Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Nkurɔfo Rehwehwɛ Wɔn Honhom Fam Ahiade

Sɛnea Nkurɔfo Rehwehwɛ Wɔn Honhom Fam Ahiade

Sɛnea Nkurɔfo Rehwehwɛ Wɔn Honhom Fam Ahiade

YESU kae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka a agye din no mu sɛ: “Anigye ne wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade.” (Mateo 5:3) Ebia wugye saa asɛm yi tom. Nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa hu sɛ wɔwɔ honhom fam ahiade, na wogye tom sɛ sɛ wonya a, ɛbɛma wɔn ani agye. Nanso, dɛn ne saa “honhom mu ahiade” no?

Nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ honhom fam ahiade ase sɛ, “obi nyamesom a ɔma ɛho hia no anaasɛ ɔmfa nni agoru,” ne “obi ani a egye ne som ho.” Enti, wobu nsɛm te sɛ “honhom mu ahiade,” “honhom muni” anaa “obi a n’ani kũ honhom fam nneɛma ho” sɛ ne nyinaa kyerɛ ade koro. Sɛ yebetumi akyerɛkyerɛ asɛm a ɛne honhom fam ahiade yi mu akɔ akyiri a, ma yensusuw saa ntotoho yi ho hwɛ: Sɛ obi nim aguadi ho nsɛm yiye a, wɔka sɛ ɔyɛ obi a n’ani gye aguadi ho. Saa ara nso na sɛ obi ani kũ honhom fam nneɛma anaasɛ nyamesom ho a, wɔka sɛ ɔyɛ honhom muni.

Ɛnde, yɛyɛ dɛn nya honhom fam ahiade ankasa? Ɛwom sɛ ɔsom ahorow nyinaa ka sɛ wonim ɔkwan a wɔfa so nya honhom fam ahiade de, nanso akwan a wɔkyerɛ sɛ yebetumi afa so anya no dɔɔso te sɛ ɔsom ahorow no ara pɛ. Protestantni ka sɛ wɔagye no nkwa wɔ nkanyan asɔre bi a ɔkɔe ase. Katolekni kɔhwehwɛ ɔne Onyankopɔn ntam asomdwoe wɔ Awurade adidi ase. Buddhani nam nsɛm ho a odwennwen so hwehwɛ nimdeɛ. Hinduni bɔ mmɔden de nneɛma bi kame no ho sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ owu a wɔrensan nwo no bio. So eyinom nyinaa yɛ akwan a obi fa so nya honhom fam ahiade ankasa? So obi betumi afa akwan yi mu bi so anya honhom fam ahiade?

Nnipa pii bɛma nsɛmmisa yi ho mmuae sɛ ɛyɛ dabi. Nnipa a wɔte saa no ka sɛ, nea honhom fam ahiade kyerɛ ne sɛ “wobenya gyidi a wɔremfa wɔn ho mmata ɔsom bi ho,” kyerɛ sɛ, wobetumi asom ne nyame yiye na enhia sɛ ɔkɔ asɔre biara na ama ne nsa aka ne honhom fam ahiade. Afoforo nso te nka sɛ ɛnyɛ asɔre a obi bɛkɔ no na ɛbɛma wanya ne honhom fam ahiade, na mmom nea ehia ara ne sɛ obi benya asomdwoe ne abotɔyam wɔ n’asetram. Wɔka sɛ enhia sɛ wɔde wɔn ho bata ɔsom bi ho na ama wɔanya wɔn honhom fam ahiade. Mmom no, nea ehia ne sɛ wɔbɛhwɛ sɛ wɔn komam tew. Nhoma kyerɛwfo bi kae sɛ: “Honhom fam ahiade ankasa yɛ ade a ɛwɔ obi komam tɔnn. Egyina sɛnea woda ɔdɔ adi kyerɛ nnipa, sɛnea wo ne wiase no ne nnipa a wo ne wɔn te no bɔ na wugye wɔn tom no so na enya. Ɛnyɛ asɔre a obi bɛkɔ anaa ɔsom bi nkyerɛkyerɛ a obegye atom no na ɛbɛma wanya ne honhom fam ahiade.”

Ɛda adi pefee sɛ, adwene a nkurɔfo kura wɔ honhom fam ahiade ho no gu ahorow. Nhoma mpempem pii na nkurɔfo akyerɛw a wɔka sɛ ebetumi akyerɛ nnipa kwan ma wɔanya wɔn honhom fam ahiade, nanso mpɛn pii no, nhoma a ɛte saa no mmoa wɔn a wɔkenkan no, na ɛma wɔn adwene tu fra. Nanso, nhoma biako bi wɔ hɔ a ɛma nkurɔfo hu ɔkwampa a wɔfa so nya wɔn honhom fam ahiade. Ɛyɛ nhoma a edi ne ho adanse sɛ Onyankopɔn na ɔma wɔkyerɛwee. (2 Timoteo 3:16) Ma yɛnhwɛ nea saa nhoma a ɛne Bible no ka fa nea honhom fam ahiade kyerɛ ne mfaso a ɛwɔ so no ho.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]

ANIM MFONINI: Nea ɛwɔ akyi no: © Mark Hamblin/age fotostock