Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Akyerɛw Sɛnea Na Ɛho Hia Wɔ Tete Israel

Akyerɛw Sɛnea Na Ɛho Hia Wɔ Tete Israel

Akyerɛw Sɛnea Na Ɛho Hia Wɔ Tete Israel

SO WOAKENKAN tete Helafo anwensɛm abien, Iliad anaa Odyssey, a agye din paa no mu nsɛm no bi pɛn? Wɔkyerɛ sɛ wɔkyerɛw anwensɛm yi bɛyɛ mfe 2,700 a atwam ni. Sɛ yɛde Bible a wodii kan kyerɛw no mfe pii ansa na wɔrekyerɛw anwensɛm yi toto ho a, ɛte dɛn? Bible ho nhoma bi ka sɛ: “Anyɛ yiye koraa no, nhoma ahorow ne tete nkyerɛwee bɛboro 429 di Bible no ho adanse. Esiane sɛ nhoma biako pɛ na edi Iliad no ho adanse, na nhoma biara nni Odyssey no ho adanse nti, yetumi hu sɛ Bible no da nsow.”—The Jewish Bible and the Christian Bible.

Fam tutufo nhoma bi ka sɛ, “ɛte sɛ nea na akyerɛw yɛ ade titiriw wɔ tete Israelfo som mu.” (The Oxford Encyclopedia of Archaeology in the Near East) Sɛ nhwɛso no, wɔkyerɛw Mmara apam no, na akyiri yi na wɔtaa kenkan kyerɛ mmarima, mmea, ne mmofra. Ná nnipakuw anaa ankorankoro nso kenkan, na wosua. Bere a Alan Millard a ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo panyin wɔ Liverpool Suapɔn mu no susuw Mmara no ho nneɛma bi ho no, ɔkae sɛ: “Ɛda adi sɛ na Bible akyerɛwfo no susuw sɛ na Israelfo dodow no ara nim akenkan ne akyerɛw.”—Deuteronomium 31:9-13; Yosua 1:8; Nehemia 8:13-15; Dwom 1:2.

Ɔsomafo Paulo ka sɛnea ɛsɛ sɛ Kristofo bu nkyerɛwee kronkron no ho asɛm sɛ: “Biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw ama yɛn nkyerɛkyerɛ, na yɛnam yɛn boasetɔ ne Kyerɛwnsɛm no mu awerɛkyekye so anya anidaso.” So w’ankasa wokenkan Bible no daa de kyerɛ ho anisɔ?—Romafo 15:4.