Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hu Sɛnea Mfaso Wɔ Nkamfo So

Hu Sɛnea Mfaso Wɔ Nkamfo So

Hu Sɛnea Mfaso Wɔ Nkamfo So

SO WOATE sɛ obi rebɔ n’adwumawura sobo sɛ ɔnkamfoo no da? So w’ankasa mpo abɔ sobo a ɛte saa da? Anaasɛ, sɛ woyɛ abofra a, so woabɔ w’awofo anaa w’akyerɛkyerɛfo sobo sɛ wɔnkamfo wo?

Ebia, saa sobo yi mu bi fata. Nanso, sɛnea Germanni bi a ɔtete nkurɔfo ma wohu sɛnea wɔhyɛ nnipa nkuran kyerɛ no, sɛ adwumayɛfo bɔ saa sobo yi a, ɛnyɛ nea ɛhaw wɔn ankasa ne kamfo a wɔn adwumawuranom nkamfo wɔn no, na mmom nea ɛhaw wɔn paa ne wɔn ho anigye a wɔn adwumawuranom no nkyerɛ no. Sɛnea ɛte biara no, biribi atõtõ. Sɛ yebetumi ne afoforo abɔ yiye a, nneɛma abien a ɛho hia paa ne sɛ yɛbɛkamfo wɔn na yɛakyerɛ wɔn ho anigye.

Afoforo a yɛbɛkamfo wɔn na yɛakyerɛ wɔn ho anigye no ho hia wɔ Onyankopɔn som mu nso. Ɛsɛ sɛ Kristofo asafo no mufo kamfo wɔn ho wɔn ho, serew kyerɛ wɔn ho wɔn ho, na wɔkyerɛ wɔn ho wɔn ho anigye. Bible akwankyerɛ a asafo no mufo de yɛ adwuma no na ɛma su a ɛte saa tra wɔn ntam bere nyinaa. Nanso, ɛmfa ho sɛnea asafo no mufo dodɔ wɔn ho no, wobetumi akɔ so ama ɔdɔ a wɔwɔ no mu ayɛ den bere nyinaa. Bere a eyi wɔ yɛn adwene mu no, momma yensusuw akwan a ɛfata a nnipa baasa bi faa so de nkamfo mae no ho nhwɛ: Onyankopɔn somfo Elihu a ɔtraa ase ansa na Kristosom reba, ɔsomafo Paulo, ne Yesu Kristo ankasa.

Obu ne Nidi a Wɔde Tu Fo

Elihu a ɛda adi sɛ ɔyɛ Abraham nanankansowa no boaa Hiob ma onyaa ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ho adwene a ɛfata. Ná Elihu bu ade, na na onim sɛnea wɔne nnipa kasa. Ɔtɔɔ ne bo ase twɛn maa wɔn a na wɔka ne ho no kasa wiei ansa na ɔrekasa. Na bere a nkurɔfo a wɔkyerɛe sɛ wɔn adamfo ne Hiob hwehwɛɛ Hiob ho mfomso nkutoo no, Elihu de, afotu a ɔde maa Hiob akyi no, ɔyɛɛ ntɛm nso kamfoo no wɔ ne trenee ho. Bere a wɔn a na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Hiob nnamfo no ammɔ ne din bere a na wɔne no rekasa no, Elihu de, ɔtew n’anim kyerɛɛ no, na ɔkyerɛɛ ne ho anigye bɔɔ ne din Hiob no, na ɔne no kasae sɛ n’adamfo. Ɔde nidi srɛɛ no sɛ: “Hiob, tie me kasa ɛ! na yɛ asõ ma me nsɛm nyinaa.” Elihu nyaa tema maa Hiob, na ɔde obu kae sɛ: “Hwɛ, me nso, meyɛ Onyankopɔn de sɛ wo ara, anwemmo mu na wotii me nso fii.” Na afei, Elihu kamfoo Hiob sɛ: “Sɛ nsɛm bi wɔ hɔ a, yi ano kyerɛ me, kasa, na wo bemdi bɛyɛ me fɛ.”—Hiob 33:1, 6, 32.

Sɛ yedi afoforo ni, na yɛkyerɛ obu ma wɔn a, na ɛte sɛ nea yɛrekamfo wɔn ara pɛ. Sɛ yɛyɛ saa a, na nea yɛreka akyerɛ onipa a yɛne no rekasa no ne sɛ, ‘Mibu wo sɛ woyɛ obi a worekasa a ɛsɛ sɛ mitie, na ɛfata sɛ midi wo ni.’ Yɛnam saa a yɛyɛ no so ma nipa no te nka sɛ yɛdɔ no, na yɛn ani gye no ho.

