Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hesekiel Nhoma no Mu Nsɛntitiriw—II

Hesekiel Nhoma no Mu Nsɛntitiriw—II

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Hesekiel Nhoma no Mu Nsɛntitiriw—II

NÁ ƐYƐ December 609 A.Y.B. mu. Ná Babilon hene afi ɔkõ a etwa to a ɔne Yerusalemfo koe no ase. Ɛde besi saa bere yi no, na nsɛm a Hesekiel ka kyerɛ Yudafo a wɔwɔ nkoasom mu wɔ Babilon no fa asɛm biako yi ho: ɛno ne wɔn kurow Yerusalem a wɔdɔ no a na wɔbɛsɛe no no. Nanso, afei Hesekiel danee n’asɛm no hyɛɛ nkɔm faa ɔsɛe a na ɛbɛba aman a na wɔsom abosom a na wobedi ahurusi wɔ amanehunu a na ɛbɛba Onyankopɔn nkurɔfo so no ho. Bere a wɔsɛee Yerusalem wɔ asram 18 akyi no, Hesekiel san hyɛɛ nkɔm faa asɛm foforo bi ho: nokware som a wɔbɛsan de asi hɔ wɔ anuonyam mu.

Nkɔmhyɛ ahorow a ɛwɔ Hesekiel 25:1–48:35 no fa aman a na atwa Israel ho ahyia ne ogye a na Onyankopɔn nkurɔfo benya no ho. * Hesekiel gyinaa sɛnea na nsɛm no besisi nnidiso nnidiso ne nsɛmti a ɛdeda so no so na ɛkyerɛw ne nsɛm no, gye nea ɛwɔ Hesekiel 29:17-20 no nkutoo. Nanso, Hesekiel 29:17-20 no de wankyerɛ sɛnea na nsɛm no besisi nnidiso nnidiso, na mmom na ɛyɛ nkɔmhyɛ a etia Misraim. Esiane sɛ Hesekiel nhoma no ka Kyerɛwnsɛm a wɔnam Onyankopɔn honhom so kyerɛwee ho nti, emu nsɛm no “wɔ nkwa, na tumi wɔ mu.”—Hebrifo 4:12.

‘ASASE NO BƐDAN TE SƐ EDEN TURO’

(Hesekiel 25:1–39:29)

Esiane sɛ Yehowa huu nea na aman no bɛyɛ bere a wɔasɛe Yerusalem nti, ɔmaa Hesekiel hyɛɛ nkɔm tiaa Amon, Moab, Edom, Filistea, Tiro, ne Sidon. Ná wɔbɛfow Misraim nneɛma pasaa. Wɔde “Misraim hene Farao ne n’asafo yuu no” totoo kyeneduru a wɔde “Babilon hene nkrante” betwa atwene ho.—Hesekiel 31:2, 3, 12; 32:11, 12.

Bere a wɔsɛee Yerusalem wɔ afe 607 A.Y.B. mu akyi asram asia no, obi a onyaa ne ti didii mu wɔ ɔsɛe no mu no bɛka kyerɛɛ Hesekiel sɛ: “Wɔabɔ kurow no.” Odiyifo no ‘antɔ mum bio,’ afei ɔkasa kyerɛɛ wɔn a na wɔwɔ nkoasom mu no. (Hesekiel 33:21, 22) Ná ɔbɛhyɛ wɔn kurow no a wɔbɛsan akyekye ne nokware som a wɔbɛsan de asi hɔ no ho nkɔm. Ná Yehowa de ‘oguanhwɛfo biako a ɔne n’akoa Dawid besi wɔn so.’ (Hesekiel 34:23) Ná wɔbɛdan Edom amamfõ, nanso na Yuda asase a ɛda Edom akyi no bɛyɛ te sɛ “Eden turo.” (Hesekiel 36:35) Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛbɔ ne nkurɔfo a wɔasan agye wɔn no ho ban afi ɔhaw a “Gog” de bɛba wɔn so no ho.—Hesekiel 38:2.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

