Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hosea Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Hosea Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Hosea Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

ƐKAME ayɛ sɛ na nokware som ayera koraa wɔ Israel mmusuakuw du ahemman a na ɛwɔ atifi fam no mu. Wɔ Yerobeam II nniso ase no, Israelfo dii yiye, nanso owui akyi bere tiaa bi no, wodii hia. Efi saa bere no, basabasayɛ baa ɔman no mu, na wotuu ahenni ahorow gui. Wokunkum ahemfo baasia a wodidii so bae no mu baanan. (2 Ahene 14:29; 15:8-30; 17:1-6) Mfe 59 a Hosea de hyɛɛ nkɔm a efii ase wɔ afe 804 A.Y.B. mu no toaa so beduu saa basabasayɛ bere yi mu.

Sɛnea na Yehowa te nka wɔ Israel man a na wɔawae no ho no da adi yiye wɔ nea esii wɔ Hosea aware mu. Hosea nsɛm no fa Israel bɔne a wɔdaa no adi ne atemmu a ɛfa Israel ne Yuda ahemman no ho. Hosea de nsɛm a ɛka koma, tumi wom, na emu da hɔ na ɛkyerɛw eyi nyinaa wɔ nhoma a ne din da so no mu. Esiane sɛ Hosea nhoma no yɛ Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu nti, emu nsɛm no wɔ nkwa, na tumi wɔ mu.—Hebrifo 4:12.

“KƆFA ƆBAA AGUAMAN”

(Hosea 1:1–3:5)

Yehowa ka kyerɛɛ Hosea sɛ: “Kɔ na kɔfa ɔbaa aguaman.” (Hosea 1:2) Hosea tiei na ɔne Gomer woo ɔbabarima. Ɛda adi sɛ mmofra baanu a ɔwoo wɔn akyiri yi no yɛ mpena mma. Nea wɔn din, Lo-Ruhama ne Lo-Ami, kyerɛ no twe adwene si so sɛ na Yehowa beyi ne mmɔborohunu afi Israel so na wapo ne nkurɔfo a wɔanni no nokware no.

Ná Yehowa te nka dɛn wɔ ne nkurɔfo atuatewfo no ho? Ɔka kyerɛɛ Hosea sɛ: “Kɔ bio na kɔdɔ ɔbea a adamfo dɔ no, nanso ɔyɛ ɔwaresɛefo, sɛ [Yehowa, NW] dɔ Israel mma na wɔn de, wɔdan kɔ anyame foforo nkyɛn.”—Hosea 3:1.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

1:1—Dɛn nti na Hosea bobɔɔ ahemfo baanan a wodii Yuda so bere a na ɔreyɛ ne som adwuma no nyinaa din, nanso ɔbɔɔ Israel sodifo baako pɛ din? Nea enti a eyi te saa ne sɛ, ahemfo a wofi Dawid abusua mu nkutoo na na wogye wɔn tom sɛ wɔwɔ hokwan sɛ wodi Onyankopɔn nkurɔfo a wapaw wɔn so. Ná ahemfo a wodi atifi fam ahemman no so no mfi Dawid abusua mu, nanso na wɔn a wodi Yuda so no fi Dawid abusua mu.

1:2-9—So Hosea faa ɔbaa aguaman ampa? Yiw, Hosea waree ɔbea a akyiri yi ɔbɛyɛɛ ɔwaresɛefo no. Odiyifo no anka biribiara a ɛkyerɛ sɛ na ɔne ne yere asɛm no yɛ ɔdae anaa anisoadehu.

1:7—Bere bɛn na wɔdaa mmɔborohunu adi kyerɛɛ Yuda fie na wogyee wɔn? Eyi nyaa mmamu wɔ afe 732 A.Y.B. wɔ Ɔhene Hesekia bere so. Saa bere no, Yehowa maa ɔbɔfo baako kunkum Asiriafo a na wɔyɛ wɔn atamfo no asraafo 185,000 anadwo biako de twaa Asiriafo ahunahuna a wɔde baa Yerusalemfo so no so. (2 Ahene 19:34, 35) Ɛnyɛ “ɔta ne nkrante ne akõdi ne apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefo” so na Yehowa nam gyee Yuda, na mmom ɔnam ɔbɔfo baako pɛ so.

