Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Wode Onyankopɔn Ho Dɔ Bedua Wo Ba Komam

Sɛnea Wode Onyankopɔn Ho Dɔ Bedua Wo Ba Komam

Sɛnea Wode Onyankopɔn Ho Dɔ Bedua Wo Ba Komam

ƐNNƐ, ɛyɛ den paa sɛ obi ne Yehowa Nyankopɔn benya abusuabɔ pa. (Dwom 16:8) Sɛnea Bible hyɛɛ ho nkɔm no, yɛte “mmere a emu yɛ den” mu. Nnipa dodow no ara ‘dɔ anigyede sen Nyankopɔn.’ (2 Timoteo 3:1-5) Nokwarem no, nnipa pii nni Onyankopɔn ho dɔ ankasa wɔ wiase yi mu nnɛ.

Sɛ yɛpɛ sɛ yɛn mma nya Onyankopɔn ho dɔ a, ehia sɛ yɛbɔ yɛn ho mmɔden paa yɛ saa. Ɛsɛ sɛ yɛde Yehowa Nyankopɔn ho dɔ dua yɛn mma komam. Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ eyi?

Mumfi Komam ne Wɔn Nni Nkitaho

Sɛ yebetumi de Onyankopɔn ho dɔ adua yɛn mma komam a, ɛsɛ sɛ yedi kan de ne ho dɔ hyɛ yɛn ankasa koma ma. (Luka 6:40) Bible ma yehu eyi bere a ɛka sɛ: “Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn. Na nsɛm yi a merehyɛ wo nnɛ yi nna wo koma so; na fa kyerɛkyerɛ wo mma yiye.”—Deuteronomium 6:4-7.

Yɛbɛyɛ dɛn de Onyankopɔn ho dɔ adua yɛn ba komam? Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yehu nea ɛwɔ yɛn ba no komam. Nea ɛto so abien, ɛsɛ sɛ yɛma nea ɛwɔ yɛn ankasa komam da adi.

Bere a na Yesu Kristo ne n’asuafo no nam kwan so rekɔ Emaus no, ɔmaa wɔn kwan ma wɔkasae ma ohuu nea ɛhaw wɔn. Ɛyɛ bere a Yesu tiee wɔn kakra akyi no na otumi de Kyerɛwnsɛm no teɛteɛ wɔn adwene. Akyiri yi wɔkae sɛ: “Bere a ɔne yɛn rekasa . . . no, so yɛn koma anhyehye yɛn?” Saa nkɔmmɔbɔ no yɛ nhwɛso a ɛkyerɛ sɛnea wofi komam di nkitaho. (Luka 24:15-32) Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛnea yɛn ba te nka?

Nnansa yi ara, wobisaa awofo binom a wɔn mma anyinyin anaa afei na wɔredu wɔn mpanyin afe so a wɔyɛ nhwɛso pa wɔ asafo no mu sɛnea wofi komam ne wɔn mma di nkitaho no nsɛm. Sɛ nhwɛso no, Glen a ɔwɔ Mexico no wɔ mma baanan a wɔanyinyin. * Ɔka sɛ: “Egye mmɔdenbɔ na awofo ne wɔn mma atumi afi komam adi nkitaho. Me ne me yere tew nneɛma a ɛho nhia pii a yɛyɛ so, na ama yɛanya bere pii ama yɛn mma. Bere a wodii mfe 13 kosi 19 no, ɛtɔ mmere bi a na yɛde anwummere nyinaa si hɔ ne wɔn tra ase susuw nea ɛbɛba wɔn adwenem biara ho. Saa ara na sɛ yɛredidi na yetie wɔn nkɔmmɔbɔ a, ɛma yehu wɔn haw, na yefi ayamye mu teɛteɛ wɔn nsusuwii bere a wɔn adwene nni wɔn ho so no.”

Komam a wofi di nkitaho hwehwɛ sɛ yɛda nea ɛwɔ yɛn ankasa komam adi. Yesu kae sɛ: “Onipa pa fi adepa a wakora so ne koma mu yi adepa adi, . . . efisɛ nea ayɛ koma mã aboro so no na n’ano ka.” (Luka 6:45) Toshiki a ne mma baasa yɛ bere nyinaa asomfo wɔ Japan no ka sɛ: “Mekaa nea enti a mibegyee Yehowa dii ho asɛm kyerɛɛ wɔn mpɛn pii—nea ɛyɛe a mede me koma nyinaa gye dii sɛ ɔwɔ hɔ, ne sɛnea m’ankasa suahu wɔ asetram ama mahu sɛ Bible yɛ nokware, na ɛno na ɛkyerɛ yɛn ɔkwan a eye sen biara a ɛsɛ sɛ yɛfa so wɔ asetram.” Cindy a ɔwɔ Mexico ka sɛ: “Ná me kunu ne mmofra no bɔ mpae bere nyinaa. Sɛ wɔte sɛnea na ofi ne komam kasa a, na ɛma wohu sɛ Yehowa yɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa.”