29:8-12—Bere bɛn na Misraim danee amamfõ mfe 40 no? Bere a wɔsɛee Yerusalem wɔ afe 607 A.Y.B. mu akyi no, ɛmfa ho kɔkɔbɔ a odiyifo Yeremia de maa Yudafo a na wɔaka wɔ asase no so nyinaa akyi no, Yudafo no guan kɔɔ Misraim. (Yeremia 24:1, 8-10; 42:7-22) Misraim anyɛ guankɔbea amma wɔn efisɛ Nebukadnesar kɔtow hyɛɛ Misraim so, na odii so nkonim. Ɛbɛyɛ sɛ bere a Nebukadnesar dii Misraim so nkonim akyi no na ɔman no dan amamfõ mfe 40 no. Ɛwom sɛ wiase abakɔsɛm nka amamfõyɛ yi ho asɛm biara de, nanso yebetumi agye adi sɛ ɛbaa saa efisɛ Yehowa ne Nea ɔma nkɔmhyɛ bam.—Yesaia 55:11.

29:18—Ɔkwan bɛn so na ‘ti nyinaa so popae na mmati nyinaa ho worɔworɔwee’? Esiane sɛ ɔko a Nebukadnesar ne n’asraafo ne Tiro kurow a ɛda asasetam so mufo koe no mu yɛɛ den na wɔyɛɛ adwumaden nti, dade kyɛw a na wɔhyehyɛ no twitwiw wɔn ti ho maa wɔn ti so popae, na nneɛma a na wɔde rekosisi aban ne akoban a wɔsoasoae wɔ wɔn mmati so no nso maa wɔn mmati ho nyinaa worɔworɔwee.—Hesekiel 26:7-12.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

29:19, 20. Esiane sɛ Tirofo no de wɔn ahode mu fã kɛse no ara guan kɔɔ wɔn kurow a na ɛda supɔw so no mu nti, Ɔhene Nebukadnesar annya asade pii wɔ Tiro. Ɛwom sɛ na Nebukadnesar yɛ sodifo a ɔyɛ ɔbosonsonni na ɔyɛ ahantan ne pɛsɛmenkominya de, nanso Yehowa de Misraim maa no sɛ “ne dɔm” a ɔde wɔn yɛɛ adwuma maa Yehowa no so “akatua.” So ɛnsɛ sɛ yesuasua nea nokware Nyankopɔn no yɛe no, na yetua tow ma nniso ahorow wɔ nnwuma a wɔyɛ ma yɛn no ho? Sɛ sodifo ahorow no da subammɔne adi anaasɛ wɔmfa tow a yetua no nyɛ adwuma pa mpo a, ɛnsɛ sɛ yegyina ɛno so ka sɛ yɛrentua tow.—Romafo 13:4-7.

33:7-9. Ɛnsɛ sɛ ɔwɛmfo kuw a ɛwɔ hɔ nnɛ a emufo yɛ nkaefo a wɔasra wɔn no ne wɔn ahokafo no ma biribiara siw wɔn kwan wɔ Ahenni no ho asɛmpa a wɔka ne kɔkɔbɔ a wɔde ma nkurɔfo wɔ “ahohiahia kɛse” a ɛreba no ho da.—Mateo 24:21.

33:10-20. Yɛn nkwagye gyina yɛn ho a yɛbɛtwe afi akwammɔne ho na yɛayɛ nea Onyankopɔn hwehwɛ sɛ yɛyɛ no so. Nokwarem no, Yehowa kwan yɛ nea ‘ɛteɛ!’

36:20, 21. Esiane sɛ Israelfo no ammɔ wɔn bra sɛ ‘Yehowa man’ nti, woguu Onyankopɔn din ho fi wɔ amanaman no mu. Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ Yehowa asomfo a ne din da yɛn so kɛkɛ, na mmom ɛsɛ sɛ yɛde yɛn abrabɔ nso kyerɛ saa.

36:25, 37, 38. “Nguankuw kronkron” na wɔwɔ honhom fam paradise a yɛwɔ mu nnɛ no mu. Enti, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden ma honhom fam paradise no mu tew.

