Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Monhwɛ Yiye Wɔ Anibere Biara Ho”

“Monhwɛ Yiye Wɔ Anibere Biara Ho”

“Monhwɛ Yiye Wɔ Anibere Biara Ho”

“Sɛ onipa nya ma ebu so mpo a, ɛnyɛ nneɛma a ɔwɔ no mu na ne nkwa fi.”—LUKA 12:15.

1, 2. (a) Dɛn na wɔahu sɛ nkurɔfo ani gye ho na wodi akyi nnɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na su a ɛtete saa no betumi atwetwe yɛn?

NNEƐMA a nnipa dodow no ara bu no sɛ sɛ wonya bi a na ɛkyerɛ sɛ asi wɔn yiye anaasɛ ɛbɛboa wɔn daakye no bi ne sika, agyapade, anuonyam, adwuma a akatua wom, ne abusua. Ɛda adi sɛ wɔ aman a wodi yiye ne aman a ahia wɔn nyinaa mu no, nea nnipa pii ani gye ho na wodi akyi ne ahonyade ne nkɔso a wobenya wɔ wɔn asetra mu. Sɛ na wɔn ani gye Onyankopɔn som ho mpo a, seesei de kɔɔ ara na ɛrekɔ fam.

2 Saa pɛpɛɛpɛ na Bible kae sɛ ɛbɛba. Ɛkae sɛ: “Nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛ, sikanibere, . . . wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn; wɔde nyamesom pa adura wɔn anim, nanso wɔmfa tumi a ɛwom no nni dwuma.” (2 Timoteo 3:1-5) Esiane sɛ nokware Kristofo ne nnipa a wɔte saa na ɛte daa nti, bere nyinaa biribi twetwe wɔn sɛ wonsuasua wɔn suban ne wɔn abrabɔ no bi. Dɛn na ebetumi aboa yɛn na wiase no annaadaa yɛn amma yɛanyɛ ‘nneɛma a wɔyɛ no bi.’—Romafo 12:2, The New Testament in Modern English, a J. B. Phillips yɛe no.

3. Afotu a Yesu de mae bɛn na yɛrebesusuw ho seesei?

3 Yesu Kristo a ɔyɛ “Ɔsafohene ne yɛn gyidi Wiefo” no maa yɛn asuade bi a tumi wom wɔ saa asɛm yi ho. (Hebrifo 12:2) Bere bi a na Yesu rekyerɛkyerɛ nneɛma a ɛfa nokware som ho mu akyerɛ nnipadɔm bi no, ɔbarima bi de n’adesrɛ twaa ne kasa no mu sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, ka kyerɛ me nua na ɔne me nkyɛ awunyade no.” Bere a Yesu rema ɔbarima no mmuae no, ɔde afotu a anibere wom maa ɔbarima no ne wɔn a na wɔretie no no nyinaa. Ɔde kɔkɔbɔ a emu yɛ den mae sɛ wɔnhwɛ yiye wɔ anibere ho, na ɔmaa mfatoho bi a ɛma nnipa dwen kɔ akyiri de kyerɛe sɛ saa kɔkɔbɔ no yɛ aniberesɛm paa. Ɛsɛ sɛ yɛfa asɛm a Yesu kae saa da no aniberesɛm na yɛhwɛ ɔkwan a yebetumi afa so de abɔ yɛn bra, na ama yɛanya so mfaso.—Luka 12:13-21.

Adesrɛ Bi a Ɛmfata

4. Dɛn nti na Yesu kasa no a ɔbarima no kaa biribi de twaa mu no yɛ nea na ɛmfata?

4 Ansa na ɔbarima no retwa Yesu ano no, na Yesu rekyerɛkyerɛ n’asuafo no ne afoforo sɛnea wɔbɛhwɛ yiye na wɔanyɛ nyaatwom, sɛnea wobenya akokoduru de abɔ onipa Ba no din, ne sɛnea wobenya honhom kronkron no mmoa. (Luka 12:1-12) Akyinnye biara nni ho sɛ na eyinom yɛ nsɛm a ɛho hia a ɛnsɛ sɛ asuafo no ma wɔn werɛ fi da. Nanso, ɛyɛ bere a Yesu rema ɔkasa a ɛho hia saa no na ɔbarima no de n’abusuasɛm bi a ɛreyɛ ayɛ sɛ ɛfa agyapade bi a akasakasa aba ho no ho asɛm betwaa Yesu kasa no mu no. Nanso, yebetumi asua bibiri a ɛho hia paa afi saa asɛm yi mu.

