Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Enti A Nneɛma Bɔne Kɔ So

Nea Enti A Nneɛma Bɔne Kɔ So

Nea Enti A Nneɛma Bɔne Kɔ So

BIBLE ka sɛ: ‘Yehowa Nyankopɔn teɛ, n’akwan nyinaa mu.’ (Dwom 145:17; Adiyisɛm 15:3) Odiyifo Mose kaa Yehowa ho asɛm sɛ: “N’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ trenee; ɔyɛ nokware Nyankopɔn na nkontompo nni no mu; ɔtreneeni ne teefo ne no.” (Deuteronomium 32:4) Yakobo 5:11 ka sɛ: “Yehowa wɔ ayamhyehye ne mmɔborohunu.” Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔma nneɛma bɔne kɔ so, na ɔrenyɛ saa nso.

Osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Sɛ sɔhwɛ to obi a, ɛnsɛ sɛ ɔka sɛ: ‘Onyankopɔn na ɔresɔ me ahwɛ.’ Efisɛ wontumi mfa nnebɔne nsɔ Nyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ.” (Yakobo 1:13) Yehowa Nyankopɔn mfa nneɛma bɔne nsɔ nnipa nhwɛ, na saa ara nso na ɔnkanyan nkurɔfo mma wɔnyɛ bɔne. Ɛnde hena na ɔma nneɛma bɔne ne amanehunu ba?

Hena na Ɔma Ɛkɔ So?

Bible kyerɛwfo Yakobo de nneɛma bɔne ho asodi no bi to nnipa so. Ɔka sɛ: “Nea ɛsɔ obi hwɛ ne n’ankasa akɔnnɔ a ɛtwetwe no na ɛto no brada. Afei sɛ akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne; na bɔne no nso nyin a, ɛwo owu.” (Yakobo 1:14, 15) Ebinom akɔnnɔ bɔne betumi ama wɔayɛ nneɛma a ɛmfata. Susuw bɔne a wɔde woo nnipa no nso ho hwɛ. Nkɛntɛnso a bɔne wɔ wɔ nnipa so no betumi ama akɔnnɔ bɔne a obi wɔ no mu ayɛ den, na akɔfa ɔhaw kɛse aba. (Romafo 7:21-23) Nokwarem no, bɔne a wɔde woo yɛn no ‘adi hene’ wɔ adesamma so, afa nnipa nkoa ma wɔyɛ nneɛma bɔne a ɛde amanehunu kɛse ba. (Romafo 5:21) Bio nso, nnipa abɔnefo subammɔne betumi asɛe afoforo.—Mmebusɛm 1:10-16.

Nanso nea ɔma nneɛma bɔne kɔ so titiriw ne Satan Ɔbonsam. Ɔno na ɔde bɔne baa wiase. Yesu Kristo frɛɛ Satan sɛ “ɔbɔnefo” ne “wiase sodifo” anaa nea odi nnipa abɔnefo so. Nnipa dodow no ara tie Satan, na wanya wɔn so nkɛntɛnso ma enti wɔmfa Yehowa Nyankopɔn kwantrenee so. (Mateo 6:13; Yohane 14:30; 1 Yohane 2:15-17) 1 Yohane 5:19 ka sɛ: “Wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu.” Nokwasɛm ne sɛ Satan ne n’abɔfo ‘redaadaa asase sofo nyinaa’ na amanehunu nkutoo na ɔde aba. (Adiyisɛm 12:9, 12) Enti ɛsɛ sɛ yɛde nneɛma bɔne ho asodi no fã kɛse no ara to Satan Ɔbonsam so.

Bible ma yehu ade foforo a ɛde amanehunu ba. Ɛka sɛ: “Asiane to [yɛn] nyinaa bere a [yɛn] ani nna yɛn ho so.” (Ɔsɛnkafo 9:11, NW) Yesu Kristo kaa asiane bi a esii bere a abantenten bi bui maa nnipa 18 wuwui no ho asɛm. (Luka 13:4) Akwanhyia a ɛtoo wɔn no na ɛma wowuwui. Nsɛm a ɛtete saa sisi nnɛ. Sɛ nhwɛso no, ɔdan betumi abu akum obi. Sɛ ɛba saa a, yɛde bɛhyɛ Onyankopɔn anaa? Dabi. Ɛyɛ asiane anaa akwanhyia ara kwa. Saa ara na yebetumi aka bere a yare si abusua bi mu anaa obi wu mpofirim gyaw ne yere ne ne mma no.

