Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Mfaso Da So Wɔ “Apam Dedaw” No So?

So Mfaso Da So Wɔ “Apam Dedaw” No So?

So Mfaso Da So Wɔ “Apam Dedaw” No So?

WƆ AFE 1786 mu no, Franseni oduruyɛfo bi kyerɛw nhoma bi a ɔtoo din Traité d’anatomie et de physiologie (Nipadua Nkwaadɔm ne Sɛnea Ɛyɛ Adwuma Ho Nsɛm). Wobu saa nhoma no sɛ, ɛno ne sɛnea nipadua nkwaadɔm yɛ adwuma ho nhoma a na eye sen biara saa bere no, na nnansa yi, wɔtɔn nhoma no mu kakraa bi a aka no biako de gyee bɛboro dɔla mpem 27! Nanso, ɛnnɛ, ayarefo kakraa bi pɛ na wɔbɛkɔ oduruyɛfo bi a wonim no sɛ ɔhwɛ aduruyɛ ho nhoma a wɔkyerɛw no bɛyɛ mfe ɔhaha pii ni mu de hwɛ ayarefo no nkyɛn akogye ayaresa. Esiane sɛ nhoma a ɛte saa mu nsɛm akyɛ na wɔmfa nyɛ adwuma bio nti, entumi mmoa obi a ɔyare nnɛ.

Saa ara na nnipa pii bu Bible no fã a wɔfrɛ no Apam Dedaw no. Wɔn ani gye Israelfo abakɔsɛm ne anwensɛm dɛdɛ a ɛwom no ho. Nanso, wonnye nni sɛ ɛfata sɛ wɔde nhoma a wɔkyerɛw no bɛboro mfe 2,400 ni no mu akwankyerɛ bɛyɛ adwuma. Sɛnea na nyansahu mu nimdeɛ, aguadi, ne abusua mu nsɛm mpo te bere a wɔkyerɛw Bible no asesa koraa nnɛ. Philip Yancey a bere bi na ɔyɛ Christianity Today nsɛmma nhoma no samufo no kyerɛwee wɔ ne nhoma a wato din The Bible Jesus Read no mu sɛ: “Ɛnyɛ bere nyinaa na sɛ wokenkan Apam Dedaw no a wote ase, na nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ no ani nnye ɔfã a wɔkenkan a wɔte ase no mpo ho. Saa nsɛm yi ne nneɛma foforo bi nti na nnipa ntaa nkenkan Apam Dedaw no a emu nsɛm dɔɔso sen Bible no fã a aka no.” Nnipa fii ase nyaa adwene a ɛte saa akyɛ yiye.

Bere a ɔsomafo Yohane wui bɛyɛ afe 100 Y.B. mu akyi bɛyɛ mfe 50 no, aberante bi a ɔyɛ ɔdefo a wɔfrɛ no Marcion kaa no baguam sɛ, ɛnsɛ sɛ Kristofo kenkan Apam Dedaw no. Sɛnea Engiresini abakɔsɛm kyerɛwfo Robin Lane Fox kyerɛ no, Marcion kae sɛ, “‘Onyankopɔn’ a wɔka ne ho asɛm wɔ Apam Dedaw no mu no ‘yɛ omumɔyɛfo’ a na ogyina basabasayɛfo ne amammɔfo te sɛ Israel hene Dawid akyi. Nanso, Kristo de, ɔbɛkaa Onyankopɔn bi a ɔkorɔn na ɔyɛ soronko koraa ho asɛm.” Fox kyerɛwee sɛ, saa asɛm yi “bɛyɛɛ ‘Macio nkyerɛkyerɛ,’ na nkurɔfo ani begyee ho kɛse, titiriw wɔn a wɔka Siria kasa wɔ Apuei fam wɔ afeha a ɛto so anan no fã kɛse no ara mu.” Nnipa bi akɔ so akura saa nkyerɛkyerɛ yi bi mu de abesi nnɛ. Philip Yancey kyerɛwee sɛ, ɛno nti, bɛboro mfe 1,600 akyi no, “Apam Dedaw no mu nimdeɛ a Kristofo wɔ no rekɔ fam koraa, na ɔmanfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no de, ɛkame ayɛ sɛ wonni Apam Dedaw no mu nimdeɛ biara.”

So wɔde Apam Foforo no besii Apam Dedaw no ananmu? Yɛbɛyɛ dɛn atumi ate nea enti a wɔfrɛ Onyankopɔn ‘asafo Yehowa’ wɔ Apam Dedaw no mu na wɔsan wɔfrɛ no “ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn” wɔ Apam Foforo no mu no ase? (Yesaia 13:13; 2 Korintofo 13:11) So wubetumi anya Apam Dedaw no so mfaso nnɛ?