Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Monkyerɛkyerɛ Mo Mma Mma Wɔnnɔ Yehowa

Monkyerɛkyerɛ Mo Mma Mma Wɔnnɔ Yehowa

Monkyerɛkyerɛ Mo Mma Mma Wɔnnɔ Yehowa

“Sɛ ɔbran nsam bɛmma te no, sɛ mmeranteberem mmabanin te ne no.”—DWOM 127:4.

1, 2. Ɔkwan bɛn so na mmofra te sɛ “ɔbran nsam bɛmma”?

BƐMMATOFO bi ayɛ krado sɛ ɔrebɛtow ne bɛmma abɔ biribi mu. Ɔde bɛmma no si ta no hama so, na okuntun ta no mu brɛoo. Ɛmfa ho sɛ wayere ne ho atwe ɛta no mu no, ɔtɔ ne bo ase gyen n’ani de hwɛ dekode a ɔpɛ sɛ ɔtow bɔ mu no. Afei ogyae mu! So bɛmma no bɛbɔ ade a ɔpɛ sɛ ɔde bɔ mu no mu? Sɛ ebetumi abɔ mu a, egyina nneɛma pii so, na emu bi ne nimdeɛ a ɔwɔ wɔ bɛmmatow mu, mframa a ɛrebɔ saa bere no, ne sɛnea bɛmma no te ankasa so.

2 Ɔhene Salomo de mmofra totoo “ɔbran nsam bɛmma” ho. (Dwom 127:4) Susuw sɛnea wubetumi de saa mfatoho yi ayɛ adwuma no ho hwɛ. Bere tiaa bi na bɛmmatofo bi bɛmma a ɔrebɛtow no di wɔ ɛta no mu. Sɛ obetumi atow bɛmma no abɔ ade a ɔde akyerɛ so no mu a, ɛsɛ sɛ ogyae mu ntɛm. Saa ara na bere tiaa bi na awofo nso wɔ a wɔde bɛtete wɔn mma ma wɔafi wɔn komam adɔ Yehowa. Mfe kakraa bi akyi no, mmofra no nyinyin, na wofi fie. (Mateo 19:5) So wobedu botae no ho, a nea yɛrekyerɛ ne sɛ, so mmofra no bɛkɔ so adɔ Onyankopɔn na wɔasom no bere a wɔafi fie no? Nneɛma pii na ɛbɛma yɛanya mmuae no. Emu abiɛsa ne sɛnea onim mmofra ntetee, ofie a ɔtete mmofra no wom, ne sɛnea ‘bɛmma’ anaa abofra no begye ntetee a ɔde remma no no atom. Ma yɛnhwehwɛ saa nneɛma yi mu biara mu nkɔ akyiri. Nea edi kan no, yebesusuw nimdeɛ a ɔwofo wɔ wɔ mmofra ntetee no bi ho.

Awofo a Wonim Mmofra Ntetee Yɛ Nhwɛso Pa

3. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ awofo yɛ nea wɔka no?

3 Yesu yɛɛ nhwɛso maa awofo efisɛ ɔde nea ɔkyerɛkyerɛe no yɛɛ adwuma. (Yohane 13:15) Nanso, obuu Farisifo a na “wɔka” nanso “wɔnyɛ” nea wɔka no fɔ. (Mateo 23:3) Ɛsɛ sɛ awofo yɛ nea wɔka na ama wɔatumi aboa wɔn mma ma wɔadɔ Yehowa. Sɛ obi ka asɛm na ɔno ankasa amfa anyɛ adwuma a, mfaso nni so te sɛ ɛta a bɛmma ahama nsa so ara pɛ.—1 Yohane 3:18.

4. Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ awofo bisa wɔn ho, na dɛn ntia?