5. Ade a ɔbarima no srɛe no ma yehu sɛ na ɔyɛ onipa bɛn?

5 Wɔka asɛm bi sɛ, “wɔnam nneɛma a obi dwen ho bere a ɔretie Onyankopɔn asɛm so na ehu sɛnea ɔte ankasa.” Bere a na Yesu reka Onyankopɔn som ho asɛm bi a ɛho hia paa no, ɛbɛyɛ sɛ na ɔbarima no redwen ɔkwan a obetumi afa so anya sika bi ho. Sɛ́ ebia na ɛyɛ ampa sɛ wɔresisi ɔbarima no wɔ agyapade no ho de, Bible no anka ho asɛm. Ɛbɛyɛ sɛ na ɔbarima no nim sɛ Yesu wɔ tumi na wagye din sɛ ɔyɛ ɔtemmufo a otumi bu nnipa ntam atɛn nyansam nti na na ɔpɛ sɛ Yesu ka n’asɛm ma no no. (Yesaia 11:3, 4; Mateo 22:16) Sɛnea ɛte biara no, asɛm a obisae no ma ɛdaa adi sɛ na onni Onyankopɔn asɛm ho anisɔ wɔ ne komam. So ɛmfata sɛ saa asɛm yi ma yɛhwehwɛ yɛn ankasa mu hwɛ? Sɛ nhwɛso no, ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛma yɛn adwene akyinkyin, anaasɛ yebesusuw nneɛma a sɛ yɛpɔn Kristofo nhyiam a yɛbɛkɔ akɔyɛ ho bere a nhyiam no rekɔ so no. Sɛ́ anka yɛbɛma yɛn adwene akyinkyin no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ aso tie asɛm a wɔreka no na yedwen akwan a yɛbɛfa so de nsɛm a yɛretie no abɔ yɛn bra ho sɛnea ɛbɛyɛ a yɛne yɛn soro Agya Yehowa Nyankopɔn ne yɛn mfɛfo Kristofo ntam bɛyɛ papa.—Dwom 22:22; Marko 4:24.

6. Dɛn nti na Yesu anyɛ ade a ɔbarima no srɛɛ no no?

6 Ɛmfa ho nea ɛmaa ɔbarima no de n’adesrɛ kɔtoo Yesu anim no, Yesu anyɛ nea na ɔrehwehwɛ no amma no. Mmom no, Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ: “Onipa, hena na ɔde me sii mo so temmufo anaa ɔdekyɛfo?” (Luka 12:14) Ná Yesu reka biribi a nkurɔfo no nim ho asɛm yiye, efisɛ wɔ Mose Mmara no mu no, na ɛyɛ atemmufo a wɔwɔ nkurow no mu no na na wɔpaw wɔn ma wodi nsɛm a ɛtete saa. (Deuteronomium 16:18-20; 21:15-17; Rut 4:1, 2) Nanso, Yesu de, na nneɛma a ɛho hia paa ho asɛm na na ɔka, sɛ́ obedi Ahenni no ho nokwasɛm ho adanse na wakyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wɔahu Onyankopɔn apɛde. (Yohane 18:37) Yedi Yesu nhwɛso no akyi, na yɛde yɛn bere ne yɛn ahoɔden nyinaa ka asɛmpa no, na ‘yɛkɔyɛ aman nyinaa asuafo’ sen sɛ yɛbɛma wiase yi mu nsɛmnsɛm agye yɛn adwene.—Mateo 24:14; 28:19.

