Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Som—Ɛyɛ Nidi Ne Hokwan A Ɛsen Biara

Yehowa Som—Ɛyɛ Nidi Ne Hokwan A Ɛsen Biara

Asetram Nsɛm

Yehowa Som—Ɛyɛ Nidi Ne Hokwan A Ɛsen Biara

Sɛnea Zerah Stigers ka kyerɛe

Me kunu a na me ne no ayɛ bere nyinaa som dwuma no wui wɔ afe 1938 mu. Ogyaw me mmarimaa baanu, ná ɔpanyin no adi mfe du, na na akumaa no yɛ akokoaa koraa. Ná m’ani da so ara gye bere nyinaa som adwuma no ho. Nanso, na mɛyɛ dɛn atumi ayɛ? Ansa na mɛka nea ɛma mitumi yɛe no, ma menka m’asetra mu nsɛm kakra nkyerɛ wo.

WƆWOO me July 27, 1907 wɔ Alabama, U.S.A. Ankyɛ koraa na m’awofo ne me ne me nuanom baasa tu kɔɔ Georgia. Ɛno akyi bere tiaa bi no, yɛkɔtraa Tennessee, na yɛsan tu kɔtraa kurow bi a ɛbɛn Tampa, Florida mu. Wɔ afe 1916 mu bere a na yɛda so wɔ hɔ no, mehwɛɛ “Photo-Drama of Creation” sini a na wuhu sɛ nnipa a wɔwɔ mu no ara na wɔrekasa no bi. Saa bere no, afei na na sini aba so foforo ma enti obiara ani gyee “Photo-Drama” sini no ho paa!

Ná m’awofo ani gye Ɔwɛn-Aban ne Bible ho nhoma afoforo akenkan ho paa. Ɛwom sɛ na Paapa ani gye nhoma no akenkan ho de, nanso saa bere no wamfa ne ho ammɔ Bible Asuafo no sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo no. Nanso, na Maame de yɛn a saa bere no na yɛyɛ mmofra no kɔ asafo nhyiam ahorow. Nokwarem no, yetu kɔɔ Niles a ɛwɔ Michigan no, ankyɛ koraa na yefii ase de keteke twaa kwan akwansin du kɔɔ asafo nhyiam ahorow wɔ South Bend a ɛwɔ Indiana no.

Awiei koraa no, mihyiraa me ho so maa Yehowa, na wɔbɔɔ me asu July 22, 1924. Ɛno akyi no, ankyɛ na Maame totoo ne nneɛma yiye bɛyɛɛ Yehowa Dansefo bere nyinaa ɔsɛmpakafo. Nhwɛso pa a Maame ne bere nyinaa asɛmpakafo afoforo yɛe no maa me nso m’ani begyee ho sɛ mɛyɛ saa adwuma no bi.

Minyaa Ɔhokafo

Wɔ afe 1925 mu bere a mekɔɔ ɔmantam nhyiam bi wɔ Indianapolis a ɛwɔ Indiana no, mihyiaa James Stigers a ofi Chicago. Ntɛm ara na mihui sɛ James yɛ Yehowa somfo a ɔyɛ nsi. Ná efi baabi a mete rekɔ Chicago no yɛ kilomita 160, enti na ɛyɛ den sɛ yɛbɛtaa asrasra yɛn ho. Saa bere no, na asafo biako pɛ na ɛwɔ saa kurow kɛse yi mu, na na yɛyɛ asafo nhyiam ahorow wɔ abansoro dan bi a na yɛagye tua ho ka mu. Ná James taa kyerɛw krataa bɛhyɛ me den wɔ Onyankopɔn som mu. Yɛwaree wɔ December 1926 mu, na bɛyɛ afe akyi na mewoo Eddie, yɛn babarima a odi kan no.

Ɛno akyi bere tiaa bi no, me ne James nyinaa fii ase yɛɛ akwampae adwuma no. Yɛyɛɛ akwampae adwuma no wɔ amantam awotwe mu. Na amantam no ne Michigan, Louisiana, Mississippi, South Dakota, Iowa, Nebraska, California, ne Illinois. Saa bere no na yenyaa anigye a ɛsen biara wɔ yɛn asetram. Bere a James yaree no na saa anigye a na yɛwɔ wɔ yɛn abusua mu no sɛee.