4 Dɛn nti na nhwɛso a awofo bɛyɛ ama wɔn mma no ho hia kɛse? Sɛnea mpanyimfo tumi hwɛ Yesu nhwɛso so na wɔdɔ Onyankopɔn no, saa ara na mmofra nso betumi ahwɛ nhwɛso pa a wɔn awofo yɛ no so na wɔadɔ Yehowa. Nnipa a abofra bi ne wɔn bɔ betumi ahyɛ abofra no den anaasɛ wɔasɛe ‘ne bra pa.’ (1 Korintofo 15:33) Awofo ne nnipa a abofra bɛn wɔn paa wɔ ne mmofraase, na wonya abofra no abrabɔ so nkɛntɛnso sen onipa foforo biara. Enti, ɛsɛ sɛ awofo bisa wɔn ho sɛ: ‘Meyɛ yɔnko bɛn? So me nhwɛso boa me ba ma onya suban pa? Nhwɛso bɛn na mereyɛ wɔ nneɛma a ɛho hia paa te sɛ mpaebɔ ne Bible sua mu ama no?’

Awofo a Wonim Mmofra Ntetee ne Wɔn Mma Bɔ Mpae

5. Dɛn na mmofra betumi asua afi mpae a wɔn awofo bɔ mu?

5 Wo mma betumi asua Yehowa ho ade pii bere a wotie wo mpaebɔ no. Sɛ mmofra no te sɛ woda Onyankopɔn ase bere a morebedidi na mobɔ mpae bere a moyɛ Bible adesua ahorow a, dɛn na wobetumi asua afi mu? Ebetumi ama mmofra no ahu sɛ Yehowa na ɔma yenya yɛn honam fam ahiade ma enti ɛsɛ sɛ yɛda no ase, na ɔno na ɔma yehu Bible mu nokware ahorow nso. Eyinom yɛ nneɛma a ɛho hia paa a ɛsɛ sɛ mmofra no sua.—Yakobo 1:17.

6. Awofo bɛyɛ dɛn atumi aboa wɔn mma ma wɔate nka sɛ Yehowa dwen wɔn mu biara ho?

6 Nanso, sɛ mo ne mo abusua bɔ mpae wɔ mmere foforo mu ka mpae a mobɔ wɔ adidibere ne bere a mode sua Bible no ho na mususuw nneɛma pɔtee bi a ɛfa mo ne mo mma ho a, mobɛboa wɔn pii. Mobɛboa mo mma ma wɔate ase sɛ Yehowa ka mo abusua no ho, na odwen mo mu biara ho yiye. (Efesofo 6:18; 1 Petro 5:6, 7) Agya bi kae sɛ: “Bere a yɛwoo yɛn babea pɛ na yefii ase ne no bɔɔ mpae. Bere a na ɔrenyin no, yɛne no bɔɔ fekuw a ɛsɛ sɛ ɔbɔ ne nneɛma foforo a ɛfa n’abrabɔ ho no ho mpae. Yɛne no bɔɔ mpae kosii sɛ onyin kɔɔ aware ase.” So wo nso wubetumi ne wo mma abɔ mpae da biara? Wubetumi aboa wɔn ma wɔabu Yehowa sɛ wɔn Adamfo a ɛnyɛ wɔn honam fam ne honhom fam nneɛma nko na ɔde ma wɔn, na mmom odwen wɔn nkate fam ahiade ho nso?—Filipifo 4:6, 7.

7. Dɛn na ɛsɛ sɛ awofo hu na ama wɔabɔ nneɛma pɔtee bi ho mpae?

7 Nokwasɛm ne sɛ, sɛ wubetumi aka nneɛma pɔtee bi ho asɛm wɔ wo mpaebɔ mu a, ɛsɛ sɛ wuhu nea ɛrekɔ so wɔ wo ba no asetram. Hyɛ nea agya bi a ɔtetee mmabea baanu kae no nsow. Ɔkae sɛ: “Dapɛn awiei biara, na mibisa me ho nsɛm abien: ‘Nsɛm bɛn na ahaw me mma no wɔ dapɛn yi mu? Nneɛma a ɛyɛ anigye bɛn na esisii wɔ wɔn asetram?’” Awofo, so mo nso mubetumi abisa mo ho nsɛm a ɛte saa ara na mode ebi ho mmuae aba mpae a mo ne mo mma bɔ no mu? Sɛ moyɛ saa a, na morekyerɛkyerɛ wɔn ma wɔahu sɛnea wɔbɔ Yehowa a ɔyɛ mpaebɔ Tiefo no mpae, na ɛno bɛma wɔadɔ no nso.—Dwom 65:2.

