgia Nhyiam Bi Ase

“Anwonwade” Abien a Esii wɔ Georgia Nhyiam Bi Ase

WƆYƐƐ nhyiam bi a nhyiamfo no werɛ remfi da a “anwonwade” abien bi sii wɔ ase wɔ ɔman a wɔfrɛ no Georgia mu wɔ afe 2006 mu. Yehowa Adansefo de nnansa yɛɛ “Yɛn Nkwagye Abɛn!” Ɔmantam Nhyiam fii July 7 kosii 9, na wɔyɛe wɔ mmeae asia wɔ ɔman no mu nyinaa. Nhyiamfo bɛboro 17,000 na wɔkɔɔ Onyankopɔn som mu apontow yi bi.

Wɔ January 2006 mu na wofii ase hwehwɛɛ baabi a ɛfata a nhyiamfo mpempem pii betumi ahyiam wɔ Georgia ahenkurow Tbilisi a na wɔbɛyɛ nhyiam no mu kɛse no wɔ hɔ no. Ná wɔnam telefon so na wobetie nhyiam no dwumadi no wɔ mmeae a aka no.

Wɔama nyamesom hokwan nkakrankakra wɔ Georgia wɔ mfe kakra a atwam no mu. Enti, ɛmfa ho sɛ na wɔasɔre atia Adansefo no wɔ ɔman no mu nyinaa wɔ bere bi a atwam mu no, Adansefo no kɔɔ so de ahotoso hwehwɛɛ baabi a wobenya ayɛ nhyiam no wɔ ahenkurow no mu. Georgiafo wɔ adamfofa ne ahɔhoyɛ su paa. Nanso, aban mpanyimfo no bi ani nnye nyamesom ho koraa. So na wobeyi nyamesom ho adwene a ɛnteɛ a wɔwɔ no afi wɔn mu na wɔama Adansefo no baabi ayɛ wɔn nhyiam no?

Anuanom a na wɔwɔ Nhyiam Boayikuw no mu no kɔɔ agoprama ne agumadibea adan akɛse so kɔsrɛɛ hɔ. Mpanyimfo a wɔhwɛ saa mmeae no hyɛɛ bɔ sɛ wɔde bɛma wɔn, nanso bere a wɔkyerɛɛ da pɔtee a wɔbɛyɛ nhyiam no, wɔkae sɛ ɛrenyɛ yiye. Enti, ɛyɛɛ Boayikuw no mufo no nwonwa bere a mpanyimfo a wɔhwɛ Tbilisi Nnwontofo kuw no dan so no penee so sɛ wɔde wɔn dan no bɛma Yehowa Adansefo no. Nnwontofo no dan no si kurow no mfinimfini pɛɛ, na ɛhɔ na ɔmanfo taa yɛ wɔn dwumadi atitiriw no mu pii.

Bere a boayikuw no hui sɛ afei de wɔn nsa aka baabi a wɔbɛyɛ nhyiam no, wofii ase yɛɛ Tbilisi nhyiam no ne nhyiam a aka a wɔbɛyɛ wɔ nkurow akɛse ne nketewa mu wɔ ɔman no mu nyinaa ho nhyehyɛe. Nkurow a na wɔbɛyɛ nhyiam no bi wɔ hɔ ne Tsnori, Kutaisi, Zugdidi, Kaspi, ne Gori. Wɔyɛɛ adwuma pii de telefon a na wɔnam so betie nhyiam no dwumadi no kɔɔ mmeae a wɔbɛyɛ nhyiam no. Wɔyɛɛ nhyiam no ho nhyehyɛe nyinaa wiei. Afei, aka dapɛn biako pɛ ma wɔafi nhyiam no ase no, mpanyimfo a wɔhwɛ Tbilisi Nnwontofo dan no so no twaa nhyehyɛe no mu mpofirim a wɔankyerɛ nea enti a wɔyɛɛ saa.

