Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Nti Na Onyankopɔn Ma Nneɛma Bɔne Ho Kwan?

Dɛn Nti Na Onyankopɔn Ma Nneɛma Bɔne Ho Kwan?

Dɛn Nti Na Onyankopɔn Ma Nneɛma Bɔne Ho Kwan?

NNEƐMA bɔne ne amanehunu abu so wɔ baabiara. Wokunkum asraafo ne wɔn a wɔnyɛ asraafo nyinaa wɔ akodi mu. Nsɛmmɔnedi ne awudisɛm abu so. Ebia obi de asɛm a ɛnyɛ dɛ adi wo anaa wɔabu wo atɛnkyea nnansa yi. Esiane nea woahu ne nea woafa mu nti, ebia woabisa sɛ, ‘Dɛn nti na Onyankopɔn ma nneɛma bɔne ho kwan?’

Nnipa pii abisa asɛm koro yi ara. Bɛyɛ mfe 3,600 a atwam ni no, Onyankopɔn somfo nokwafo bi a wɔfrɛ no Hiob bisae sɛ: “Adɛn nti na abɔnefo nya nkwa?” (Hiob 21:7) Bɛyɛ mfe 2,600 a abɛsen kɔ no, nneɛma bɔne a na Yeremia beresofo reyɛ no haw no araa ma obisae sɛ: “Ɛdɛn nti na abɔnefo kwan si yiye na nkɔnkɔnsafo nyinaa nso ho dwo wɔn?” (Yeremia 12:1) Ná Hiob ne Yeremia nyinaa nim sɛ Onyankopɔn yɛ ɔtreneeni. Nanso na wontumi nhu nea enti a nneɛma bɔne abu so saa. Ebia wo nso eyi haw wo.

Nnipa binom te nka sɛ Onyankopɔn na ɔma nneɛma bɔne ne amanehunu ba. Afoforo bisa wɔn ho sɛ: ‘Sɛ Onyankopɔn yɛ tumi nyinaa wura, ɔteɛ, na ɔwɔ ɔdɔ a, dɛn nti na onyi bɔne ne amanehunu mfi hɔ? Dɛn nti na wama nneɛma bɔne akɔ so abesi nnɛ?’ Asɛm a edi hɔ no bebua nsɛmmisa yi ne afoforo a ɛho hia.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

AP Photo/Adam Butler