Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛ Yegyina Amanehunu Ano a, Yebetumi Anya So Mfaso

Sɛ Yegyina Amanehunu Ano a, Yebetumi Anya So Mfaso

Sɛ Yegyina Amanehunu Ano a, Yebetumi Anya So Mfaso

“Yebu wɔn a wɔagyina mu no anigyefo.”—YAKOBO 5:11.

1, 2. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na Yehowa mpɛ sɛ onipa behu amane?

ONIPA a n’adwenem da hɔ biara nni hɔ a ɔpɛ sɛ ohu amane; saa ara nso na yɛn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn mpɛ sɛ nnipa hu amane. Sɛ yɛhwehwɛ n’Asɛm a efi ne honhom mu no mu, na yɛhwɛ nea ɛkɔɔ so bere a ɔbɔɔ ɔbarima ne ɔbea no a, yebetumi ahu eyi. Onyankopɔn dii kan bɔɔ ɔbarima. “[Yehowa, NW] Nyankopɔn de fam dɔte nwenee onipa, na ohuw nkwa home guu ne hwene mu, na onipa yɛɛ ɔkra teasefo.” (Genesis 2:7) Ná Adam di mu wɔ nipaduam ne adwenem, na na ɔrenyare na wawu.

2 Ná Adam asetram te dɛn? “[Yehowa, NW] Nyankopɔn yɛɛ turo bi wɔ Eden a ɛwɔ apuei fam, na ɔde onipa a ɔnwenee no no traa hɔ. Na [Yehowa, NW] Nyankopɔn maa nnua ahorow nyinaa a wɔhwɛ a, ɛyɛ fɛ, na eye sɛ wodi fifii asase no so.” (Genesis 2:8, 9) Nokwarem no, na Adam wɔ asetra a anigye wom. Ná amanehunu biara nni Eden.

3. Hokwan bɛn na na nnipa baanu a wodi kan no wɔ?

3 Genesis 2:18 ka kyerɛ yɛn sɛ: “[Yehowa, NW] Nyankopɔn kae sɛ: Enye sɛ onipa nko tra, mɛyɛ ne sɛso boafo mama no.” Yehowa bɔɔ ɔyere a ɔyɛ pɛ maa Adam, sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi anya abusua asetra a anigye wom. (Genesis 2:21-23) Bible ka bio sɛ: “Onyankopɔn hyiraa wɔn, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma, na monhyɛ so.” (Genesis 1:28) Ná nnipa baanu a wodi kan no benya hokwan fɛfɛ atrɛw Paradise a na ɛwɔ Eden no mu kosi sɛ asase nyinaa bɛdan paradise. Ná wɔbɛwo mma a wɔwɔ anigye a wɔrenhu amane. Mfiase pa bɛn ara ni!—Genesis 1:31.

Amanehunu Mfiase

4. Efi tete no, tebea bɛn na ɛda adi sɛ nnipa afa mu?

4 Nanso sɛ yɛhwɛ tebea a nnipa afa mu fi tete a, ɛda adi sɛ biribi ankɔ yiye koraa. Nneɛma bɔne akɔ so, na adesamma ahu amane kɛse. Mfe pii a atwam ni no, Adam ne Hawa asefo nyinaa ayare, wɔanyinyin, na awiei koraa no wɔawuwu. Yɛrentumi nka sɛ asase no ayɛ paradise a nnipa a wɔwɔ anigye te so. Romafo 8:22 ka tebea no ho asɛm yiye sɛ: “Abɔde nyinaa kɔ so penepene, na wohu amane besi nnɛ.”

