Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Awofo—Montete Mo Mma Wɔ Ɔdɔ Mu

Awofo—Montete Mo Mma Wɔ Ɔdɔ Mu

Awofo—Montete Mo Mma Wɔ Ɔdɔ Mu

“Monyɛ biribiara ɔdɔ mu.”—1 KORINTOFO 16:14.

1. Sɛ wɔwo abofra foforo a, awofo no te nka dɛn?

AWOFO dodow no ara begye atom sɛ anigyesɛm a ɛsen biara wɔ nnipa asetram no mu biako ne bere a wɔawo abofra foforo no. Maame bi a wɔfrɛ no Aleah ka sɛ: “Bere a edi kan a mehwɛɛ me babea a mawo no foforo anim no, m’ani gyei paa. Ɛyɛɛ me sɛ ɔno ne abofra a ne ho yɛ fɛ sen biara.” Nanso, anigyesɛm a ɛte saa no taa gyaw awofo no adwennwen nso. Aleah kunu ka sɛ: “Nea na meredwen ho ne sɛnea metumi atete me babea no yiye ma watumi agyina sɔhwɛ ahorow a obehyia wɔ n’asetram no ano.” Awofo pii na adwennwen a ɛte saa ara da wɔn so, na wohu sɛ ɛho hia sɛ wɔtete wɔn mma wɔ ɔdɔ mu. Nanso, Kristofo a wɔyɛ awofo a wɔpɛ sɛ wɔde ntetee a ɛte saa ma wɔn mma wɔ ɔdɔ mu no hyia nsɛnnennen. Nsɛnnennen a wohyia no bi ne dɛn?

2. Nsɛnnennen bɛn na awofo rebɔ mmɔden sɛ wobedi so?

2 Seesei, yɛte nna a edi akyiri yi awiei mu tɔnn. Sɛnea Bible hyɛɛ nkɔm no, nnipa a wɔwɔ wiase yi mu no nni ɔdɔ. Wɔ abusua mu mpo no, nnipa ‘nni tema,’ na wɔabɛyɛ “bonniayɛfo, wɔn a wonni nokware, . . . wɔn a wontumi nni wɔn ho so, wɔn a wɔyɛ keka.” (2 Timoteo 3:1-5) Esiane sɛ Kristofo mmusua ne nnipa a wɔte saa no na edi akɔneaba daa nti, wɔn suban no betumi ama wɔn nso ne wɔn ho wɔn ho adi nsɛm wɔ ɔkwan a ɛmfata so. Afei nso, awofo rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ wɔn ho so na wɔn ano ampa ankeka nsɛm bi a ɛyɛ yaw, na wɔanyɛ nneɛma bi a ɛmfata.—Romafo 3:23; Yakobo 3:2, 8, 9.

3. Awofo bɛyɛ dɛn atumi atete wɔn mma ma mmofra no ani agye?

3 Wɔ nsɛnnennen yi nyinaa akyi no, awofo betumi atete wɔn mma ama mmofra no anya anigye na wɔadɔ Onyankopɔn yiye. Awofo bɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Sɛ awofo de Bible afotu a edi so yi yɛ adwuma a, wobetumi ayɛ saa. Saa afotu no ka sɛ: “Monyɛ biribiara ɔdɔ mu.” (1 Korintofo 16:14) Nokwarem no, ‘ɔdɔ yɛ koroyɛ hama a ɛyɛ pɛ.’ (Kolosefo 3:14) Momma yɛnhwehwɛ suban ahorow a nnipa a wɔwɔ ɔdɔ da no adi a ɔsomafo Paulo kaa ho asɛm wɔ ne krataa a edi kan a ɔde kɔmaa Korintofo no mu abiɛsa mu, na yensusuw akwan pɔtee bi a awofo betumi afa so de saa suban yi ayɛ adwuma de atete wɔn mma no ho.—1 Korintofo 13:4-8.

Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Awofo Nya Abodwokyɛre

4. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ awofo nya abodwokyɛre?