Ɛnde ɛda adi pefee sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔma nneɛma bɔne kɔ so; saa ara nso na ɛnyɛ ɔno na ɔma yehu amane. Mmom Yehowa abɔ ne tirim sɛ obeyi abɔnefosɛm ne wɔn a wɔde ba no afi hɔ. (Mmebusɛm 2:22) Nokwarem no, ɔbɛyɛ nea ɛsen saa koraa. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔnam Kristo so ‘bɛsɛe Ɔbonsam nnwuma.’ (1 Yohane 3:8) Wiase a ɛwɔ hɔ yi a adifudepɛ, nitan, ne nneɛma bɔne ahyɛ mu ma no befi hɔ. Na mpo Onyankopɔn ‘bɛpopa aniwam nusu nyinaa,’ na wama amanehunu aba awiei. (Adiyisɛm 21:4) Nanso ebia wubebisa sɛ: ‘Dɛn nti na Onyankopɔn nyɛɛ eyi dedaw? Dɛn nti na wama nneɛma bɔne ne amanehunu akɔ so abesi nnɛ?’ Adam ne Hawa ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no boa ma yenya nsɛm yi ho mmuae.

Asɛm a Ɛho Hia Bi Sɔree

Nea enti a Onyankopɔn ama nneɛma bɔne akɔ so abesi yɛn bere yi so no fi asɛm bi a esii wɔ adesamma abakɔsɛm mfiase. Biribi a esii saa bere no maa asɛm bi a ehia a ɛfa Ɔbɔadeɛ no ankasa ho a na wontumi nni ho dwuma ntɛmpa ara saa bere no sɔree. Ma yɛnhwehwɛ nea esii ankasa no mu yiye.

Yehowa Nyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbea a wodi kan a na wɔyɛ pɛ, na ɔde wɔn traa Paradise. Ɔdom wɔn akyɛde bi a na ɛma wɔda nsow wɔ mmoa ho—ɔmaa wɔn hokwan sɛ wobetumi apaw nea wɔpɛ. (Genesis 1:28; 2:15, 19) Sɛ́ nnipa a na wobetumi apaw nea wɔpɛ no, na Adam ne Hawa betumi apaw sɛ wɔbɛda ɔdɔ adi, wɔasom wɔn Bɔfo no, na wɔatie no. Anaasɛ na wobetumi atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho na wɔaboapa ayɛ no so asoɔden.

Nea ɛbɛyɛ na Adam ne Hawa anya hokwan akyerɛ sɛ wɔdɔ nokware Onyankopɔn no, ɔde ahyɛde bi maa wɔn. Ɔka kyerɛɛ Adam sɛ: “Turom ha nnua nyinaa, di bi. Na papa ne bɔne hu dua no de, nni, efisɛ da a wubedi bi no, owu na wubewu.” (Genesis 2:16, 17) Nea ɛbɛyɛ na Adam ne Hawa akɔ so anya Onyankopɔn anim dom na aboa wɔne wɔn abusua a wobenya daakye no, na ɛnsɛ sɛ wodi saa aduaba pɔtẽẽ no. So wotiei?

Bible ka nea esii kyerɛ yɛn. Satan Ɔbonsam faa ɔwɔ so ka kyerɛɛ Hawa sɛ: “Ampa na Onyankopɔn aka sɛ: Munnni turom ha nnua nyinaa bi?” Bere a Hawa san kaa ahyɛde a Onyankopɔn de ama wɔn kyerɛɛ Satan no, Satan kae sɛ: “Ɛnyɛ owu na mubewu: na Onyankopɔn nim sɛ da a mubedi bi no, mo ani bebue, na moayɛ sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.” Afei Hawa hui sɛ aduaba no yɛ akɔnnɔ, na “ɔtew n’aba no bi, na odii.” Kyerɛwtohɔ no toa so sɛ: “Ɔde bi maa ne kunu a ɔka ne ho no nso, na odii.” (Genesis 3:1-6) Adam ne Hawa nyinaa amfa hokwan a na wɔwɔ sɛ wɔpaw nea wɔpɛ no anni dwuma yiye, na wɔnam Onyankopɔn so asoɔden a wɔyɛe no so yɛɛ bɔne.

