Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kamfo Nneɛma A Wɔayɛ Sua Ɔyɛfo No Ho Ade

Kamfo Nneɛma A Wɔayɛ Sua Ɔyɛfo No Ho Ade

Kamfo Nneɛma A Wɔayɛ Sua Ɔyɛfo No Ho Ade

EBIA woate Italiani Michelangelo a na ɔyɛ odwumfo no ho asɛm pɛn. Nanso ebia wunhuu n’adwini no mu biara pɛn, na ebia wo ne adwinni ho abakɔsɛm kyerɛwfo a ɔfrɛɛ Italiani yi “odwumfo nwonwafo a obiara ne no nsɛ” no bɛyɛ adwene. Yɛrentumi nnye Michelangelo dom akyɛde a na ɔwɔ no ho kyim. Hena na ɔbɛkamfo Michelangelo adwinni na ɔrennye no ntom sɛ odwumfo a ne nsa ano adwuma yɛ fɛ?

Afei susuw abɔde a nkwa wom a egu ahorow a atwa yɛn ho ahyia a ɛkyere adwene no ho hwɛ. Ɛfata sɛ Amerika atesɛm krataa bi faa abɔde a nkwa wom ho ɔbenfo bi asɛm kae sɛ: “Abɔde a nkwa wom ho adesua ahorow bi ma ɛda adi sɛ obi na ɔyɛɛ nneɛma.” Ɔde kaa ho sɛ: “Abɔde pii a nkwa wom no ma yehu sɛ obi na ɔyɛe.” (The New York Times) So ntease wom sɛ yɛbɛkamfo nneɛma a wɔayɛ na yennye ntom sɛ obi na ɔyɛe?

Ɔsomafo Paulo a na ɔhwɛ nneɛma a atwa ne ho ahyia yiye no kaa wɔn a “wɔde nidi ne ɔsom kronn maa abɔde sen Ɔbɔadeɛ no” ho asɛm. (Romafo 1:25) Esiane sɛ adannandi nkyerɛkyerɛ no atrɛw nti, ebinom nnye ntom sɛ nneɛma a ɛwɔ hɔ no kyerɛ sɛ obi na ɔyɛe. So adannandi nkyerɛkyerɛ no wɔ nnyinaso wɔ nyansahu mu? Hyɛ asɛm a Christoph Schönborn, a ɔyɛ Katolek sɔfopɔn wɔ Vienna no kae no nsow: “Nkyerɛkyerɛ biara a ennye adanse pefee a ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ obi na ɔyɛɛ nneɛma a nkwa wom ntom no nni nnyinaso, na ɛnne nyansahu nhyia.”—The New York Times.

So Ɛbɛma Nyansahu Agu?

Ebinom te nka sɛ sɛ wogye tom sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ a, “ɛbɛma wɔagyae nyansahu mu nhwehwɛmu yɛ.” Asɛm bi a ɛwɔ nsɛmma nhoma bi mu foa eyi so bere a ɛka sɛ “nyansahu mu nhwehwɛmu nni awiei, enti sɛ wogye tom sɛ obi na ɔyɛɛ nneɛma a nkwa wom a, ɛbɛma nyansahu agu.” (New Scientist) So adwene a ɛte saa wɔ nnyinaso? Dabida. Nokwasɛm ne sɛ, ɛbɛma wɔayɛ nhwehwɛmu mmom. Dɛn ntia?

