Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wobɛyɛ Dɛn Atumi Anya Wo Honhom Fam Ahiade Ankasa?

Wobɛyɛ Dɛn Atumi Anya Wo Honhom Fam Ahiade Ankasa?

Wobɛyɛ Dɛn Atumi Anya Wo Honhom Fam Ahiade Ankasa?

ƆSOMAFO Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɔhonam adwene yɛ owu, na honhom adwene yɛ nkwa ne asomdwoe.” (Romafo 8:6, Akuapem Twi Bible) Ɔsomafo no kaa saa asɛm yi de kyerɛe sɛ ɛnyɛ sɛ sɛ obi pɛ anaasɛ n’ani gye honhom fam nneɛma ho a na ɔbɛma ɛho ahia no. Nokwarem no, ɛyɛ owu ne nkwa asɛm. Nanso, ɔkwan bɛn so na obi a ɔyɛ honhom muni nya “nkwa ne asomdwoe”? Sɛnea Bible kyerɛ no, onipa a ɔte saa no nya asomdwoe mprempren, ɔne Onyankopɔn ntam yɛ papa, na obenya daa nkwa daakye nso. (Romafo 6:23; Filipifo 4:7) Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yesu kae sɛ: “Anigye ne wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade”!—Mateo 5:3.

Nsɛmma nhoma yi a worekenkan no kyerɛ sɛ w’ani kũ wo honhom fam ahiade ho, na ɛyɛ papa sɛ woyɛ saa. Nanso, adwene a nkurɔfo kura wɔ saa asɛm yi ho no gu ahorow, na ebia wobebisa sɛ: ‘Dɛn ne honhom fam ahiade ankasa no? Na obi bɛyɛ dɛn anya?’

“Kristo Adwene”

Bere a ɔsomafo Paulo kaa sɛnea ɛho hia sɛ obi ma n’ani kũ honhom fam nneɛma ho ne mfaso a ɛwɔ so ho asɛm akyi no, ɔkaa nsɛm pii faa dekode a honhom fam ahiade yɛ ankasa no ho. Paulo kyerɛkyerɛɛ nsonsonoe a ɛwɔ honam muni a ɔne obi a odi honam akɔnnɔ akyi ne honhom muni a ɔno nso ne obi a n’ani gye honhom fam nneɛma ho mu kyerɛɛ Kristofo a na wɔwɔ tete Korinto kurow no mu no. Paulo kyerɛwee sɛ: “Nea odi n’akɔnnɔ akyi no nnye Onyankopɔn honhom no nneɛma, na ɛyɛ no nkwaseasɛm.” Nanso, Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ honhom muni wɔ “Kristo adwene.”—1 Korintofo 2:14-16.

Nea “Kristo adwene” a obi wɔ kyerɛ ankasa ne sɛ okura “adwene koro no ara a na Kristo Yesu wɔ no bi.” (Romafo 15:5; Filipifo 2:5) Nea honhom muni a obi bɛyɛ kyerɛ ne sɛ onii no besusuw nneɛma ho te sɛ Kristo, na wadi Yesu anammɔn akyi. (1 Petro 2:21; 4:1) Dodow a onipa bi nya Kristo adwene no, dodow no ara na n’ani kũ honhom fam nneɛma ho kɛse, na ɔbɛn “nkwa ne asomdwoe” a obenya no ho pɛɛ.—Romafo 13:14.

Sɛnea Wubehu “Kristo Adwene”

Sɛ obi benya Kristo adwene a, ɛsɛ sɛ odi kan hu saa adwene no. Enti, ade a edi kan a ɛsɛ sɛ obi yɛ na ama wanya ne honhom fam ahiade ne sɛ obehu sɛnea Yesu dwen nneɛma ho. Nanso, wobɛyɛ dɛn ahu obi a ɔtraa ase wɔ asase so mfe 2,000 a atwam ni no adwene? Sɛ nhwɛso no, ɛyɛɛ dɛn na wotee nnipa bi a wɔtraa ase tete wɔ wo man mu no ho nsɛm? Ɛda adi sɛ wokenkan wɔn ho nsɛm wɔ nhoma mu. Saa ara na ɔkwan titiriw a wobɛfa so ahu Kristo adwene ne sɛ wobɛkenkan Yesu ho nsɛm a wɔakyerɛw ato hɔ no.—Yohane 17:3.

