Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Akyɛde Kɛse a” Poland Nyae

“Akyɛde Kɛse a” Poland Nyae

“Akyɛde Kɛse a” Poland Nyae

WƆ July 6, 1525 no, Hohenzollern sodifo, Albrecht, kae sɛ wonnye Luther som ntom sɛ Ɔman no som. Enti saa bere no, Ducal Prussia a na ɛhyɛ Poland ahemman ase no bɛyɛɛ ɔman a edi kan wɔ Europa a egyee Martin Luther nkyerɛkyerɛ toom.

Ná Albrecht pɛ sɛ ɔde Königsberg a ɛyɛ East Prussia ahenkurow no yɛ beae titiriw ma Protestant som no. Obuee suapɔn wɔ kuropɔn no mu, na ɔmaa wotintim Luther nhoma wɔ kasa horow mu. Wɔ afe 1544 mu no, sodifo yi kae nso sɛ ɛsɛ sɛ wɔkenkan Kyerɛw Kronkron no kyerɛ Polandfo a wɔhyɛ n’ase no wɔ wɔn ankasa kasa mu ma wɔte ase. Nanso saa bere no, na Bible nkyerɛase biara nni Poland kasa mu.

Nkyerɛase a “Obiara Te Ase”

Nea ɛbɛyɛ a wobenya Bible no bi no, Albrecht fii ase hwehwɛɛ obi a obetumi ama wɔanya Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no wɔ Poland kasa mu. Wɔ bɛyɛ afe 1550 mu no, ɔfaa Jan Seklucjan a ɔyɛ nhomakyerɛwfo, nhomatɔnfo, ne nhomatintimfo sɛ ɔnyɛ saa adwuma no. Ná Seklucjan awie Leipzig Suapɔn, na na wagye din sɛ obi a ɔtrɛw Protestant nkyerɛkyerɛ mu de hyɛ Katolek Asɔre no abufuw. Nokwasɛm ne sɛ, esiane sɛ na wɔrehwehwɛ no adi n’asɛm sɛ ɔretrɛw ne som nkyerɛkyerɛ mu nti, na wadi kan aguan kɔ Königsberg.

Ná Jan Seklucjan ani gye ho sɛ ɔbɛma wɔanya Kyerɛwnsɛm no wɔ Poland kasa mu. Bere a wɔde adwuma no hyɛɛ Seklucjan nsa afe pɛ akyi no, otintim Mateo Asɛmpa no dodow bi a edi kan. Ná nkyerɛkyerɛmu a emu dɔ ne nsɛm a ɛhyehyɛ Bible yi ano ka ho a ebetumi ama wɔakyerɛ emu nsɛm bi ase wɔ ɔkwan foforo so. Ɛno akyi bere tiaa bi no, Seklucjan hwɛ ma wotintim Bible no a na Nsɛmpa anan no nyinaa wom. Mfe abiɛsa pɛ ntam no, na watintim Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no nyinaa awie.

Nsɛm asekyerɛfo no hwehwɛɛ Hela nkyerɛwee afoforo mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nkyerɛase a ɛyɛ pɛpɛɛpɛ. Bio nso, nnianim nsɛm a ɛwɔ Bible a wotintim no afe 1551 mu no kae sɛ, wɔhwehwɛɛ Latin nkyerɛase ahorow ne “nkyerɛase ahorow a ɛwɔ kasa afoforo” mu no mu. Stanisław Rospond kaa nkyerɛase yi ho asɛm wɔ ne nhoma mu sɛ, “wɔkyerɛw no wɔ ɔkwan a ɛyɛ fɛ na emu da hɔ so.” (Studies on the Polish Language of the 16th Century) Rospond ka sɛ nsɛm asekyerɛfo no amfa “nsɛm a asete yɛ den” anni dwuma. Mmom no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔde Poland nsɛmfua a “ɛba fam a obiara te ase” bɛyɛ adwuma.

Ɛwom sɛ Seklucjan na ɔhwɛɛ adwuma yi so de, nanso adanse kyerɛ sɛ ɛnyɛ ɔno na ɔkyerɛɛ ase. Ɛnde na hena ne nhomanimfo a ɔkyerɛɛ ase no? Ɛbɛyɛ sɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Stanisław Murzynowski a na wadi bɛyɛ mfe 23 no na Seklucjan faa no ma ɔyɛɛ adwumaden yi.

Wɔwoo Murzynowski wɔ akuraa bi ase, nanso onyin duu baabi no, ne papa de no kɔɔ Königsberg ma okosuaa Hela ne Hebri kasa. Ɛno akyi no, Murzynowski kɔɔ Wittenberg Suapɔn a ɛwɔ Germany, na ɛbɛyɛ sɛ ɛhɔ na ohyiaa Martin Luther. Sukuuni aberante yi tiee Philipp Melanchthon nkyerɛkyerɛ, na akyinnye biara nni ho sɛ ɔboaa no ma ohuu Hela ne Hebri kasa yiye. Murzynowski kɔɔ Italy kɔtoaa n’adesua so, na owiei no, ɔsan kɔɔ Königsberg de ne nimdeɛ no kɔboaa Sodifo Albrecht.

Maria Kossowska kyerɛw wɔ ne nhoma mu sɛ, “Murzynowski de nsi yɛɛ adwuma no yiye, nanso wampɛ sɛ ogye din, onya dibea a ɛkorɔn, anaa ɔbɛma wɔde ne din ahyɛ kratafa a Bible no din wɔ no.” (The Bible in the Polish Language) Nokwarem no, aberante yi kyerɛw n’ankasa nimdeɛ ho asɛm sɛ: “Minnim Latin anaa Poland kasa mu biara kyerɛw yiye.” Ɛmfa ho sɛ na Murzynowski nnye ne ho nni pii no, odii akoten wɔ Onyankopɔn Asɛm a wɔmaa Polandfo nsa kae no mu. Seklucjan a na ɔka ne ho no kaa nkyerɛase a wɔyɛe no ho asɛm sɛ ɛyɛ “akyɛde kɛse a” Poland nyae.

Akyɛde a Ɛsen Biara no mu Biako

Efi bere a wɔyɛɛ Bible nkyerɛase wɔ Poland kasa mu nea edi kan no, wɔayɛ afoforo pii aka ho. Wɔ afe 1994 mu no, woyii Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm Wiase Foforo Nkyerɛase no adi, na woyii New World Translation of the Holy Scriptures mũ no nyinaa adi wɔ Poland kasa mu wɔ afe 1997 mu. Nsɛm asekyerɛfo a wɔmpɛ sɛ wogye din no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm ase pɛpɛɛpɛ, na bere koro no ara nso wɔamfa kasa a na wɔde di dwuma tete no ankyerɛ ase, na mmom wɔde kasa a obiara te ase nnɛ na edii dwuma.

Ɛnnɛ wɔakyerɛ Bible mũ no anaa ne fã bi ase kɔ kasa bɛyɛ 2,400 mu. Sɛ wowɔ Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛ ase pɛpɛɛpɛ wɔ wo kurom kasa mu a, bu no sɛ akyɛde a ɛsen biara no mu biako a wubetumi anya afi Yehowa Nyankopɔn hɔ ma akyerɛ wo kwan.—2 Timoteo 3:15-17.

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Stanisław Murzynowski a ɔkyerɛɛ “Apam Foforo” no ase kɔɔ Poland kasa mu no abo nkaedum

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Mateo nhoma no ti 3 a Stanisław Murzynowski kyerɛɛ ase

[Asɛm Fibea]

Dzięki uprzejmości Towarzystwa Naukowego Płockiego