Sɛ yegye tom sɛ nneɛma bae ara kwa na ɛnam adannandi so na amansan yi ne nkwa a ɛwɔ asase so bae a, na ɛkyerɛ ankasa sɛ yɛmpɛ sɛ yenya nkyerɛkyerɛmu a ɛtɔ asom. Nanso sɛ yegye tom sɛ Ɔbɔadeɛ nyansafo bi na ɔbɔɔ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no a, ebetumi ama yɛahwehwɛ ne nyansa ne ɔkwan a ɔfa so de di dwuma a ɛda adi wɔ amansan yi mu no mu. Susuw eyi ho hwɛ: Ɛmfa ho sɛ adwinni ho abakɔsɛm akyerɛwfo nim sɛ Leonardo da Vinci na ɔyɛɛ “Mona Lisa” mfonini no, wonnyae sɛ wɔbɛhwehwɛ ɔkwan a ɔfaa so yɛe ne nneɛma a ɔde yɛe no mu. Saa ara na sɛ yegye tom sɛ obi na ɔyɛɛ nneɛma a nkwa wom a, ɛnsɛ sɛ ɛno bu yɛn abam sɛ yɛbɛhwehwɛ ne nneɛma a wayɛ ne n’abɔde mu.

Sɛ́ anka Bible no bɛka nyansahu mu nhwehwɛmu ahyɛ no, ɛboa ma wɔhwehwɛ nsɛmmisa a ɛfa nyansahu ne Onyankopɔn ho mu mmom. Ɔhene Dawid a ɔtraa ase tete no susuw sɛnea wɔyɛɛ ne nipadua ma ɛyɛɛ nwonwa no ho. Ɛno nti ɔkae sɛ: “Woyɛɛ me ma ɛyɛ hu ne nwonwa; wo nneyɛe yɛ nwonwa, na me kra nim saa yiye.” (Dwom 139:14) Nokwasɛm ne sɛ, Bible ka sɛ Ɔbɔadeɛ no bisaa tete agya Hiob sɛ: “Woahu asase trɛw mu anaa?” (Hiob 38:18) Ɛda adi sɛ eyi nkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ nhwehwɛmu. Mmom no, Ɔbɔadeɛ a ne ho akokwaw yi ka kyerɛɛ Hiob sɛ ɔnhwehwɛ ne nsa ano adwuma mu. Afei nso, susuw asɛm a odiyifo Yesaia kyerɛwee a ɛkyerɛ sɛ yensua Onii a ɔbɔɔ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no ho ade pii no ho hwɛ: “Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro, na monhwɛ nea ɔbɔɔ eyinom.” Nokwarem no, Yesaia 40:26 ma yehu sɛ obi a ɔwɔ ahoɔden ne tumi kɛse na ɔyɛɛ yɛn amansan yi. Saa nokwasɛm yi ne nhwehwɛmu a wɔayɛ wɔ nyansahu mu hyia.

Nokwarem no, ɛnyɛ bere nyinaa na wonya adebɔ ho nsɛmmisa ho mmuae ntɛm ara. Nea enti a eyi te saa ne sɛ, ɛnyɛ biribiara na yetumi te ase, na yɛnte wiase no mu biribiara ase nwie. Ná Hiob nim eyi. Ɔkamfoo Ɔbɔadeɛ a wama yɛn asase yi sɛn ahunmu na ɔde mununkum akata ho no. (Hiob 26:7-9) Nanso Hiob hui sɛ anwonwade a ɛte saa no yɛ ‘Ɔbɔadeɛ no akwan ano ano’ anaa ne nnwuma mu ketewaa bi pɛ. (Hiob 26:14) Akyinnye biara nni ho sɛ na Hiob pɛ sɛ osua nneɛma a atwa ne ho ahyia no ho ade. Dawid nso gye toom sɛ ɛnyɛ biribiara na onim bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Saa nimdeɛ yi yɛ me nwonwa dodo, ɛkɔ soro dodo, mintumi koraa.”—Dwom 139:6.

Sɛ yegye tom sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ a, ɛrenka nyansahu mu nhwehwɛmu nhyɛ. Nyansahu ne Onyankopɔn ho nimdeɛ pii a yebenya no ho nhwehwɛmu to rentwa da. Ɔhene bi a ɔtraa ase tete a na ɔwɔ nimdeɛ pii no fi ahobrɛase mu kyerɛwee sɛ: “Ɔde asetra a enni awiei ahyɛ nnipa adwenem, nanso nnipa ntumi nte Onyankopɔn nnwuma a wayɛ fi mfiase kosi awiei no ase.”—Ɔsɛnkafo 3:11, Holy Bible—New Life Version.

