Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛbɛyɛ Dɛn Ahu Mmɔbɔ?

Yɛbɛyɛ Dɛn Ahu Mmɔbɔ?

Yɛbɛyɛ Dɛn Ahu Mmɔbɔ?

“Momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔne yɛn bɔ abusua wɔ gyidi mu no.”—GALATIFO 6:10.

1, 2. Dɛn na Samariani mmɔborohunufo mfatoho no kyerɛ yɛn wɔ mmɔborohunu ho?

BERE a ɔbarima bi a onim Mose Mmara no ne Yesu rekasa no, obisaa Yesu sɛ: “Hena ne me yɔnko ankasa?” Yesu rebua no no, ɔmaa no mfatoho yi: “Ná ɔbarima bi fi Yerusalem rekɔ Yeriko, na ɔkɔtɔɔ adwowtwafo mu ma wɔworɔw ne ho bobɔɔ no, gyaw no hɔ kɔe a na watɔ beraw. Afei, ɛbae sɛ na ɔsɔfo bi retwam saa kwan no so, nanso bere a ohuu no no, ɔfaa ɔkwan no fã kɔe. Saa ara na bere a Lewini bi nso duu hɔ a ohuu no no, ɔfaa ɔkwan no fã kɔe. Afei Samariani bi a ɔnam kwan no so retu kwan bɛtoo no, na ohuu no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ. Enti ɔbɛn no kyekyeree n’akuru no hwiee ngo ne nsa guu so. Afei ɔde no traa n’ankasa aboa so de no baa ahɔhofie bɛhwɛɛ no. Na ade kyee no oyii denare abien de maa ahɔhofie sohwɛfo no kae sɛ, ‘Hwɛ no, na ɛka biara a wobɛbɔ wɔ eyi akyi no, mesan ba a metua ahyɛ mu.’” Afei Yesu bisaa ɔbarima no sɛ: “Baasa yi mu hena na wususuw sɛ wada ne ho adi sɛ ɔbarima a ɔkɔtɔɔ adwowtwafo mu no yɔnko?” Ɔkae sɛ: “Nea ohuu no mmɔbɔ no.”—Luka 10:25, 29-37a.

2 Hwɛ sɛnea ɔkwan a Samariani no faa so hwɛɛ ɔbarima a na wapira no ma yehu nea mmɔborohunu kyerɛ ankasa! Mmɔborohunu anaa ayamhyehye kaa Samariani no ma ɔyɛɛ biribi de boaa ɔbarima a ɔkɔtɔɔ asiane mu no. Bio nso na Samariani no nnim ɔbarima a na ade ahia no no. Ɔman a obi fi mu, ɔsom a obi wom anaa amammerɛ ntumi nsiw mmɔborohunu a yɛbɛda no adi no kwan. Bere a Yesu de Samariani mmɔborohunufo no ho mfatoho baa awiei no, otuu ɔbarima no fo sɛ: “Kɔ na wo nso kɔyɛ saa ara.” (Luka 10:37b) Yebetumi atie saa afotu no na yɛabɔ mmɔden ahu afoforo mmɔbɔ. Nanso yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa? Akwan bɛn so na yebetumi ada mmɔborohunu adi da biara da?

Bere a “Onua . . . Bi Da Adagyaw”

3, 4. Dɛn titiriw nti na ɛsɛ sɛ yɛma mmɔborohunu a yɛbɛda no adi wɔ Kristofo asafo no mu no ho hia yɛn?

3 Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Mpɛn dodow a yɛwɔ bere a ɛfata no, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔne yɛn bɔ abusua wɔ gyidi mu no.” (Galatifo 6:10) Enti momma yenni kan nsusuw sɛnea yebetumi ada mmɔborohunu adi kɛse akyerɛ wɔn a yɛne wɔn bɔ abusua wɔ gyidi mu no ho.

4 Bere a osuani Yakobo retu nokware Kristofo fo sɛ wonhu wɔn ho wɔn ho mmɔbɔ no, ɔkyerɛwee sɛ: “Nea onhu mmɔbɔ no, ɔno nso wonhu no mmɔbɔ wɔ atemmu mu.” (Yakobo 2:13) Kyerɛwsɛm yi ho nsɛm afoforo ma yehu akwan a yebetumi afa so ada mmɔborohunu adi no bi. Sɛ nhwɛso no, yɛkenkan wɔ Yakobo 1:27 sɛ: “Ɔsom a ɛho tew na efĩ biara nni ho yɛn Nyankopɔn ne Agya no ani so ne eyi: sɛ obi bɛhwɛ nyisaa ne akunafo wɔn ahohia mu, na watwe ne ho afi wiase nkekae ho.” Yakobo 2:15, 16 ka sɛ: “Sɛ onuabarima anaa onuabea bi da adagyaw na onni aduan a ɛbɛso no da no mpo, na sɛ mo mu bi ka kyerɛ no sɛ: ‘Fa asomdwoe kɔ, na wo ho nyɛ wo hyew na mee,’ na moamma no nea nipadua no hia a, mfaso bɛn na ɛwɔ so?”