4 Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɔdɔ yɛ abodwokyɛre.” (1 Korintofo 13:4) Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “abodwokyerɛ” no kyerɛ abotare a obi si, ne obi bo a ɔmma mfuw ntɛmntɛm. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ awofo nya abodwokyɛre? Akyinnye biara nni ho sɛ awofo dodow no ara nim nneɛma pii a enti ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa. Susuw emu kakraa bi ho hwɛ. Sɛ mmofra rehwehwɛ biribi afi wɔn awofo hɔ a, wɔka ho asɛm mpɛn pii. Sɛ ɔwofo no ampene so mpo a, abofra no bɛkɔ so ahaw no ara, a nea enti a ɔyɛ saa ne sɛ osusuw sɛ ɛno bɛma ɔwofo no ayɛ nea ɔrehwehwɛ no ama no. Mmerante ne mmabaa betumi ne wɔn awofo ayiyi nsɛm ano bere tenteenten bere a wɔpɛ sɛ wɔn awofo ma wɔn kwan ma wɔyɛ biribi a awofo no nim sɛ nyansa nnim no. (Mmebusɛm 22:15) Na sɛnea yɛn nyinaa taa di mfomso ahorow bi mpɛn pii no, saa ara na ɛte wɔ mmofra nso fam.—Dwom 130:3.

5. Dɛn na ebetumi aboa awofo ma wɔanya abodwokyɛre?

5 Dɛn na ebetumi aboa awofo ma wɔanya abodwokyɛre ne abotare ama wɔn mma? Ɔhene Salomo kyerɛwee sɛ: “Onipa nimdeɛ twentwɛn n’abufuw ase.” (Mmebusɛm 19:11) Sɛ awofo kae sɛ, bere bi, na wɔn nso ‘kasa sɛ akokoaa, dwen sɛ akokoaa, susuw nneɛma ho te sɛ akokoaa’ a, ɛbɛboa wɔn ma wɔate nea enti a wɔn mma da su bi adi no ase. (1 Korintofo 13:11) Awofo, so mobɛkae sɛ bere bi mo nso mohaw mo maame anaa mo papa sɛ wɔmma monyɛ nneɛma bi a mfaso nni so? Bere a na moyɛ mmerante ne mmabaa no, so motee nka bere bi sɛ mo awofo nte mo asɛm ase? Sɛ motee nka saa a, ɛnde ɛda adi sɛ mote nea enti a mo mma da su bi adi no ase, ne nea enti a ɛsɛ sɛ mokɔ so de boasetɔ kae wɔn gyinae ahorow a moasisi nyinaa no. (Kolosefo 4:6) Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo a wɔyɛ awofo no sɛ wɔmfa ne mmara ‘nnua’ wɔn mma mu. (Deuteronomium 6:6, 7, NW) Hebri asɛmfua a ɛkyerɛ ‘momfa nnua’ no kyerɛ “muntĩ mu,” “monkɔ so nka,” ne “monka ho asɛm mpɛn pii.” Eyi kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ awofo tĩ asɛnkoro no mu kyerɛ abofra bi mpɛn pii ansa na watumi adi Onyankopɔn mmara so. Saa ara na ɛsɛ sɛ wotĩ nsɛm mu mpɛn pii wɔ asetra mu nneɛma foforo nyinaa mu.

6. Dɛn nti na yɛbɛka sɛ ɔwofo a ɔwɔ abodwokyerɛ no nyɛ obi a ɔma ne mma yɛ biribiara a wɔpɛ?

6 Nanso, ɔwofo a ɔwɔ abodwokyɛre nyɛ ɔwofo a ɔma ne mma yɛ biribiara a wɔpɛ. Onyankopɔn Asɛm bɔ kɔkɔ sɛ: “Abofra a wɔato no sraha gu ne na anim ase.” Nea ɛbɛyɛ na amma saa no, ɛbɛ koro no ara ka sɛ: “Abaa ne animka ma nyansa.” (Mmebusɛm 29:15) Ɛtɔ mmere bi a, mmofra betumi ate nka sɛ wɔn awofo nni ho kwan sɛ wɔteɛ wɔn so. Nanso, ɛnsɛ sɛ Kristofo mmusua sohwɛ yɛ te sɛ ka-bi-ma-menka-bi amammu. Ɛnsɛ sɛ, awofo twɛn ma wɔn mma pene mmara bi a wɔbɛhyehyɛ sɛ mmofra no nni so wɔ abusua no mu so ansa na mmara no atumi ayɛ adwuma. Mmom no, ɛyɛ Yehowa a ɔne abusua Ti ankasa no na wama awofo tumi sɛ wɔntete wɔn mma na wɔnteɛ wɔn so wɔ ɔdɔ mu. (1 Korintofo 11:3; Efesofo 3:15; 6:1-4) Nokwarem no, nteɛso ne su a edi hɔ a Paulo kae sɛ ɛne ɔdɔ wɔ abusuabɔ.

