Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Esiane sɛ wɔka kyerɛɛ Yudafo no sɛ mma wonnni “biribiara a akaw” bere a wɔredi Twam no nti, dɛn nti na Yesu de bobesa—ade a ɛkaw—dii dwuma bere a ɔde ne wu ho Nkaedi sii hɔ no?—Exodus 12:20; Luka 22:7, 8, 14-20.

Wɔde Twam afahyɛ a na wodi de kae sɛnea Israelfo fii Misraim no sii hɔ wɔ afe 1513 A.Y.B. mu. Bere a Yehowa de sɛnea wobedi no ho akwankyerɛ rema no, ɔkae sɛ: “Munnni biribiara a akaw, munni apiti wɔ mo trabea nyinaa.” (Exodus 12:11, 20) Ná mmara a Onyankopɔn de maa wɔn yi fa paanoo kõ a wɔde bedi Twam no nkutoo ho. Wɔammɔ bobesa din.

Ade titiriw a enti wɔhyɛɛ Israelfo no sɛ mma wonnni ade a akaw ne sɛ wofii Misraim ahoɔhare so. Exodus 12:34 kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɔman no soasoaa wɔn mmɔre ansa na ɛrekaw kyekyeree wɔn mmɔre akorow wɔ wɔn ntama mu de sisii wɔn kɔn ho.” Mmɔkaw a na wɔrenni wɔ Twam afahyɛ a ebedidi so no mu bɛma nkyirimma akae asɛm a ɛho hia yi.

Bere bi akyi no, na nkurɔfo taa bu mmɔkaw sɛ bɔne anaa ɔporɔw ho sɛnkyerɛnne. Bere a ɔsomafo Paulo reka obi a na ne bra asɛe wɔ Kristofo asafo no mu ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Munnim sɛ mmɔkaw kakraa bi na ɛkaw mmɔre nyinaa?” Ɔtoaa so sɛ: “Munyi mmɔkaw dedaw no ngu, na moayɛ mmɔre foforo, sɛnea mmɔkaw biara nni mo mu no. Efisɛ wɔanya de yɛn twam guan Kristo no abɔ afɔre. Enti mommma yɛmmfa mmɔkaw dedaw anaa bɔneyɛ ne amumɔyɛ mmɔkaw nnhyɛ fa no, na mmom yɛmfa paanoo a mmɔkaw nnim a ɛno ne adwenemtew ne nokwaredi nhyɛ.” (1 Korintofo 5:6-8) Paanoo a na mmɔkaw nni mu nkutoo na na wobetumi de agyina hɔ ama Yesu nipadua a na bɔne nni mu no.—Hebrifo 7:26.

Akyiri yi na Yudafo de bobesa kaa Twam afahyɛ a na wodi no ho. Ɛbɛyɛ sɛ bere a wofii Babilon nkoasom mu bae no na wɔde kaa ho. Bible nkasa ntia eyi, enti na Yesu betumi de bobesa aka Twam aduan no ho. Nokwarem no, nneɛma a ɛwɔ bobe mu a na ɛma bobesa ankasa kaw wɔ tete mmere mu no yɛ soronko wɔ nea na ɛma paanoo kaw no ho. Ná ɛsɛ sɛ wɔde mmɔkaw gu mmɔre a wɔde tõ paanoo no mu na atumi akaw. Ná ɛho nhia sɛ wɔde biribi a ɛkaw gu bobesa mu. Ná nneɛma a ɛma bobesa kaw no wɔ bobe no ankasa mu dedaw. Esiane sɛ na wɔtetew bobe wɔ August ne September mu nti, ebedu March anaa April a wobedi Twam afahyɛ no, na akaw ma enti wɔrennya bobesa a ɛnkawee.

Enti bobesa a Yesu de dii dwuma wɔ Nkaedi no ase no mmu Twam afahyɛ no ho akwankyerɛ a na ɛfa mmɔkaw ho no so wɔ ɔkwan biara so. Bobesa kɔkɔɔ biara a wɔmfaa asikre anaa biribiara mfraa mu no fata sɛ wɔde yɛ Kristo “mogya a ɛsom bo” no ho sɛnkyerɛnne.—1 Petro 1:19.