Esiane sɛ James yare no maa yɛn ho kyeree yɛn wɔ sikasɛm mu nti, yɛsan kɔɔ Chicago wɔ afe 1936 mu, na yɛne m’asebea a ɔno nso yɛ Ɔdansefo no kɔtrae. Aka kakra ama James awu no, mekɔyɛɛ adwuma wɔ adidibea bi, na na wotua me ka dɔla 1 da biara, na saa bere no, na manyinsɛn yɛn ba a ɔto so abien no. M’asebea a ɔyɛ onipa pa no hwɛe sɛ yebenya nnuan pii adi a wannye kaprɛ ba mpo amfi yɛn hɔ. Ɔhwɛɛ yɛn yiye paa.

Amemene mu kokoram yɛɛ James mfe abien ansa na ɔrewu wɔ July 1938 mu. Bere a na James yare no, na ontumi nka kar, na na ontumi nyɛ afie afie asɛnka adwuma no nso, nanso ɔde hokwan biara a onyae no dii afoforo adanse. Nea ɛbɛyɛ na matumi anya sika aboa abusua no, migyaee bere nyinaa som adwuma no. Minyaa nnwuma ahorow pii, nanso manyɛ emu biara ankyɛ.

Yɛwoo yɛn babarima Bobby wɔ July 30, 1938 no, onyaa nnawɔtwe pɛ na ne papa wui. Nanso, m’asebea no amma mankɔ ayaresabea a wɔhwɛ ɔmamfo kwa no. Mmom no, ɔyɛɛ nhyehyɛe ma mekɔɔ ayaresabea a ɛyɛ papa, na ɔmaa oduruyɛfo a ɔhwɛ ɔno ankasa na ɔhwɛɛ me. Bio nso, ɔfaa m’awo no ho ka nyinaa, m’ani sɔɔ Kristofo dɔ a ɔdaa no adi kyerɛɛ me no paa.

Mesan Yɛɛ Bere Nyinaa Som Adwuma no Bio

Yɛkɔɔ so ne m’asebea trae kosii sɛ Bobby dii mfe 2 ne kakra. Saa bere no, na Eddie adi mfe 12. Ɛwom sɛ na ɛsɛ sɛ meyɛ nsakrae wɔ m’asetram wɔ tebea foforo a na maba mu no mu de, nanso na m’ani da so ara gye ho sɛ mede me bere nyinaa bɛsom Yehowa. Mihyiaa awarefo bi a wɔyɛ akwampaefo wɔ Michigan a ɛwɔ Detroit no wɔ ɔmantam nhyiam bi ase wɔ afe 1940 mu, na wɔhyɛɛ me nkuran sɛ memmra South Carolina mmɛyɛ akwampae adwuma no wɔ hɔ. Enti, metɔɔ kar bi a wɔfrɛ no Pontiac a wɔyɛe wɔ afe 1935 mu no dɔla 150, na misiesiee me ho tu kɔɔ South Carolina. Me ne me mmabarima baanu no tu kɔɔ United States anafo fam kɔyɛɛ bere nyinaa som adwuma no bio wɔ afe 1941 mu, afe a United States de ne ho hyɛɛ Wiase Ko II no mu no.

Bere a yetu kɔɔ South Carolina no, yedii kan kɔtraa Camden, afei yɛkɔtraa Little River, na yɛsan kɔtraa Conway. Bere a yɛwɔ Conway no, metɔɔ lɔre ketewa bi a ofie si so. Ɔbarima ɔyamyefo bi maa mede me lɔre no sii baabi a ɔtɔn ne pɛtro no. Ɔmaa me kwan ma metwee anyinam ahoɔden ne mframa a wɔde sɔ ogya a ɛwɔ n’adwuma mu hɔ no bi, na ɔma yɛkɔɔ agyananbea a ɛwɔ hɔ no so mpo. Pɛtro ho bɛyɛɛ den wɔ Wiase Ko II no mu, ma enti na mintumi ntɔ. Enti metɔɔ baesekre dedaw bi. Afei, wɔ afe 1943 mu no, ɛyɛɛ sɛnea na mintumi nyɛ akwampae adwuma no bio efisɛ na yɛn ho sika nyinaa asa, na ɛyɛ saa bere no na wɔyɛɛ me ɔkwampaefo titiriw; ɛno maa ɔsram biara na asafo no ma me sika kakra a mede betwitwa me ho. Wɔ mfe yi nyinaa mu no, Yehowa aboa me papaapa!