Sɛnea Wɔde Nteɛso Ma wɔ Ɔdɔ Mu

7. Dɛn nti na awofo a wɔn yam ye bɛteɛ wɔn mma so, na nteɛso a ɛte saa no bi ne dɛn?

7 Paulo kyerɛwee sɛ, “ɔdɔ . . . yam ye.” (1 Korintofo 13:4) Awofo a wɔn yam ye ankasa no bɛteɛ wɔn mma so wɔ ɔdɔ mu bere nyinaa. Sɛ wɔyɛ saa a, na wɔresuasua Yehowa. Paulo kyerɛwee sɛ: “Nea Yehowa dɔ no na ɔtwe n’aso.” Hyɛ no nsow sɛ nteɛso a Bible reka ho asɛm yi nyɛ asotwe nko, na ntetee ne nkyerɛkyerɛ nso ka ho. Nteɛso a ɛte saa no botae ne dɛn? Paulo kae sɛ: “Ɛsow asomdwoe aba a ɛne trenee ma wɔn a atete wɔn no.” (Hebrifo 12:6, 11) Sɛ awofo fi ayamye mu tete wɔn mma sɛnea Onyankopɔn pɛ a, wonyin bɛyɛ mpanyin pa a wɔpɛ asomdwoe. Sɛ mmofra gye ‘Yehowa nteɛso’ tom a, ɛma wonya nyansa, nimdeɛ, ne nhumu, su ahorow a ɛsom bo koraa sen dwetɛ anaa sika kɔkɔɔ.—Mmebusɛm 3:11-18.

8. Sɛ awofo anteɛ wɔn mma so a, mpɛn pii no, dɛn na ɛba?

8 Nanso, sɛ awofo anteɛ wɔn mma so a, na ɛkyerɛ sɛ wɔnnɔ wɔn mma no. Yehowa honhom maa Salomo kyerɛwee sɛ: “Nea ɔkora n’abaa tan ne ba, na nea ɔdɔ no no teɛ no so ntɛmso.” (Mmebusɛm 13:24) Mmofra a wɔmfa nteɛso a ɛfata mma wɔn bere nyinaa no nyin bɛyɛ pɛsɛmenkominya, na wɔn ani nnye wɔ wɔn asetram. Nanso, wɔahu sɛ mmofra a wɔn awofo wɔ tema nanso wɔde nteɛso a ɛfata ma wɔn bere nyinaa no bɔ mmɔden wɔ sukuu mu, wotumi ne afoforo bɔ yiye, na wɔn ani gye wɔ asetra mu. Enti, sɛ awofo teɛ wɔn mma so wɔ ayamye mu a, na wɔreda no adi sɛ wɔdɔ wɔn mma no ankasa.

9. Dɛn na Kristofo a wɔyɛ awofo de kyerɛkyerɛ wɔn mma, na adwene bɛn so na ɛsɛ sɛ mmofra no nya wɔ saa nneɛma a wɔde kyerɛkyerɛ wɔn yi ho?

9 Dɛn na awofo yɛ de kyerɛ sɛ wɔreteɛ wɔn mma so wɔ ayamye ne ɔdɔ mu? Ɛsɛ sɛ awofo ma wɔn mma hu nea wɔhwehwɛ sɛ wɔyɛ no pefee. Sɛ nhwɛso no, ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ awofo de Bible mu mfitiasesɛm kyerɛkyerɛ wɔn mma fi wɔn mmofraase, na wɔma wohu nea enti a ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ho hyɛ nneɛma a wɔyɛ wɔ Onyankopɔn som mu no nyinaa mu. (Exodus 20:12-17; Mateo 22:37-40; 28:19; Hebrifo 10:24, 25) Ɛfata sɛ awofo ma wɔn mma hu sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa nneɛma yi bere nyinaa.

10, 11. Dɛn nti na awofo betumi asusuw wɔn mma adwenkyerɛ ho bere a wɔrehyehyɛ mmara wɔ fie no?