1:10, 11—Esiane sɛ Israel ahemman a ɛwɔ atifi fam no gui wɔ afe 740 A.Y.B. mu nti, ɛyɛɛ dɛn na Israel mma ne Yuda mma ‘boom hyiae’? Nnipa pii a wofi atifi fam ahemman no mu no kɔɔ Yuda ansa na wɔrebɛfa Yudafo no akɔ nkoasom mu wɔ Babilon wɔ afe 607 A.Y.B. mu. (2 Beresosɛm 11:13-17; 30:6-12, 18-20, 25) Bere a Yudafo a na wɔwɔ nkoasom mu no kɔɔ wɔn asase so bio wɔ afe 537 A.Y.B. mu no, na wɔn a wofi Israel atifi fam ahemman no mu asefo ka wɔn ho.—Esra 2:70.

2:21-23—Dɛn na Yehowa nam ne nsɛm yi so hyɛɛ ho nkɔm: “Medua [Yesreel] mafa, asase so, na mehu . . . no mmɔbɔ”? Ná Hosea babarima a ɔne Gomer woo no no din de Yesreel. (Hosea 1:2-4) Saa din no a ase kyerɛ “Onyankopɔn Bedua Aba” no, yɛ Yudafo nkaefo anokwafo a na Yehowa bɛboaboa wɔn ano wɔ afe 537 A.Y.B. mu, na wadua wɔn te sɛ aba wɔ Yuda no ho nkɔmhyɛ. Afei na ehia sɛ asase a na ada mpan mfe 70 no ma wonya awi, bobesa ne ngo. Nkɔmhyɛ no ka no anwensɛm kwan so sɛ nneɛma pa yi bɛka akyerɛ asase sɛ ɛmma ne nnɔbae, na asase nso aka akyerɛ ɔsoro sɛ ɔmma osu. Afei ɔsoro nso bɛsrɛ Onyankopɔn na wama osu amuna. Ná eyi nyinaa atirimpɔw ne sɛ ɛbɛma Yudafo nkaefo no anya wɔn ahiade ma aboro so mpo. Ɔsomafo Paulo ne ɔsomafo Petro kyerɛe sɛ asɛm a ɛwɔ Hosea 2:23 no fa honhom fam Israel nkaefo a wɔbɛboaboa wɔn ano no ho.—Romafo 9:25, 26; 1 Petro 2:10.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

1:2-9; 3:1, 2. Susuw mmɔden a Hosea bɔe ne ne yere kɔɔ so trae de tiee Onyankopɔn no ho hwɛ! Ɛdefa Onyankopɔn apɛde a yɛbɛyɛ ho no, nneɛma a yɛn ani gye ho bɛn na yebefi yɛn pɛ mu de abɔ afɔre?

1:6-9. Yehowa kyi honhom fam awaresɛe, sɛnea okyi honam fam awaresɛe no ara pɛ.

1:7, 10, 11; 2:14-23. Nea Yehowa ka faa Israel ne Yuda ho no baa mu. Yehowa asɛm ba mu bere nyinaa.

2:16, 19, 21-23; 3:1-4. Yehowa wɔ ɔpɛ sɛ ɔde wɔn a wofi wɔn komam nu wɔn ho no bɔne befiri wɔn. (Nehemia 9:17) Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛda ayamhyehye ne mmɔborohunu adi kyerɛ wɔn a yɛne wɔn di nsɛm no sɛnea Yehowa yɛ no.

‘YEHOWA NE WƆN ANYA’

(Hosea 4:1–13:16)

“[Yehowa, NW] ne asase sofo anya ɔham.” Dɛn ntia? Efisɛ “nokware ne adɔe ne Onyankopɔn ho nimdeɛ bi nni asase so.” (Hosea 4:1) Israelfo asoɔdenfo no de wɔn ho hyɛɛ nsisi ne mogyahwiegu mu, na wɔbɔɔ aguaman wɔ honam fam ne honhom fam. Sɛ́ anka wɔbɛhwehwɛ mmoa afi Onyankopɔn hɔ no, ‘wɔfrɛɛ Misraim, na wɔkɔɔ Asiria.’—Hosea 7:11.

