Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Woyɛ “Ɔdefo Wɔ Nyankopɔn Fam”?

So Woyɛ “Ɔdefo Wɔ Nyankopɔn Fam”?

So Woyɛ “Ɔdefo Wɔ Nyankopɔn Fam”?

“Saa ara na onipa a ɔhyehyɛ ademude fa nanso ɔnyɛ ɔdefo wɔ Nyankopɔn fam no te.”—LUKA 12:21.

1, 2. (a) Dɛn na nnipa de nneɛma pii abɔ afɔre ahwehwɛ? (b) Ɔhaw ne asiane bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo gyina ano?

AKORADE a wɔhwehwɛ nyɛ agodie bi a mmofra ani gye ho kɛkɛ; ɛyɛ ade a nnipa akɔ so ayɛ wɔ wɔn asetram bere nyinaa wɔ aman pii so. Sɛ nhwɛso no, sika kɔkɔɔ puei wɔ Australia, South Africa, Canada, ne United States wɔ afeha a ɛto so 19 no mu. Eyi maa nnipa pii a wofi akyirikyiri fii wɔn pɛ mu tu fii wɔn man mu gyaw wɔn adɔfo hɔ kɔhwehwɛɛ ahonyade wɔ aman a wonnim so no so. Na ɛtɔ bere bi a na dabere ne aduan a wobedi mpo ho yɛ den ma wɔn. Nokwarem no, nnipa pii na wɔde wɔn nkwa to asiane mu de nneɛma pii bɔ afɔre kɔhwehwɛ ahonyade a wɔn ani gye ho.

2 Ɛwom sɛ ɛnnɛ, nnipa dodow no ara nhwehwɛ akorade ankasa de, nanso wɔyɛ adwumaden ansa na wɔanya wɔn ano aduan. Wɔ ɛnnɛ wiase yi mu no, ansa na obi benya n’ano aduan no, gye sɛ ɔfa ɔhaw bebree mu yɛ adwumaden na ɔbrɛ ne ho pii. Ɛnyɛ den koraa sɛ aduan, ntade, ne dabere begye obi adwene araa ma wabu n’ani agu nneɛma a ɛho hia paa no so, anaasɛ wama ne werɛ afi mpo. (Romafo 14:17) Yesu maa mfatoho bi a ɛkyerɛkyerɛɛ saa su a nnipa da no adi yi mu yiye. Saa mfatoho no wɔ Luka 12:16-21.

3. Ka Yesu mfatoho a ɛwɔ Luka 12:16-21 no ho asɛm tiawa.

3 Ɛyɛ bere a Yesu kae sɛ yɛnhwɛ yɛn ho yiye wɔ anibere ho a yesusuw ho kɔɔ akyiri kakra wɔ adesua a edi ayi anim mu no ara na ɔmaa mfatoho no. Bere a Yesu bɔɔ kɔkɔ wɔ anibere ho wiei no, ɔkaa ɔdefo bi a na n’ani nsɔ nneɛma pa a ɔwɔ gu n’asan so dedaw no ho asɛm. Ɔdefo no bubuu n’asan no sisii akɛse sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi aboaboa nneɛma pa pii ano agu so. Bere a osusuwii sɛ ɔrebɛhome na wagye n’ani no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ ɔrebewu, na nneɛma a waboaboa ano no nyinaa bɛyɛ obi foforo dea. Afei, Yesu de asɛm no baa awiei sɛ: “Saa ara na onipa a ɔhyehyɛ ademude fa nanso ɔnyɛ ɔdefo wɔ Nyankopɔn fam no te.” (Luka 12:21) Dɛn na yebetumi asua afi saa mfatoho yi mu? Na yɛbɛyɛ dɛn de asuade a ɛwom no abɔ yɛn bra?