Yɛn Nhwɛso wɔ Nkɛntɛnso Kɛse

Sɛnea yɛbɔ yɛn bra no wɔ nkɛntɛnso kɛse sen nsɛm a yɛka, efisɛ ɛma yɛn mma hu sɛnea yɛdɔ Onyankopɔn fa. Osetie a Yesu Kristo yɛ maa Yehowa no maa nkurɔfo huu ɔdɔ kɛse a ɔwɔ ma Onyankopɔn. Yesu kae sɛ: “Nea ɛbɛyɛ na wiase ahu sɛ medɔ Agya no, sɛnea Agya no ahyɛ me sɛ menyɛ no, saa ara na mereyɛ.”—Yohane 14:31.

Gareth a ɔyɛ Yehowa Dansefo wɔ Wales no ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛn mma hu sɛ yɛdɔ Yehowa, na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde n’akwankyerɛ bɛyɛ adwuma. Sɛ nhwɛso no, me mma hu sɛ migye me mfomso tom sɛnea Onyankopɔn asɛm kyerɛ no. Seesei me mma nso bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ saa ara.”

Greg a ofi Australia nso ka sɛ: “Ná yɛpɛ sɛ yɛn mma no hu sɛ nokware no ne ade a ɛho hia yɛn sen biara wɔ asetram. Sɛ yɛresisi adwuma anaa ahomegye ho gyinae a, na yedi kan susuw sɛnea ɛbɛka yɛn Kristofo asɛyɛde ahorow ho. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛn babea a wadi mfe 19 no nso yɛ saa ara wɔ n’akwampaefo aboafo adwuma no mu.”

Yɛmmoa Yɛn Mma ma Wonhu Onyankopɔn

Yɛrentumi nnɔ obi a yennim no, na saa ara nso na yɛrentumi mfa yɛn ho nto no so. Bere a na ɔsomafo Paulo pɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ Filipi nya Yehowa ho dɔ kɛse no, ɔkyerɛwee sɛ: “Eyi na mekɔ so bɔ ho mpae, sɛ mo dɔ nkɔ so mmoro so wɔ nokware nimdeɛ ne nhumu nyinaa mu.” (Filipifo 1:9) Falconerio a ɔretete mma baanan wɔ Peru no ka sɛ: “Bible a yɛne wɔn kenkan no daa na yɛne wɔn sua no hyɛ wɔn gyidi den. Ɛtɔ mmere bi na mibu m’ani gu adesua a me ne wɔn yɛ so a, mihu sɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn no ano adwo.” Gary a ofi Australia ka sɛ: “Metaa ma me mma hu adanse a ɛkyerɛ sɛ Bible nkɔmhyɛ ahorow renya mmamu. Mema wohu Bible nnyinasosɛm a wɔde bɛyɛ adwuma no so mfaso nso. Yɛn abusua Bible adesua a yɛyɛ no daa no ne ade titiriw a ɛreboa ama wɔn gyidi ayɛ den.”

Sɛ ɔwofo ne ne ba resua ade na sɛ wanteatea no, na mmom ɔyɛ no obu so a, ɛma adesua no yɛ anigye na ɛka abofra no koma. (Yakobo 3:18) Shawn ne Pauline a wɔwɔ Britain a wɔwɔ mma baanan no ka sɛ: “Sɛ yɛreyɛ abusua Bible adesua na sɛ mmofra no adwene fi adesua no so mpo a, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛremfa abufuw nka wɔn anim. Ná yɛsakrasakra sɛnea yɛyɛ adesua no mu. Ɛtɔ mmere bi a, na yɛma mmofra no paw asɛm a yebesusuw ho. Ná yɛde video a Yehowa ahyehyɛde no ayɛ nso di dwuma. Ɛtɔ da bi a, na yɛsan yi video no fã bi anaa yegyina ma yesusuw ho.” Ɛna bi nso a ofi Britain a wɔfrɛ no Kim ka sɛ: “Metɔ me bo ase siesie me ho ma abusua adesua no sɛnea ɛbɛyɛ a metumi abisa nsɛm a ɛbɛma me mma no adwene ho. Yɛn ani gye sɛ yebesua ade. Yɛserew pii.”