Monhwɛ Yiye wɔ Anibere Ho

7. Dɛn na Yesu tumi hui wɔ ɔbarima no ho?

7 Esiane sɛ na Yesu tumi hu nea ɛwɔ onipa komam tɔnn nti, ohui sɛ ɛnyɛ sɛ na ɔbarima no pɛ sɛ ɔka n’asɛm ma no kɛkɛ, na mmom ohui sɛ na ɔbarima no wɔ sintɔ bi a anibere wom paa. Enti, sɛ́ anka Yesu bɛka kɛkɛ sɛ ɔrenyɛ ɔbarima no adesrɛ no ho hwee no, ɔkaa ade pɔtee nti a ɔbarima no de n’adesrɛ no too n’anim no mmom ho asɛm sɛ: “Momma mo ani nna hɔ na monhwɛ yiye wɔ anibere biara ho, efisɛ sɛ onipa nya ma ebu so mpo a, ɛnyɛ nneɛma a ɔwɔ no mu na ne nkwa fi.”—Luka 12:15.

8. Dɛn ne anibere, na dɛn na ebetumi ama obi ayɛ?

8 Sɛ obi repɛ sika anaa nneɛma bi de ayɛ ade pa a, ɛno nkyerɛ sɛ n’ani bere ade. Sɛnea nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ no, anibere “yɛ akɔnnɔ bɔne a obi de hwehwɛ agyapade anaa biribi a ne yɔnko wɔ.” Anibere betumi akyerɛ sɛnea obi fom nneɛma bere nyinaa nanso nea obenya biara nsɔ n’ani. Anaasɛ, sɛnea obi pere denneennen sɛ obenya nneɛma a ebia ɛyɛ onipa foforo de a adifudepɛ nti na ɔyɛ saa bere a onnwen sɛnea saa a ɔyɛ no haw afoforo no ho. Obi a ɔyɛ oniberefo no ma nneɛma a ɔpɛ sɛ onya no gye n’adwene, na odi akyi araa ma ɛbɛyɛ ne nyame. Kae sɛ, ɔsomafo Paulo de oniberefo totoo ɔbosonsonni a ɔrennya Onyankopɔn Ahenni ho.—Efesofo 5:5; Kolosefo 3:5.

9. Akwan bɛn so na obi betumi ayɛ anibere? Ma nhwɛso ahorow bi.

9 Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ, Yesu bɔɔ kɔkɔ wɔ “anibere biara ho.” Nneɛma a nnipa ani tumi bere gu ahorow pii. Wɔbobɔɔ saa nneɛma no bi din wɔ Mmara Nsɛm Du no mu nea etwa to no mu. Ɛka sɛ: “Mma w’ani mmmere wo yɔnko fi. Mma w’ani mmmere wo yɔnko yere anaa n’akoa anaa n’afenaa anaa ne nantwi anaa n’afurum anaa biribiara a ɛyɛ wo yɔnko dea.” (Exodus 20:17) Bible ka nnipa bi a wɔn ani beree ade ma wɔyɛɛ bɔne akɛse ho asɛm. Satan ne obi a odi kan a ɔmaa n’ani beree obi ade. Ɔmaa n’ani beree tumi, anuonyam, ne nidi a Yehowa nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔde ma no no. (Adiyisɛm 4:11) Wɔdaadaa Hawa nso ma n’ani beree ahofadi, na ɛno na ɛde adesamma kɔɔ bɔne ne owu mu no. (Genesis 3:4-7) Adaemone no yɛ abɔfo a wɔn ani ansɔ hokwan a na wɔwɔ no na “wogyaw wɔn ankasa trabea a ɛsɛ no” kɔhwehwɛɛ biribi a wonni hokwan sɛ wonya. (Yuda 6; Genesis 6:2) Susuw Bileam, Akan, Gehasi, ne Yuda Iskariot nso ho hwɛ. Sɛ́ anka wɔbɛma wɔn ani asɔ nea wɔwɔ no, wɔmaa wɔn ani beree honam fam nneɛma ma wɔde wɔn dibea dii dwuma ɔkwammɔne so, na ɛno de wɔn kɔɔ ɔsɛe mu.