5. Dɛn na yɛn awofo a wodi kan no yɛe a ɛkɔfaa amanehunu baa adesamma so?

5 Yɛrentumi mfa amanehunu bebrebe a adesamma ahyia mfe pii ni no ho asodi nto Yehowa so. (2 Samuel 22:31) Ɛsɛ sɛ yɛde asodi no bi to nnipa so. “Wɔasɛe wɔn nneyɛe ayɛ no akyide, obi nni hɔ a ɔyɛ papa.” (Dwom 14:1) Yɛn awofo a wodi kan no nyaa mfiase pa. Nea na ehia sɛ Adam ne Hawa yɛ na wɔakɔ so anya asetra pa a ɛte saa ne sɛ wɔbɛyɛ osetie ama Onyankopɔn, nanso wɔtwee wɔn ho fii Yehowa ho. Esiane sɛ yɛn awofo a wodi kan no twee wɔn ho fii Yehowa ho nti, na wɔrenkɔ so nyɛ pɛ bio. Ná wobenyinyin ayɛ mmerɛw na wɔawuwu. Wɔde saa sintɔ no awo yɛn.—Genesis 3:17-19; Romafo 5:12.

6. Dɛn na Satan yɛe ma amanehunu fii ase?

6 Honhom abɔde a ɔbɛyɛɛ Satan Ɔbonsam no nso ka ho bi na amanehunu no nyinaa fii ase. Wɔmaa no hokwan a na obetumi apaw nea ɔpɛ. Nanso, esiane sɛ na ɔpɛ sɛ wɔsom no nti, wamfa hokwan no anni dwuma yiye. Yehowa nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛsom no, na ɛnyɛ n’abɔde. Ɛyɛ Satan na ɔdaadaa Adam ne Hawa ma wɔtwee wɔn ho fii Yehowa ho, te sɛ nea sɛ wɔyɛ saa a ɛbɛma wɔabɛyɛ “sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.”—Genesis 3:5.

Yehowa Nkutoo na Ɔwɔ Hokwan sɛ Odi Tumi

7. Dɛn na ɔhaw a afi atua a wɔtew tiaa Yehowa mu aba no ama ada adi?

7 Ɔhaw a afi atuatew mu aba no da adi sɛ Amansan Hene Yehowa nkutoo na ɔwɔ hokwan sɛ odi tumi, na ne nniso nkutoo na ɛteɛ. Mfe mpempem pii a atwam no ama yɛahu sɛ Satan a ɔbɛyɛɛ “wiase yi sodifo” no ama nniso bɔne a awudisɛm ahyɛ mu ma aba, na ɛmmoaa nnipa koraa. (Yohane 12:31) Nnipa nniso bɔne a ɛhyɛ Satan ase a atra hɔ fi bere tenten no nso ma yehu sɛ wonni tumi a wɔde bedi nnipa so wɔ trenee mu. (Yeremia 10:23) Enti Yehowa nniso akyi no, nniso biara a nnipa susuw sɛ wobetumi de aba no renkosi hwee. Nea akɔ so fi tete no ma yehu sɛ eyi yɛ nokware turodoo.

8. Dɛn na Yehowa bɛyɛ wɔ nnipa nniso ahorow nyinaa ho, na ɔbɛyɛ dɛn adi ho dwuma?

8 Seesei a Yehowa ama nnipa kwan mfe mpempem pii sɛ wɔmfa nsɔ nniso a wɔn ankasa pɛ nhwɛ no, sɛ oyi nniso ahorow no nyinaa fi asase so na ɔde ɔno ara ne nniso si ananmu a, odi bem. Nkɔmhyɛ bi a ɛfa eyi ho ka sɛ: “Ahene no [nnipa nniso] nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni [ne soro nniso a ɛhyɛ Kristo nsa] a wɔrensɛe no da, . . . na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.” (Daniel 2:44) Adaemone ne nnipa nniso befi hɔ, na Onyankopɔn soro Ahenni no nkutoo na ɛbɛka a ebedi asase so. Kristo na ɔbɛyɛ Ɔhene, na ɔne nnipa anokwafo 144,000 a wɔafa wɔn afi asase so no bebom adi hene.—Adiyisɛm 14:1.

Yebetumi Anya Amanehunu so Mfaso

9, 10. Dɛn na Yesu sua fii amane a ohui no mu?