Awofo a Wonim Mmofra Ntetee Boa Wɔn Mma Ma Wɔn Ani Gye Adesua Ho

8. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ awofo boa wɔn mma ma wɔn ani gye Onyankopɔn Asɛm sua ho?

8 Ɔkwan bɛn so na adwene a ɔwofo bi wɔ wɔ Bible sua ho betumi aka abofra bi ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ? Sɛ abusuabɔ biara mu bɛyɛ den na ɛrensɛe a, ɛsɛ sɛ nnipa no ne wɔn ho wɔn ho bɔ nkɔmmɔ na wotie wɔn ho wɔn ho nso. Akwan a yebetumi afa so atie Yehowa no mu biako ne sɛ yɛde nhoma ahorow a “akoa nokwafo” no ayɛ besua Bible. (Mateo 24:45-47; Mmebusɛm 4:1, 2) Enti, nea ɛbɛyɛ na awofo aboa wɔn mma ma wɔne Yehowa anya abusuabɔ a ɔdɔ wom daa no, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ wɔn nkuran ma wɔn ani gye Onyankopɔn Asɛm sua ho.

9. Dɛn na awofo betumi ayɛ de aboa wɔn mma ma wɔn ani agye adesua ho?

9 Dɛn na awofo betumi ayɛ de aboa wɔn mma ma wɔn ani agye adesua ho? Wɔ eyi ho nso, awofo nhwɛso betumi aboa wɔn mma kɛse. So wo mma hu wo sɛ wode anigye kenkan Bible anaasɛ wusua ade daa? Ɛwom, ebia mmofra no a wohwɛ wɔn no gye wo bere, na wunhu bere a wubenya de asua ade. Nanso, bisa wo ho sɛ, ‘So me mma hu sɛ mehwɛ TV daa?’ Sɛ ɛte saa a, ɛnde so wubetumi de bere a wode hwɛ TV no bi asua ade de ayɛ nhwɛso pa ama wo mma asuasua?

10, 11. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ awofo ne wɔn abusua sua Bible daa?

10 Ɔkwan foforo a mfaso wɔ so a awofo betumi afa so akyerɛkyerɛ wɔn mma ma wɔatie Yehowa ne sɛ, wɔne wɔn abusua no besua Bible daa. (Yesaia 30:21) Ebia ebinom bebisa sɛ, ‘Sɛ awofo ne wɔn mma kɔ asafo nhyiam ahorow daa a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ awofo no san ne wɔn mma no yɛ abusua adesua?’ Nneɛma pa pii nti na ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa. Yehowa de ahyɛ awofo nsa sɛ wɔn titiriw na wɔnkyerɛkyerɛ wɔn mma. (Mmebusɛm 1:8; Efesofo 6:4) Sɛ awofo ne wɔn abusua sua Bible a, ɛma mmofra no hu sɛ Onyankopɔn som nyɛ ade a wɔyɛ wɔ baguam nkutoo, na mmom ɛka abusua asetra ho.—Deuteronomium 6:6-9.