10. Sɛnea Yesu tuu yɛn fo no, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ ‘yɛma yɛn ani da hɔ’?

10 Hwɛ sɛnea ɛfata sɛ Yesu de asɛm a ɛne sɛ “momma mo ani nna hɔ” no fii anibere ho kɔkɔbɔ a ɔde mae no ase! Dɛn ntia? Efisɛ, ɛnyɛ den koraa sɛ nkurɔfo behu sɛ obi yɛ odifudepɛfo anaa oniberefo, nanso ɛyɛ den paa sɛ wɔn ankasa begye atom sɛ wɔyɛ adifudepɛ anaasɛ wɔn ani bere ade. Nanso, ɔsomafo Paulo kae sɛ “sikanibere yɛ bɔne nyinaa nhin.” (1 Timoteo 6:9, 10) Osuani Yakobo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ sɛ akɔnnɔ bɔne “nyinsɛn a, ɛwo bɔne.” (Yakobo 1:15) Yesu afotu no nkyerɛ sɛ yɛmma yɛn ‘ani nna hɔ’ mfa nhwehwɛ wɔn a yesusuw sɛ wɔyɛ anibere, na mmom na ɔreka akyerɛ yɛn sɛ, yɛn ankasa yɛnhwehwɛ yɛn ho mu nhwɛ nneɛma a yɛde yɛn koma di akyi sɛnea ɛbɛyɛ a ‘yɛbɛhwɛ yiye wɔ anibere biara ho.’

Nea Obi Anya Ma Abu So

11, 12. (a) Kɔkɔbɔ bɛn na Yesu de mae wɔ anibere ho? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yetie Yesu kɔkɔbɔ no?

11 Ade foforo nso wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ anibere ho. Hyɛ nea Yesu san kae no nsow: “Sɛ onipa nya ma ebu so mpo a, ɛnyɛ nneɛma a ɔwɔ no mu na ne nkwa fi.” (Luka 12:15) Nokwarem no, eyi yɛ asɛm a ɛsɛ sɛ yesusuw ho wɔ ɛnnɛ wiase a ahonyade agye nnipa adwene a wosusuw sɛ sɛ obi di yiye a na ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ anigye, na asi no yiye no. Yesu nam saa asɛm a ɔkae no so kyerɛe sɛ ɛmfa ho sɛnea nneɛma a obi wɔ no dɔɔso fa no, ɛnyɛ ahode anaa nneɛma a wanya ma abu no so no na ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ asetra pa ne abotɔyam ankasa.

12 Nanso, ebia ebinom rennye saa asɛm yi ntom. Ebia wobesusuw sɛ ahonyade ma obi nya ahotɔ ne anigye, enti mfaso wɔ so paa. Ne saa nti, wɔde wɔn bere ne wɔn ahoɔden nyinaa yɛ nnwuma a ɛbɛma wɔatumi anya ahonyade biara ne mfiri a aba so a wɔn ani gye ho nyinaa bi. Wosusuw sɛ saa nneɛma yi bɛma wɔanya asetra pa. Nanso, wɔnam saa a wɔyɛ no so kyerɛ sɛ wɔnte asɛm a Yesu kae no ase.

13. Adwempa bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ nkwa ne ahonyade ho?

13 Sɛ́ anka Yesu bɛka sɛ ɛfata anaasɛ ɛmfata sɛ yenya ahonyade pii no, nea na ɔresi so dua ankasa ne sɛ, ɛnyɛ nea “onipa nya,” a nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɛnyɛ ahonyade a obi wɔ dedaw no so na ne nkwa gyina. Wɔ eyi mu no, yɛn nyinaa nim sɛ yenhia nneɛma pii na ama yɛatumi akɔ so atra nkwa mu. Nea yehia ara ne aduan kakra a yebedi, nea yɛde bɛkata yɛn ho, ne baabi a yɛbɛda. Adefo wɔ saa nneɛma yi pii, na ebia ahiafo bɛbrɛ ansa na wɔanya nea wohia. Nanso, asɛm no ne sɛ, ɔdefo oo, ohiani oo, sɛ wɔn mu biara wu a, ɔremfa hwee nkɔ. (Ɔsɛnkafo 9:5, 6) Enti, ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ ahonyade a obi betumi anya anaasɛ ɔwɔ dedaw no na ɛbɛma n’asetra ayɛ nea mfaso wɔ so na ɛsom bo. Sɛ yesusuw nkwa a na Yesu reka ho asɛm no ho a, ɛma yɛte saa asɛm yi ase yiye.

