Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Mo Agya Hu Mmɔbɔ”

“Mo Agya Hu Mmɔbɔ”

“Mo Agya Hu Mmɔbɔ”

“Monkɔ so nhu mmɔbɔ sɛnea mo Agya hu mmɔbɔ no.”—LUKA 6:36.

1, 2. Ɔkwan bɛn so na Yesu asɛm a ɔka kyerɛɛ akyerɛwfo ne Farisifo ne n’akyidifo no ma yehu sɛ mmɔborohunu yɛ su pa?

MMARA ahorow bɛyɛ 600 na na ɛwɔ Mmara a Onyankopɔn nam Mose so de mae no mu. Ɛwom sɛ na ehia sɛ wodi Mose Mmara no mu ahwehwɛde ahorow so de, nanso na ɛho hia paa sɛ Israelfo no hu afoforo mmɔbɔ. Susuw asɛm a Yesu ka kyerɛɛ Farisifo a na wonhu afoforo mmɔbɔ no ho hwɛ. Ɔkaa wɔn anim mprenu, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ Onyankopɔn ahyɛ sɛ: “Mepɛ mmɔborohunu, na ɛnyɛ afɔrebɔ.” (Mateo 9:10-13; 12:1-7; Hosea 6:6) Aka kakra ma Yesu de n’asase so som adwuma aba awiei no, ɔkae sɛ: “Munnue, akyerɛwfo ne Farisifo nyaatwomfo! efisɛ muyi ɛme ne nunum ne kumin so ntotoso du du nanso mummu Mmara no mu nsɛm a tumi wom a ɛne atɛntrenee ne mmɔborohunu ne nokwaredi no.”—Mateo 23:23.

2 Akyinnye biara nni ho sɛ na mmɔborohunu ho hia Yesu paa. Ɔka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Monkɔ so nhu mmɔbɔ sɛnea mo Agya hu mmɔbɔ no.” (Luka 6:36) Nanso sɛ yebetumi ‘asuasua Onyankopɔn’ wɔ eyi mu a, ehia sɛ yehu nea mmɔborohunu kyerɛ ankasa. (Efesofo 5:1) Bio nso, hu a yebehu mfaso a ɛwɔ mmɔborohunu so no bɛka yɛn ma yɛada su yi adi kɛse wɔ yɛn asetra mu.

Wohuu Wɔn a Ahia Wɔn Mmɔbɔ

3. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma Yehowa kyerɛ yɛn nea mmɔborohunu kyerɛ ankasa?

3 Odwontofo no kae sɛ: “[Yehowa, NW] yɛ ɔdomfo ne mmɔborohunufo, abufuwyɛ mu nyaa ne adɔeyɛ mu kɛse. [Yehowa, NW] ye ma nnipa nyinaa, na ne mmɔborohunu wɔ ne nnwuma nyinaa so.” (Dwom 145:8, 9) Yehowa yɛ “mmɔborohunu agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn.” (2 Korintofo 1:3) Obi a ohu afoforo mmɔbɔ no ne wɔn di no ayamye so. Eyi yɛ Onyankopɔn nipasu fã titiriw. Ne nhwɛso ne n’akwankyerɛ boa yɛn ma yehu nea mmɔborohunu kyerɛ ankasa.

4. Dɛn na Yesaia 49:15 ma yehu wɔ mmɔborohunu ho?

4 Yehowa ka wɔ Yesaia 49:15 sɛ: “So ɔbea werɛ befi ne ba akokoaa, na ne yam renhyehye no ne yafumma ho?” Hebri nsɛmfua a ɛbɛn nea wɔakyerɛ ase “ne yam renhyehye no” wɔ ha no ara na wɔkyerɛɛ ase mmɔborohunu wɔ Dwom 145:8, 9 a yɛaka ho asɛm no. Wɔde nea ɛka Yehowa ma ɔda mmɔborohunu adi no toto atenka a ɔbaatan taa nya ma ne ba no ho. Sɛ ɔkɔm de abofra anaa ohia biribi a, ne maame fi ayamhyehye ne atenka a ɔwɔ ma ne ba no mu de nea ohia ma no. Yehowa da ayamhyehye a ɛte saa ara adi ma wɔn a ohu wɔn mmɔbɔ no.