38:1-23. Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ Yehowa begye ne nkurɔfo afi ɔhaw a Gog a ofi Magog asase so de bɛba wɔn so no mu! Gog yɛ din a wɔde ama “wiase yi sodifo” Satan Ɔbonsam fi bere a wotuu no fii soro baa asase so no. Magog asase no yɛ asase yi a wɔaka Satan ne n’adaemone no ahyɛ so no.—Yohane 12:31; Adiyisɛm 12:7-12.

“FA WO KOMA TO NEA MEREMA WOAHU NO NYINAA SO

(Hesekiel 40:1–48:35)

Wɔsɛee Yerusalem kurow no de besi saa bere yi na mfe 14 atwam. (Hesekiel 40:1) Ná Yudafo no da so ara wɔ mfe 56 a ɛsɛ sɛ wotwa wɔ nkoasom mu. (Yeremia 29:10) Saa bere yi, na Hesekiel reyɛ adi mfe 50. Wɔde Hesekiel baa Israel asase so wɔ anisoadehu mu. Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Onipa ba, fa w’aniwa hwɛ, na fa w’aso te, na fa wo koma to nea merema woahu no nyinaa so.” (Hesekiel 40:2-4) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Hesekiel ani gyei sɛ ohuu asɔrefie foforo no wɔ anisoadehu mu!

Ná aponkɛse 6, adididan 30, Kronkronbea, Kronkron mu Kronkron, dua afɔremuka ne ɔhyew afɔremuka wɔ asɔrefie fɛfɛ a Hesekiel hui no mu. Nsu bi a na ‘ɛresen’ fi asɔrefie no mu bɛdanee asu kɛse. (Hesekiel 47:1) Hesekiel san nyaa anisoadehu foforo a na ɛfa asase a ɔkyekyɛ maa mmusuakuw no fi apuei fam kosii atɔe fam no ho, na na asɔfo asase no da Yuda ne Benyamin de no ntam. Ná ‘Yehowa kronkronbea’ ne “kurow no” a wɔfrɛ no Yehowa wɔ hɔ no wɔ asɔfo asase yi so.—Hesekiel 48:9, 10, 15, 35.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

40:3–47:12—Asɔrefie a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no gyina hɔ ma dɛn? Wɔansi asɔrefie kɛse a na wɔakyekyɛm pii a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no ankasa. Egyina hɔ ma Onyankopɔn honhom fam asɔrefie a ɛno ne nhyehyɛe a wɔayɛ a ɛte sɛ asɔrefie a yɛde nokware som ma Onyankopɔn wom nnɛ no. (Hesekiel 40:2; Mika 4:1; Hebrifo 8:2; 9:23, 24) Anisoadehu a ɛfa asɔrefie no ho no nya mmamu wɔ “nna a edi akyiri” no mu, bere a woyiyi asɔfo no mu no. (2 Timoteo 3:1; Hesekiel 44:10-16; Malaki 3:1-3) Nanso, ebenya ne mmamu a etwa to wɔ Paradise. Asɔrefie a na ɛwɔ anisoadehu mu no maa Yudafo no nyaa anidaso sɛ wɔbɛsan de nokware som asi hɔ bio, na Yudafo abusua biara benya wɔn ankasa asase.

40:3–43:17—Asɔrefie a wosusuwii no kyerɛ dɛn? Asɔrefie a wosusuw no kyerɛ sɛ Yehowa atirimpɔw a ɛfa nokware som ho no bɛbam ɔkwan biara so.

43:2-4, 7, 9—Ná dɛn ne “ahene afunu” a na ɛsɛ sɛ woyi fi asɔrefie hɔ no? Ɛda adi sɛ na afunu no yɛ ahoni. Ná Yerusalem ahemfo ne ɔman no de ahoni agu Onyankopɔn asɔrefie no ho fĩ araa ma na wɔde ahoni no abɛyɛ wɔn ahemfo.