Wɔ Yesu fam no, wɔakyerɛw ne ho nsɛm wɔ nhoma anan a ɛne Nsɛmpa a Mateo, Marko, Luka, ne Yohane kyerɛwee no mu. Sɛ wokenkan saa kyerɛwtohɔ yi yiye a, ɛbɛboa wo ma woahu Yesu adwene, sɛnea ɔte nka ma afoforo, ne nea ɛma ɔyɛ nneɛma bi no yiye. Sɛ wugye bere susuw Yesu ho nsɛm a wokenkan no ho yiye a, wubetumi atwa sɛnea na Yesu te no ho mfonini wɔ w’adwenem. Sɛ woyɛ Kristo kyidifo dedaw mpo na wokenkan ne ho nsɛm susuw ho wɔ saa kwan yi so a, ɛbɛboa wo ma ‘woakɔ so anyin wɔ yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo adom ne nimdeɛ mu.’—2 Petro 3:18.

Bere a eyi wɔ yɛn adwenem no, ma yɛnhwehwɛ nsɛm bi a ɛwɔ Nsɛmpa no mu mu nhwɛ ade a ɛmaa Yesu yɛɛ onipa a na honhom fam nneɛma ho hia no saa no. Afei, bisa wo ho sɛ wobɛyɛ dɛn atumi asuasua nhwɛso a ɔyɛe no.—Yohane 13:15.

Honhom Fam Ahiade ne “Honhom Aba”

Luka a ɔyɛ Asɛmpa kyerɛwfo no kae sɛ wohwiee Onyankopɔn honhom kronkron no guu Yesu so wɔ bere a na wɔrebɔ no asu no ma enti “honhom kronkron” no ‘hyɛɛ Yesu mã.’ (Luka 3:21, 22; 4:1) Yesu nso maa n’akyidifo no huu hia a ɛho hia sɛ wɔma Onyankopɔn honhom, anaa “tumi a ɔde yɛ ade” no kyerɛ wɔn kwan. (Genesis 1:2, NW; Luka 11:9-13) Dɛn nti na na ɛho hia paa sɛ wɔyɛ saa? Efisɛ, Onyankopɔn honhom no wɔ tumi a etumi sesã onipa adwene ma otumi fi ase susuw nneɛma ho te sɛ Kristo. (Romafo 12:1, 2) Honhom kronkron no ma onipa bi nya su ahorow te sɛ “ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ahosodi.” Saa su yi a Bible frɛ no “honhom aba” no ma yehu sɛ obi yɛ honhom muni ankasa. (Galatifo 5:22, 23) Ne tiaa mu no, sɛ wɔka sɛ obi yɛ honhom muni a, ɛkyerɛ sɛ onii no ma Onyankopɔn honhom kyerɛ no kwan.

Yesu daa honhom aba no adi wɔ ne som adwuma no nyinaa mu. Ɔdaa su ahorow te sɛ ɔdɔ, ayamye, ne papayɛ adi yiye wɔ sɛnea ɔne nnipa a wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ dii nsɛm no mu. (Mateo 9:36) Sɛ nhwɛso no, hyɛ asɛm bi a esii a ɔsomafo Yohane yɛɛ ho kyerɛwtohɔ no nsow. Yɛkenkan sɛ: “Bere a [Yesu retwam] no, ohuu ɔbarima bi a wɔwoo no onifuraefo.” Yesu asuafo no nso huu ɔbarima no, nanso wobuu no sɛ ɔyɛ ɔbɔnefo. Asuafo no bisaa Yesu sɛ: “Hena na ɔyɛɛ bɔne, ɔbarima yi anaa n’awofo”? Nnipa a na wɔwɔ mpɔtam hɔ no nso huu ɔbarima no, nanso wɔn nyinaa buu no sɛ ɔyɛ obi a ɔsrɛsrɛ ade. Wɔkae sɛ: “Ɔbarima a na ɔtaa tra ase srɛsrɛ ade no ni, anaa ɛnte saa?” Nanso, Yesu de ohuu onifuraefo no sɛ ɔyɛ obi a ohia mmoa. Yesu ne onifuraefo no kasae, na ɔsaa no yare.—Yohane 9:1-8.