Ɔbarima Bi a Ɔwɔ Ɔhaw

4. Yebetumi aka sɛ ɔbarima a Yesu kaa ne ho asɛm wɔ ne mfatoho no mu no yɛ onipa bɛn?

4 Nnipa pii na wonim mfatoho a Yesu mae no yiye nnɛ. Yehu sɛ nea Yesu ka de fii asɛm no ase tiawa ne sɛ: “Ɔdefo bi asase sow aba pii.” Yesu anka sɛ ɔbarima no sisii afoforo anaasɛ ɔfaa ɔkwammɔne so na onyaa n’ahode no. Saa ara nso na wanka sɛ na ɔbarima no yɛ onipa bɔne. Nokwarem no, asɛm a Yesu ka faa ɔbarima a na ɔwɔ mfatoho no mu ho no ma yehu sɛ na ɔbarima no ayɛ adwumaden. Anyɛ yiye koraa no, yebetumi aka sɛ na ɔbarima no yɛ obi a odwen n’abusua ho ma enti ɔyɛɛ nhyehyɛe de pɛɛ agyapade guu hɔ maa wɔn. Enti, wɔ nnipa ani so no, yebetumi aka sɛ ɔyɛ obi a ɔyɛɛ adwumaden na odii n’asɛyɛde ho dwuma yiye.

5. Ɔhaw bɛn na na ɔbarima a wɔkaa ne ho asɛm wɔ Yesu mfatoho no mu no wɔ?

5 Sɛnea ɛte biara no, Yesu frɛɛ ɔbarima no ɔdefo a nea ɛkyerɛ ne sɛ na ɔyɛ obi a ɔwɔ ahonyade pii dedaw. Nanso, sɛnea Yesu kaa ɔdefo no ho asɛm no ma yehu sɛ na ɔwɔ ɔhaw bi. N’asase sow nnɔbae pii sen sɛnea na ɔhwɛ kwan, na ɛboroo nea na ohia anaa nea na obetumi akora so so. Dɛn na anka ɛsɛ sɛ ɔyɛ?

6. Gyinae ahorow bɛn na Onyankopɔn asomfo sisi nnɛ?

6 Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ pii hyia tebea ahorow a ɛte sɛ ɔdefo no de no pɛpɛɛpɛ. Nokware Kristofo bɔ mmɔden sɛ wobedi nokware, ayɛ nsi, na wɔayɛ adwumayɛfo a wɔmfa wɔn adwuma nni agoru. (Kolosefo 3:22, 23) Sɛ́ ebia wɔyɛ obi adwuma anaasɛ wɔyɛ wɔn ankasa adwuma no, wɔyɛ wɔn adwuma yiye, na wɔn adwuma nso sɔ ani. Sɛ ɛba sɛ wɔrema wɔn dibea anaasɛ wɔrema wɔn nnwuma foforo ayɛ a, ɛho behia sɛ wosisi ho gyinae. So ɛsɛ sɛ wogye dibea no tom na ama wɔanya sika pii? Saa ara na Adansefo mmofra pii nso bɔ wɔn ho mmɔden wɔ sukuu adesua mu. Ɛno nti, ebia wɔbɛbɔ wɔn aba so anaasɛ wɔbɛma wɔakɔtoa wɔn adesua so wɔ sukuu ahorow a agye din mu ma wɔahwɛ wɔn kwa. So wobegye abasobɔde no atom na wɔakɔtoa wɔn adesua no so?

7. Ɔkwan bɛn so na ɔbarima a ɔwɔ Yesu mfatoho no mu no dii ne haw no ho dwuma?

7 Sɛ yɛsan ba Yesu mfatoho no so a, bere a ɔdefo no asase sow aba pii na onhu baabi a ɔde ne nnɔbae no begu no, dɛn na ɔyɛe? Osii gyinae sɛ obebubu asan a ɔwɔ no na wasisi akɛse na ɔde awi ne nneɛma pa a aboro so no agu so. Saa adwene a onyae no ma ɔtee nka sɛ ɔwɔ ahobammɔ ne abotɔyam ma enti ɔkae wɔ ne tirim sɛ: “Mɛka akyerɛ me kra sɛ: ‘Ɔkra, wowɔ nneɛma pa pii a woaboa ano ama mfe pii, dwudwo wo ho, didi, nom, gye w’ani.’”—Luka 12:19.

Dɛn Nti na ‘Onni Adwene’?