10 Nanso, ɛtɔ mmere bi na sɛ awofo rehyehyɛ mmara a wɔpɛ sɛ wɔde yɛ adwuma wɔ wɔn fie a, wobetumi ne wɔn mma asusuw ho. Sɛ mmerante ne mmabaa nya kwan kyerɛ wɔn adwene wɔ saa mmara a wɔde yɛ adwuma no ho a, ebetumi ama ayɛ mmerɛw ama wɔn sɛ wobedi so. Sɛ nhwɛso no, sɛ awofo no rehyɛ mmara afa bere a ɛsɛ sɛ wɔn mma fi abɔnten ba fie ho a, wobetumi akyerɛ bere pɔtee a ɛsɛ sɛ mmofra no ba fie. Anaasɛ, wobetumi ama mmofra no akyerɛ bere a wɔn ankasa pɛ sɛ wɔba fie na wɔama wɔakyerɛ nea enti a wɔpɛ sɛ wɔba saa bere no. Afei, awofo no ankasa betumi akyerɛ bere a wɔn nso pɛ sɛ mmofra no ba fie, na wɔakyerɛkyerɛ nea enti a wosusuw sɛ saa bere no yɛ papa no mu akyerɛ wɔn. Sɛ awofo no ne wɔn mma no adwene nhyia sɛnea ɛtaa ba no a, dɛn na ɛsɛ sɛ awofo no yɛ? Sɛ ɛtɔ mmere bi na sɛ ɛbere a mmofra no rekyerɛ no nto Bible mmara biara a, awofo no betumi apene so ama wɔn. Sɛ awofo no yɛ eyi a, so na ɛkyerɛ sɛ wɔama wɔn mma no rekyerɛ wɔn nea wɔnyɛ?

11 Nea ɛbɛyɛ na yɛanya saa asɛmmisa yi ho mmuae no, ma yensusuw ɔkwan a Yehowa faa so dii ne tumi wɔ ɔdɔ mu bere a na ɔne Lot ne n’abusua redi nsɛm no ho nhwɛ. Bere a abɔfo bi piapiaa Lot, ne yere, ne ne mmabea fii Sodom no, abɔfo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Bepɔw so na guan kɔ, anyɛ saa a, wɔbɛsɛe wo.” Nanso, Lot kae sɛ: “O, [Yehowa, NW], mma ɛnnyɛ sa.” Afei, Lot kyerɛɛ n’adwene sɛ: “Hwɛ, kurow yi na ɛbɛn sɛ woguan kɔ hɔ, nanso esua; ma minguan menkɔ hɔ ɛ”? Dɛn na Yehowa kae? Yehowa kae sɛ: “Hwɛ, matie wo wɔ saa asɛm yi ho nso.” (Genesis 19:17-22) So eyi kyerɛ sɛ na Lot na ɔrekyerɛ Yehowa nea ɔnyɛ? Dabida! Nanso, Yehowa penee Lot adesrɛ no so, na ɔdaa ayamye soronko adi kyerɛɛ no wɔ asɛm yi mu. Sɛ woyɛ ɔwofo a, so mmere bi wɔ hɔ a wubetumi asusuw wo mma adwenkyerɛ ho bere a worehyehyɛ mmara a mode bɛyɛ adwuma wɔ abusua no mu no?

12. Dɛn na ɛbɛboa abofra bi ma wate nka sɛ ɔwɔ obi a ɔbɔ no ho ban?

12 Nokwarem no, ɛsɛ sɛ mmofra hu mmara a ɛwɔ fie hɔ ne asotwe a sɛ wobu so a wobenya no nso. Sɛ awofo ne wɔn mma susuw asotwe no ho wie ma mmofra no te ase a, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ ma mmara no yɛ adwuma. Sɛ mmofra no yɛ biribi a ɛfata sɛ awofo no twe wɔn aso na bere nyinaa wɔde wɔn ano kɛkɛ na ɛbɔ wɔn kɔkɔ a, na ɛkyerɛ sɛ wɔnnɔ wɔn mma no. Bible ka sɛ: “Sɛ nneyɛe bɔne ho afobu mma ntɛm nti na nnipa mma bɔne ho atirimpɔw ayɛ wɔn koma ma.” (Ɔsɛnkafo 8:11) Ɛwom, ebia ɔwofo bi renteɛ ne ba so wɔ baguam anaa bere a ne nnamfo wɔ hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a ne ba no ani renwu wɔ ne nnamfo no anim. Nanso, sɛ mmofra hu sɛ wɔn awofo “Yiw” yɛ yiw, na wɔn “Dabi” yɛ dabi, na wɔyɛ saa wɔ asotwe a wɔde ma wɔn ho mpo a, ɛma mmofra no te nka yiye sɛ wɔwɔ awofo a wɔbɔ wɔn ho ban, na wonya obu ne ɔdɔ kɛse ma wɔn.—Mateo 5:37.