Sɛ Nyansahufo Ntumi Nkyerɛkyerɛ Mu a, Ɛnna Wɔdan Kɔ Onyankopɔn So?

Ebinom susuw sɛ, sɛ wɔannya nyansahu mu nkyerɛkyerɛmu a ɛtɔ asom a, ɛnna wɔde Onyankopɔn ba asɛm no mu. Ɔkwan foforo so no, nea wɔkyerɛ ne sɛ, sɛ wɔyɛ nhwehwɛmu na ankosi hwee a, wɔka sɛ Onyankopɔn na ɔyɛe. Dɛn ankasa na wɔhwehwɛ a wonhu a wɔka ho asɛm wɔ ha yi? So ɛyɛ nneɛma nketenkete a ɛho nhia ho nimdeɛ a yenni? Dabi, ɛyɛ nneɛma akɛseakɛse ankasa a ɛtɔ sin wɔ Darwin adannandi nkyerɛkyerɛ no mu. Ɛyɛ abɔde a nkwa wom ho nsɛntitiriw bi a adannandi ntumi nkyerɛkyerɛ mu. Nokwarem no, wɔn a wogye adannandi a enni nnyinaso tom no na wɔde Darwin adannandi nkyerɛkyerɛ no hyɛ nneɛma a nyansahu ntumi nkyerɛkyerɛ mu no ananmu.

Ɛnyɛ Ɔbɔadeɛ a Bible ka ne ho asɛm no ne Onyankopɔn a sɛ nyansahufo yɛ nhwehwɛmu na sɛ ankosi hwee a, wɔdan kɔ no so no. Mmom no, Ɔbɔadeɛ no dwumadi fa abɔde ho biribiara ho. Odwontofo no sii Yehowa adebɔ nyinaa so dua sɛ: “Wo nkyɛn na nkwa nsuti wɔ, wo hann mu na yehu hann.” (Dwom 36:9) Wɔka ne ho asɛm ma ɛfata sɛ Onii a ‘ɔyɛɛ soro ne asase ne po ne nea ɛwɔ mu nyinaa.’ (Asomafo Nnwuma 4:24; 14:15; 17:24) Enti ɛfata sɛ ɔkyerɛkyerɛfo bi a ɔtraa ase wɔ afeha a edi kan mu no kyerɛwee sɛ Onyankopɔn na “ɔbɔɔ nneɛma nyinaa.”—Efesofo 3:9.

Bio nso, Onyankopɔn na ɔhyehyɛɛ “ewim mmara,” mmara a edi abɔde ne tumi a ɛwɔ wim so a nyansahufo da so ara sua ho ade no. (Hiob 38:33) Nneɛma a wayɛ di mu na ɛwɔ atirimpɔw, na edi nea enti a ɔyɛɛ asase sɛ abɔde a nkwa wom a egu ahorow ntra so no ho dwuma.

Sɛnea Nyansa a Wɔde Bɔɔ Yɛn ma Yesusuw Nneɛma a Wɔayɛ Ho

Awiei koraa no, ɛho hia sɛ yesusuw nyansa a wɔde bɔɔ nnipa no ho. Bere a John Horgan a ɔkyerɛw nyansahu ho nsɛm no reka sɛnea nyansahu nkyerɛkyerɛ ahorow tɔ asom ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Sɛ yɛn adwene nsi yɛn pi wɔ nyansahu mu nhwehwɛmu bi ho a, ɛnsɛ sɛ yɛma ɛyɛ yɛn aniwu sɛ yɛbɛma nyansa a wɔde bɔɔ yɛn no akyerɛ yɛn kwan.”

