Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kristosom Trɛw Kɔɔ Asia Kumaa

Kristosom Trɛw Kɔɔ Asia Kumaa

Kristosom Trɛw Kɔɔ Asia Kumaa

WƆ AFEHA a edi kan Y.B. no, Kristofo asafo pii nyaa nkɔso wɔ Asia Kumaa (fã kɛse no ara yɛ nnɛyi Turkey). Yudafo ne Amanaman mufo dodow no ara tiee Kristofo asɛm no. Bible mu nsɛm asekyerɛ nhoma bi ka sɛ: “Siria ne Palestina akyi no, Asia Kumaa ha na Kristosom dii kan trɛw kɛse.”

Sɛ yebetumi ate sɛnea Kristosom trɛwee wɔ Asia Kumaa no ase yiye a, gye sɛ yɛboaboa nsɛm a efi mmeae afoforo ano. Ma yɛnhwɛ sɛnea yebetumi anya nsɛm a yebesusuw ho yi so mfaso.

Kristofo a Wodi Kan wɔ Asia Kumaa

Ade titiriw a edi kan a ɛmaa Kristosom trɛwee wɔ Asia Kumaa no fii ase wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu, bere a nnipadɔm a wɔka kasa horow a Yudafo a wɔnte Palestina ne wɔn a wɔasakra aba Yudasom mu ka ho behyiaa mu wɔ Yerusalem no. Yesu asomafo no kaa asɛmpa no kyerɛɛ ahɔho yi. Abakɔsɛm kyerɛ sɛ na ebinom fi Kapadokia, Ponto ne Asia mpɔtam, * Frigia ne Pamfilia—mmeae a na ɛbom yɛ Asia Kumaa fã kɛse no. Nnipa bɛyɛ 3,000 tiee Kristofo asɛm no na wɔbɔɔ asu. Bere a wɔkɔɔ wɔn kurom no, wɔde gyidi foforo a wɔanya no kɔe.—Asomafo Nnwuma 2:5-11, 41.

Yɛsan nya nsɛm foforo fi ɔsomafo Paulo asɛmpatrɛw akwantu a ɔde kɔɔ Asia Kumaa a ɛho nsɛm wɔ Bible mu no mu. Wɔ Paulo akwantu a edi kan a efii ase bɛyɛ afe 47 ne 48 Y.B. ntam hɔ mu no, ɔne n’ahokafo faa po so fii Kipro kɔɔ Asia Kumaa, na wokosii Perge (Perga) wɔ Pamfilia. Woduu Antiokia Pisidia no, sɛnea wɔn asɛnka adwuma no tuu mpɔn no maa Yudafo no ani beree wɔn, na wɔsɔre tiaa wɔn. Bere a Paulo de n’ani kyerɛɛ Ikoniom a ɛda Antiokia anafo fam apuei no, Yudafo afoforo bɔɔ pɔw sɛ wɔbɛyɛ asɛmpatrɛwfo no basabasa. Mfiase no, nnipa a wɔbɛn Listra a Paulo asɛm no kaa wɔn koma no kae sɛ Paulo yɛ onyame bi. Nanso bere a Yudafo asɔretiafo a wofi Antiokia ne Ikoniom bae no, kurom hɔfo no siw Paulo abo, na wogyaw no hɔ susuwii sɛ wawu! Asɛm yi akyi no, Paulo ne Barnaba toaa wɔn akwantu no so kɔɔ Derbe a ɛhyɛ Galatia a na Romafo di so no ase, baabi a na ɛhɔfo ka Likaonia kasa no. Wɔhyehyɛɛ asafo ahorow, na wɔpaw mpanyimfo wom. Enti ɛda adi sɛ wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu akyi mfe 15 no, na Kristosom ase atim yiye wɔ Asia Kumaa.—Asomafo Nnwuma 13:13–14:26.

Wɔ Paulo asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abien a efii ase bɛyɛ afe 49 kosi 52 Y.B. mu no, Paulo ne n’ahokafo no dii kan tuu kwan kɔɔ Listra, na ɛbɛyɛ sɛ otwaam wɔ ne kurom Tarso a ɛwɔ Kilikia. Bere a Paulo san kɔsraa anuanom a wɔwɔ Listra wiei na ɔretoa so akɔ atifi fam no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ‘ɔbɛka asɛm’ no wɔ Bitinia ne Asia mantam mu. Nanso honhom kronkron amma kwan. Ná wɔbɛka asɛm no wɔ saa mmeae no akyiri yi. Mmom no, Onyankopɔn kyerɛɛ Paulo kwan ma ɔfaa Asia Kumaa atifi atɔe fam kɔɔ Troa a ɛda mpoano no. Ɛno akyi no, wɔnam anisoadehu so ka kyerɛɛ Paulo sɛ ɔnkɔka asɛmpa no wɔ Europa.—Asomafo Nnwuma 16:1-12; 22:3.