Nnamfo a Wɔbɛpaw

Sɛ yɛn mma ne nkurɔfo a wɔyɛ Onyankopɔn nnamfo bɔ a, ɛno betumi ama ayɛ mmerɛw sɛ wobenya Yehowa ho dɔ na wɔakyerɛ nokware som ho anisɔ. Egye mmɔdenbɔ na yɛatumi ayɛ nhyehyɛe ma yɛn mma ne afoforo abɔ nkɔmmɔ a ɛbɛboa wɔn, na wɔadi agoru a mfaso wɔ so. Nanso mfaso wɔ saa a yɛbɛyɛ no so! Bio nso, ɛfata sɛ yɛma yɛn mma nya hokwan ne Yehowa Adansefo a wɔde wɔn ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma no mu no hyia. Nnipa pii a wɔde wɔn ho ahyɛ saa adwuma no mu no yɛɛ saa esiane sɛ wɔne Onyankopɔn asomfo a wɔyɛ nsi bɔe nti. Onuawa bi a ɔbɛyɛɛ ɔsɛmpatrɛwfo ka sɛ: “Ná m’awofo taa to nsa frɛ akwampaefo ma wobedidi wɔ yɛn fie. Akyinnye biara nni ho sɛ na wonya anigye wɔ wɔn som adwuma no mu ma enti na me nso mepɛ sɛ mesom Onyankopɔn wɔ saa kwan no so.”

Nokwarem no, yɛn mma nnamfo betumi anya wɔn so nkɛntɛnso pa anaa nkɛntɛnso bɔne. Ade a ɛyɛ asɛnnennen ma awofo ne asiane a ɛwɔ fekubɔne mu no. (1 Korintofo 15:33) Egye ahokokwaw na yɛatumi akyerɛ mmofra sɛnea wɔbɛkwati wɔn a wɔnnɔ Yehowa anaa wonnim no no fekubɔ. (Mmebusɛm 13:20) Shawn a yɛadi kan afa n’asɛm aka no ka sɛ: “Yɛkyerɛɛ yɛn mma nkumaa no sɛnea wɔne wɔn mfɛfo sukuufo no bɛbɔ wɔ sukuu mu sɛnea ɛsɛ, nanso yɛka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmma ɛnso hɔ ara. Yɛn mma no tee nea enti a ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn ho hyɛ sukuu akyi dwumadi ahorow anaa sukuu agodie ahorow mu no ase.”

Mfaso a Ɛwɔ Ntetee So

Sɛ yɛtete yɛn mma ma wotumi ka wɔn gyidi ho asɛm kyerɛ afoforo a, na yɛreboa wɔn ma wɔn ani agye sɛ wɔbɛda ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn adi. Mark a ɔte United States no ka sɛ: “Ná yɛpɛ sɛ yɛn mmabarima no te nka sɛ wobetumi aka wɔn gyidi ho asɛm akyerɛ afoforo bere biara, na ɛnyɛ bere a wɔahyɛ da asiesie wɔn ho sɛ wɔrekɔ asɛnka no nkutoo. Enti sɛ yɛkɔ baabi te sɛ agodibea, mpoano, anaa baabi foforo kogye yɛn ani a, yɛde Bible ne Bible ho nhoma kɔ, na yɛka yɛn gyidi ho asɛm kyerɛ nkurɔfo a wɔwɔ hɔ no. Yɛn mma no ani gye bɔnnɔ so adansedi a yɛyɛ wɔ saa kwan no so ho ankasa. Wɔde wɔn ho hyɛ nkɔmmɔbɔ no mu na wɔka wɔn gyidi ho asɛm.”

Ɔsomafo Yohane a na wabɔ akwakoraa no boaa nnipa pii ma wonyaa Onyankopɔn ho dɔ kɛse. Ɔkyerɛw wɔn ho asɛm sɛ: “Biribiara nni hɔ a ɛma minya anisɔ kɛse sen eyinom, sɛ mɛte sɛ me [honhom mu] mma nam nokware kwan so.” (3 Yohane 4) Sɛ yɛde Onyankopɔn ho dɔ dua yɛn mma komam a, akyinnye biara nni ho sɛ yɛn ani begye saa ara.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 8 Ɛnyɛ wɔn din ankasa.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 9]

Egye mmɔdenbɔ na awofo atumi afi komam ne wɔn mma aka wɔn gyidi ho asɛm

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Tete wo mma ma wɔnna ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn adi

[Asɛm Fibea]

Courtesy of Green Chimneys Farm