Sɛ wɔka sɛ obi di afoforo ni na obu ade a, ɛkɔ akyiri sen nneyɛe pa a ɔda no adi ara kwa. Ɛsɛ sɛ nidi ne obu a yɛwɔ no yɛ papa, na efi yɛn komam, na ama aka afoforo koma. Ɛsɛ sɛ yɛma wohu sɛ yɛn ani gye wɔn ho ankasa, na yɛdɔ wɔn ampa.

Nkamfo a Yɛde Ma wɔ Anifere Mu

Ɔsomafo Paulo kyerɛe sɛ, sɛ yɛrekamfo afoforo na yɛde anifere yɛ adwuma a, ɛma wɔn ani gye. Sɛ nhwɛso no, bere a na Paulo reka asɛm no wɔ Atene wɔ n’asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abien no mu no, ɔkamfoo Kristosom bere a na ɔne Helafo nyansapɛfo bi rekasa no. Hwɛ sɛnea ɔde anifere dii tebea a na ɛyɛ den yi ho dwuma. “Nanso Epikurofo ne Stoafo nyansapɛfo bi ne no dii anobaabae, na ebinom kae sɛ: ‘Dɛn na ɔkasapɛfo yi pɛ sɛ ɔkyerɛ koraa yi?’ Ebinom nso se: ‘Gyama ɔka ananafo anyame ho asɛm.’” (Asomafo Nnwuma 17:18) Saa nsɛm a wɔkekae no nyinaa akyi no, Paulo hyɛɛ ne ho so, na ɔkae sɛ: “Atene mmarima, mahu sɛ ɛkame ayɛ sɛ ade nyinaa mu no mopɛ nyamesom sen afoforo.” Sɛ́ anka Paulo bɛkasa atia wɔn sɛ wɔyɛ abosonsomfo no, ɔkamfoo wɔn mmom sɛ wɔyɛ nkurɔfo a wɔn ani gye nyamesom ho.—Asomafo Nnwuma 17:22.

So na Paulo reyɛ ne ho nyaatwom? Ɛnte saa koraa. Ná onim sɛ ɛnyɛ n’adwuma ne sɛ obebu wɔn a ɔrekasa kyerɛ wɔn no atɛn; na onim pefee sɛ bere bi a atwam no na ɔno ankasa nso nnim nokware no ho hwee. Adwuma a na wɔde ama no ne sɛ ɔnka Onyankopɔn asɛm, na ɛnyɛ sɛ obebu afoforo atɛn. Kristoni a Paulo ankasa bɛyɛe no ma ohuu nokwasɛm bi a Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ no pii nso abehu no: Saa asɛm no ne sɛ nnipa bi a bere bi na wofi wɔn komam kamfo atoro som no tumi bɛyɛ wɔn a wɔkamfo nokware som denneennen.

Ɔkwan a Paulo faa so dii tebea no ho dwuma no yɛ ɔkwampa, na mfaso pii fii so bae. “Mmarima bi de wɔn ho bɔɔ no bɛyɛɛ gyidifo; wɔn mu binom ne Dionisio a ɔyɛ Areopago bagua no temmufo, ne ɔbea bi a wɔfrɛ no Damari, ne afoforo a wɔka wɔn ho.” (Asomafo Nnwuma 17:34) Ɛwom sɛ na gyidi a Atenefo no kura mu denneennen no yɛ atoro de, nanso hwɛ sɛnea Paulo fi nyansam kamfoo wɔn na wammu wɔn animtiaa sɛ wonni nokware nimdeɛ! Ebetumi aba sɛ nkurɔfo a atoro nkyerɛkyerɛ afura wɔn ani ma wɔafom kwan no bi wɔ koma pa.

Bere a wɔfrɛɛ Paulo sɛ ɔnkɔ nkoyi n’ano wɔ Herode Agripa II anim no, ɔde anifere yɛɛ adwuma wɔ hɔ nso. Ná wonim sɛ Herode ne ne nuabea Berenike adi mogyafra, na ɛyɛ ade a Onyankopɔn Asɛm kasa tia pefee. Nanso, Paulo anka asɛm biara antia Herode. Mmom no, onyaa biribi a ɛfata a obegyina so de akamfo Herode. Ɔkae sɛ: “Nea Yudafo no de abɔ me sobo nyinaa, ɛyɛ me dɛ sɛ wo Ɔhene Agripa anim na merebeyi m’ano nnɛ da yi, ne titiriw no ne sɛ wunim amanne nyinaa ne akyinnyegye a ɛwɔ Yudafo mu.”—Asomafo Nnwuma 26:1-3.