14. Dɛn na yebetumi asua afi asɛmfua a wɔde gyinaa hɔ maa “nkwa” wɔ Bible mu no mu?

14 Bere a Yesu kae sɛ “ɛnyɛ nneɛma a [obi wɔ] no mu na ne nkwa fi” no, asɛmfua a wɔde gyinaa hɔ wɔ ha maa “nkwa” wɔ Luka Asɛmpa no mu (a ɛne Hela asɛmfua, zo·eʹ) no nkyerɛ asetra a obi wom, na mmom, ɛfa ɔdesani nkwa ankasa ho. * Ná Yesu reka sɛ sɛ́ ebia yɛyɛ adefo anaa ahiafo, yɛanya yɛn ho anaasɛ yɛbrɛ ansa na yɛn nsa akɔ yɛn ano no, yentumi nyɛ mfe dodow a yɛde bɛtra nkwa mu no ho hwee, na sɛ ɔkyena bɛto yɛn mpo a, yennim. Yesu kae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ: “Mo mu hena na sɛ ɔdwennwene a obetumi de basafa biako aka ne nkwa nna ho?” (Mateo 6:27) Bible ma yehu pefee sɛ Yehowa nkutoo “nkyɛn na nkwa nsuti wɔ,” na ɔno nko ara na obetumi ama wɔn a wɔsom no nokware mu no “nkwa ankasa” anaa “daa nkwa,” nkwa a enni awiei wɔ soro anaa asase so.—Dwom 36:9; 1 Timoteo 6:12, 19.

15. Dɛn nti na nnipa pii de wɔn werɛ hyɛ ahonyade mu?

15 Yesu asɛm yi ma yehu sɛnea ɛyɛ mmerɛw ma nnipa sɛ wobenya nkwa ho adwene a ɛnteɛ. Nnipa nyinaa, adefo oo, ahiafo oo, wɔn nyinaa tɔ sin, na wɔn awiei yɛ pɛ. Mose a ɔtraa ase tete no kae sɛ: “Yɛn mfirihyiam nna, emu wɔ mfe aduɔson, na sɛ ɛboro so a, na ɛredu aduɔwɔtwe, na emu ahoahoade yɛ ɔbrɛ ne ahuhude, na etwam ntɛmso, na yetu kɔ.” (Dwom 90:10; Hiob 14:1, 2; 1 Petro 1:24) Eyi nti, nnipa a wɔne Onyankopɔn ntam nyɛ papa no taa nya adwene a ɔsomafo Paulo kaa ho asɛm no bi. Adwene a wokura ara ne sɛ, “Momma yennidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu.” (1 Korintofo 15:32) Afoforo nso a wohu sɛ nkwa yɛ tiaa, na wonnim ɔkyena asɛm no bɔ mmɔden pɛ ahonyade sɛ ɛno na ɛbɛma wɔanya ahobammɔ ne ahotɔ. Ebia wosusuw sɛ ahonyade pii a wobenya no bɛma wɔanya abotɔyam kakra wɔ wɔn asetra mu. Enti, wobiri wɔn mogya ani pɛ ahonyade ne agyapade, na wodi mfomso susuw sɛ nneɛma a ɛte saa no bɛma wɔanya ahobammɔ ne anigye.—Dwom 49:6, 11, 12.