9 Ɛbɛyɛ papa sɛ yɛhwehwɛ nea ɛbɛma wɔn a wobedi ade wɔ ɔsoro Ahenni no mu afata mu. Nea edi kan no, Kristo Yesu kyerɛe sɛ ɔfata sɛ odi Hene. Ɔde mfe pii a yennim ano ne Yehowa boom yɛɛ adwuma de yɛɛ n’Agya apɛde sɛ Ne ‘dwumayɛni a ne ho akokwaw.’ (Mmebusɛm 8:22-31, NW) Bere a Yehowa somaa Yesu sɛ ɔmmra asase so no, Yesu fi ne pɛ mu yɛɛ saa. Ɔbaa asase so no, ɔkaa Yehowa tumidi ne n’Ahenni ho asɛm titiriw kyerɛɛ afoforo. Yesu brɛɛ ne ho ase koraa hyɛɛ Yehowa tumidi ase de yɛɛ nhwɛso pa maa yɛn nyinaa.—Mateo 4:17; 6:9.

10 Wɔtaa Yesu, na awiei koraa wokum no. Bere a na ɔreyɛ ne som adwuma no, otumi huu tebea bɔne a na adesamma wom no. So osuaa biribi fii tebea bɔne a ohui sɛ nkurɔfo wom ne amane a n’ankasa hui no mu? Yiw. Hebrifo 5:8 ka sɛ: “Ɛwom sɛ na ɔyɛ [Onyankopɔn Ba] de, nanso osuaa osetie fii amane a ohui no mu.” Nneɛma a Yesu faa mu bere a na ɔwɔ asase so no maa ɔtee nnipa ase yiye, na onyaa tema maa wɔn. N’ankasa huu tebea a na adesamma wom no. Ná obetumi ahu wɔn a wohu amane no mmɔbɔ na wate dwuma a na obedi de agye wɔn no ase yiye. Hyɛ sɛnea ɔsomafo Paulo si eyi so dua wɔ Hebrifo nhoma no mu nsow: “Ɛho behiae sɛ ɔyɛ sɛ ne ‘nuanom’ ade nyinaa mu, na wayɛ sɔfopɔn mmɔborohunufo ne ɔnokwafo wɔ nneɛma a ɛfa Nyankopɔn ho no mu, na wabɔ nkurɔfo no bɔne ho mpata afɔre. Na esiane sɛ n’ankasa huu amane bere a wɔsɔɔ no hwɛe no nti, obetumi atwitwa agye wɔn a wɔsɔ wɔn hwɛ no.” “Na ɔsɔfopɔn a yɛwɔ no nyɛ obi a ontumi nte yɛn mmerɛwyɛ ase, na mmom ɔyɛ obi a wɔasɔ no ahwɛ wɔ biribiara mu te sɛ yɛn ara, nanso bɔne nni ne ho. Enti momma yɛmfa ahotoso mmra adom ahengua no anim, na yɛanya mmɔborohunu na yɛahu adom a ɛbɛboa yɛn bere a ɛsɛ mu.”—Hebrifo 2:17, 18; 4:14-16; Mateo 9:36; 11:28-30.

11. Ɔkwan bɛn so na tebea a wɔn a wɔbɛyɛ ahemfo ne asɔfo daakye afa mu wɔ asase so no bɛboa wɔn sɛ sodifo?

11 Yebetumi aka saa ara afa nnipa 144,000 a “wɔtɔɔ wɔn” fii asase so sɛ wɔne Kristo Yesu nkodi ade wɔ ɔsoro Ahenni mu no ho. (Adiyisɛm 14:4) Wɔwoo wɔn nyinaa sɛ nnipa wɔ asase so, wonyinii wɔ wiase a amanehunu ahyɛ mu ma yi mu, na wɔn ankasa nso huu amane. Wɔtaa wɔn mu pii na esiane nokware a wɔn mu binom di maa Yehowa ne ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wobedi Yesu akyi nti, wokum wɔn. Nanso ‘wɔn ani anwu yɛn Awurade ho adansedi na mmom wohuu asɛmpa no ho amane bi.’ (2 Timoteo 1:8) Nea wɔafa mu wɔ asase so no ma wɔfata ankasa sɛ wofi soro bu adesamma atɛn. Wɔasua sɛ wɔbɛda tema ne ayamye adi, na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛboa nkurɔfo.—Adiyisɛm 5:10; 14:2-5; 20:6.

Wɔn a Wɔwɔ Asase so Anidaso no Wɔ Anigye

12, 13. Ɛbɛyɛ dɛn na wɔn a wɔwɔ asase so anidaso no anya amane a wohu no so mfaso?