Hwɛ sɛnea nyansa wom sɛ yɛbɛyɛ anifere a ɛte saa ara bere a yɛne afoforo redi nsɛm no! Sɛ yɛkamfo yɛn afipamfo, yɛn yɔnko sukuuni, anaa yɛn yɔnko odwumayɛni bi a, ebetumi ama asomdwoe aba yɛne wɔn ntam na ahyɛ wɔn nkuran ama wɔabɔ ɔbra pa. Sɛ ɛtɔ mmere bi na yɛde nkamfo a ɛfata ma nkurɔfo ma ɛkã wɔn koma a, ebetumi akanyan nnipa bi a wɔwɔ komapa ma wɔayi adwene ne nneyɛe a ɛnteɛ afi hɔ na wɔafa nea ɛne nokware nimdeɛ hyia.

Yesu Yɛɛ Sɛnea Wɔkamfo Afoforo Ho Nhwɛso a Ɛyɛ Pɛ

Yesu kamfoo afoforo. Sɛ nhwɛso no, bere a Yesu sɔre fii awufo mu na ɔforo kɔɔ soro no, Onyankopɔn de n’asɛm maa no, na ɔnam ɔsomafo Yohane so kasa kyerɛɛ asafo ahorow ason a ɛwɔ Asia Kumaa no. Ɔkamfoo wɔn a na wɔfata nkamfo no bere nyinaa. Ɔkaa nsɛm te sɛ nea edidi so yi kyerɛɛ asafo ahorow a na ɛwɔ Efeso, Pergamo, ne Tiatira no: “Minim wo nnwuma ne wo brɛ ne boasetɔ, na minim nso sɛ wuntumi ne nnipa bɔne ntra”; “woda so ara kura me din mu denneennen, na woampa me mu gyidi”; na “minim wo nnwuma, ne wo dɔ ne gyidi ne ɔsom adwuma ne boasetɔ, na nea woyɛ seesei no sen kan de no.” Wɔ Sardi a na ehia sɛ Yesu de afotu a emu yɛ den ma asafo no mpo no, ɔtwee adwene sii nnipa bi a na wɔfata nkamfo no so kae sɛ: “Nanso wowɔ nnipa kakra wɔ Sardi a wɔangu wɔn ntade nguguso ho fĩ, na wɔne me bɛnantew ntade fitaa mu, efisɛ wɔfata.” (Adiyisɛm 2:2, 13, 19; 3:4) Nhwɛso pa bɛn ara na Yesu yɛe sɛɛ yi!

Ɛsɛ sɛ yesuasua Yesu na yɛankasa antia nnipakuw bi da esiane sɛ emufo kakraa bi adi mfomso nti, na saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yɛde afotu ma afoforo bere a yɛnkamfo wɔn wɔ ɔkwan a ɛfata so. Nanso, ɛyɛ papa sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem sɛ, sɛ bere a yɛrekotu afoforo fo no nkutoo na yɛkamfo wɔn a, ebetumi aba sɛ wɔrennye yɛn nkamfo no ntom. Ɛsɛ sɛ yɛtaa kamfo afoforo bere biara a ɛbɛyɛ yiye! Sɛ yɛyɛ no saa na sɛ ɛho behia sɛ yɛde afotu ma wɔn bere foforo a, ɛrenyɛ den koraa sɛ wobegye atom.

Mpanyimfo a Wɔkamfo Afoforo wɔ Ɔkwan a Ɛfata So

Kristoni bea bi a wɔfrɛ no Cornelia a seesei ɔresom wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea bi a ɛwɔ Europa no ka sɛ, wɔ afe 1970 mfe no mfiase mu hɔ no, ɔhwɛfo kwantufo bi a ɔbɛsraa wɔn no bisaa no sɛ otumi sua ade, na otumi kenkan nsɛmma nhoma nso? Onuawa no kae sɛ, “M’ani wui kakra.” Nanso, onuawa no tumi ka kyerɛɛ ɔhwɛfo kwantufo no sɛ ontumi nkenkan nsɛmma nhoma no mu nsɛm nyinaa. Onuawa no kae sɛ: “Sɛ́ anka ɔhwɛfo kwantufo no bɛka m’anim wɔ eyi ho no, wanyɛ saa, na mmom ɔkamfoo me sɛ mitumi kenkan kakra. Ne nkamfo no ahyɛ me nkuran yiye fi saa bere no, na masi gyinae sɛ mɛkenkan nsɛmma nhoma biara a ɛba no mu nsɛm nyinaa.”