11 Bio nso, sɛ awofo yɛ abusua adesua yiye a, ebetumi ama wɔahu adwene a wɔn mma no kura wɔ Onyankopɔn som ne abrabɔ ho. Sɛ nhwɛso no, sɛ mmofra no nnyinyinii pii a, awofo betumi ne wɔn asua nhoma te sɛ Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No. * Ɛkame ayɛ sɛ, wɔ nhoma a wɔde sua Bible yi nkyekyɛm biara mu no, wobisa mmofra no nsɛm bi de hu adwene a wokura wɔ nea wɔresua no ho. Sɛ awofo ne wɔn mma susuw kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so wɔ nhoma no mu no ho a, ɛbɛboa wɔn ma wɔn adwene mu abue na wɔahu “papa ne bɔne mu nsonsonoe.”—Hebrifo 5:14.

12. Awofo bɛyɛ dɛn atumi ayɛ nsakrae wɔ abusua adesua a wɔne wɔn ba yɛ mu ma aboa abofra no, na nea ɛwɔ he na woahu sɛ etu mpɔn paa?

12 Bere a mo mma no renyinyin no, monyɛ nsakrae wɔ nneɛma a mo ne wɔn sua no mu mma ɛmmoa wɔn. Hyɛ ɔkwan a awarefo bi faa so boaa wɔn mma a wɔadu mpanyin afe so ma wosusuw sukuu asaw a wɔpɛ sɛ wɔkɔ bi no ho no nsow. Agya no kae sɛ: “Yɛka kyerɛɛ yɛn mmabea no sɛ, wɔ abusua adesua a edi hɔ a yɛbɛyɛ mu no, me ne me yere bɛyɛ yɛn ho te sɛ nea yɛn mmom na yɛyɛ mmofra wɔ fie hɔ, na yɛn mmabea no nso bɛyɛ wɔn ho te sɛ nea wɔn na wɔyɛ awofo. Mmofra no mu biako bɛyɛ ne ho sɛ ɔne Paapa, na obiako nso ayɛ ne ho sɛ ɔne Maame. Nanso, yɛka kyerɛɛ mmofra no sɛ wɔn baanu mmom nyɛ sukuu asaw no ho nhwehwɛmu na wɔmfa ɛho akwankyerɛ mma yɛn.” Dɛn na wotumi yɛe? Agya no toaa so sɛ: “Sɛnea yɛn mmabea (a na wɔayɛ wɔn ho te sɛ awofo) no tumi yiyii papa ne bɔne mu de Bible no kyerɛkyerɛɛ yɛn (a yɛyɛ awofo a na yɛayɛ yɛn ho te sɛ mmofra no) nea enti a ɛbɛyɛ nea nyansa nnim sɛ yɛbɛkɔ sukuu asaw no bi no yɛɛ yɛn nwonwa. Nea ɛmaa yɛn ho dwiriw yɛn kɛse koraa ne sɛ, wɔmaa yɛn nyansahyɛ ahorow bi wɔ nneɛma foforo a yebetumi ayɛ de asi sukuu asaw no ananmu no ho. Eyi ma yetumi huu adwene a wokura ne nneɛma a wɔn ani gye ho.” Ɛwom, ɛyɛ den sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ abusua adesua daa, na egye animia ne mmɔdenbɔ de, nanso sɛ yɛbɔ mmɔden yɛ a, yebenya so mfaso pii.—Mmebusɛm 23:15.

Ma Wo Fie Nyɛ Baabi a Asomdwoe Wɔ

13, 14. (a) Awofo bɛyɛ dɛn ama asomdwoe atra wɔn fie? (b) Sɛ ɔwofo bi gye tom sɛ wadi mfomso a, mfaso bɛn na ebetumi afi mu aba?