8. Ade a ɛho hia paa bɛn na ɔbarima a ɔwɔ Yesu mfatoho no mu no buu n’ani guu so?

8 Sɛnea Yesu kaa asɛm no, adwene a ɔdefo no fae no ma ɔtee nka sɛ ɔwɔ ahobammɔ, nanso na ɛnyɛ papa. Ɛte sɛ nea na mfaso wɔ gyinae a osii no so de, nanso obuu n’ani guu ade biako a ɛho hia paa a ɛno ne Onyankopɔn apɛde a ɔbɛyɛ no so. Ná ɔbarima no susuw ne nkutoo ho, sɛnea obetumi adwudwo ne ho, adidi anom, na wagye n’ani. Osusuwii sɛ esiane sɛ ɔwɔ “nneɛma pa pii” nti, obenya “mfe pii” anaasɛ obenyin akyɛ nso. Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, amma saa. Sɛnea Yesu kae mfiase no, “onipa nya ma ebu so mpo a, ɛnyɛ nneɛma a ɔwɔ no mu na ne nkwa fi.” (Luka 12:15) Saa da no anadwo no ara, biribiara a na ɔbarima no abrɛ anya no fii ne nsa mpofirim, efisɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo a wunni adwene, anadwo yi wɔregye wo kra afi wo nsam. Afei, hena na nneɛma a wode asie no bɛyɛ ne de?”—Luka 12:20.

9. Dɛn nti na wɔfrɛɛ ɔbarima a ɔwɔ mfatoho no mu sɛ obi a onni adwene?

9 Ɛha na yehu asuade titiriw a ɛwɔ Yesu mfatoho no mu no. Onyankopɔn frɛɛ ɔbarima no sɛ obi a onni adwene. Exegetical Dictionary of the New Testament kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, Hela asɛmfua a wɔde dii dwuma no “kyerɛ bere nyinaa sɛ obi nni ntease.” Nsɛm asekyerɛ nhoma no kae sɛ wɔ mfatoho yi mu no, Onyankopɔn de asɛmfua yi dii dwuma de daa “sɛnea mfaso nni daakye ho nhyehyɛe a adefo yɛ so” no adi. Asɛmfua yi nkyerɛ obi a onnim nyansa ankasa, na mmom ɛkyerɛ “obi a ɔmmfa ne ho nnto Onyankopɔn so.” Sɛnea Yesu kaa ɔdefo no ho asɛm no ma yɛkae asɛm bi a akyiri yi ɔka kyerɛɛ Kristofo a na wɔwɔ Laodikea a ɛwɔ Asia Kumaa no wɔ afeha a edi kan no mu no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Woka sɛ: ‘Meyɛ ɔdefo, manya me ho, na hwee nhia me,’ nanso wunnim sɛ w’asɛm yɛ mmɔbɔ san yɛ awerɛhow, na woyɛ ohiani ne onifuraefo a woda adagyaw.”—Adiyisɛm 3:17.

10. Dɛn nti na “nneɛma pa pii” a obi wɔ no nkyerɛ sɛ obenya “mfe pii”?

10 Ɛho hia sɛ yesusuw asuade a ɛwɔ mfatoho no mu no ho yiye. So yɛyɛ yɛn ade te sɛ ɔbarima a ɔwɔ mfatoho no mu no, na yɛyɛ adwumaden de boaboa “nneɛma pa pii” ano nanso yɛnyɛ nneɛma a ɛho hia a ɛbɛma yɛanya “mfe pii”? (Yohane 3:16; 17:3) Bible ka sɛ: “Adedodow nye mma hwee abufuw da” no, na “nea ɔde ne ho to n’ahonyade so no bɛhwe ase.” (Mmebusɛm 11:4, 28) Enti, Yesu de afotu a etwa to yi kaa mfatoho no ho sɛ: “Saa ara na onipa a ɔhyehyɛ ademude fa nanso ɔnyɛ ɔdefo wɔ Nyankopɔn fam no te.”—Luka 12:21.