So wuhu aniberesɛm a ɛwɔ asɛm a esii no mu? Ɔbonsam totoo Onyankopɔn ano wɔ nea ɔka kyerɛɛ Adam no ho. Nea Satan kae no kyerɛ sɛ na Adam ne Hawa renhia Yehowa mmoa na wɔasi nea ɛyɛ papa ne bɔne ho gyinae. Asɛm a Satan ma ɛsɔree no maa asɛm baa fata a Yehowa fata sɛ odi nnipa so tumi no ho. Enti asɛm a ɛho hia a Satan ma ɛsɔree no ne sɛ, so Yehowa fata sɛ odi adesamma so tumi? Nokware Nyankopɔn no dii asɛm no ho dwuma dɛn?

Ná Ɛho Hia sɛ Wɔma Bere Bi Twam

Ná Yehowa wɔ tumi sɛ ɔsɛe atuatewfo baasa no—Satan, Adam ne Hawa. Akyinnye biara nni ho sɛ Onyankopɔn wɔ tumi sen wɔn koraa. Nanso ɛnyɛ Onyankopɔn tumi na Satan gyee ho kyim. Mmom no, ɛyɛ fata a Yehowa fata sɛ odi tumi no na ogyee ho kyim. Ná abɔfo ne nnipa nyinaa ho wɔ asɛm no mu. Ná ehia sɛ wɔde hokwan a Onyankopɔn de ama wɔn sɛ wɔmpaw nea wɔpɛ no di dwuma yiye na amma wɔammu akwankyerɛ a Onyankopɔn de ama wɔn wɔ honam fam, abrabɔ fam ne honhom fam no so. Sɛ wɔanyɛ saa a, na ɔhaw na ɛde bɛba, sɛnea sɛ obi bu n’ani gu tumi a ɛtwe ade ba fam mmara so na ohuruw fi abansoro so si fam a, obepira no ara pɛ. (Galatifo 6:7, 8) Ná sɛ abɔfo ne nnipa nyinaa hwɛ aba bɔne a sɛ obi twe ne ho fi Onyankopɔn ho a efi mu ba no a, na ebetumi aboa wɔn. Ná ebegye bere na wɔahu eyi.

Yebetumi ayɛ nokwasɛm a ɛne sɛ egye bere na wɔatumi asiesie nsɛm bi no ho mfatoho saa kwan yi so: Fa no sɛ agya a ɔwɔ abusua bi mu ka kyerɛ agya a ɔwɔ abusua foforo mu sɛ wonsi akan mfa nhwɛ nea ne ho yɛ den. Ɛrenyɛ den koraa sɛ wobehu nea ne ho yɛ den. Wobetumi ama ɔbo so de ahwɛ nea ne ho yɛ den. Agya a obetumi ama ɔbo a ɛsõ paa so no na wɔbɛka sɛ ne ho yɛ den. Nanso fa no sɛ yɛpɛ sɛ yehu agya kõ a ɔdɔ ne mma paa na ne mma nso dɔ no. Anaa fa no sɛ asɛm no fa agya kõ a ɔhwɛ n’abusua yiye ho. Eyi mu de, ɛnyɛ ahoɔden anaa nsɛm a obi bɛka na ɛbɛma nokware no ada adi. Ɛsɛ sɛ bere bi twam, wɔtɔ wɔn bo ase hwɛ nneɛma kakra na ama wɔahu wɔn mu nea ɔyɛ agya pa.