12 So adepa bi betumi afi amane a wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra asase so daa wɔ paradise a ɔyare, awerɛhow, ne owu nni mu no mu aba? Ɔyaw ne ahoyeraw a amanehunu de ba no ankasa nyɛ ade a obiara ani gye ho. Nanso sɛ yegyina amanehunu a ɛte saa ano a, ebetumi ama su pa a yɛwɔ ada adi yiye, na yɛanya anigye.

13 Susuw nea Onyankopɔn Asɛm a efi ne honhom mu no ka fa eyi ho no ho hwɛ: “Na sɛ trenee nti muhu amane mpo a, mowɔ anigye.” “Sɛ Kristo din nti wɔbɔ mo ahohora a, ɛyɛ anigye ma mo.” (1 Petro 3:14; 4:14) “Anigye ne mo sɛ me nti nkurɔfo bɔ mo ahohora na wɔtaa mo na wodi atoro ka asɛmmɔne biara to mo so. Munni ahurusi na mo ho nsɛpɛw mo, efisɛ mo akatua sõ wɔ soro.” (Mateo 5:11, 12) “Anigye ne nea ɔkɔ so gyina wɔ sɔhwɛ mu, efisɛ sɛ wogye no tom a, ne nsa bɛka nkwa abotiri.”—Yakobo 1:12.

14. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ amane a Yehowa asomfo hu no ma wɔn ani gye?

14 Nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ amanehunu ankasa a ebia yɛfa mu no na ɛma yɛn ani gye. Na mmom esiane sɛ yenim sɛ yɛyɛ Yehowa apɛde na yedi Yesu anammɔn akyi nti na yenya anigye ne akomatɔyam. Sɛ nhwɛso no, wɔ afeha a edi kan mu no, wɔde asomafo no mu binom guu afiase na wɔde wɔn kogyinaa Yudafo asɛnnibea kɛse no anim kasa tiaa wɔn esiane Yesu Kristo ho asɛm a na wɔreka no nti. Wɔhwee wɔn na ɛno akyi no, wogyaa wɔn. Dɛn na wɔyɛe wɔ ho? Bible ka sɛ wɔde “anigye fii Sanhedrin no anim kɔe, efisɛ wɔabu wɔn sɛ ne din nti wɔfata sɛ wogu wɔn anim ase.” (Asomafo Nnwuma 5:17-41) Ɛnyɛ hwe a wɔhwee wɔn ne yaw a wɔtee no na ɛmaa wɔn ani gyei, na mmom ɛyɛ nim a na wonim sɛ wɔadi Yehowa nokware na wɔadi Yesu anammɔn akyi no na ɛmaa wɔn ani gyei.—Asomafo Nnwuma 16:25; 2 Korintofo 12:10; 1 Petro 4:13.

15. Ɔkwan bɛn so na amanehunu ano a yegyina nnɛ no bɛboa yɛn daakye?

15 Sɛ yɛde adwempa gyina ɔsɔretia ne ɔtaa ano a, ebetumi ama yɛanya boasetɔ. Eyi bɛboa yɛn ma yɛagyina amanehunu a yebehyia daakye no ano. Yɛkenkan sɛ: “Me nuanom, sɔhwɛ ahorow biara a mubehyia no, mummu no anigye koraa a munim sɛ mo gyidi a wɔasɔ ahwɛ yi kowie boasetɔ mu.” (Yakobo 1:2, 3) Saa ara na Romafo 5:3-5 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Momma yenni ahurusi bere a yɛwɔ ahohia mu, efisɛ yenim sɛ ahohia de boasetɔ ba; boasetɔ nso de anisɔ ba; anisɔ nso de anidaso ba, na anidaso no nni huammɔ.” Esiane Kristofo a yɛyɛ nti, sɛ yegyina sɔhwɛ ano nnɛ a, ebesiesie yɛn yiye ma yɛagyina sɔhwɛ afoforo a yebehyia wɔ wiase bɔne yi mu no ano.