13 Sɛ bɛmmatofo bi betumi atow bɛmma ma abɔ dekode a ɔpɛ sɛ ɔtow bɔ mu no mu a, ɛsɛ sɛ ogyen n’ani de kyerɛ dekode no so pɛpɛɛpɛ na ɔtow wɔ bere a mframa mmɔ denneennen no. Saa ara na sɛ awofo betumi aboa wɔn mma ama wɔadɔ Yehowa a, ɛsɛ sɛ wɔtete mmofra no wɔ ofie a asomdwoe wom mu. Yakobo kyerɛwee sɛ: “Wodua trenee aba wɔ asomdwoe mu ma wɔn a wɔpɛ asomdwoe.” (Yakobo 3:18) Awofo bɛyɛ dɛn ama wɔn fie ayɛ baabi a asomdwoe wɔ? Ɛsɛ sɛ awarefo ma asomdwoe kɔ so tra wɔn ntam. Okunu ne ɔyere a wɔdɔ wɔn ho na wɔda obu adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho no betumi akyerɛkyerɛ wɔn mma ma wɔada ɔdɔ ne obu adi akyerɛ afoforo ne Yehowa nso. (Galatifo 6:7; Efesofo 5:33) Ɔdɔ ne obu de asomdwoe ba. Na ɛnyɛ den koraa sɛ awarefo a asomdwoe wɔ wɔn ntam no betumi asiesie akasakasa a ebetumi asɔre wɔ wɔn abusua mu no.

14 Nokwasɛm ne sɛ, sɛnea yenni aware biara a ɔhaw nnim no, saa ara nso na saa bere yi, yenni abusua biara a ɔhaw nnim wɔ asase yi so. Ɛtɔ mmere bi a, awofo renna honhom aba no adi bere a wɔne wɔn mma redi nsɛm no. (Galatifo 5:22, 23) Sɛ ɛba saa a, dɛn na ɛsɛ sɛ awofo yɛ? Sɛ awofo no gye tom wɔ wɔn mma no anim sɛ wɔadi mfomso a, so ɛno bɛma obu a abofra bi wɔ ma n’awofo no so atew? Susuw ɔsomafo Paulo nhwɛso no ho hwɛ. Ná Paulo te sɛ agya ma nnipa pii wɔ Onyankopɔn som mu. (1 Korintofo 4:15) Nanso, ɔkaa no pefee sɛ odi mfomso. (Romafo 7:21-25) Ahobrɛase ne nokwaredi a ɔde kae sɛ odi mfomso no ama obu a yɛwɔ ma no no ayɛ kɛse mmom. Ɛmfa ho sɛ na Paulo wɔ sintɔ ahorow pii no, otumi de ahotoso kyerɛw Korinto asafo no sɛ: “Munsuasua me sɛnea me nso misuasua Kristo no.” (1 Korintofo 11:1) Awofo, sɛ mo nso mugye tom sɛ mudi mfomso a, ɛda adi sɛ mo mma bebu wɔn ani agu mfomso ahorow a mudi so.

15, 16. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ awofo tete wɔn mma ma wɔdɔ wɔn nuanom Kristofo mmarima ne mmea, na ɔkwan bɛn na wobetumi afa so ayɛ eyi?

15 Dɛn bio na awofo betumi ayɛ ma wɔn fie ayɛ baabi a wɔn mma no betumi anyin na wɔadɔ Yehowa? Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Sɛ obi ka sɛ: ‘Medɔ Nyankopɔn’ na ɔtan ne nua a, ɔyɛ ɔtorofo. Efisɛ nea ɔnnɔ ne nua a ohu no no ntumi nnɔ Nyankopɔn a onhu no.” (1 Yohane 4:20, 21) Enti, sɛ motete mo mma ma wɔdɔ wɔn nuanom Kristofo mmarima ne mmea a, na morekyerɛkyerɛ wɔn ma wɔadɔ Onyankopɔn. Ɛsɛ sɛ awofo bisa wɔn ho sɛ, ‘So nsɛm a metaa ka fa asafo no mufo ho no yɛ nea ɛhyɛ nkuran anaasɛ mekasa tia wɔn?’ Wobɛyɛ dɛn atumi ahu? Hyɛ da tie nsɛm a wo mma ka fa asafo nhyiam ahorow ne asafo no mufo ho hwɛ. Na wubehu sɛ, nsɛm a wotaa ka no ara na wo mma no bɛka ma woate.

