Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Yehowa, Sɔ Me Hwɛ’

‘Yehowa, Sɔ Me Hwɛ’

‘Yehowa, Sɔ Me Hwɛ’

“NEA ɔsɔ koma hwɛ ne [Yehowa, NW].” (Mmebusɛm 17:3) Ɛsɛ sɛ eyi kyekye yɛn nyinaa werɛ kɛse. Dɛn ntia? Efisɛ, yɛn soro Agya a “ɔhwɛ komam” no nte sɛ nnipa a wɔhwɛ nea etua aniwa no.—1 Samuel 16:7.

Nokwasɛm ni, yɛn ankasa mpo ntumi nhwehwɛ nea ɛwɔ yɛn adwenem ne yɛn komam ankasa no mu yiye. Dɛn ntia? Efisɛ yɛn ‘koma yɛ okontomponi sen ade nyinaa na emuɔ, hena na obenya mu ahuye?’ Onyankopɔn na onim efisɛ ɔka sɛ: “Me, [Yehowa, NW], na mehwehwɛ koma mu, mesɔ asaabo mehwɛ.” (Yeremia 17:9, 10) Nokwarem no, Yehowa nim “koma” no—nea ɛwɔ yɛn komam ankasa—ne “asaabo” no, nea ɛwɔ yɛn adwenem ankasa ne yɛn nkate.

Dɛn Nti na Wɔsɔ Kristofo Hwɛ

Ɛnyɛ nwonwa sɛ Ɔhene Dawid a ɔtraa ase tete no ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “[Yehowa, NW], hwehwɛ me mu na sɔ me hwɛ, nan m’asaabo ne me koma.” (Dwom 26:2) So na Dawid ho tew koraa wɔ ne nneyɛe ne ne kasa mu ma enti na onsuro sɛ Yehowa bɛsɔ no ahwɛ? Dabida! Ná Dawid tɔ sin na na onnu Onyankopɔn gyinapɛn ho pɛpɛɛpɛ te sɛ yɛn nyinaa. Esiane Dawid mmerɛwyɛ nti, ɔyɛɛ bɔne ahorow bi a na emu yɛ duru, nanso ‘ɔnantew koma mu pɛyɛ mu.’ (1 Ahene 9:4) Ɔkwan bɛn so? Ogyee nteɛso toom na ɔsesaa n’akwan. Ɔnam saayɛ so kyerɛe sɛ ofi ne komam dɔ Yehowa. Ná ɔsom a ɔde ma Onyankopɔn no di mũ.

Na yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ nso ɛ? Yehowa nim sɛ yɛtɔ sin na yebetumi afom wɔ kasa ne nneyɛe mu. Nanso Yehowa nnyina tumi a ɔwɔ a otumi de hu yɛn daakye no so nkyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra. Ɔbɔɔ yɛn no, ɔde yɛn pɛ maa yɛn—ɛyɛ akyɛde a ofi ayamye mu de ama yɛn.

Nanso ɛtɔ mmere bi a, Yehowa sɔ yɛn koma ne yɛn nsusuwii hwɛ wɔ nneɛma bi mu. Obetumi ama yɛn ho kwan ma yɛde ada nea ɛwɔ yɛn komam adi de ayɛ saa. Obetumi ama kwan nso ma yɛahyia sɔhwɛ ahorow de ada nea ɛwɔ yɛn adwenem ankasa adi. Eyi ma yetumi da ahofama a yɛwɔ ne yɛn nokwaredi adi ma Yehowa hu. Sɔhwɛ a ɛtete saa a Yehowa ma kwan ma yehyia no betumi ama sɛnea yɛn gyidi te no ada adi, sɛ ebia ‘yɛayɛ pɛ adi mũ biribiara mu a hwee nhia yɛn.’—Yakobo 1:2-4.