Saa bere no, na Ɔdansefo biara nni Conway, na na ɛyɛ den sɛ me ne me mma nkumaa no nkutoo bɛkɔ asɛnka. Enti mekyerɛw asafo no srɛe sɛ wɔmma ɔkwampaefo titiriw bi mmɛka me ho, na wɔ afe 1944 mu no, wɔmaa Edith Walker a ɔyɛ mmɔdenbɔfo no bɛkaa me ho! Me ne no de mfe 16 yɛɛ adwuma wɔ mmeae pii. Awerɛhosɛm ne sɛ, esiane yare nti, Edith san kɔɔ Ohio.

Nhyira a Me Werɛ Remfi Da

Nsɛm a ɛyɛ anigye pii a me werɛ remfi da no mu biako ne nea ɛfa Albertha a na wadi mfe 13 a ɔwɔ Conway ho no. Ɔno na na ɔhwɛ ne nenabea a ɔyɛ obubuafo, ne ne nuabarimanom nkumaa baanu. Ná n’ani gye Bible mu nokware no a na mekyerɛkyerɛ no no ho yiye, na na ɔpɛ sɛ ɔka ho asɛm kyerɛ afoforo. Ɔno nso ani begyee akwampae adwuma no ho, na bere a owiee ntoaso sukuu wɔ afe 1950 mu no, ofii ase yɛɛ akwampae adwuma no bi. Mfe 57 atwam, nanso ɔda so ara reyɛ bere nyinaa som adwuma no!

Wɔ afe 1951 mu no, wɔmaa me ne Edith kɔyɛɛ asɛnka adwuma no bere tiaa bi mu wɔ Rock Hill, South Carolina a na Adansefo kakraa bi pɛ na wɔwɔ hɔ no. Afei, wɔsan de yɛn kɔɔ Elberton a ɛwɔ Georgia no ma yekodii mfe abiɛsa wɔ hɔ. Akyiri yi, wɔsan de yɛn baa South Carolina, na yɛtraa hɔ fii afe 1954 kosii afe 1962. Bere a na mewɔ Walhalla no, mihyiaa aberewa bi a na ɔyɛ ositifo a wɔfrɛ no Nettie a na ɔno nkutoo na ɔte wɔ akuraa bi ase. Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi akɔ so asua Bible no, na mema aberewa no kenkan nkyekyɛm no, na owie a, na mede me nsa asi nkyekyɛm no ho asɛmmisa a ɛwɔ ase hɔ no so, na ɔno nso de ne nsa sisi mmuae no so wɔ nkyekyɛm no mu.

Sɛ ɔnte biribi ase a, na ɔkyerɛw n’asɛmmisa no wɔ kratasin bi so, na na me nso mekyerɛw mmuae no wɔ ase. Bere kɔɔ so no, Nettie ani gyee Bible mu nokware no ho paa ma enti ofii ase kɔɔ asafo nhyiam ahorow nyinaa, na ɔyɛɛ afie afie asɛnka adwuma no bi. Ná ɔno nkutoo yɛ afie afie asɛnka adwuma no, nanso na mentwe me ho mfi ne ho nkɔ akyiri, mpɛn pii no, ɛyɛ a na mewɔ ɔkwan no agya. Na sɛ mihu sɛ ne ho rekyere no a, na meyɛ ntɛm kɔboa no.

Bere a mewɔ Walhalla no, me kar dedaw no gyee no ho koraa. Minyaa kar bi a na wɔretɔn no dɔla 100, nanso na minni sika a mede bɛtɔ. Enti, mikohuu Ɔdansefo bi a ɔno ankasa yɛ n’adwuma ma ɔbɔɔ me bosea dɔla 100. Ɛno akyi bere tiaa bi no, minyaa krataa bi a na menhwɛ kwan fii me nuabea hɔ. Ɔkae wɔ krataa no mu sɛ, me nuanom ahu sɛ bere a yɛn papa wui no, na ɔwɔ sika bi wɔ sikakorabea. Bere a wosusuw nea wɔde sika no bɛyɛ ho no, wɔn nyinaa yɛɛ adwene sɛ wɔmfa mena me. Ná sika no yɛ dɔla 100!

Me ne Me Mma no Yɛɛ Akwampae Adwuma

Bere a na Eddie ne Bobby susua no, na me ne wɔn yɛ afie afie asɛnka adwuma no bere nyinaa. Saa bere no, na nnubɔnenom ne ɔbrasɛe mmuu so pii sɛ nnɛ. Nea yɛwɔ a yɛmaa yɛn ani sɔe, ne afei asɛnka adwuma no a yɛde yɛn adwene sii so no boaa me ma manhyia ɔhaw ahorow pii a awofo hyia nnɛ bere a wɔretete wɔn mma ma wɔabɛsom Yehowa no.