So ntease wom ankasa sɛ yɛbɛka sɛ nkwa bae ara kwa? Ɛmfa ho sɛ adannandi nkyerɛkyerɛ no atrɛw no, mmadwemma pii a nyansahufo ka ho agye atom sɛ Ɔbɔadeɛ nyansafo bi wɔ hɔ. Nyansahu ho ɔbenfo bi ka sɛ “nnipa dodow no ara a wɔn adwenem da hɔ susuw sɛ obi na ɔyɛɛ nneɛma a nkwa wom nyinaa.” Dɛn ntia? Nnipa dodow no ara ne ɔsomafo Paulo bɛyɛ adwene wɔ asɛm a ɔkae yi ho: “Ofie biara obi na osi.” (Hebrifo 3:4) Afei Paulo toa so wɔ ɔkwan a ɛfata so sɛ: “Nea ɔyɛɛ nneɛma nyinaa ne Onyankopɔn.” Sɛnea Bible kyerɛ no, nyansa nnim sɛ yebegye atom sɛ obi na osii ofie bi na bere koro no ara yɛaka sɛ nkwaboaa a emu nneɛma dɔɔso no bae ara kwa.

Bible ka wɔn a wɔmpɛ sɛ wogye tom sɛ Ɔbɔadeɛ bi anaa Obi a Ɔyɛɛ Nneɛma wɔ hɔ no ho asɛm sɛ: “Ogyennyentwi se ne komam sɛ: Onyankopɔn bi nni hɔ.” (Dwom 14:1) Ɛha no, na Odwontofo no reka wɔn a wonnya nnye ntoom no anim. Ebia obi bedi n’ankasa nsusuwii akyi mmom sen sɛ obegye nokwasɛm ankasa atom. Nanso obi a ɔyɛ onyansafo a ɔwɔ nhumu no de ahobrɛase gye tom sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ.—Yesaia 45:18.

Mmadwemma pii ahu sɛ adanse pefee wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Ɔbɔadeɛ Pumpuni bi wɔ hɔ.

Wubetumi Ahu Nea Ɔyɛɛ Nneɛma No

Sɛ yehu sɛ wɔyɛɛ yɛn a, wɔyɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ dɛn? Dɛn nti na yɛte nkwa mu? Nyansahu nkutoo ntumi mma yennya nsɛmmisa a ɛte saa ho mmuae a ɛtɔ asom. Nanso ɛho hia sɛ yenya nsɛntitiriw yi ho mmuae a ɛtɔ asom. Bible betumi aboa kɛse wɔ eyi mu. Ɛma yehu sɛ Yehowa yɛ Ɔbɔadeɛ na onim nea enti a ɔyɛ biribiara. Kyerɛwnsɛm no ka Onyankopɔn atirimpɔw a ɔwɔ ma adesamma ho asɛm, na ɛma yenya daakye ho anidaso.

Ne nyinaa akyi no, hena ne Yehowa? Onyankopɔn bɛn na ɔyɛ? Yehowa Adansefo hyɛ wo nkuran sɛ hwehwɛ yɛn Yɛfo a ne ho akokwaw yiye a ɔwɔ hɔ ankasa no. Wubetumi ahu ne din na woasua ne su ahorow ne sɛnea ɔne adesamma di nsɛm no ho ade. Ɛdenam n’Asɛm Bible so no, wubehu nea enti a ɛsɛ sɛ yɛkamfo nneɛma a wayɛ a ɛyɛ nwonwa no na yɛsan hyɛ no anuonyam sɛ Ɔyɛfo.—Dwom 86:12; Adiyisɛm 4:11.

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Michelangelo

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 5]

Gye a yebegye adi sɛ obi na ɔyɛɛ nneɛma no ne nyansahu hyia

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Nneɛma a egu ahorow ne sɛnea etumi sakra ma ɛfata tebea horow no di adanse sɛ onyansafo bi na ɔyɛe

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

Biribiara nni hɔ a ɛnyɛ obi na ɔyɛe