Obi a Wɔsɔɔ Ne Gyidi Hwɛe Tete No

Wofi sɔɔ Yehowa asomfo gyidi ne wɔn nsusuwii hwɛe nyɛ nnɛ. Susuw tete agya Abraham ho hwɛ. “Onyankopɔn sɔɔ Abraham hwɛe.” (Genesis 22:1) Ná wɔadi kan asɔ gyidi a na Abraham wɔ wɔ Onyankopɔn mu no ahwɛ ansa na wɔreka saa asɛm no. Mfe bi ansa na wɔreka saa asɛm yi no, na Yehowa aka akyerɛ Abraham sɛ ɔne n’abusua ntu mfi Ur a na wodi yiye wɔ hɔ no nkɔ asase a wonnim so so. (Genesis 11:31; Asomafo Nnwuma 7:2-4) Abraham a ɛbɛyɛ sɛ na ɔwɔ n’ankasa fie wɔ Ur no antɔ ofie biara wɔ Kanaan a ɔtraa hɔ mfe pii no. (Hebrifo 11:9) Atutra a Abraham dii no ma ɔne n’abusua huu amane kakra wɔ aduankɔm, nnipa abɔnefo, ne sodifo a na wɔnsom Onyankopɔn a na wɔwɔ mpɔtam hɔ no ho. Wɔ saa bere yi nyinaa mu no, Abraham daa gyidi a emu yɛ den paa adi.

Afei Yehowa de sɔhwɛ kɛse baa Abraham so. “Fa wo ba, wo ba koro a wodɔ no, Isak, . . . na fa no kɔbɔ ɔhyew afɔre.” (Genesis 22:2) Wɔ Abraham fam no, na Isak nyɛ ɔba biara kɛkɛ. Ná Abraham ne ne yere Sara di no ba koro. Ná Isak yɛ bɔhyɛ ba, Abraham ba koro pɛ a na n’ani da no so sɛ ‘n’aseni’ a ɔnam Onyankopɔn bɔhyɛ so benya Kanaan asase no na ɔde nhyira abrɛ nnipa pii. Nokwarem no, na Isak ne ɔbabarima a na Abraham hwɛ kwan sɛ obenya no, na wɔnam anwonwade a Onyankopɔn yɛe so woo no!—Genesis 15:2-4, 7.

Wo de, hwɛ sɛnea na ɛbɛyɛ den ama Abraham sɛ ɔbɛte ahyɛde yi ase. So na Yehowa pɛ sɛ ɔde onipa bɔ afɔre ma no? Dɛn nti na Yehowa bɛma Abraham awo ba wɔ ne nkwakoraa bere mu ma n’ani agye, na afei waka akyerɛ no sɛ ɔmfa ɔba koro yi ara mmɔ afɔre mma no? *

Ɛmfa ho sɛ na Abraham nni nsɛmmisa yi ho mmuae no, wantwentwɛn ne nan ase sɛ obetie. Egyee no nnansa ansa na ɔrekodu bepɔw a na wɔakyerɛ no no so. Oduu hɔ no, osii afɔremuka na ɔde nnyina guu so. Afei na aka sɛ obekum ne ba no. Abraham faa sekan a ɔde rebekum no, nanso ɔyɛe sɛ ɔrebekum ne ba no ara pɛ na Yehowa nam ɔbɔfo bi so ma ogyaee, na ɔkae sɛ: “Afei mahu sɛ wusuro Onyankopɔn, na woankame me wo ba koro no.” (Genesis 22:3, 11, 12) Hwɛ sɛnea Abraham koma bɛtɔ ne yam paa bere a ɔtee asɛm yi! Nea Abraham yɛe no foa sɛnea na Yehowa bu ne gyidi no so. (Genesis 15:5, 6) Ɛno akyi pɛɛ no, Abraham de odwennini bi sii Isak ananmu bɔɔ afɔre no. Afei Yehowa sii apam a na ɔne Abraham ayɛ sɛ ɔbɛma aseni afi ne mu aba no so dua. Ntease wom sɛ wɔbɛfrɛɛ Abraham sɛ Yehowa adamfo.—Genesis 22:13-18; Yakobo 2:21-23.