13, 14. Awofo bɛyɛ dɛn antumi asuasua Yehowa wɔ sɛnea wɔtete wɔn mma no mu?

13 Sɛ asotwe a wɔde ma abofra bi bɛkyerɛ sɛ wɔdɔ no a, ɛsɛ sɛ wɔde ma no wɔ ɔkwan a ɛfata so. Pam ka sɛ: “Ná ɛsono nteɛso a ɛfata a yɛde ma yɛn mma baanu no mu biara. Ná nteɛso a ɛboa biako no mmoa ɔfoforo no.” Pam kunu Larry kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ná yɛn babea panyin no aso yɛ den, nea wobɛka sɛ mma ɔnyɛ no, ɛno ara na ɔbɛyɛ, ná gye sɛ yɛde asotwe a emu yɛ den ma no ansa na wagyae nea ɔreyɛ no. Nanso, yɛn babea kumaa no de, na n’aso nyɛ den, na sɛ wubu w’ani kyerɛ no mpo a, na wagyae nea ɔreyɛ no.” Nokwarem no, awofo a wɔwɔ ɔdɔ bɔ mmɔden hu nteɛso a eye paa ma wɔn mma no mu biara.

14 Yehowa yɛ nhwɛso ma awofo, efisɛ onim nea n’asomfo bɔ mu mmɔden ne nea wɔtɔ sin wom. (Hebrifo 4:13) Afei nso, sɛ Yehowa de asotwe rema a, ɔmma ɛntra so, na saa ara nso na ɔngow mu dodo. Mmom no, ɔteɛ ne nkurɔfo so “sɛnea ɛfata” bere nyinaa. (Yeremia 30:11, NW) Awofo, so munim nea mo mma bɔ mu mmɔden ne nea wɔtɔ sin wom? So mode sɛnea munim mo mma no yɛ adwuma wɔ ɔkwan a ɛfata so de tete wɔn wɔ ayamye mu? Sɛ moyɛ no saa a, na moreda no adi sɛ modɔ mo mma no.

Mommoa Wɔn Mma Womfi Wɔn Komam ne Mo Mmɔ Nkɔmmɔ

15, 16. Awofo bɛyɛ dɛn atumi aboa wɔn mma ma wɔaka wɔn komam asɛm akyerɛ wɔn, na ɔkwan bɛn na Kristofo a wɔyɛ awofo ahu sɛ ɛyɛ papa sɛ wɔfa so yɛ saa?

15 Ade foforo a ɔdɔ yɛ ne sɛ “enni nea ɛnteɛ ho ahurusi, na mmom edi nokware ho ahurusi.” (1 Korintofo 13:6) Awofo bɛyɛ dɛn atumi atete wɔn mma ama wɔn ani agye ade a ɛteɛ na ɛyɛ nokware ho? Ade titiriw a ɛsɛ sɛ awofo yɛ ne sɛ sɛ wɔn mma no reka asɛm bi akyerɛ wɔn na sɛ wɔn ani nnye ho mpo a, ɛnsɛ sɛ wotwa wɔn ano. Awofo no nam saa a wɔbɛyɛ so bɛboa wɔn mma no ma wɔafi wɔn komam ne wɔn abɔ nkɔmmɔ. Sɛ mmofra ka sɛnea wɔte nka wɔ nneɛma bi ho na ɛne Bible mu nsɛm hyia a, ɛma awofo no ani gye. Nanso, ɛtɔ mmere bi a, nsɛm bi a abofra bi bɛka no bɛkyerɛ sɛ n’ani reyɛ agye bɔne ho. (Genesis 8:21) Sɛ ɛba saa a, ɛsɛ sɛ awofo no yɛ wɔn ade dɛn? Nea awofo taa yɛ ne sɛ wɔbɛteɛ wɔn mma no so ntɛm ara sɛ wɔaka nsɛm a ɛte saa. Nanso, sɛ awofo yɛ wɔn ade saa kwan yi so a, ɛrenkyɛ na mmofra no asua sɛ wɔbɛka nsɛm a ɛbɛyɛ awofo no dɛ nkutoo akyerɛ wɔn. Nokwarem no, sɛ mmofra rekasa na wɔka nsɛm bi a ɛkyerɛ sɛ wommu ade a, ɛsɛ sɛ wɔteɛ wɔn so ntɛm ara, nanso ɛsono sɛnea wɔkyerɛ mmofra ma wohu sɛnea wɔbɔ nkɔmmɔ wɔ nidi mu, ɛnna ɛsono sɛ wɔbɛka nsɛm a ɛsɛ sɛ wɔka ahyɛ wɔn ano.