11. Dɛn nti na mfaso nni so sɛ obi de n’ani bɛto honam fam nneɛma so de ahwehwɛ ahobammɔ?

11 Bere a Yesu kae sɛ “saa ara” no, na ɔrekyerɛ sɛ nea ɛtoo ɔdefo a ɔwɔ mfatoho no mu no bi bɛto wɔn a wɔde wɔn ho to honam fam nneɛma nkutoo so wɔ wɔn asetra mu de hwehwɛ ahobammɔ no nso. Ɛnyɛ mfomso sɛ ‘obi bɛhyehyɛ ademude afa,’ na mmom nea ɛyɛ mfomso ne sɛ obi renyɛ “ɔdefo” wɔ “Onyankopɔn fam.” Osuani Yakobo de kɔkɔbɔ a ɛte saa ara mae. Ɔkyerɛwee sɛ: “Hwɛ, mo a moka sɛ: ‘Ɛnnɛ anaa ɔkyena yebetu kwan akɔ kurow yi so akodi afe wɔ hɔ, na yebedi gua anya mfaso’ bere a munnim nea ɛbɛto mo ɔkyena.” Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ? “Mmom no, nea ɛsɛ sɛ moka ne sɛ: ‘Sɛ Yehowa pɛ a, yebenya nkwa na yɛayɛ sɛɛ anaa sɛɛ.’” (Yakobo 4:13-15) Sɛ obi yɛ ɔdefo anaasɛ ɔwɔ agyapade pii a na ɔnyɛ ɔdefo wɔ Onyankopɔn fam a, ne nyinaa yɛ ɔkwa. Ɛnde, dɛn na ɛsɛ sɛ obi yɛ na ama wayɛ ɔdefo wɔ Onyankopɔn fam?

Sɛnea Obi Bɛyɛ Ɔdefo wɔ Onyankopɔn Fam

12. Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛma yɛayɛ adefo wɔ Onyankopɔn fam?

12 Wɔ Yesu asɛm no mu no, ɔkyerɛe sɛ sɛ obi yɛ ɔdefo wɔ Onyankopɔn fam a, ɔremmoaboa ahonyade ano mma no ho. Ɛno nti, nea na Yesu reka ne sɛ ɛnyɛ nneɛma a yɛboaboa ano wɔ yɛn asetra mu ne nneɛma a yɛwɔ a yɛde begye yɛn ani no na ɛsɛ sɛ yɛma ɛho hia yɛn titiriw. Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ahode di dwuma wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma yɛne Yehowa ntam ayɛ papa. Sɛ yɛyɛ saa a, sɛnea ɛte biara no, ɛbɛma yɛayɛ adefo wɔ Onyankopɔn fam. Dɛn ntia? Efisɛ, ɛbɛma yɛanya Onyankopɔn nhyira pii. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ: “[Yehowa, NW] nhyira na ɛyɛ ɔdefo, na ɔbrɛ adwuma mfa bi nka ho.”—Mmebusɛm 10:22.

13. Ɔkwan bɛn so na Yehowa nhyira ma obi ‘yɛ ɔdefo’?

13 Sɛ Yehowa hyira ne nkurɔfo a, ɔma wɔn adepa bere nyinaa. (Yakobo 1:17) Sɛ nhwɛso no, bere a Yehowa maa Israelfo no asase sɛ wɔntra so no, ná asase no yɛ “asase a ɛsen nufusu ne wo.” Ɛwom sɛ na wɔaka Misraim asase no ho asɛm sɛ ɛno nso sen nufusu ne ɛwo de, nanso anyɛ yiye koraa no, na asase a Yehowa de maa Israelfo no yɛ soronko wɔ ɔkwan titiriw bi so. Mose ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ ná asase no yɛ asase a “[Yehowa, NW] wo Nyankopɔn hwɛ so.” Nea na ɛkyerɛ ne sɛ esiane sɛ na Yehowa bɛhwɛ wɔn so nti, na wobedi yiye. Bere tenten a Israelfo no kɔɔ so dii nokware maa Yehowa no, ohyiraa wɔn pii, na wɔn asetra yɛɛ papa sen aman a na wɔatwa wɔn ho ahyia no nyinaa de. Yiw, ɛyɛ Yehowa nhyira na “ɛyɛ ɔdefo”!—Numeri 16:13; Deuteronomium 4:5-8; 11:8-15.