Dɛn na saa asɛm yi ma wuhu fa Kristo adwene ho? Nea edi kan no, Yesu ammu n’ani angu nnipa a na wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ so, na mmom ne yam hyehyee no maa wɔn. Nea ɛto so abien, ofii ne pɛ mu boaa afoforo. So wuhu wo ho sɛ woyɛ obi a woresuasua saa nhwɛso a Yesu yɛe no? Wubu nnipa sɛnea Yesu buu wɔn no, na woboa wɔn ma wɔn asetra tu mpɔn ma wonya anidaso sɛ nneɛma bɛyɛ yiye ama wɔn daakye? Anaasɛ wokyerɛ wɔn a wodi yiye ho anigye, na wubu w’ani gu wɔn a ahia wɔn no so? Sɛ woyɛ obi a woboa afoforo ma wɔn asetra tu mpɔn ma wonya anidaso sɛ nneɛma bɛyɛ yiye ama wɔn daakye a, ɛnde na woresuasua Yesu nhwɛso no yiye.—Dwom 72:12-14.

Honhom Fam Ahiade ne Mpaebɔ

Wɔ Nsɛmpa no mu no, yehu sɛ na Yesu taa bɔ Onyankopɔn mpae. (Marko 1:35; Luka 5:16; 22:41) Bere a na Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ asase so no, ɔhyɛɛ da yii bere sii hɔ de bɔɔ mpae. Osuani Mateo kyerɛwee sɛ: ‘Bere a Yesu gyaa nnipakuw no kwan ma wɔkɔe no, ɔno nko ara kɔɔ bepɔw so kɔbɔɔ mpae.’ (Mateo 14:23) Yesu nyaa ahoɔden wɔ bere a ɛtete saa a ɔne ne soro Agya no dii nkitaho wɔ kokoam no mu. (Mateo 26:36-44) Ɛnnɛ, wɔn a wɔn honhom fam nneɛma ho hia wɔn no hwehwɛ hokwan ne Onyankopɔn di nkitaho, na wonim sɛ saa a wɔbɛyɛ no bɛma wɔne wɔn Bɔfo no ntam abusuabɔ mu ayɛ den, na aboa wɔn ama wɔanya Kristo adwene.

Ná Yesu taa de bere pii bɔ mpae. (Yohane 17:1-26) Sɛ nhwɛso no, ansa na Yesu repaw mmarima 12 ma wɔabɛyɛ n’asomafo no, “ɔkɔɔ bepɔw so kɔbɔɔ mpae, na ɔbɔɔ Nyankopɔn mpae anadwo mũ no nyinaa.” (Luka 6:12) Enhia sɛ wɔn a wɔn honhom fam nneɛma ho hia wɔn no bɔ mpae anadwo mũ nyinaa ankasa de, nanso wosuasua Yesu nhwɛso no. Ansa na wɔn a wɔn honhom fam nneɛma ho hia wɔn no besisi gyinae atitiriw wɔ wɔn asetram no, wogye bere bɔ Onyankopɔn mpae de hwehwɛ honhom kronkron no akwankyerɛ de sisi gyinae ahorow a ɛbɛma wɔanya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu.

Yesu fii ne komam nso bɔɔ mpae, na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ saa wɔ yɛn mpaebɔ mu. Hyɛ asɛm a Luka kyerɛw faa mpae a Yesu bɔɔ no anadwo a ade rebɛkye ma wawu no nsow. Luka kyerɛwee sɛ: “Bere a ne ho yeraw no no, ɔbɔɔ mpae denneennen; na ne ho fifiri yɛɛ sɛ mogya a ɛresosɔ gu fam.” (Luka 22:44) Ná Yesu abɔ mpae denneennen pɛn, nanso saa anadwo yi de, na wahyia sɔhwɛ a emu yɛ den sen biara wɔ n’asetram wɔ asase so a ɔbae no mu, na ɔbɔɔ mpae “denneennen” ma wotiee no. (Hebrifo 5:7) Nnipa a wɔn honhom fam ahiade ho hia wɔn no suasua Yesu nhwɛso no. Sɛ wohyia sɔhwɛ ahorow, titiriw nea emu yɛ den a, wɔbɔ Onyankopɔn mpae “denneennen” de hwehwɛ honhom kronkron, akwankyerɛ, ne mmoa.