16 Dɛn na awofo betumi ayɛ de aboa wɔn mma ma wɔadɔ wɔn nuanom a wɔne wɔn som Onyankopɔn no? Agya bi a wɔfrɛ no Peter a ɔwɔ mmerantewa baanu kae sɛ: “Efi yɛn mmabarima no mmofraase pɛɛ na yɛtoo nsa frɛɛ anuanom mmarima ne mmea a wɔn ho akokwaw wɔ Onyankopɔn som mu ma wɔbaa yɛn fie ma yɛne wɔn boom gyee yɛn ani didii. Yɛn mmabarima no ne nnipa a wɔdɔ Yehowa abɔ fi wɔn mmofraase, na seesei wɔahu sɛ Onyankopɔn som ne asetra kwan a anigye wom sen biara.” Dennis a ɔwɔ mmabea baanum no ka sɛ, “Yɛhyɛɛ yɛn mmabea no nkuran sɛ wɔne akwampaefo a wɔn mfe akɔ anim a wɔwɔ asafo no mu no mfa nnamfo, na bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, yɛtoo nsa frɛɛ ahwɛfo akwantufo ne wɔn yerenom ma wɔbaa yɛn fie ma yɛsom wɔn ahɔho.” So wo nso, wubetumi afi wo komam aboa wo mma ma wɔabu asafo no sɛ ɛka mo abusua no ho?—Marko 10:29, 30.

Asɛyɛde a Abofra no Wɔ

17. Gyinae bɛn na ɛsɛ sɛ awiei koraa no mmofra ankasa si?

17 San susuw nhwɛso a ɛfa bɛmmatofo ho no ho hwɛ. Ɛwom sɛ ebia a onim bɛmma tow yiye de, nanso ɔrentumi ntow mma ɛmmɔ dekode a ɔpɛ sɛ ɔtow bɔ mu no mu bere a bɛmma no akoa anaasɛ akyinkyim no. Ɛwom, sɛ adwene a abofra bi kura nteɛ a, awofo bɛbɔ mmɔden paa sɛ wɔbɛteɛ sɛnkyerɛnne kwan so bɛmma anaa abofra no nsusuwii no. Nanso, awiei koraa no, ɛyɛ mmofra no ankasa na ɛsɛ sɛ wosi gyinae sɛ wɔbɛma wiase yi akyerɛ wɔn nea wɔnyɛ anaasɛ wɔbɛma Yehowa ‘ateɛ wɔn akwan.’—Mmebusɛm 3:5, 6; Romafo 12:2.

18. Gyinae a abofra bi si betumi aka afoforo dɛn?

18 Ɛwom sɛ awofo wɔ asɛyɛde a ɛho hia sɛ wɔbɛtete wɔn mma wɔ “Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu” de, nanso onipa kõ a abofra no benyin abɛyɛ de, egyina abofra no ankasa so. (Efesofo 6:4) Enti, mmofra, mummisa mo ho sɛ, ‘So megye ntetee a m’awofo de ma me no atom?’ Sɛ mugye tom a, na morepaw asetra kwan a eye sen biara. Na mobɛma mo awofo ani agye paa. Na nea mobɛma ne koma atɔ ne yam kɛse paa ne Yehowa.—Mmebusɛm 27:11.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 11 Yehowa Adansefo na wɔyɛe.

So Wokae?

• Dɛn na awofo betumi ayɛ de ayɛ nhwɛso pa ama wɔn mma wɔ mpaebɔ ne Bible sua mu?

• Awofo bɛyɛ dɛn atumi ama asomdwoe aba wɔn fie?

• Gyinae bɛn na ɛsɛ sɛ mmofra si, na ɔkwan bɛn so na gyinae a wosi no bɛka afoforo?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 28]

So wusua ade de yɛ nhwɛso pa ma wo ba?

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Abusua a asomdwoe wom de anigye ba