5. Dɛn na Yehowa yɛ de kyerɛe sɛ ne “mmɔborohunu dɔɔso” wɔ Israel so?

5 Eye sɛ yɛn yam bɛhyehye yɛn ama afoforo, nanso sɛ ɛka yɛn ma yɛboa afoforo a wohia mmoa a, yenya so mfaso kɛse. Susuw nea Yehowa yɛe bere a n’asomfo kɔɔ nkoasom mu wɔ Misraim bɛyɛ mfe 3,500 a atwam ni no ho hwɛ. Ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ohu na mahu me man a ɛwɔ Misraim no amanehunu, na wɔn sũ a wɔn so ahwɛfo nti wosu frɛ no, mate, na mahu wɔn amanehunu. Na masian sɛ merebeyi wɔn Misrifo nsam, na matutu wɔn afi asase no so akɔ asase pa a ɛtrɛw so, asase a nufusu ne wo sen wɔ so.” (Exodus 3:7, 8) Bere a Yehowa gyee Israelfo fii Misraim bɛyɛ mfe 500 akyi no, ɔkaee wɔn sɛ: “Me na miyii Israel Misraim mebae, migyee mo Misraim nsam ne ahenni a ɛhyɛɛ mo so nyinaa nsam.” (1 Samuel 10:18) Esiane sɛ Israelfo ankɔ so anni Onyankopɔn trenee gyinapɛn nyinaa so nti, na wɔn ho taa kyere wɔn. Nanso Yehowa yam hyehyee no maa wɔn, na ɔboaa wɔn mpɛn pii. (Atemmufo 2:11-16; 2 Beresosɛm 36:15) Eyi ma yehu sɛnea Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no boa wɔn a wohia mmoa, wɔn a wɔwɔ asiane mu, ne wɔn a wɔn ho akyere wɔn no. Yehowa “mmɔborohunu dɔɔso.”—Efesofo 2:4.

6. Ɔkwan bɛn so na Yesu Kristo daa mmɔborohunu adi de suasuaa n’Agya?

6 Yesu Kristo daa mmɔborohunu adi de suasuaa n’Agya pɛpɛɛpɛ. Bere a anifuraefo baanu baa Yesu nkyɛn de wɔn adesrɛde bɛtoo n’anim sɛ, “Awurade, Dawid ba, hu yɛn mmɔbɔ!” no, dɛn na ɔyɛe? Ná wɔresrɛ Yesu sɛ ɔmfa anwonwakwan so mma wonhu ade. Yesu fi ayamhyehye mu yɛɛ saa maa wɔn. Bible ka sɛ: “Ɛyɛɛ Yesu mmɔbɔ ma ɔde ne nsa kaa wɔn aniwa, na ntɛm ara wohuu ade.” (Mateo 20:30-34) Mmɔborohunu na ɛkaa Yesu ma ɔyɛɛ anwonwade pii de buee anifuraefo ani, tuu adaemone, saa akwatafo yare na ɔsaa mmofra a wɔn awofo de wɔn brɛɛ no no yare.—Mateo 9:27; 15:22; 17:15; Marko 5:18, 19; Luka 17:12, 13.

7. Mmɔborohunu ho ade bɛn na yesua fi Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba nhwɛso no mu?

7 Nhwɛso a Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo yɛe no ma yehu sɛ mmɔborohunu wɔ afã abien—ɛne sɛ yebenya ayamhyehye anaa tema ama wɔn a wohia mmoa no na yɛayɛ biribi de aboa wɔn. Sɛ obi behu afoforo mmɔbɔ a, ɛsɛ sɛ ɔda su ahorow abien no nyinaa bi adi. Wɔ Kyerɛwnsɛm mu no, mmɔborohunu taa kyerɛ ayamye a wɔda no adi kyerɛ wɔn a wohia mmoa. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na wɔda mmɔborohunu adi wɔ asɛnni mu? So nea ɛkyerɛ nso ne sɛ wɔde obi ho bɛkyɛ no a wɔrentwe n’aso?

Yehowa Hu Abɔnefo Mmɔbɔ

8, 9. Mmɔborohunu bɛn na wɔdaa no adi kyerɛɛ Dawid bere a ɔne Bat-Seba yɛɛ bɔne akyi no?