43:13-20—Afɔremuka a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no yɛ dɛn ho sɛnkyerɛnne? Sɛnkyerɛnne kwan so afɔremuka no gyina hɔ ma Onyankopɔn apɛde a ɛfa Yesu Kristo agyede afɔre no ho. Wɔnam saa agyede afɔre no so abu wɔn a wɔasra wɔn no treneefo, na ama “nnipakuw kɛse” no nso anya gyinabea a ɛho tew wɔ Onyankopɔn ani so. (Adiyisɛm 7:9-14; Romafo 5:1, 2) Ebia ɛbɛyɛ sɛ ɛno nti na Hesekiel anhu ‘ogu po’ a ɛyɛ guasɛn kɛse bi a na wɔde nsu gu mu ma asɔfo no de hohoro wɔn ho a na ɛwɔ Salomo asɔrefie no mu no wɔ asɔrefie a ohui wɔ anisoadehu no mu no.—1 Ahene 7:23-26.

44:10-16—Asɔfokuw no gyina hɔ ma henanom? Asɔfokuw no yɛ Kristofo kuw a wɔasra wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ no ho mfonini. Wɔnanee wɔn wɔ afe 1918 mu bere a Yehowa traa ase ‘nanee wɔn yiyii wɔn mu’ wɔ ne honhom fam asɔrefie no mu no. (Malaki 3:1-5) Ná wɔn a wɔn ho tew anaa wɔanu wɔn ho no benya hokwan akɔ so asom. Ɛno akyi no, na ɛsɛ sɛ wɔkɔ so yere wɔn ho ma wɔn ho tew fi “wiase nkekae ho,” na wɔnam so ayɛ nhwɛso ama “nnipakuw kɛse” no a wɔde mmusuakuw a na wɔnyɛ asɔfo no gyinaa hɔ maa wɔn no.—Yakobo 1:27; Adiyisɛm 7:9, 10.

45:1; 47:13–48:29—“Asase no” ne emu a wɔkyekyɛe no gyina hɔ ma dɛn? Asase no gyina hɔ ma baabi a Onyankopɔn nkurɔfo yɛ wɔn som adwuma no. Baabi a Yehowa somfo te biara no sɛ ɔkɔ so kura nokware som mu a, ɛnde na ɔte asase a wɔasan akyekyɛ no so. Wɔbɛkyekyɛ asase no awie koraa wɔ wiase foforo no mu bere a ɔnokwafo biara benya ne kyɛfã no.—Yesaia 65:17, 21.

45:7, 16—Somã afɔrebɔde a nkurɔfo no de maa asɔfo ne obirɛmpɔn no gyina hɔ ma dɛn? Wɔ honhom fam asɔrefie no mu no, saa somã afɔrebɔ yi gyina hɔ ma osetie a yɛyɛ ne sɛnea yɛboa ma Onyankopɔn som nya nkɔso titiriw no.

47:1-5—Nsu a na ɛwɔ asubɔnten a Hesekiel hui wɔ anisoadehu no mu no yɛ dɛn ho mfonini? Nsu no yɛ Yehowa honhom fam nhyehyɛe a wayɛ ama nkwagye a emu bi ne Kristo Yesu agyede afɔre no, ne Onyankopɔn ho nimdeɛ a ɛwɔ Bible mu no ho mfonini. (Yeremia 2:13; Yohane 4:7-26; Efesofo 5:25-27) Asubɔnten no mu kɔ so dɔ nkakrankakra ma afoforo pii a wɔba nokware som mu no. (Yesaia 60:22) Nkwa nsu a tumi wom sen biara bɛsen wɔ asubɔnten no mu wɔ Mfirihyia Apem no mu, na nea emu nsu no bɛma yɛanya no bi ne ntease foforo a yebenya wɔ “nhoma mmobɔwee” a wobebuebue mu saa bere no mu no.—Adiyisɛm 20:12; 22:1, 2.

47:12—Nnua a ɛsow aba no gyina hɔ ma dɛn? Sɛnkyerɛnne kwan so nnua no yɛ nhyehyɛe a Onyankopɔn ayɛ wɔ ne som mu a wɔnam so de adesamma bɛkɔ pɛyɛ mu.