Wɔ Paulo asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abiɛsa a efii ase wɔ bɛyɛ afe 52 kosi 56 Y.B. mu no, ɔsan faa Asia Kumaa koduu Efeso, a ɛyɛ hyɛn gyinabea titiriw wɔ Asia no. Ná wadi kan agyina hɔ dedaw bere a ɔresan n’akyi aba wɔ n’asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abien mu no. Ná Kristofo kuw bi a wɔyɛ nsi wɔ saa kurow no mu, na Paulo ne n’ahokafo no ne wɔn bɔe bɛyɛ mfe abiɛsa. Wohyiaa nsɛnnennen ne asiane pii saa bere no, na emu bi ne sakasaka a dwetɛ adwumfo a wɔwɔ Efeso ma ɛsɔree sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn adwuma a ɛma wonya mfaso kɛse no mmɔ wɔn.—Asomafo Nnwuma 18:19-26; 19:1, 8-41; 20:31.

Ɛda adi sɛ asɛmpatrɛw adwuma a wɔyɛe wɔ Efeso no boaa nnipa pii. Asomafo Nnwuma 19:10 ka sɛ: “Wɔn a wɔte Asia mpɔtam nyinaa tee Awurade asɛm no, Yudafo ne Helafo nyinaa.”

Nea Ɛkɔɔ so wɔ Asia Kumaa

Aka kakra ma Paulo afi Efeso no, ɔkyerɛw Korintofo no sɛ: “Asafo ahorow a ɛwɔ Asia no kyia mo.” (1 Korintofo 16:19) Asafo ahorow bɛn na na ɛwɔ Paulo adwenem? Ɛbɛyɛ sɛ na asafo ahorow a ɛwɔ Kolose, Laodikea, ne Hierapoli no ka ho. (Kolosefo 4:12-16) Nhoma bi a ɛfa Paulo ho ka sɛ: “Ɛte sɛ nea ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ asɛmpatrɛw adwuma a efii ase wɔ Efeso no na ɛma wɔkyekyee nkurow wɔ Smirna, Pergamo, Sardi, ne Filadelfia. . . . Ná nkurow yi mu biara nni hɔ a efi Efeso kɔ hɔ no boro kwansin 120, na na akwan a ɛkɔ nkurow yi mu yɛ papa.”—Paul—His Story.

Enti eduu Pentekoste 33 Y.B. mu akyi bɛyɛ mfe 20 no, na wɔahyehyɛ asafo ahorow wɔ Asia Kumaa anafo ne atɔe fam. Na mmeae afoforo a ɛwɔ mantam no mu nso ɛ?

Wɔn a Petro Kyerɛw Nkrataa Kɔmaa Wɔn

Mfe bi akyi bɛyɛ afe 62 kosi 64 Y.B. mu no, honhom kaa ɔsomafo Petro ma ɔkyerɛw ne krataa a edi kan. Ɔkyerɛw kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia, ne Bitinia. Petro krataa a ɔkyerɛwee no da adi sɛ ɛbɛyɛ sɛ na Kristofo asafo ahorow wɔ mmeae yi, na otuu mpanyimfo a wɔwɔ mu no fo sɛ ‘wɔnhwɛ Nyankopɔn nguankuw no so.’ Bere bɛn na wɔhyehyɛɛ asafo ahorow yi?—1 Petro 1:1; 5:1-3.

Ná Paulo aka asɛm no akyerɛ nnipa a wɔte mmeae te sɛ Asia ne Galatia a Petro kyerɛw krataa kɔmaa wɔn no. Nanso na ɔnkaa asɛm no wɔ Kapadokia ne Bitinia. Bible nka nea ɛyɛe a Kristosom trɛw kɔɔ mmeae yi, nanso ebetumi aba sɛ Yudafo anaa wɔn a na wɔasakra aba Yudasom mu a na wɔwɔ Yerusalem wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu a akyiri yi wɔkɔɔ wɔn kurom no, na wɔde kɔe. Sɛ́ ɛte saa anaa ɛnte saa no, wɔ Pentekoste akyi bɛyɛ mfe 30, bere a Petro kyerɛw ne nkrataa no, ɛbɛyɛ sɛ na asafo ahorow “wowɔ Asia Kumaa nyinaa,” sɛnea nhomanimfo bi kae no.

Asafo Ahorow Ason a Ɛwɔ Adiyisɛm Nhoma no Mu

Romafo so atua a Yudafo tewee no na ɛma wɔsɛee Yerusalem wɔ afe 70 Y.B. mu. Ebetumi aba sɛ Yudafo a na wɔyɛ Kristofo no mu binom kopuee Asia Kumaa. *

Bere a afeha a edi kan Y.B. rekɔ n’awiei no, Yesu Kristo nam ɔsomafo Yohane so de nkrataa kɔmaa asafo ahorow ason wɔ Asia Kumaa. Nkrataa yi a wɔde kɔmaa asafo ahorow a ɛwɔ Efeso, Smirna, Pergamo, Tiatra, Sardi, Filadelfia, ne Laodikea no ma yehu sɛ na Kristofo a wɔwɔ mmeae a ɛwɔ Asia Kumaa yi rehyia ɔhaw ahorow te sɛ ɔbrasɛe, ɔsom mu mpaapaemu, ne ɔwae.—Adiyisɛm 1:9, 11; 2:14, 15, 20.