Nea Mmere a Atwam no Ama Ada Adi

Bɛyɛ mfe 6,000 ni na Satan gyee fata a Onyankopɔn fata sɛ odi tumi no ho kyim. Dɛn na bere a atwam no ama ada adi? Susuw sobo a Satan bɔɔ Onyankopɔn no afã abien ho hwɛ. Satan ka kyerɛɛ Hawa pefee sɛ: “Ɛnyɛ owu na mubewu.” (Genesis 3:4) Bere a Satan kae sɛ sɛ Adam ne Hawa di aduaba a Yehowa abara no a wonwu no, na ɔrepɛ akyerɛ sɛ Yehowa yɛ ɔtorofo. Eyi yɛ aniberesɛm ankasa! Sɛ Onyankopɔn anni nokware wɔ asɛm yi mu a, anka ɛbɛyɛ dɛn na wɔagye no adi wɔ nneɛma afoforo mu? Nanso dɛn na bere a atwam no ama ada adi?

Adam ne Hawa yaree, wɔtee yaw, wonyinyinii, na awiei koraa no, wowuwui. Bible ka sɛ: “Adam nna a odii nyinaa si mfirihyia ahankron aduasa, na owui.” (Genesis 3:19; 5:5) Adam de ɔhaw yi agyaw nnipa nyinaa. (Romafo 5:12) Bere a wɔama atwam no ama ada adi sɛ Satan yɛ “ɔtorofo ne atoro agya,” na ama ada adi sɛ Yehowa yɛ “nokware Nyankopɔn.”—Yohane 8:44; Dwom 31:5.

Afei nso, Satan ka kyerɛɛ Hawa sɛ: “Onyankopɔn nim sɛ da a mubedi [aduaba a wɔabara no] bi no, mo ani bebue, na [Hawa ne Adam nyinaa ayɛ] sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.” (Genesis 3:5) Satan nam anifere kwan yi so daadaa nnipa sɛ wobetumi adi wɔn ho so. Satan nam nnaadaa kwan yi so kyerɛe sɛ sɛ nnipa twe wɔn ho fi Onyankopɔn ho a, ebesi wɔn yiye. So ada adi sɛ eyi yɛ nokware?

Efi tete no, nniso ahorow aba kɔ. Wɔasɔ nnipa nniso ahorow nyinaa bi ahwɛ, nanso mpɛn pii no, awerɛhosɛm nkutoo na adesamma hyia. Bible kyerɛwfo bi fi nyansa mu kyerɛw asɛm yi bɛyɛ mfe 3,000 a atwam ni: “Onipa di onipa so tumi ma ɛdan no bɔne.” (Ɔsɛnkafo 8:9) Odiyifo Yeremia nso kyerɛwee sɛ: “Enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Yeremia 10:23) Nyansahu ne mfiridwuma ho nkɔanim a wɔanya nnansa yi mpo foa nokwasɛm yi so. Mmere a atwam no ama ada adi sɛ eyi yɛ nokware.

Dɛn na Wobɛyɛ?

Bere a Onyankopɔn ama atwam no ama ada adi sɛ asɛm a Satan ma ɛsɔree sɛ Yehowa mfata sɛ odi amansan no so no yɛ atoro. Yehowa Nyankopɔn nkutoo ne amansan Sodifo. Ɔno na ɔfata sɛ odi n’abɔde so, na ne tumidi ye sen biara. Ɔsoro abɔde a Onyankopɔn adi wɔn so mfe pii no gye eyi tom na wɔka sɛ: “Wofata, Yehowa, yɛn Nyankopɔn, sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na ɛwowɔ hɔ na wɔbɔe.”—Adiyisɛm 4:11.

Wote nka dɛn wɔ Onyankopɔn nniso ho? Wugye tom sɛ Onyankopɔn fata sɛ odi wo so? Sɛ saa a, ɛsɛ sɛ wugye tom sɛ Yehowa ne amansan sodifo. Wubetumi de nokwasɛm ne afotu a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Bible mu no adi dwuma wɔ w’asetra nyinaa mu de akyerɛ saa. “Onyankopɔn ne dɔ,” na ne mmara ne n’ahyɛde gyina ɔdɔ a ɔwɔ ma n’abɔde so. (1 Yohane 4:8) Yehowa mfa adepa biara nkame yɛn. Enti tie Bible afotu yi: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa, NW] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.”—Mmebusɛm 3:5, 6.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Wubetumi asua Bible na wode nea ɛka no adi dwuma wɔ w’asetram de akyerɛ sɛ wugye Onyankopɔn nniso tom

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 4]

©Jeroen Oerlemans/Panos Pictures