Ɛda adi pefee sɛ, na Yesu ani gye mpaebɔ ho, enti ɛnyɛ nwonwa sɛ na n’asuafo no pɛ sɛ wosuasua no. Enti, wɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Awurade, kyerɛ yɛn sɛnea wɔbɔ mpae.” (Luka 11:1) Saa ara na ɛnnɛ, wɔn a wobu honhom fam nneɛma na wɔpɛ sɛ Onyankopɔn honhom kyerɛ wɔn kwan no suasua Yesu nhwɛso no wɔ sɛnea wɔbɔ Onyankopɔn mpae no mu. Sɛ obi nya honhom fam ahiade ankasa a, ɛma n’ani gye mpaebɔ ho.

Honhom Fam Ahiade ne Asɛmpaka Adwuma No

Marko Asɛmpa no ka nnipa pii a Yesu saa wɔn yare ho asɛm, na ɔyɛɛ saa ara koduu ɔdasum. Ade kyee anɔpa a na Yesu nkutoo wɔ baabi rebɔ mpae no, n’asomafo no bɛka kyerɛɛ no sɛ nnipadɔm bi rehwehwɛ no, ebia na wɔpɛ sɛ Yesu sa wɔn yare. Nanso, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma yɛnkɔ baabi foforo, nkurow a ɛbemmɛn ha no mu na menkɔka asɛm no wɔ hɔ nso.” Afei, Yesu kyerɛkyerɛɛ nea enti a ɔkaa saa no mu sɛ: “Eyi nti na mebae.” (Marko 1:32-38; Luka 4:43) Ɛwom sɛ na yare a Yesu sa nkurɔfo no ho hia no de, nanso adwuma titiriw a enti wɔsomaa Yesu ne sɛ ɔmmɛka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa.—Marko 1:14, 15.

Ɛnnɛ, Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa a wɔka kyerɛ afoforo no da so ara yɛ ade a wɔnam so hu wɔn a wɔwɔ Kristo adwene no. Yesu de ahyɛde maa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ n’akyidifo no nyinaa sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, . . . monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Mateo 28:19, 20) Afei nso, Yesu ka too hɔ sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Esiane sɛ Onyankopɔn Asɛm ka sɛ honhom kronkron no tumi na wɔde bɛyɛ asɛnka adwuma no nti, sɛ obi yere ne ho yɛ asɛnka adwuma no bi a, na ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ obi a wanya honhom fam ahiade ankasa no.—Asomafo Nnwuma 1:8.

Ehia sɛ nnipa ɔpepem pii yɛ biako na ama wɔatumi aka Ahenni no ho asɛm akyerɛ nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa. (Yohane 17:20, 21) Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔreyɛ saa adwuma yi yɛ nkurɔfo a honhom fam nneɛma ho hia wɔn, na wɔwɔ nhyehyɛe pa a wɔde yɛ adwuma no wɔ wiase nyinaa nso. So wubetumi akyerɛ nkurɔfo a wɔredi Kristo anammɔn akyi na wɔreka Ahenni no ho asɛmpa wɔ wiase nyinaa no?

So Worebɔ Ho Mmɔden?

Nokwarem no, nneɛma foforo wɔ hɔ a wɔde hu obi a ɔyɛ honhom muni paa no, nanso ɔkwan bɛn so na worebɔ mmɔden ayɛ nneɛma a yɛadi kan aka ho asɛm no? Nea ɛbɛyɛ na woanya ho mmuae no, bisa wo ho sɛ: ‘So mekenkan Onyankopɔn Asɛm Bible no daa, na misusuw nea mekenkan no ho? So meda honhom aba no adi wɔ m’asetram? So meyɛ obi a mebɔ mpae daa? So m’ani gye ho sɛ me ne nkurɔfo a wɔreka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa wɔ wiase nyinaa no bɛbɔ?’

Sɛ wode nokwaredi hwehwɛ wo ho mu yiye paa a, ebetumi aboa wo ma woahu sɛnea wo honhom fam ahiade ho hia wo ankasa. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ yɛ nneɛma a ɛho hia a yɛaka ho asɛm no nnɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi anya “nkwa ne asomdwoe.”—Romafo 8:6; Mateo 7:13, 14; 2 Petro 1:5-11.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 7]

NEA ƐKYERƐ SƐ OBI YƐ HONHOM MUNI

◆ N’ani gye Onyankopɔn Asɛm ho

◆ Ɔda honhom aba no adi

◆ Ofi ne komam bɔ Onyankopɔn mpae daa

◆ Ɔka Ahenni no ho asɛmpa kyerɛ afoforo

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Bible no boa wo ma wuhu “Kristo adwene”