“Anwonwade” a Edi Kan

Dɛn na na anuanom betumi ayɛ wɔ bere tiaa a na aka yi mu? Beae koro pɛ a na wobetumi adan wɔn ani akɔ ne Marneuli a ɛyɛ akuraa ketewaa bi a efi Tbilisi rekɔ hɔ yɛ kilomita 40 no. Wɔayɛ ɔmantam nhyiam mpɛn pii wɔ abusua bi a wɔyɛ Yehowa Adansefo asase so wɔ hɔ. Bere bi, na saa asase no yɛ turo kɛse bi. Mfe du a atwam ni no, ɛhɔ nkutoo ne beae a asafo ahorow a ɛwɔ Tbilisi no yɛ wɔn nhyiam ahorow. Nanso, Marneuli yɛ beae nso a basabasayɛfo ahaw Yehowa Adansefo wɔ hɔ paa.

Saa basabasayɛ no mu biako sii September 16, 2000. Polisifo a wofi Marneuli de nneɛma sisii kwan mu sɛnea ɛbɛyɛ a Adansefo no ntumi nkɔ baabi a wɔrekɔyɛ nhyiam no. Afei, basabasayɛfo a wɔahyɛ bɔs ahorow mu amaama a Ortodɔks sɔfo bi a wɔayi no adi afi asɔfodi mu a ne din de Vasili Mkalavishvili di wɔn anim no baa hɔ. Wogyinagyinaa kar ne bɔs ahorow a na ɛrekɔ Marneuli nhyiam ase no, twee nhyiamfo no bi fii wɔn kar mu sii fam, hwee wɔn pasaa, na wowiaa kar no mufo a wɔaka no nneɛma a na wɔn Bible ne wɔn Bible ho nhoma nso ka ho.

Basabasayɛfo bɛyɛ 60 kɔɔ nhyiambea a ɛwɔ Marneuli nso kɔhwee wɔn a na wɔwɔ hɔ no sɛee hɔ nneɛma. Adansefo bɛyɛ 40 na wopirapirae. Wɔde sekan wɔɔ onua biako koko so. Basabasayɛfo no pomapomaa wɔn atuo, na wɔde abufuw totow kɔɔ wim. Wɔn mu biako de tuo kyerɛɛ asasewura no so sɛ ɔmfa ne sika ne n’agude nyinaa mma no. Basabasayɛfo no kɔɔ asase no wura a ɔyɛ onuawa no fie a ɛwɔ baabi a na wɔreyɛ nhyiam no kotuu ɛhɔ nneɛma pansamee, na wowiaa n’ahode nyinaa. Bere a wobubuu mpomma a ɛwɔ ofie hɔ nyinaa wiei no, wɔhyew Bible ho nhoma, ne benkyi ahorow a na wɔahyɛ da ayɛ sɛ wɔde bɛyɛ nhyiam no. Nhoma ahorow a wɔsɛee no no mu duru bɛyɛ tɔn biako ne fã. Sɛ́ anka polisifo a na wɔwɔ hɔ no bɛma basabasayɛfo no agyae nsɛmmɔne no, wɔn nso yɛɛ Adansefo no basabasa bi. *

Basabasayɛ a na Nhyiam Boayikuw no redwen ho akyi no, na ade foforo a ɛno nso haw wɔn ne sɛnea na nnipa 5,000 a wɔreba nhyiam no benya baabi atra wɔ asase a na etumi fa nnipa 2,500 no so no. Ná wɔbɛyɛ dɛn atumi adi ɔhaw no ho dwuma wɔ bere tiaa a ɛte saa no mu? Bere a nsasesin abien a ɛbɛn baabi a wɔrebɛyɛ nhyiam no wuranom kae sɛ wɔde bɛma anuanom no, ɛyɛɛ wɔn sɛ anwonwade bi.

Ná ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwumaden de siesie asase no so ansa na wɔatumi ayɛ nhyiam no wɔ hɔ. Wim tebea maa asɛm no sɛee koraa, na aka dapɛn biako ma wɔayɛ nhyiam no, osu tɔe wɔ dapɛn no nyinaa mu. Ná ntɔmmɔ wɔ nsasesin abien no so, na na ɛsɛ sɛ wotu. Nea edi kan no, atuhoamafo no gyinaa osu a na ɛretɔ no mu tutuu ntɔmmɔ no. Afei, wotutuu ban ahorow a ɛwɔ hɔ no, na wɔbɔɔ apata kuruu so sɛnea ɛbɛyɛ a owia rehyew atiefo no na osu nso rehwe wɔn. Ná ɛsɛ sɛ wɔde nnua yɛ benkyi, na wɔhyehyɛ akasam no bi ka ho. Atuhoamafo no yɛɛ adwuma awia ne anadwo a wɔn mu binom anna de yɛɛ apata no ase adwuma ne benkyi no.