Yehowa kaa atemmu a ɔde bɛba no ho asɛm sɛ: ‘Wɔbɛmene Israel.’ (Hosea 8:8) Ná Yuda ahemman no nso remfa ne ho nni. Hosea 12:2 ka sɛ: “[Yehowa, NW] ne Yuda anya asɛm, na ɔreba abɛtwe Yakob aso sɛ n’akwan te; sɛ ne nsɛnnii te no na obetua no ka.” Nanso na wɔbɛsan de wɔn aba ɔkwan biara so, efisɛ Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ: “Megye wɔn mafi asaman nsam . . . mɛpon wɔn owu mu.”—Hosea 13:14.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

6:1-3—Henanom na na wɔreka sɛ: “Mommra mma yɛnsan nkɔ [Yehowa, NW] nkyɛn” no? Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ Israelfo a wɔanni nokware no na na wɔrehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran sɛ wɔnsan nkɔ Yehowa nkyɛn. Sɛ saa na ɛte a, ɛnde na wɔreyɛ wɔn ho sɛ nea wɔasakra. Wɔn adɔe no antra hɔ ankyɛ, na ɛte sɛ ‘anɔpa mununkum ne obosu a ɛpɛ ntɛm akɔ.’ (Hosea 6:4) Ebetumi aba nso sɛ na ɛyɛ Hosea na ɔresrɛ nkurɔfo no sɛ wɔnsan mmra Yehowa nkyɛn. Emu biara mu no, na ehia sɛ Israel mmusuakuw du ahemman a wɔawae no da nokware ahonu adi na wɔsan kɔ Yehowa nkyɛn ankasa.

7:4—Ɔkwan bɛn so na na Israelfo awaresɛefo no te sɛ ‘ɔfononoo a wɔahyɛ mu gya’? Ntotoho yi kyerɛ sɛnea na bɔne redɛw wɔ wɔn mu fa no.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

4:1, 6. Sɛ yɛpɛ sɛ yenya Yehowa anim dom a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so nya ne ho nimdeɛ na yɛde nea yesua no yɛ adwuma.

4:9-13. Wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ nna mu ɔbrasɛe ne ɔsom a ɛho ntew mu no bebu wɔn nneyɛe ho akontaa akyerɛ Yehowa.—Hosea 1:4.

5:1. Ɛsɛ sɛ wɔn a wodi Onyankopɔn nkurɔfo anim no po awaefo koraa. Anyɛ saa a, wɔbɛtwetwe ebinom ma wɔde wɔn ho ahyɛ atoro som mu ma ayɛ ‘afiri ne asawu’ ama wɔn.

6:1-4; 7:14, 16. Sɛ́ obi de n’ano kɛkɛ bɛka sɛ wanu ne ho no yɛ nyaatwom, na mfaso biara nni so. Sɛ ɔbɔnefo bi pɛ sɛ Onyankopɔn hu no mmɔbɔ a, ɛsɛ sɛ ofi ne koma mu nu ne ho, na ɛda adi sɛ wasan kɔ “ɔsorosoroni” no nkyɛn, kyerɛ sɛ ɔde ɔsom kronn bɛma. Ɛsɛ sɛ sɛnea ɔbɔ ne bra no ma ɛda adi sɛ ɔde Onyankopɔn mmara a ɛkorɔn na ɛyɛ adwuma.—Hosea 7:16.

6:6. Sɛ obi kɔ so yɛ bɔne a, ɛkyerɛ sɛ ɔnnɔ Onyankopɔn wɔ nokware mu. Biribiara nni hɔ a ɔbɛyɛ wɔ Onyankopɔn som mu a obetumi de apata ne bɔne a ɔreyɛ no.

8:7, 13; 10:13. Asɛm a ɛne sɛ “nea onipa gu biara no, ɛno ara na obetwa” no baa mu saa pɛpɛɛpɛ wɔ Israelfo abosonsomfo no so.—Galatifo 6:7.

8:8; 9:17; 13:16. Nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa atifi fam ahemman no ho no baa mu bere a Asiriafo no ko faa n’ahenkurow Samaria no. (2 Ahene 17:3-6) Yebetumi anya awerɛhyem sɛ nea Onyankopɔn aka sɛ ɔbɛyɛ biara no, ɔbɛyɛ.—Numeri 23:19.