Yɛn Nso, Wɔsɔ Yɛn Gyidi Hwɛ

Yɛn nyinaa nim sɛ Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ ntumi nkwati sɔhwɛ. Wɔ yɛn fam no, ebia nea Yehowa bɛma kwan ma ato yɛn no bɛdɔɔso asen nea ɔbɛka akyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ.

Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde nyamesom pa tra ase Kristo Yesu mu nyinaa, wɔbɛtaa wɔn nso.” (2 Timoteo 3:12) Ɔtaa a ɛte saa betumi afi yɛn mfɛfo sukuufo, yɛn nnamfo, yɛn abusuafo, yɛn afipamfo, anaa aban mpanyimfo a afoforo aka yɛn ho asɛmmɔne akyerɛ wɔn hɔ aba. Ebetumi ayɛ atɛnnidi, ɔhwe, ne Kristoni ano aduan a wobetumi ama abɔ no. Nokware Kristofo nso hyia ɔhaw a nnipa taa hyia no ara bi—ɔyare, abasamtu, ne ntɛnkyea. Nneɛma a ɛtete sɛɛ yi nyinaa sɔ obi gyidi hwɛ.

Ɔsomafo Petro kaa nneɛma pa a ebetumi afi obi gyidi a wɔsɔ hwɛ mu ba ho asɛm sɛ: “Wɔhow mo werɛ kakra sɔhwɛ ahorow mu, sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu sɛ mo gyidi a wɔasɔ ahwɛ, a ɛsom bo sen sika a wɔasɔ ahwɛ wɔ gya mu nanso ɛsɛe no de ayeyi ne anuonyam ne nidi bɛba wɔ Yesu Kristo ahoyi mu.” (1 Petro 1:6, 7) Nokwarem no, wɔde nea efi sɔhwɛ mu ba no toto sika a wɔanan wɔ ogya mu ayiyi mu ho. Sika a wɔnan yiyi mu no ma woyiyi sika pa no fi nea enye no mu. Saa ara na sɛ yehyia sɔhwɛ a, esiesie yɛn gyidi.

Sɛ nhwɛso no, akwanhyia anaa atoyerɛnkyɛm betumi ama yɛakɔ ahokyere mu. Nanso wɔn a wɔn gyidi yɛ den no mma dadwen nhyɛ wɔn so. Wɔma asɛm a Yehowa aka yi kyekye wɔn werɛ: “Merennyaw wo na merempa wo nso da.” (Hebrifo 13:5) Wɔkɔ so de honhom mu nneɛma di kan, a wɔwɔ ahotoso sɛ Yehowa Nyankopɔn behyira mmɔden a wɔbɔ sɛ wobenya nea wohia ankasa no. Wɔn gyidi wowaw wɔn wɔ bere a emu yɛ den mu na ɛmma adwennwen nhyɛ wɔn so mmoro so mma tebea no nsɛe.

Nokwasɛm a ɛne sɛ sɛ yehyia sɔhwɛ a, ebetumi ama mmerɛwyɛ a ɛwɔ yɛn gyidi mu ada adi no nso betumi aboa, bere a yehu hia a ehia sɛ yesiesie no. Enti ɛsɛ sɛ obi bisa ne ho sɛ: ‘Mɛyɛ dɛn atumi ahyɛ me gyidi den? So ehia sɛ mede bere pii sua Onyankopɔn Asɛm anibere so na midwennwen ho? So mede me ho hyɛ nhyehyɛe a wɔayɛ sɛ me ne me nuanom nhyia mu no mu yiye? Bere a ɛsɛ sɛ mebɔ mpae na mede m’ahiasɛm to Yehowa Nyankopɔn anim no, so mede me ho to m’ankasa nyansa so?’ Nanso yɛn mu nhwehwɛmu a ɛte saa a yɛbɛyɛ no yɛ mfiase ara kwa.