48:15-19, 30-35—Kurow a ɛwɔ Hesekiel anisoadehu mu no gyina hɔ ma dɛn? Kurow a ne din de ‘Yehowa wɔ hɔ no’ da “anihumafo” ade anaa asase a ɛho agu fĩ no so, na ɛbɛyɛ sɛ egyina hɔ ma biribi a ɛwɔ asase so. Ɛbɛyɛ sɛ kurow no gyina hɔ ma nhyehyɛe a wɔbɛyɛ de ahwɛ treneefo a wɔbɛtra asase foforo no so no. (2 Petro 3:13) Apon a ɛdeda kurow no afã biara no kyerɛ sɛ, ɛnyɛ den sɛ obi bɛkɔ kurow no mu. Ɛsɛ sɛ ahwɛfo a wɔwɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu no yɛ nkurɔfo a afoforo tumi bɛn wɔn.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

40:14, 16, 22, 26. Abɛ nnua mfonini a wɔayɛ agu ɔfasu ho wɔ asɔrefie no kwan ano no kyerɛ sɛ wɔn a wɔbɔ bra pa nkutoo na wobetumi akɔ asɔrefie no mu. (Dwom 92:12) Eyi kyerɛ yɛn sɛ sɛ yɛbɔ ɔbra pa nkutoo a, na yɛn som sɔ Yehowa ani.

44:23. Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani sɔ adwuma a asɔfokuw a wɔwɔ hɔ nnɛ no yɛ ma yɛn no! “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no di anim ma yɛn honhom fam aduan wɔ bere a ɛfata mu ma ɛboa yɛn, na ɛma yehu nsonsonoe a ɛwɔ nneɛma a Yehowa bu no sɛ ɛho tew ne nea ɛho ntew ntam.—Mateo 24:45.

47:9, 11. Ade a ɛho hia a ɛwɔ sɛnkyerɛnne kwan so nsu no mu biako ne nimdeɛ, na asakra nnipa ma ayɛ nwonwa wɔ yɛn bere yi so. Baabiara a nkurɔfo bɛnom saa nsu yi bi no, ɛma wonya nkwa wɔ honhom fam. (Yohane 17:3) Nanso, wɔn a wɔrennom nkwa nsu no de, ‘wɔde wɔn bɛma nkyene,’ a nea ɛkyerɛ ne sɛ wɔbɛsɛe wɔn koraa. Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ ‘yɛyɛ nea yebetumi biara de kura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ’!—2 Timoteo 2:15.

‘Mɛyɛ Me Din Kokuroko no Kronkron’

Bere a wotuu ɔhene a otwa to a ofi Dawid abusua mu ade so no, nokware Nyankopɔn no maa bere tenten bi twaam ansa na Onii a “atemmu wɔ no” a obedi hene no reba. Nanso, Onyankopɔn amma ne werɛ amfi apam a ɔne Dawid yɛe no. (Hesekiel 21:27; 2 Samuel 7:11-16) Hesekiel nkɔmhyɛ no ka “m’akoa Dawid” a ɔbɛyɛ “ɔhwɛfo” ne “ɔhene” no ho asɛm. (Hesekiel 34:23, 24; 37:22, 24, 25) Saa asɛm yi fa Yesu Kristo a ɔwɔ n’Ahenni tumi mu no ho. (Adiyisɛm 11:15) Yehowa nam Mesia Ahenni no so bɛyɛ ‘ne din kokuroko no kronkron.’—Hesekiel 36:23.

Ɛrenkyɛ koraa, wɔbɛsɛe wɔn a wogu Onyankopɔn din kronkron no ho fĩ no nyinaa. Nanso, wɔbɛma wɔn a wɔsom Yehowa wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so de tew ne din no ho no nyinaa daa nkwa. Enti, momma yennya nkwa nsu a abu so wɔ yɛn bere yi mu no so mfaso koraa, na yɛmma nokware som ho nhia yɛn nsen biribiara a yɛyɛ wɔ yɛn asetra mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 2 Sɛ wopɛ sɛ wuhu Hesekiel 1:1–24:27 no mu nsɛm a wɔakyerɛkyerɛ mu a, hwɛ “Hesekiel Nhoma no Mu Nsɛntitiriw—I” a ɛwɔ July 1, 2007 Ɔwɛn-Aban mu no.

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Asɔrefie fɛfɛ a ɛwɔ Hesekiel anisoadehu no mu no

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Nkwa nsu asubɔnten a ɛwɔ Hesekiel anisoadehu mu no gyina hɔ ma dɛn?

[Asɛm Fibea]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.