8 Susuw nea esii bere a odiyifo Natan kɔɔ tete Israel hene Dawid nkyɛn kɔkaa Dawid ne Bat-Seba awaresɛe ho asɛm kyerɛɛ no no ho hwɛ. Dawid a na wanu ne ho no bɔɔ mpae sɛ: “Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, sɛ w’adɔe te no, wo mmɔborohunu a ɛdɔɔso nti popa me mmarato. Hohoro me ho fi m’amumɔyɛ mu koraa, na prapra me ho fi me bɔne mu. Na me mmarato no, mahu, na me bɔne wɔ m’anim daa yi. Wo nko ara na mafom wo, na mayɛ nea ɛyɛ w’ani so bɔne.”—Dwom 51:1-4.

9 Asɛm yi haw Dawid paa. Yehowa de ne bɔne firii no, na ɔtew asotwe a ɔde maa Dawid ne Bat-Seba no so. Sɛnea Mose Mmara kyerɛ no, na anka ɛsɛ sɛ wokum Dawid ne Bat-Seba nyinaa. (Deuteronomium 22:22) Ɛwom sɛ wonyaa wɔn bɔne a wɔyɛe no ho asotwe bi de, nanso wɔanwu. (2 Samuel 12:13) Onyankopɔn mmɔborohunu ma ɔde bɔne firi. Nanso ɔmfa asotwe a ɛfata nkame abɔnefo.

10. Ɛwom sɛ Yehowa da mmɔborohunu adi wɔ atemmu mu de, nanso dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yesusuw sɛ ne mmɔborohunu nti yebetumi ayɛ nea yɛpɛ?

10 Esiane sɛ “ɛnam onipa baako [Adam] so na bɔne baa wiase” na “bɔne akatua ne owu” nti, nnipa nyinaa fata owu. (Romafo 5:12; 6:23) Hwɛ aseda araa a ɛsɛ sɛ yɛde ma Yehowa sɛ ɔda mmɔborohunu adi bere a obu yɛn atɛn no! Nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛansusuw sɛ Onyankopɔn mmɔborohunu nti yebetumi ayɛ nea yɛpɛ. Deuteronomium 32:4 ka sɛ: “[Yehowa akwan] nyinaa yɛ trenee.” Sɛ Onyankopɔn reda mmɔborohunu adi a, ommu n’ani ngu n’atɛntrenee gyinapɛn ahorow so.

11. Ɔkwan bɛn so na Yehowa daa atɛntrenee a ɛfata adi wɔ bɔne a Dawid ne Bat-Seba yɛe no mu?

11 Sɛ na wobetumi atew owu ho asotwe a na ɛda Dawid ne Bat-Seba so no so a, na ɛsɛ sɛ wodi kan de wɔn bɔne firi wɔn. Ná Israel atemmufo nni hokwan sɛ wɔde bɔne firi. Sɛ wɔmaa kwan ma wodii asɛm no a, anka nea wɔbɛyɛ ara ne sɛ wobebu wɔn kumfɔ. Eyi na na Mmara no hwehwɛ sɛ wɔyɛ. Nanso esiane apam a na Yehowa ne Dawid ayɛ nti, ɔhwɛe sɛ obenya biribi agyina so de Dawid bɔne afiri no. (2 Samuel 7:12-16) Ɛno nti na Yehowa Nyankopɔn a “obu asase nyinaa atɛn” na ‘ɔsɔ koma hwɛ’ no paw sɛ ɔno ara bedi asɛm no. (Genesis 18:25; 1 Beresosɛm 29:17) Ná Onyankopɔn betumi ahu nea na ɛwɔ Dawid komam, ahu sɛ wanu ne ho ampa, na ɔde ne bɔne afiri no.

12. Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa abɔnefo atumi anya Onyankopɔn mmɔborohunu so mfaso?