14. Dɛn na wɔn a wɔyɛ adefo wɔ Onyankopɔn fam no nya?

14 Wɔsan kyerɛ asɛm a ɛne “ɔdefo wɔ Nyankopɔn fam no” ase sɛ “ɔdefo wɔ Onyankopɔn anim” (Today’s English Version) anaa “ɔdefo wɔ Onyankopɔn ani so.” (The New Testament in Modern English, a J. B. Phillips yɛe) Mpɛn pii no, nea wɔn a wɔyɛ adefo wɔ honam fam no dwen ho ne sɛnea afoforo behu wɔn. Eyi taa da adi wɔ wɔn abrabɔ mu. Wɔpɛ sɛ wɔfa nea Bible frɛ no “nneɛma a nnipa de hoahoa wɔn ho” so na wɔma nkurɔfo ani gye wɔn ho. (1 Yohane 2:16) Nanso, wɔn a wɔyɛ adefo wɔ Onyankopɔn fam no nya Onyankopɔn anim dom ne adɔe pii, na wɔne ne ntam nso yɛ papa. Gyinabea pa a ɛte saa a wonya no ma wonya anigye, na wɔte nka sɛ wɔwɔ ahobammɔ, na ɛno sen biribiara a ahonyade foforo biara betumi ama wɔanya. (Yesaia 40:11) Asɛm a aka a ɛsɛ sɛ yenya ho mmuae ne, Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛayɛ adefo wɔ Onyankopɔn ani so?

Momma Yɛnyɛ Adefo wɔ Onyankopɔn Ani So

15. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛayɛ adefo wɔ Onyankopɔn fam?

15 Wɔ Yesu mfatoho no mu no, ɔbarima no yɛɛ nhyehyɛe yɛɛ adwumaden de hwehwɛɛ n’ankasa mfaso, na wɔfrɛɛ no obi a onni adwene. Enti sɛ yebetumi ayɛ adefo wɔ Onyankopɔn fam a, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ adwumaden, na yɛde yɛn ho hyɛ nnwuma a ɛsom bo na mfaso wɔ so ankasa wɔ Onyankopɔn ani so mu kosi ase. Saa nnwuma yi bi ne ahyɛde a Yesu de mae sɛ: “Monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo” no. (Mateo 28:19) Sɛ yɛde yɛn bere, yɛn ahoɔden, ne yɛn dom akyɛde yɛ Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no na yɛamfa anhwehwɛ yɛn ankasa nkɔso a, na ɛte sɛ nea yɛde yɛn sika rehyɛ adwuma bi mu sɛnea yebenya so mfaso daakye. Wɔn a wɔayɛ saa no anya mfaso bebree wɔ Onyankopɔn som mu sɛnea osuahu ahorow a edidi so yi bɛma yɛahu no.—Mmebusɛm 19:17.

16, 17. Osuahu ahorow bɛn na wubetumi aka de akyerɛ asetra a ɛma obi yɛ ɔdefo wɔ Onyankopɔn ani so?

16 Susuw Kristoni barima bi a ofi ɔman bi a ɛwɔ Asia no mu asɛm no ho hwɛ. Ná ɔyɛ kɔmputa ho adwuma, na na ogye akatua pii. Nanso, ɛkame ayɛ sɛ na n’adwuma no gye ne bere nyinaa, na ɛma ɔtee nka sɛ onnya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu koraa. Awiei koraa no, sɛ́ anka ɔbɛkɔ so ayɛ n’adwuma no, ogyaee. Na ɔyɛɛ ice cream tɔnee wɔ mmɔnten so sɛnea ɛbɛyɛ a obenya bere pii de asom Onyankopɔn na wadi n’asɛyɛde ahorow ho dwuma. Nkurɔfo a kan no na ɔne wɔn yɛ adwuma no dii ne ho fɛw. Nanso, dɛn na efii mu bae? Onua no kae sɛ: “Nokwarem no, minyaa sika pii sen bere a na meyɛ kɔmputa ho adwuma no. Ama m’ani agye yiye efisɛ ɔhaw ne adwennwene a na anka ɛda me so wɔ baabi a na meyɛ adwuma kan no afi me so. Na nea ɛho hia sen biara no, seesei mete nka sɛ mabɛn Yehowa paa.” Nsakrae a saa Kristoni yi yɛe no ma otumi yɛɛ bere nyinaa som adwuma, na seesei ɔresom wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ ne man mu no. Yehowa nhyira na ɛyɛ “ɔdefo” ampa.

