Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Din Wɔ Russiafo Nnwom Mu

Onyankopɔn Din Wɔ Russiafo Nnwom Mu

Onyankopɔn Din Wɔ Russiafo Nnwom Mu

WƆ AFE 1877 mu no, Russiani bi a ɔhyehyɛ nnwom a wagye din a wɔfrɛ no Modest Mussorgsky yɛɛ nnwom bi a ɔde emu nsɛm gyinaa nsɛm bi a esisii wɔ nsase a wɔabobɔ din wɔ Bible mu so. Mussorgsky kyerɛw kɔmaa n’adamfo bi sɛ, “Makyerɛw nnwom a egyina Bible mu nsɛm bi a ɛfa Jesus Navinus [Joshua] ho. Nnwom no mu nsɛm nyinaa fi Bible mu, na akwantempɔn a Navinus faa so wɔ Kanaan kodii nkonim no mpo ho asɛm ka ho.” Wɔ nnwom foforo a Mussorgsky hyehyɛe a ebi ne “The Destruction of Sennacherib” (Sanaherib Sɛe) mu no, ɔde Bible mu nsɛm ne Bible mu nnipa din dii dwuma wɔ ɛno nso mu.

Anigyesɛm ne sɛ, Mussorgsky de sɛnea Russiafo bɔ Onyankopɔn din a wɔde anom nkyerɛwde anan a ɛne יהוה (YHWH) a wɔde gyina hɔ ma Onyankopɔn din wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm mu no dii dwuma wɔ ne nnwom a ɛne “Jesus Navinus” no ne “The Destruction of Sennacherib” no a ɔyɛe wɔ afe 1874 mu no mu. Anom nkyerɛwde anan a ɛne יהוה (YHWH) no pue bɛyɛ mpɛn 7,000 wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu.

Enti, Mussorgsky nnwom nhoma no ma yehu sɛ na Russiafo nim Onyankopɔn din a ɛwɔ Bible mu a ɛne Yehowa no ansa na afeha a ɛto so 20 no reba. Saa asɛm yi yɛ nokware, efisɛ Yehowa ankasa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Eyi ne me din de kosi daa, na eyi na wɔmfa nkae me awo ntoatoaso nyinaa mu.”—Exodus 3:15.

[Mfonini wɔ kratafa 32]

St. Petersburg Tete Nnwom Akorae wɔ afe 1913 mu, baabi a wɔakora Mussorgsky nnwom pii so

[Mfonini Ahorow Fibea wɔ kratafa 32]

Krataa a nnwom wɔ so: The Scientific Music Library of the Saint-Petersburg State Conservatory named after N.A. Rimsky-Korsakov; abɔnten so: National Library of Russia, St. Petersburg