Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Dɛn nti na Ɔhene Saul bisaa Dawid sɛ, “Aberante, hena ba ne wo?” bere a na Dawid akum Goliat, na Saul akɔsrɛ sɛ Dawid mmɛsom no akyi no?—1 Samuel 16:22; 17:58.

Nnipa bi aka sɛ ebetumi aba sɛ nea enti a Saul werɛ fii Dawid ne sɛ bere a edi kan a Saul hyiaa Dawid no, Saul ne no ammɔ ankyɛ. Nanso, saa asɛm yi ntumi nyɛ nokware, efisɛ kyerɛwtohɔ a ɛwɔ 1 Samuel 16:18-23 no ma yehu sɛ Ɔhene Saul hyɛɛ da soma ma wɔkɔfaa Dawid brɛɛ no, na ɔdɔɔ no paa ma ɔde no yɛɛ n’akode kurafo. Enti, ɛbɛyɛ sɛ na Saul nim Dawid yiye.

Bible ho abenfo bi susuw sɛ ɛbɛyɛ sɛ akyiri yi na wɔde 1 Samuel 17:12-31 ne 17:55–18:5 bɛkaa kyerɛwtohɔ no ho, efisɛ saa nkyekyɛm ahorow yi nni Hela Septuagint a wɔkyerɛɛ ase fii Hebri Kyerɛwnsɛm no mu wɔ afeha a ɛto so abien A.Y.B. mu no bi mu. Nanso, nyansa nnim sɛ yebegyina saa Septuagint no mu nsɛm kakra yi so aka saa, efisɛ saa nsɛm no pue wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no nsaano nkyerɛwee afoforo a wogye tom no mu. *

Ɛda adi sɛ bere a Saul bisaa Abner nsɛm na akyiri yi obisaa Dawid ankasa nso nsɛm no, na ɛnyɛ Dawid agya din kɛkɛ na na ɔpɛ sɛ ohu. Esiane sɛ Saul hui sɛ Dawid wɔ gyidi ne akokoduru paa, na okum Goliat nso nkyɛe nti, ɛbɛyɛ sɛ na Saul pɛ sɛ ohu onipa ko a ɔtetee aberante a ɔte saa no. Ebetumi aba sɛ na Saul pɛ sɛ ɔde Dawid agya Yisai, anaa Dawid abusuafo foforo ka n’asraafo no ho efisɛ na osusuw sɛ ebia Dawid abusuafo no nso bɛyɛ akokodurufo te sɛ Dawid.

Ɛwom sɛ Dawid mmuae no fã ketewaa bi a ɛne “w’akoa Yisai, Bet-Lehemni no, ba” no na ɛwɔ 1 Samuel 17:58 de, nanso asɛm a edi hɔ no ma yehu sɛ ɛbɛyɛ sɛ wɔbɔɔ nkɔmmɔ kyɛe. Hyɛ nea a C. F. Keil ne F. Delitzsch ka faa saa asɛm yi ho no nsow. Wɔkae sɛ: “Asɛm a ɛwɔ [1 Samuel 18:1] a ɛne ‘ɔne Saul kasa wiei no’ ma ɛda adi pefee sɛ Saul ne Dawid bɔɔ nkɔmmɔ kyɛe, na obisaa no n’abusua mu nsɛm pii.”

Eyinom nyinaa ma yehu sɛ, asɛm a Saul bisaa Dawid a ɛne sɛ, “Aberante, hena ba ne wo?” no nkyerɛ sɛ na Saul pɛ sɛ ohu onipa kõ a Dawid yɛ efisɛ na onim no dedaw, mmom no, nea na ɔpɛ sɛ ohu ne abusua a Dawid fi mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 4 Sɛ wopɛ sɛ wuhu kyerɛwtohɔ no a woyi fii Septuagint no mu ho nsɛm a, hwɛ Insight on the Scriptures, Po 2, a Yehowa Adansefo tintimii no kratafa 855.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Dɛn nti na Saul bisaa Dawid sɛ hena ba ne no no?