Nea na obiara rebisa ne sɛ, “Na sɛ osu no kɔ so tɔ wɔ nhyiam bere no nso ɛ? So na nhyiamfo no bɛnantenantew atɛkyɛ no mu?” Wɔtɔɔ sare de guu asase a na ɛso ayɛ atɛkyɛ no so. Awiei koraa no, owia no bɔe! Owia bɔɔ asase no so ma ɛso woe wɔ nnansa a wɔde yɛɛ nhyiam no nyinaa mu.

Bere a nhyiamfo no bae no, na wɔasiesie baabi a wɔrebɛyɛ nhyiam no ma ɛhɔ ayɛ fɛfɛɛfɛ. Ná wuram hɔ a wɔasiesie no fɛfɛɛfɛ no ayɛ sɛ wiase foforo no. Ná borɔdɔma nnua ne nnua foforo a ɛsow aba, aburow ne tomantosi mfuw atwa nhyiamfo a wɔtete apata no ase a wɔn ho adwo wɔn no ho ahyia. Ná bobe abua wɔ asɛnka agua no akyi. Bere a nhyiam no rekɔ so no, ɛwɔ hɔ ara a na nkokɔnini rebɔn, na na nkokɔbere nso rekwan bere a wɔn wuranom resesaw wɔn nkesua no. Atiefo no tee dede afoforo a ɛkɔ so wɔ nkuraase nso wɔ hɔ, nanso saa dede no yɛɛ wɔn asom te sɛ nnwom bi. Atiefo no amma saa dede no antwetwe wɔn adwene, efisɛ na wɔayɛ aso retie Bible mu kasa ahorow a ɛsom bo no. Nanso, ɛnyɛ saa nneɛma yi nkutoo ne nea ɛkɔɔ so a ɛremma wɔn werɛ remfi saa nhyiam yi da.

“Anwonwade” a Ɛto so Abien

Bere a wɔrepɔn Fida anɔpa dwumadi no, Yehowa Adansefo Sodikuw no muni a wɔfrɛ no Geoffrey Jackson no bɔɔ ammaneɛ sɛ wɔayi New World Translation of the Holy Scriptures mũ no nyinaa adi wɔ Georgia kasa mu ma ɛyɛɛ nhyiamfo no nyinaa nwonwa. * Atiefo a na wɔn ho adwiriw wɔn no mu pii ani taataa nusu. Abusua biako de anigye kae sɛ: “Yenhu aseda a yɛmfa mma wɔ saa anwonwade, Yehowa anwonwade, yi ho. Yɛda mo ase sɛ moayɛ adwuma kɛse wɔ saa bere tiaa yi mu!”

Onuawa bi a ofi Tsalendjikha a otiee dwumadi no wɔ telefon so no kae sɛ: “Bere a yɛn nsa kaa Bible mũ no nyinaa no, m’ani gyei ara ma na minhu nea menka mpo. Meda mo ase wɔ nnansa nhyiam soronko yi ho, ɛyɛ nhyiam a me werɛ remfi da.” Abusua bi a wɔwɔ asafo bi a ɛwɔ Georgia atɔe fam wɔ Black Sea ho no kae sɛ: “Ɛde rebesi nnɛ no, na Bible biako pɛ na na yɛn abusua no wɔ, nanso seesei yɛn baanan no mu biara wɔ n’ankasa New World Translation. Seesei, yɛn mu biara betumi asua n’ankasa Bible.”