12 Mmɔborohunu a Yehowa ada no adi de agye yɛn afi bɔne ho afobu mu no ne n’atɛntrenee hyia. Nea ɛbɛyɛ na Yehowa de yɛn bɔne afiri yɛn na bere koro no ara ɔnto n’atɛntrenee ho mmara no, ɔde ne Ba, Yesu Kristo bɔɔ ogye afɔre—mmɔborohunu a ɛsen biara a wɔada no adi pɛn—maa yɛn. (Mateo 20:28; Romafo 6:22, 23) Nea ɛbɛyɛ na yɛanya Onyankopɔn mmɔborohunu a ebetumi agye yɛn afi bɔne a wɔde woo yɛn mu so mfaso no, ɛsɛ sɛ ‘yegye Ɔba no di.’—Yohane 3:16, 36.

Mmɔborohunu ne Atɛntrenee Nyankopɔn

13, 14. So Onyankopɔn mmɔborohunu gow n’atɛntrenee mu? Kyerɛkyerɛ mu.

13 Ɛwom sɛ Yehowa mmɔborohunu nsɛe nea ogyina so bu atɛntrenee no de, nanso so ɛsesa n’atɛntrenee ɔkwan bi so? So mmɔborohunu a wɔda no adi gow atɛntrenee mu? Dabi, ɛnte saa.

14 Yehowa nam odiyifo Hosea so ka kyerɛɛ Israelfo sɛ: “Megye wo aware mafa akosi daa, na megye wo aware mafa, trenee ne atemmu so, ne adɔe ne mmɔborohunu so.” (Hosea 2:19) Nsɛm yi ma ɛda adi pefee sɛ Yehowa mmɔborohunu ne ne su ahorow te sɛ atɛntrenee hyia. Yehowa yɛ “Onyankopɔn mmɔborohunufo ne ɔdomfoɔ, . . . ɔde amumɔyɛ ne mmarato ne bɔne firi, na bem na ɔmma ɔbɔnefo nni.” (Exodus 34:6, 7) Yehowa yɛ mmɔborohunu ne atɛntrenee Nyankopɔn. Bible ka ne ho asɛm sɛ: “Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ trenee.” (Deuteronomium 32:4) Onyankopɔn atɛntrenee ne ne mmɔborohunu nyinaa yɛ pɛ. Su no mu biara nsen ɔfoforo, saa ara nso na biako mmrɛ ɔfoforo no ase. Mmom no, ne nyinaa bom yɛ adwuma pɛpɛɛpɛ.

15, 16. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa mmu atɛntrenee atirimɔden so? (b) Sɛ Yehowa bu wiase bɔne yi atɛn a, dɛn na n’asomfo betumi ahwɛ kwan?

15 Yehowa mmu atɛntrenee atirimɔden so. Mpɛn pii no wogyina mmara so na ebu atɛntrenee, na atemmu hwehwɛ sɛ wɔde asotwe a ɛfata ma abɔnefo. Nanso sɛ Onyankopɔn da n’atɛntrenee adi a, ebetumi akyerɛ ogye ama wɔn a wɔwɔ n’anim dom no. Sɛ nhwɛso no, bere a wɔsɛee abɔnefo a na wɔwɔ Sodom ne Gomora no, wogyee agya panyin Lot ne ne mmabea baanu no.—Genesis 19:12-26.

16 Yebetumi anya awerɛhyem sɛ sɛ Yehowa bu wiase bɔne yi atɛn a, “nnipakuw kɛse” anaa ne nokware asomfo a “wɔahoro wɔn ntade ma ayɛ fitaa Oguammaa no mogya mu” no benya wɔn ti adidi mu. Wobetwa “ahohiahia kɛse no.”—Adiyisɛm 7:9-14.

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yehu Afoforo Mmɔbɔ?

17. Dɛn titiriw paa nti na ɛsɛ sɛ yehu afoforo mmɔbɔ?

17 Nhwɛso a Yehowa ne Yesu Kristo ayɛ no ma yehu nea mmɔborohunu kyerɛ ankasa. Mmebusɛm 19:17 ma yehu nea enti a ɛsɛ sɛ yɛda mmɔborohunu adi bere a ɛka sɛ: “Nea ohu ɔbrɛfo mmɔbɔ de fɛm [Yehowa, NW], na nea ɔde ama no, ɔbɛhyɛ no ananmu.” Sɛ yɛda mmɔborohunu adi kyerɛ yɛn ho yɛn ho de suasua Yehowa ne ne Ba no a, ɛma Yehowa ani gye. (1 Korintofo 11:1) Wɔhyɛ afoforo nkuran sɛ wɔnna mmɔborohunu adi efisɛ sɛ wohu afoforo mmɔbɔ a, wɔn nso behu wɔn mmɔbɔ.—Luka 6:38.

18. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden hu afoforo mmɔbɔ?

18 Su pa ahorow pii na ɛboa ma yɛda mmɔborohunu adi. Ebi ne ɔdɔ, ayamye, ne papayɛ. Ayamhyehye anaa tema na ɛma yɛda mmɔborohunu adi. Bere a Onyankopɔn mmɔborohunu ngow n’atɛntrenee mu no, ɔmfa abufuw ntɛmntɛm, na ɔtɔ ne bo ase ma abɔnefo nya bere de sakra. (2 Petro 3:9, 10) Enti mmɔborohunu, boasetɔ ne abodwokyɛre wɔ abusuabɔ. Esiane sɛ mmɔborohunu ma yɛda su pa ahorow te sɛ Onyankopɔn honhom no aba adi nti, ɛboa yɛn ma yɛsow Onyankopɔn honhom no aba. (Galatifo 5:22, 23) Hwɛ hia a ehia sɛ yɛbɔ mmɔden hu afoforo mmɔbɔ!

“Anigye ne Mmɔborohunufo”

19, 20. Ɔkwan bɛn so na mmɔborohunu di atemmu so nkonim?

19 Osuani Yakobo kyerɛɛ yɛn nea enti a ɛsɛ sɛ yehu afoforo mmɔbɔ bere nyinaa. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mmɔborohunu di atemmu so nkonim.” (Yakobo 2:13b) Ná Yakobo reka mmɔborohunu a ɛsɛ sɛ Yehowa somfo da no adi kyerɛ afoforo no ho asɛm. Edi atemmu so nkonim efisɛ, sɛ bere so sɛ obi ‘bu n’ankasa akontaa kyerɛ Onyankopɔn’ a, Yehowa bɛhwɛ sɛnea onii no huu afoforo mmɔbɔ no so, na ɔnam Ne Ba no ogye afɔre no so de afiri no. (Romafo 14:12) Akyinnye biara nni ho sɛ ade biako a enti wohuu Dawid mmɔbɔ wɔ bɔne a ɔne Bat-Seba yɛe no ho ne sɛ, na ɔyɛ obi a ohu afoforo mmɔbɔ. (1 Samuel 24:4-7) Nanso “nea onhu mmɔbɔ no, ɔno nso wonhu no mmɔbɔ wɔ atemmu mu.” (Yakobo 2:13a) Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔde “atirimɔdenfo” ka wɔn a Onyankopɔn bu wɔn sɛ ‘wɔfata owu’ no ho!—Romafo 1:31, 32.

20 Wɔ Yesu Bepɔw so Asɛnka no mu no, ɔkae sɛ: “Anigye ne mmɔborohunufo, efisɛ wobehu wɔn mmɔbɔ.” (Mateo 5:7) Hwɛ sɛnea nsɛm yi ma yehu pefee sɛ, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ Onyankopɔn hu wɔn mmɔbɔ no hu afoforo nso mmɔbɔ! Yebesusuw sɛnea ɛsɛ sɛ yɛda mmɔborohunu adi da biara da no ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

Dɛn na Wusuae?

• Dɛn ne mmɔborohunu?

• Akwan bɛn so na wɔda mmɔborohunu adi?

• Ɔkwan bɛn so na Yehowa yɛ mmɔborohunu ne atɛntrenee Nyankopɔn?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yehu afoforo mmɔbɔ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Wɔde sɛnea ɔbaatan bi te nka wɔ ne ba ho no toto sɛnea Yehowa hu wɔn a wohia mmoa no mmɔbɔ no ho

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Mmɔborohunu ho ade bɛn na yesua fi Yesu anwonwade ahorow no mu?

[Mfonini wɔ kratafa 24]

So Yehowa buu n’atɛntrenee so bere a ohuu Dawid mmɔbɔ no?

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Mmɔborohunu a Onyankopɔn da no adi kyerɛ nnipa abɔnefo no ne n’atɛntrenee hyia