8:14. Yehowa nam Babilonfo so ‘too Yuda nkurow mu gya’ wɔ afe 607 A.Y.B., na ɛmaa Yerusalem ne Yuda nsase daa mpan sɛnea wɔhyɛɛ ho nkɔm no. (2 Beresosɛm 36:19) Onyankopɔn asɛm bam bere nyinaa.—Yosua 23:14.

9:10. Ɛwom sɛ na Israelfo no ahyira wɔn ho so ama nokware Nyankopɔn no de, nanso “wɔkɔɔ Baal-Peor nkyɛn, na wodwiraa wɔn ho de maa aniwude.” Nyansa wom sɛ yesua biribi fi wɔn nhwɛso bɔne no mu na yɛhwɛ yiye sɛ yebedi yɛn ho so a yɛahyira ama Yehowa no mu nokware.—1 Korintofo 10:11.

10:1, 2, 12. Ɛsɛ sɛ yɛde koma a emu tew som Onyankopɔn. Sɛ ‘yegu aba wɔ trenee mu a, yebetwa Onyankopɔn adɔe so ade.’

10:5. Bet-Awen (a ɛkyerɛ “Abusude Fie”) no yɛ din a wɔde maa Betel (a ɛkyerɛ “Onyankopɔn Fie”) de buu no animtiaa. Bere a wɔde Bet-Awen nantwi ba ohoni kɔɔ nkoasom mu no, Samariafo no dii ade a wɔsom no yi ho awerɛhow. Hwɛ sɛnea nyansa nnim sɛ yɛde yɛn ho bɛto ohoni a nkwa nni ne mu a ontumi nnye n’ankasa ho nkwa mpo so!—Dwom 135:15-18; Yeremia 10:3-5.

11:1-4. Yehowa ne ne nkurɔfo di no ɔdɔ so bere nyinaa. Yɛn ho ase a yɛbɛbrɛ ahyɛ Onyankopɔn ase no nyɛ den dodo.

11:8-11; 13:14. Yehowa asɛm a ɔkae sɛ ɔbɛma ne nkurɔfo asan abɛsom no nokware mu no ‘ansan amma ne nkyɛn kwa.’ (Yesaia 55:11) Wɔ afe 537 A.Y.B. no, Babilon nkoasom no baa awiei, na wɔn a wɔkae no san baa Yerusalem. (Esra 2:1; 3:1-3) Asɛm biara a Yehowa nam n’adiyifo so aka no bɛba mu ɔkwan biara so.

12:6. Ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛda adɔe ne atɛntrenee adi, na yɛde yɛn ani to Yehowa so bere nyinaa.

13:6. Israelfo no ‘mee, na wɔn koma maa ne ho so, enti wɔn werɛ fii Yehowa.’ Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamma yɛn ho so.

‘YEHOWA AKWAN YƐ TẼE’

(Hosea 14:1-9)

Hosea srɛe sɛ: “Israel, san bra [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn nkyɛn; na w’amumɔyɛ nti woahwe ase.” Ɔhyɛ nkurɔfo sɛ wɔnka nkyerɛ Yehowa sɛ: “Fa amumɔyɛ firi, na gye papa, na yɛmfa yɛn ano nyɛ anantwinini mmɛbɔ afɔre.”—Hosea 14:1, 2.

Ɛsɛ sɛ ɔbɔnefo a wanu ne ho ba Yehowa nkyɛn, ogye n’akwan tom, na ɔbɔ no ayeyi afɔre. Dɛn ntia? Efisɛ “[Yehowa, NW] akwan yɛ tẽe, na atreneefo bɛnantew so.” (Hosea 14:9) Hwɛ sɛnea yɛn ani gye sɛ nnipa pii “ho bɛpopo de aba [Yehowa, NW] ne ne papa ho, nna a edi akyiri no mu”!—Hosea 3:5.

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Hosea ne ne yere asɛm no ma yehu sɛnea Yehowa ne Israel dii nsɛm

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Bere a wɔsɛee Samaria wɔ afe 740 A.Y.B. no, Israel mmusuakuw du ahemman no gui