Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Biribi Wɔ Hɔ A Ɛnyɛ Obi Na Ɔyɛe?

Biribi Wɔ Hɔ A Ɛnyɛ Obi Na Ɔyɛe?

Biribi Wɔ Hɔ A Ɛnyɛ Obi Na Ɔyɛe?

BƐYƐ mfe 150 ni na Charles Darwin kyerɛe sɛ adannandi na ama abɔde a nkwa wom ho nsɛm dɔɔso na egu ahorow. Nanso wɔn a wɔhwɛ sɛnea wɔahyehyɛ abɔde a nkwa wom pɛpɛɛpɛ ma ɛyɛ nwonwa no gye di sɛ obi na ɔhyɛɛ da bɔe, na wɔkasa tia Darwin adannandi nkyerɛkyerɛ ne ne nkyerɛkyerɛmu a egu ahorow nnɛ no. Nyansahufo binom a wogye wɔn tom paa no mpo nnye nni sɛ adannandi na ama nneɛma a nkwa wom gu ahorow pii wɔ asase so no.

Nyansahufo yi mu bi nnye nni sɛ nneɛma a nkwa wom no bae ara kwa na mmom wogye di sɛ wɔhyɛɛ da yɛe, na wɔka sɛ nneɛma a nkwa wom ho adesua, akontaabu ne nyansa a nnipa wɔ foa so sɛ wɔhyɛɛ da yɛɛ nneɛma a nkwa wom. Wɔpɛ sɛ sukuufo de eyi ka nyansahu ho nneɛma a wosua wɔ sukuu mu no ho. United States paa na wogye adannandi ho akyinnye, nanso akyinnyegye a ɛte saa ara rekɔ so wɔ England, Netherlands, Pakistan, Serbia, ne Turkey.

Wɔayi Biribi Afi mu a Ɛyɛ Den sɛ Wɔbɛte Ase

Mpɛn pii no, bere a wɔka sɛ wɔhyɛɛ da yɛɛ biribiara no, wogyaw biribi a ɛho hia paa wom. Ɛne sɛ wɔmmɔ ɔyɛfo biara din. Wugye di sɛ biribi wɔ hɔ a ɛnyɛ obi na ɔyɛe? Nsɛmma nhoma bi bɔɔ amanneɛ sɛ, wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔhyɛɛ da yɛɛ nneɛma a nkwa wom no “mmɔ onii pɔtẽẽ a ebia a ɔyɛe no din.” (The New York Times Magazine) Nhomakyerɛwfo Claudia Wallis kae sɛ, wɔn a wogye tom sɛ wɔhyɛɛ da yɛɛ nneɛma a nkwa wom no “hwɛ yiye sɛ wɔremfa Onyankopɔn mma asɛm no mu.” Newsweek nsɛmma nhoma no nso kae sɛ “wɔn a wogye tom sɛ wɔhyɛɛ da yɛɛ nneɛma a nkwa wom no nka sɛ ɔyɛfo bi wɔ hɔ na wɔnkyerɛ onipa ko a ɔyɛ nso.”

Nanso wubetumi ahu sɛ, ntease nnim sɛ yebeyi onii a ɔyɛɛ nneɛma no afi mu. Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi akyerɛkyerɛ nneɛma fɛfɛ a ɛwɔ amansan yi mu ne nkwa ankasa a ɛwom no mu ma atɔ asom bere a yennim onii a ɔyɛe anaa yensusuw ne ho no?

Ɔkwan bi so no, sɛ́ yebegye atom sɛ obi na ɔyɛɛ nneɛma anaa yɛrennye ntom no gyina nsɛmmisa yi so: Sɛ yegye tom sɛ obi a ɔkorɔn sen onipa a ɔyɛɛ nneɛma a nkwa wom wɔ hɔ a, so ɛremma nyansahu ne nimdeɛ nnya nkɔanim? Sɛ yɛhwehwɛ nkyerɛkyerɛmu a ɛtɔ asom na yɛannya a na yebegye atom sɛ obi wɔ hɔ a ɔyɛɛ nneɛma? Na so ntease wom sɛ yɛbɛhwɛ nneɛma a ɛwɔ hɔ na yɛaka sɛ ɔyɛfo bi wɔ hɔ? Asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛkyerɛ nsɛmmisa yi ne afoforo mu.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 3]

Ná Charles Darwin gye di sɛ adannandi na ama abɔde a nkwa wom ho nneɛma dɔɔso saa

[Asɛm Fibea]

Darwin: From a photograph by Mrs. J. M. Cameron/U.S. National Archives photo