Ray a ɔsom wɔ baa dwumadibea bi a ɛwɔ Europa no kae da a edi kan a ofii akwampae adwuma ase no. Saa da no anwummere no, ɔhwɛfo guamtrani a ɔwɔ asafo no mu a ɔyɛ n’ankasa adwuma na ɔwɔ asɛyɛde pii wɔ n’abusua ne asafo no mu duu Ahenni Asa so ara pɛ na ɔkɔɔ Ray nkyɛn kobisaa no sɛ, “Ɛnnɛ na wufii w’akwampae adwuma no ase, na asɛnka mu te dɛn?” Ɛnnɛ, bɛyɛ mfe 60 akyi no, Ray da so ara kae sɛnea na ɔpanyin no dwen ne ho no.

Sɛnea nhwɛso abien yi ama ada adi no, sɛ yefi yɛn komam kyerɛ nea afoforo ayɛ ho anisɔ, na nsɛm a yɛka fa nea wɔayɛ no ho no nyɛ adɛfɛdɛfɛsɛm kɛkɛ a, ebetumi ayɛ nea mfaso wɔ so paa. Yɛwɔ nneɛma pii a yebetumi akamfo yɛn mfɛfo gyidifo wɔ ho wɔ Kristofo asafo no mu. Sɛ nhwɛso no, wode susuw ɔpɛ a anuanom no wɔ sɛ wɔbɛsom Yehowa, mmuae a ɛtɔ asom a wɔma, mmɔden a wɔbɔ sɛ wobeyi ehu a ɛwɔ wɔn mu afi hɔ na ama wɔatumi agyina asɛnka agua so ama ɔkasa ahorow anaa wɔayɛ ɔyɛkyerɛ no ho hwɛ. Na san susuw nsi a wɔde yɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no, ne mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔde Ahenni nneɛma bedi kan wɔ wɔn asetram na wɔde botae ahorow asisi wɔn anim wɔ Onyankopɔn som mu no ho hwɛ. Sɛ yɛkamfo afoforo a, yenya nhyira pii. Ɛma yɛn ani gye, na ɛma yenya adwempa wɔ nneɛma ho nso.—Asomafo Nnwuma 20:35.

Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo kamfo asafo no mufo wɔ nnwuma pa a wɔyɛ no ho. Na sɛ ɛho behia sɛ wɔde afotu ma a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa wɔ ɔdɔ mu. Nanso, ɛnsɛ sɛ mpanyimfo no hwɛ kwan sɛ anuanom bɛyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ ma enti sɛ obi yɛ mfomso ketewaa bi a, wobebu no sɛ ɛyɛ mmerɛwyɛ bi a anibere wom paa.

Kristofo a wɔyɛ mpanyimfo wɔ asafo no mu a wosuasua obu ne nidi a Elihu daa no adi, anifere a Paulo de yɛɛ adwuma, ne ɔdɔ mu a Yesu fi dwenee afoforo ho no bɛyɛ nkurɔfo a wɔhyɛ wɔn nuanom nkuran ankasa. Sɛ yɛkamfo afoforo a, ɛma wɔyere wɔn ho yɛ pii, na ɛbɛma anigye ne asomdwoe aba yɛn ntam. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ bere a wɔrebɔ Yesu asu no n’ani gyei bere a ɔtee sɛ ne soro Agya no rekamfo no sɛ: “Wone me Ba a medɔ wo; magye wo atom” no! (Marko 1:11) Ɛmmra sɛ yebefi yɛn komam aka nsɛm a ɛhyɛ nkuran de akamfo yɛn nuanom.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 15]

Paulo nyaa adepa fii anifere a ɔde yɛɛ adwuma no mu, na yɛn nso yebetumi anyɛ adepa a ɛte saa ara

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Sɛ yefi komam de anigye kamfo afoforo a, ɛso betumi aba yɛn mfaso