Nanso, ɔhaw bi kɔɔ so a na nhyiamfo no nnim. Sɛ nhwɛso, ɛwom sɛ wotintim New World Translation no wiei de kɔɔ Georgia ntɛm sɛnea nhyiamfo no nsa bɛka bi de, nanso Georgia Adwumakuw a Wogyigye Tow no ampene amma wɔamfa Bible no ankɔ ɔman no mu. Anuanom no kohuu Mmaranimfo a odi ɔmanfo asɛm ma wɔn no. Mmaranimfo no boaa wɔn ma wɔde Bible no baa ɔman no mu wɔ bere a na wɔrebɛyɛ nhyiam no mu pɛpɛɛpɛ. Mmaranimfo no somaa n’abadiakyiri mpo ma ɔkɔɔ Marneuli nhyiam no ase kogyee Bible foforo no bi koguu wɔn adwumam hɔ.

Sɛnea Georgiafo Ma Akwaaba Anigye So

Ade foforo bi nso wɔ hɔ a enti ɔmantam nhyiam a wɔyɛe wɔ Marneuli no yɛɛ nhyiam titiriw maa Yehowa Adansefo a wɔwɔ Georgia no. Yehowa Adansefo Sodikuw no muni bi bɛkasae wɔ nhyiam no ase. Nhyiamfo no nyinaa ani gyei ara ma na wɔn mu biara pɛ sɛ okyia no wɔ wɔn amammerɛ kwan so. Ná ɛsɛ sɛ Onua Jackson gyina ntenten nnɔnhwerew pii gye anuanom mmarima ne mmea no nkyia ansa na wɔafi dwumadi no ase ne bere a dwumadi no rekɔ so ne bere a wɔapɔn nhyiam no, nanso ɔde anigye yɛɛ saa.

Bere a wɔpɔn ɔmantam nhyiam bi wɔ afe 1903 mu no, onua bi kae sɛ: “Ɛwom sɛ meyɛ ohiani de, nanso sɛ wɔma me dɔla apem koraa, a meremfa nsesa nea mabenya wɔ nhyiam yi ase no da.” Bɛboro mfe ɔha akyi no, Adansefo a wɔkɔɔ ɔmantam nhyiam titiriw a wɔyɛe wɔ Georgia wɔ ahohuru bere mu wɔ afe 2006 mu no nso tee nka saa ara.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 10 Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea wɔtaa Yehowa Adansefo wɔ Georgia no ho nsɛm pii a, hwɛ January 22, 2002, Awake! kratafa 18-24.

^ nky. 16 Woyii Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm Wiase Foforo Nkyerɛase no adi wɔ Georgia kasa mu wɔ afe 2004 mu.

[Mfonini wɔ kratafa 19]

“Nea Osua Koraa” Adɔɔso

Asɛm a ɛwɔ Yesaia 60:22 no abam wɔ Georgia sɛ: “Nea osua koraa no bɛdan apem, na akumaa adan ɔman a ɛyɛ den. Me, [Yehowa, NW] mɛyɛ no ntɛm ne bere mu.” Ahenni adawurubɔfo a na wonnu 100 a na wɔwɔ Georgia wɔ bɛyɛ mfe 20 a atwam no mu no adɔɔso akodu bɛyɛ 16,000. Onyankopɔn Asɛm ho asomfo a wɔyɛ nsi yi reyɛ ofie Bible adesua 8,000 dapɛn biara, eyi yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ wobenya nkɔso wɔ Georgia.

[Nsɛm a wɔahyehyɛ/​Asase mfonini wɔ kratafa 16]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

RUSSIA MAN

GEORGIA

⇨ Zugdidi

⇨ Kutaisi

Marneuli ⇨ Gori

⇨ Kaspi

⇨ Tsnori

TBILISI

TURKEY

ARMENIA

AZERBAIJAN

[Asɛm Fibea]

Asase mfonini: Based on NASA/Visible Earth imagery

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Ohoni bi a esi Tbilisi

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 17]

Wɔnam telefon so tiee Marneuli nhyiam no wɔ Nhyiam afoforo anum ase

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 18]

“New World Translation” mũ no nyinaa a woyii no adi wɔ Georgia kasa mu no maa Nhyiamfo no ani gyei, na ɛyɛɛ wɔn nwonwa