16 Awofo bɛyɛ dɛn atumi aboa wɔn mma ma wɔafi wɔn komam ne wɔn abɔ nkɔmmɔ? Aleah a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ, “Yɛayɛ ama obiara a ɔwɔ yɛn fie hɔ tumi fi ne komam bɔ nkɔmmɔ. Nea yɛayɛ ne sɛ sɛ yɛn mma no ka nsɛm bi a yɛn ani nnye ho mpo a, yɛmma yɛn bo mfuw wɔn.” Agya bi a wɔfrɛ no Tom ka sɛ: “Yɛboaa yɛn babea ma ɔkaa ne komam asɛm bere mpo a na ɔne yɛn nyɛ adwene no. Nanso, yehui sɛ sɛ ɔrekasa na yetwa n’ano bere nyinaa, na nea yɛpɛ sɛ ɔyɛ nkutoo na yɛka kyerɛ no a, ɔbɛyɛ basaa, na ɔrenka nea ɛwɔ ne komam ankasa nkyerɛ yɛn bio. Nanso, n’asɛm a na yetie no boaa no.” Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛsɛ sɛ mmofra tie wɔn awofo asɛm. (Mmebusɛm 6:20) Nanso, sɛ awofo ne wɔn mma fi wɔn komam bɔ nkɔmmɔ a, ɛboa mmofra no ma wotumi susuw nneɛma ho yiye. Agya bi a wɔfrɛ no Vincent a ɔwɔ mma baanan ka sɛ: “Ná yɛtaa ne yɛn mma no bɔ mfaso ne asiane a ɛwɔ tebea bi mu ho nkɔmmɔ sɛnea ɛbɛyɛ a mmofra no ankasa betumi ahu nea ebefi mu aba no. Eyi boaa wɔn ma wotumi susuw nneɛma ho yiye.”—Mmebusɛm 1:1-4.

17. Awerɛhyem bɛn na awofo betumi anya?

17 Nokwarem no, ɔwofo biara nni hɔ a obetumi de afotu a Bible de ma sɛ wɔmfa ntete mmofra no adi dwuma pɛpɛɛpɛ. Nanso, wubetumi anya awerɛhyem sɛ wo mma no ani begye mmɔden a wobɔ sɛ wobɛtete wɔn wɔ abodwokyɛre, ayamye, ne ɔdɔ mu no ho. Sɛnea ɛte biara no, Yehowa behyira mmɔden a wobɔ sɛ wobɛyɛ saa no so. (Mmebusɛm 3:33) Nea enti a ɛsɛ sɛ woyɛ saa ne sɛ, Kristofo a wɔyɛ awofo nyinaa pɛ sɛ wɔn mma dɔ Yehowa te sɛ wɔn ankasa. Awofo bɛyɛ dɛn atumi ayɛ adwuma pa a ɛte saa yi? Yebesusuw akwan pɔtee bi a awofo betumi afa so ayɛ saa no ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.

So Wokae?

• Ɔkwan bɛn so na ntease betumi aboa ɔwofo bi ma wanya abodwokyɛre?

• Abusuabɔ bɛn na ayamye ne nteɛso wɔ?

• Dɛn nti na nkɔmmɔ a awofo ne wɔn mma fi komam bɔ no ho hia?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 23]

Awofo, so mokae sɛnea na moyɛ mo ade bere a na moyɛ mmofra no?

[Mfonini wɔ kratafa 24]

So woboa wo mma ma wofi wɔn komam ne wo bɔ nkɔmmɔ?