Ebia obi gyidi a ɔbɛhyɛ mu den no bɛhwehwɛ sɛ odidi yiye wɔ honhom mu denam ‘akɔnnɔ a obenya ama asɛm no mu nufusu a wɔmfraa mu no’ so. (1 Petro 2:2; Hebrifo 5:12-14) Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ te sɛ onipa a odwontofo no kaa ne ho asɛm yi: “[Yehowa, NW] mmara sɔ n’ani, na odwen ne mmara so awia ne anadwo.”—Dwom 1:2.

Eyi hwehwɛ pii sen Bible no a yɛbɛkenkan ara kwa. Ɛho hia sɛ yesusuw nea Onyankopɔn Asɛm ka kyerɛ yɛn no ho na yɛde emu afotu bɔ yɛn bra. (Yakobo 1:22-25) Sɛ yɛyɛ saa a, yebenya Onyankopɔn ho dɔ kɛse, yɛbɛka nsɛm pɔtẽẽ wɔ yɛn mpaebɔ mu, na Onyankopɔn mu gyidi a yɛwɔ no mu bɛyɛ den kɛse.

Sɛnea Gyidi a Wɔasɔ Ahwɛ Som Bo Fa

Sɛ yehu sɛ gyidi yɛ ade a ɛho hia paa na yɛanya Onyankopɔn anim dom a, ɛbɛka yɛn ma yɛahyɛ mu den. Bible kae yɛn sɛ: “Gyidi nni hɔ a, obi ntumi nsɔ Onyankopɔn ani, efisɛ ɛsɛ sɛ nea ɔba ne nkyɛn no gye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔn ani bere hwehwɛ no no katuafo.” (Hebrifo 11:6) Enti ɛsɛ sɛ yɛte nka te sɛ ɔbarima a ɔkaa asɛm yi kyerɛɛ Yesu no: “Faako a mihia gyidi no boa me!”—Marko 9:24.

Yɛn gyidi ho sɔhwɛ nso betumi aboa afoforo. Sɛ nhwɛso no, sɛ Kristoni bi dɔfo wu a, owusɔre a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no mu gyidi a emu yɛ den a ɔwɔ no wowaw no. Odi awerɛhow de, nanso ‘onni awerɛhow sɛnea wɔn a aka a wonni anidaso biara no yɛ no.’ (1 Tesalonikafo 4:13, 14) Afoforo a wohu sɛnea Kristoni bi gyidi wowaw no no betumi ahu sɛ ɔwɔ biribi a ɛsom bo ankasa. Eyi betumi aka wɔn koma ma wɔanya ɔpɛ sɛ wobenya gyidi a ɛte saa na aka wɔn ma wɔasua Onyankopɔn Asɛm ma wɔabɛyɛ Yesu Kristo asuafo.

Yehowa nim sɛ gyidi a wɔasɔ ahwɛ som bo kɛse. Bio nso, sɛ yehyia yɛn gyidi ho sɔhwɛ a, ɛboa yɛn ma yehu sɛ ebia yɛn gyidi mu yɛ den ankasa. Ɛboa yɛn ma yehu baabi a yɛn gyidi yɛ mmerɛw, na ɛma yesiesie mmerɛwyɛ no. Awiei koraa no, sɔhwɛ a yebegyina ano no betumi aboa afoforo ma wɔabɛyɛ Yesu asuafo. Enti momma yɛnyɛ nea yebetumi biara nhyɛ yɛn gyidi den, gyidi a bere a yɛahyia sɔhwɛ ahorow akyi no, ‘ɛde ayeyi ne anuonyam ne nidi bɛba wɔ Yesu Kristo ahoyi mu.’—1 Petro 1:7.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 11 Sɛ wopɛ nea sɛnkyerɛnne kwan so “afɔre” a na wɔde Isak bɛbɔ no kyerɛ ho nsɛm a, hwɛ Ɔwɛn-Aban July 1, 1989, kratafa 22.

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Abraham gyidi ma ɔbɛyɛɛ Yehowa adamfo

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 15]

Sɛ yehyia sɔhwɛ a, ebetumi ama ada adi sɛ yɛn gyidi yɛ den

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 12]

From the Illustrated Edition of the Holy Scriptures, by Cassell, Petter, & Galpin