17 Nhwɛso foforo nso ne ɔbea bi a wɔtetee no wɔ abusua bi a na wɔn ani gye nhomasua ho yiye mu no. Ɔkɔɔ sukuupɔn wɔ France, Mexico, ne Switzerland, na na ɛno bɛma wanya adwuma a obegye akatua pii. Onuawa no kae sɛ: “Midii yiye paa; na nkurɔfo bu me, na na mewɔ hokwan ahorow pii, nanso na m’ani nnye wɔ m’asetram ankasa, na na minni abotɔyam nso.” Afei, osuaa Yehowa ho ade. Ɔkae sɛ: “Bere a na merenya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu no, ɔpɛ a na mewɔ sɛ mɛsɔ Yehowa ani na mayɛ biribi kakra ama no wɔ nea wayɛ ama me nyinaa ho no ma mihuu ade a ɛsɛ sɛ meyɛ ankasa, na na ɛno ne sɛ mɛyɛ bere nyinaa som adwuma.” Ogyaee adwuma a na ɔyɛ no, ankyɛ koraa na ɔbɔɔ asu. Mfe 20 a atwam no, ɔde anigye asom sɛ bere nyinaa somfo. Ɔka sɛ: “Ebinom susuw sɛ masɛe me bere, nanso wohui sɛ mewɔ anigye, na wɔn ani gye sɛnea mebɔ me bra no ho. Mpae a mebɔ srɛ Yehowa daa ne sɛ ɔmmoa me mma memmrɛ me ho ase sɛnea ɛbɛyɛ a menya n’anim dom.”

18. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ adefo wɔ Onyankopɔn fam te sɛ Paulo?

18 Saul a ɔbɛyɛɛ ɔsomafo Paulo no nyaa hokwan sɛ ɔbɛyɛ adwuma a anka ɛbɛma wadi yiye wɔ honam fam. Nanso, akyiri yi Paulo kyerɛwee sɛ: “Mibu nneɛma nyinaa sɛ adehwere esiane m’Awurade Kristo Yesu ho nimdeɛ a ɛkyɛn so no nti.” (Filipifo 3:7, 8) Paulo buu ahonyade a ɔnam Kristo so nyae no sɛ ɛsen biribi foforo biara a anka wiase adwuma bi betumi ama wanya no. Saa ara na sɛ yɛn nso yegyae nnwuma bi a anka ɛbɛma yɛadi yiye na yɛde yɛn ho bɔ afɔre yɛ Onyankopɔn som adwuma no a, yɛn nso yebetumi ayɛ adefo wɔ Onyankopɔn ani so. Onyankopɔn Asɛm ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Nea edi ahobrɛase ne [Yehowa, NW] suro akyi ne ahonyade ne anuonyam ne nkwa.”—Mmebusɛm 22:4.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Ɔhaw bɛn na na ɔbarima a ɔwɔ Yesu mfatoho no mu no wɔ?

• Dɛn nti na wɔfrɛɛ ɔbarima a ɔwɔ mfatoho no mu no sɛ obi a onni adwene?

• Sɛ wɔka sɛ obi yɛ ɔdefo wɔ Onyankopɔn fam a, ɛkyerɛ dɛn?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi abɛyɛ adefo wɔ Onyankopɔn fam?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Dɛn nti na wɔfrɛɛ ɔdefo no sɛ obi a onni adwene?

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Ɛbɛyɛ dɛn na hokwan ahorow a ɛbɛma yɛanya nkɔso wɔ honam fam no betumi ayɛ sɔhwɛ ankasa ama yɛn?

[Mfonini wɔ kratafa 28, 29]

‘Yehowa nhyira na ɛyɛ ɔdefo’