Wofi Wɔn Kra Nyinaa mu de Ahobrɛase Resom

Ɛda adi sɛ nsɛm pii wɔ hɔ a yennim wɔ sɛnea Kristosom trɛwee wɔ afeha a edi kan no mu sen nea yɛkenkan wɔ Asomafo Nnwuma mu no. Ɔsomafo Petro ne ɔsomafo Paulo a wonim wɔn yiye no nnwuma titiriw na ɛwɔ Asomafo Nnwuma no mu, nanso na ebinom a wonnim wɔn reka asɛm no wɔ mmeae afoforo. Nsɛm a esisii wɔ Asia Kumaa no di adanse sɛ tete Kristofo no dii Yesu ahyɛde yi so: “Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo.”—Mateo 28:19, 20.

Saa ara na nnɛ, Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa adwuma a wɔde nokwaredi reyɛ no kakraa bi ho nsɛm na wɔn nuanom a wɔwɔ aman horow so no te. Sɛnea na wonnim asɛmpakafo anokwafo dodow no ara a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu wɔ Asia Kumaa yiye no, saa ara na ɛnnɛ nso wonnim wɔn a wɔreka asɛmpa no mu dodow no ara yiye. Ne nyinaa akyi no, wɔn nso nya adwuma a wɔreyɛ no so akatua, na wonya akomatɔyam ankasa efisɛ wonim sɛ wɔatu wɔn ho ama reyɛ adwuma a ebegye afoforo nkwa.—1 Timoteo 2:3-6.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 5 Wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm mu ne asɛm yi mu no, “Asia” a wɔreka ho asɛm yi yɛ Roma mantam a ɛtrɛw fa Asia Kumaa atɔe fam no, na ɛnyɛ Asia asasepɔn no.

^ nky. 17 Abakɔsɛm kyerɛwfo Eusebius (260-340 Y.B.) ka sɛ ansa na afe 66 Y.B. reba no, “na nkurɔfo de wɔn ani asi asomafo no so sɛ wobekum wɔn, enti woguan fii Yudea. Nanso nea ɛbɛyɛ na wɔaka asɛm no, wɔnam Kristo tumi so tutuu akwan kɔɔ baabiara.”

[Adaka wɔ kratafa 11]

SƐNEA NA WOBU TETE KRISTOFO WƆ BITINIA NE PONTO

Ná Bitinia ne Ponto mantam no da Po Tuntum no ano wɔ Asia Kumaa. Nsɛm a Pliny Kumaa a na ɔyɛ amrado wɔ Bitinia kyerɛw kɔmaa Roma Ɔhempɔn Trajan no ma yehu sɛnea na asetra te yiye wɔ ɔmantam yi mu.

Bere a Petro kyerɛw nkrataa kɔmaa asafo ahorow a ɛwɔ ɔmantam yi mu akyi bɛyɛ mfirihyia 50 no, Pliny bisaa Trajan sɛ ɔnkyerɛ no ɔkwan a ɔmfa Kristofo no mfa so. Pliny kyerɛwee sɛ: “Minhuu sɛnea wɔredi Kristofo asɛm da. Enti minnim asotwe ko a wɔtaa de ma wɔn. Wɔde nnipa pii a ɛsono wɔn mfe ne wɔn dibea, mmarima ne mmea nyinaa ba bedi wɔn asɛm, na ebia ɛbɛkɔ so saa ara. Ɛnyɛ nkurow akɛse mu nko na ɔsom tantan yi atrɛw, na mmom atrɛw wɔ nkurow nketewa ne nkuraase nso.”

[Nsɛm a wɔahyehyɛ/​Asase mfonini wɔ kratafa 9]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

PAULO AKWANTU

Asɛmpatrɛw Akwantu a Edi Kan

KIPRO

PAMFILIA

Perge

Antiokia (Pisidia)

Ikoniom

Listra

Derbe

Asɛmpatrɛw Akwantu a Ɛto so Abien

KILIKIA

Tarso

Derbe

Listra

Ikoniom

Antiokia (Pisidia)

FRIGIA

GALATIA

Troa

Asɛmpatrɛw Akwantu a Ɛto so Abiɛsa

KILIKIA

Tarso

Derbe

Listra

Ikoniom

Antiokia (Pisidia)

Efeso

ASIA

Troa

[Asafo ahorow ason]

Pergamo

Tiatira

Sardi

Smirna

Efeso

Filadelfia

Laodikea

[Mmeae foforo]

Hierapoli

Kolose

LIKIA

BITINIA

PONTO

KAPADOKIA

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Antiokia

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Troa

[Asɛm Fibea]

© 2003 BiblePlaces.com

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Efeso adehwɛbea.—Asomafo Nnwuma 19:29

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Seus afɔremuka a esi Pergamo no fapem. Kristofo a na wɔte saa kurow yi mu no traa ‘baabi a na Satan ahengua si.’—Adiyisɛm 2:13

[Asɛm Fibea]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.