Yehowa Bɛhyɛ Yɛn Ananmu

16. Dɛn na Yehowa bɛyɛ de ahyɛ amane a wɔn a wɔbɛyɛ ahemfo ne asɔfo daakye ahu no ananmu?

16 Sɛ sɛnea yɛbɔ yɛn bra sɛ Kristofo no ma yehyia ɔsɔretia anaa ɔtaa ma yɛhwere yɛn nneɛma mpo a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛhyɛ yɛn ananmu pii. Sɛ nhwɛso no, ɔsomafo Paulo kyerɛw ebinom a na wɔwɔ ɔsoro anidaso no ho asɛm sɛ: “Mode anigye penee mo ahode a wɔfowee so, bere a munim sɛ mowɔ agyapade a ɛkyɛn so na ɛwɔ hɔ daa” sɛ adedifo wɔ Onyankopɔn Ahenni mu. (Hebrifo 10:34) Na susuw anigye a wobenya bere a Yehowa ne Kristo kyerɛ wɔn kwan ma wɔde nhyira a ɛso bi nni ma nnipa a wɔte asase so wɔ wiase foforo mu no ho hwɛ. Hwɛ sɛnea ɔsomafo Paulo nsɛm a ɔka kyerɛɛ nokware Kristofo no yɛ nokware: “Mihu sɛ yɛde mprempren amanehunu no toto anuonyam a wɔrebeyi adi wɔ yɛn mu no ho a, ennu baabiara.”—Romafo 8:18.

17. Dɛn na Yehowa bɛyɛ ama wɔn a wɔwɔ asase so anidaso a wɔsom no nokware mu nnɛ no?

17 Saa ara na ɛmfa ho biribiara a ebia wɔn a wɔwɔ asase so anidaso bɛhwere anaa wofi wɔn pɛ mu de bɛbɔ afɔre esiane Yehowa som nti no, daakye Yehowa bɛhyɛ wɔn ananmu ma aboro so. Ɔbɛma wɔn asetra a edi mũ a enni awiei wɔ paradise asase so. Wɔ saa wiase foforo no mu no, Yehowa ‘bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio.’ (Adiyisɛm 21:4) Bɔhyɛ nwonwaso bɛn ara ni! Yɛrentumi mfa biribiara a Yehowa nti ebia yebefi yɛn pɛ mu de abɔ afɔre anaa yɛbɛhwere wɔ wiase yi mu no ntoto asetra a edi mũ a Yehowa de bɛma n’asomfo anokwafo a wogyina amanehunu ano no ho.

18. Awerɛkyekyesɛm bɛn na Yehowa de ma yɛn wɔ n’Asɛm mu?

18 Amanehunu biara a ebia yebehyia no ntumi nsiw daa nkwa a yebenya wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no kwan. Tebea papa a ɛwɔ wiase foforo no mu no besi amanehunu a ɛte saa nyinaa ananmu koraa. Yesaia 65:17, 18 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Wɔrenkae kan de no na ɛremma koma mu bio; na mmom, momma mo ho nsɛpɛw mo na munni ahurusi daa daa, ade a merebɔ no nti.” Enti ɛfata sɛ Yesu nua Yakobo kae sɛ: “Yebu wɔn a wɔagyina mu no anigyefo.” (Yakobo 5:11) Nokwarem no, sɛ yɛde nokwaredi gyina amanehunu a yehyia nnɛ no ano a, yebetumi anya so mfaso nnɛ ne daakye.

Wubebua Dɛn?

• Ɛyɛɛ dɛn na amanehunu baa nnipa so?

• Mfaso bɛn na amanehunu betumi ama wɔn a wobedi asase so ne wɔn a wɔbɛtra asase so daakye no anya?

• Dɛn nti na yɛn ani betumi agye nnɛ ɛmfa ho sɛ yehyia amanehunu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Ná asetra a anigye wom da yɛn awofo a wodi kan no anim

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Nnipa a na wɔrehu amane a Yesu huu wɔn no siesiee no maa Ɔhene pa ne Ɔsɔfopɔn a na ɔbɛyɛ no

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Asomafo no ‘ani gyei sɛ wɔabu wɔn sɛ wɔn gyidi nti, wɔfata sɛ wogu wɔn anim ase’