Asetra Pa a Wubenya Daakye

16. Obi asetra a ɛbɛyɛ nea mfaso wɔ so no nnyina dɛn so?

16 Ebetumi ayɛ nokware sɛ sɛ obi wɔ asetra pa a, nea ɛkyerɛ ne sɛ ɔwɔ aduan, ntama ne ntade pii, baabi a ɔda, ne anigyede afoforo wɔ n’asetram. Saa nneɛma a ɔwɔ no betumi ama wanya ahotɔ pii anaasɛ ebia ɛbɛma watumi anya ayaresa a ɛyɛ papa na ama ne nkwa nna aware kakra. Nanso, so asetra a ɛte saa no yɛ nea mfaso wɔ so na ahobammɔ wom ankasa? Ɛnyɛ mfe dodow a obi betumi adi anaa ahonyade a ɔwɔ na wogyina so hu sɛ n’asetra yɛ nea mfaso wɔ so. Ɔsomafo Paulo kae sɛ, asiane wom sɛ obi de ne ho bɛto nneɛma a ɛte saa so bebree. Ɔkyerɛw Timoteo sɛ: “Kasa kyerɛ wɔn a wɔyɛ adefo wɔ wiase nhyehyɛe yi mu sɛ wɔnnnwene akokurokosɛm, nso wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyade a enni nnyinaso so, na mmom wɔmfa nto Nyankopɔn a ɔma yɛn ade nyinaa ma ebu so ma yɛn ani gye no so.”—1 Timoteo 6:17.

17, 18. (a) Ahonyade a yebenya ho nhwɛso titiriw bɛn na ɛfata sɛ yesuasua? (b) Mfatoho a Yesu mae bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

17 Nyansa nnim sɛ obi de n’ani bɛto n’ahonyade so efisɛ ahonyade nni “nnyinaso.” Ná tete agya Hiob wɔ ahonyade pii, nanso bere a asɛm too no mpofirim no, n’ahonyade no antumi ammoa no; ɔhweree ne nyinaa prɛko pɛ. Ɛyɛ abusuabɔ pa a na ɔne Onyankopɔn wɔ no na ɛboaa no ma otumi gyinaa sɔhwɛ ahorow ne amanehunu no nyinaa mu. (Hiob 1:1, 3, 20-22) Abraham amma ahonyade pii a na ɔwɔ no ansiw no kwan sɛ obegye adwuma a na ɛyɛ den a Yehowa de maa no no, na wohyiraa no ma ɔbɛyɛɛ “aman pii agya.” (Genesis 12:1, 4; 17:4-6) Saa nhwɛso yi ne afoforo pii wɔ hɔ a ɛfata sɛ yesuasua. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa, mpanyin ne mmofra, hwehwɛ yɛn ho mu hwɛ sɛ dɛn na ɛho hia yɛn paa wɔ yɛn asetra mu, na dɛn na yɛde yɛn ani to so.—Efesofo 5:10; Filipifo 1:10.

18 Nokwarem no, mfaso ne asuade wɔ nsɛm kakra a Yesu ka faa anibere ne adwempa a ɛsɛ sɛ yenya wɔ nkwa ho no so. Nanso, na biribi foforo wɔ Yesu adwenem, na obuu bɛ anaasɛ ɔyɛɛ mfatoho bi a ɛma nnipa susuw nneɛma ho kɔ akyiri a ɛfa ɔdefo bi a onni adwene ho no ho. Ɔkwan bɛn so na saa mfatoho no fa yɛn ho nnɛ, na dɛn na yebetumi asua afi mu? Yebenya saa nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ adesua a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 14 Helafo asɛmfua foforo a wɔkyerɛɛ ase “nkwa” ne biʹos, na ɛno mu na wonyaa Borɔfo kasa a ɛne “biography” (asetra ho nsɛm) ne “biology” (abɔde a nkwa wom ho nimdeɛ) no fii mu. Sɛnea Vine’s Expository Dictionary of Old and New Testament Words, kyerɛ no, biʹos kyerɛ “nkwa nna,” “asetra kwan,” ne “asetrade.”

Wubebua Dɛn?

• Dɛn na yebetumi asua afi ɔbarima bi a na ɔwɔ nnipadɔm mu no adesrɛ a Yesu anyɛ amma no no mu?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ anibere ho, na yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

• Dɛn nti na yɛn nkwa nnyina ahonyade a yɛwɔ so?

• Dɛn na ebetumi ama asetra ayɛ nea mfaso wɔ so na ahobammɔ wom ankasa?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Dɛn nti na Yesu anyɛ ade bi a ɔbarima bi srɛɛ no no?

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Anibere betumi de ɔhaw kɛse aba

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 25]

Ɔkwan bɛn so na Abraham daa no adi sɛ ɔwɔ ahonyade ho adwene a ɛfata?