Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokae?

So Wokae?

So Wokae?

So w’ani agye Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi akenkan ho? Ɛnde, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

• Akwan horow anan bɛn so na Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no de asɛmfua “asafo” di dwuma?

Nea edi kan no, ɛfa Kristofo kuw a wɔde honhom asra wɔn no ho (wɔ kyerɛw nsɛm bi mu no, Kristo ka ho). Wɔ mmere afoforo mu no, “Nyankopɔn asafo” no kyerɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ wɔ bere pɔtẽẽ bi mu. Nea ɛto so abiɛsa no, ɛfa Kristofo nyinaa a wɔte beae bi ho. Nea etwa to no, ebetumi afa Kristofo a wɔwɔ asafo biako mu ho.—4/15, kratafa 21-23.

• Bere bɛn na frɛ a wɔfrɛ Kristofo ma wokonya ɔsoro anidaso no ba awiei?

Bible mma saa asɛmmisa no ho mmuae tẽẽ. Saa ɔfrɛ no fii ase wɔ afe 33 Y.B. mu na atoa so abedu yɛn bere yi so. Efi afe 1935 reba no, na atirimpɔw a wɔde yɛ asuafoyɛ adwuma no ne sɛ wɔbɛboaboa nnipakuw kɛse no ano. Kristofo binom a wɔbɔɔ asu wɔ afe 1935 akyi no aka sɛ honhom kronkron no ne wɔn honhom di adanse sɛ wɔanya ɔsoro anidaso. Enti, yentumi nhyɛ da pɔtẽẽ a saa ɔfrɛ no bɛba awiei. Nokwarem no, wɔn a wɔasra wɔn no nni Onyankopɔn honhom kronkron nsen wɔn mfɛfo nguan foforo no, na saa ara nso na wɔnhwɛ kwan sɛ afoforo bɛsom wɔn. Ɛmfa ho anidaso biara a Kristofo wɔ no, ehia sɛ wodi nokware na wɔkɔ so yɛ Onyankopɔn apɛde.—5/1, kratafa 30-31.

• Bere a Yefta hyɛɛ bɔ no, so na wasiesie ne ho sɛ ɔde ne babea no bɛbɔ ɔhyew afɔre ama Onyankopɔn?

Dabi. Na Yefta kyerɛ sɛ ɔde onii a ɔbɛba abehyia no no bɛma Onyankopɔn ma wayɛ ne som adwuma nkutoo. Ná Mose Mmara no ma kwan sɛ obi bɛyɛ saa. (1 Samuel 2:22) Nea ɛbɛyɛ na Yefta babea no bɛma ne papa adi ne bɔhyɛ so no, ɔkɔɔ so somee wɔ ntamadan no mu. Ná afɔrebɔ no nna fam efisɛ na ɛbɛkyerɛ sɛ Yefta babea no renware da.—5/15, kratafa 9-10.

• Dwuma bɛn na nhoma a wobuebue mu no dii wɔ tete Kristosom mu?

Ɛte sɛ nea nhoma mmobɔwee no titiriw na Kristofo no de yɛɛ adwuma kosii afeha a edi kan Y.B. mu awiei. Wɔ afeha a ɛto so abien Y.B. mu no, na ebinom pɛ sɛ wɔde nhoma mmobɔwee no yɛ adwuma, na na afoforo nso pɛ sɛ wɔde nhoma a wobuebue mu no mmom na ɛyɛ adwuma. Nhwehwɛmufo gye di sɛ esiane sɛ Kristofo de nhoma a wobuebue mu no yɛɛ adwuma nti na ɛmaa nnipa pii ani begyee ho.—6/1, kratafa 14-15.

• Dɛn ne Geser Kalenda no?

Ɛyɛ abopon ketewaa bi a wohui wɔ afe 1908 mu wɔ baabi a na Geser kurow no da. Nnipa pii susuw sɛ sukuuni abofra bi na ɔkyerɛw nsɛm a ɛwɔ abopon no so no de suaa ade. Ná wɔakyerɛw mmere a wɔde yɛ kua wɔ afe no mu wɔ so. Na wɔde nnɔbae a wotwa a ɛne September/October asram no hyia no na efi ase, na ɛka nnɔbae ahorow a na wodua ne kuayɛ ho nnwuma afoforo ho asɛm.—6/15, kratafa 8.

• Sɛ́ obi bɛyɛ bɔne atia honhom kronkron no kyerɛ dɛn?

Yebetumi ayɛ bɔne atia Yehowa honhom kronkron, bɔne a wɔremfa mfiri yɛn. (Mateo 12:31) Onyankopɔn na ɔkyerɛ sɛ ebia yɛayɛ bɔne a wontumi mfa mfiri yɛn, na ɔno na obetumi ayi ne honhom afi yɛn so. (Dwom 51:11) Sɛ bɔne bi a yɛayɛ haw yɛn paa a, ebetumi akyerɛ sɛ yɛanu yɛn ho ankasa, ma enti yɛnyɛɛ bɔne ntiaa honhom no.—7/15, kratafa 16-17.

• Esiane sɛ na Ɔhene Saul ne Dawid abɔ dedaw nti, dɛn nti na obisae sɛ hena ba ne Dawid? (1 Samuel 16:22; 17:58)

Ná ɛnyɛ Dawid agya din kɛkɛ na na Saul pɛ sɛ ohu. Esiane sɛ Saul hui sɛ Dawid wɔ gyidi ne akokoduru paa, na okum Goliat nso nkyɛe nti, na Saul pɛ sɛ ohu onipa ko a ɔtetee aberante a ɔte saa no. Ebetumi aba sɛ na Saul pɛ sɛ ɔde Yisai, anaa Dawid abusuafo foforo ka n’asraafo no ho.—8/1, kratafa 31.