Eddie kɔɔ sukuu wɔ Camden kosii sɛ owiee sukuu afe a ɛto so awotwe no, na ɛno akyi no, ɔpɛe sɛ ɔne me yɛ akwampae adwuma no. Yɛde anigye bɔɔ mu yɛɛ akwampae adwuma no mfe kakra. Ɛno akyi no, n’ani begyee ho sɛ ɔbɛkɔ akɔyɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York no. Na ɔyɛɛ adwuma wɔ hɔ fii afe 1947 kosii afe 1957 mu. Wɔ afe 1958 mu no, ɔwaree Albertha a me ne no suaa Bible no, na ɔne no yɛɛ akwampae adwuma no. Hwɛ anigye a yenyae sɛ wɔ afe 2004 mu no, yɛn baasa nyinaa bɔɔ mu kɔɔ Akwampaefo Ɔsom Sukuu no bi!

Mekae sɛ, mfe pii a atwam mu no, metee sɛ me ba kumaa Bobby rebɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa me mma minnya sika ntɔ pɛtro ngu me kar mu nkɔ wɔn a me ne wɔn yɛ Bible adesua daa no nkyɛn. Bobby ani agye ɔsom adwuma no ho wɔ n’asetra mu bere nyinaa, na ɔde anigye ayɛ akwampae adwuma no mfe pii. Awerɛhosɛm ne sɛ, Bobby nso hyiaa asiane wɔ n’abusua mu. Wɔ afe 1970 mu no, ne yere a na waware no asram 22 pɛ no wui bere a ɔkɔɔ awo so no, na ne mma ntafo a ɔwoo wɔn no nso wui. Me ne Bobby atra borɔn biako so bere nyinaa, na eyi ama yɛn abusuabɔ mu akɔ so ayɛ den.

Meda so Ara Yɛ Ɔkwampaefo!

Wɔ afe 1962 mu no, wɔde mekɔɔ asafo a mewom seesei a ɛwɔ Lumberton, North Carolina no mu, na matwa mfe 45 wɔ ha. Mekɔɔ so kaa me kar no kosii sɛ midi boroo mfe 80. Seesei, Adansefo mmusua a wɔte bɛn me no mu biako na wɔde wɔn kar fa me kɔ asafo nhyiam ahorow ne asɛnka.

Ɛwom sɛ mewɔ poma ne mmubuafo akongua de, nanso memfa emu biara nyɛ hwee efisɛ m’ankasa mitumi nantew. Meda Yehowa ase sɛ mewɔ apɔwmuden, nnansa yi ara na m’ani rehaw me kakra. Mekɔ asafo nhyiam daa, gye ɛda a meyare paa, na meda so ara yɛ daa ɔkwampaefo a esiane m’ahoɔden a ɛso atew nti, asafo no ma mede nnɔnhwerew a m’ahoɔden betumi na ɛkɔ asɛnka.

Bɛboro mfe 70 a mede anigye ayɛ akwampae adwuma no, metumi aka no pen sɛ Yehowa aboa me wɔ m’asetra mu biribiara mu. * Minim sɛ meyɛ obi a m’adwene nkyere ade ntɛm, na saa ara nso na meyɛ odwumayɛni a me ho nyɛ hare de, nanso Yehowa nim nea metumi ayɛ ne nea merentumi nyɛ. Meda Yehowa ase paa sɛ onim sɛ merebɔ me ho mmɔden, na ɔde me ayɛ adwuma.

Minim sɛ m’ahoɔden nyinaa a mede resom Yehowa sɛnea metumi no ho hia, efisɛ nea yɛwɔ nyinaa yɛ Yehowa dea. Bere tenten a metumi ayɛ adwuma no, merenyɛ adwuma foforo biara ka akwampae adwuma no ho. Hokwan a ɛyɛ anigye bɛn na manya sɛɛ yi! Da biara, mpae a mebɔ ne sɛ Yehowa betumi de me ayɛ adwuma afebɔɔ.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 30 Onuawa Stigers wiee ne som adwuma wɔ asase so wɔ April 20, 2007, na ɛkaa asram abiɛsa pɛ ma anka odii mfe 100. Mfe pii a ɔde yɛɛ ɔsom adwuma no hyɛ yɛn nkuran, na ɛyɛ yɛn anigye sɛ wanya n’akatua wɔ soro.

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Me ne me kunu de kar yi yɛɛ akwampae adwuma no

[Mfonini wɔ kratafa 14]

Me ne me mma no wɔ afe 1941 mu

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Me ne Eddie ne Bobby nnansa yi ara