5, 6. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ada mmɔborohunu adi akyerɛ wɔn a yɛne wɔn wɔ asafo biako mu no?

5 Afoforo a yebedwen wɔn ho na yɛaboa wɔn a ade ahia wɔn no ka nokware som ho. Ɛnyɛ nea ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn no kyerɛ ara ne sɛ yɛde yɛn ano bɛka kɛkɛ akyerɛ afoforo sɛ ensi wɔn yiye. Mmom no, ayamhyehye bɛka yɛn ma yɛayɛ biribi de aboa wɔn a wohia mmoa paa no. (1 Yohane 3:17, 18) Aduan a yɛbɛnoa ama ɔyarefo bi, nkwakoraa ne mmerewa a yɛbɛboa wɔn wɔ fie adeyɛ mu, kar a yɛde bɛfa afoforo aba Kristofo nhyiam ase bere a ɛho hia, ne yɛn nsam a yebebue ama wɔn a wɔfata no yɛ nneɛma a yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛwɔ mmɔborohunu no bi.—Deuteronomium 15:7-10.

6 Nnipa a wɔwɔ Kristofo asafo a emu retrɛw no mu a yɛbɛboa wɔn wɔ honhom fam no ho hia paa sen honam fam mmoa a yɛde bɛma wɔn. Wotu yɛn fo sɛ, ‘yɛnkyekye akra a wɔahaw werɛ, yɛmmoa wɔn a wɔyɛ mmerɛw.’ (1 Tesalonikafo 5:14) Wɔhyɛ “mmerewa” nkuran sɛ “wɔnkyerɛ akyerɛ pa.” (Tito 2:3) Bible ka Kristofo ahwɛfo ho asɛm sɛ: “Wɔn mu biara bɛyɛ sɛ mframa ano hintabea ne osu ano guankɔbea.”—Yesaia 32:2.

7. Mmɔborohunu ho ade bɛn na yesua fi asuafo a na wɔwɔ Antiokia a ɛwɔ Siria no hɔ?

7 Wɔ mmoa ne nkuranhyɛ a wɔde maa akunafo, nyisaa, ne wɔn a na wohia mmoa wɔ afeha a edi kan asafo ahorow no mu akyi no, ɛtɔ mmere bi a na ehia sɛ wɔyɛ nhyehyɛe boa wɔn a wohia mmoa wɔ mmeae afoforo nso. Sɛ nhwɛso no, bere a odiyifo Agabo hyɛɛ nkɔm sɛ “ɔkɔm kɛse bi reba asase nyinaa so” no, anuanom a na wɔwɔ Antiokia a ɛwɔ Siria no “bɔɔ wɔn tirim sɛnea wɔn mu biara betumi, sɛ wɔde asetrade bɛkɔ akɔsom anuanom a wɔwɔ Yudea no.” Wɔde eyi “somaa Barnaba ne Saul” ma wɔde kɔmaa mpanyimfo no. (Asomafo Nnwuma 11:28-30) Na nnɛ nso? “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no atew akuw a wɔde mmoa ma yɛn nuanom bere a asiane bi te sɛ mframa gyampantrudu, asasewosow anaa asiane foforo bi asi no. (Mateo 24:45) Yɛn bere, yɛn ahoɔden ne yɛn ahode a yebefi yɛn pɛ mu de aboa nhyehyɛe yi no yɛ ɔkwan pa a yɛnam so bɛda mmɔborohunu adi.

“Sɛ Mokɔ So Yɛ Animhwɛ”

8. Ɔkwan bɛn so na animhwɛ mma yɛnna mmɔborohunu adi?

8 Bere a Yakobo de su a ɛmma yɛnna mmɔborohunu ne “mmara titiriw” a ɛne ɔdɔ adi ho kɔkɔbɔ rema no, ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ mokɔ so yɛ animhwɛ a, na moreyɛ bɔne, na mmara no yi mo ntɛn sɛ mmaratofo.” (Yakobo 2:8, 9) Sɛ animhwɛ ma yɛyɛ nneɛma ma nnipa a wɔyɛ adefo anaa wɔwɔ dibea a, ebetumi ama ‘yɛasiw yɛn asõ afi ɔbrɛfo sũ ho,’ na yɛrennya tema mma wɔn. (Mmebusɛm 21:13) Animhwɛ mma yenhu afoforo mmɔbɔ. Sɛ yɛanyɛ animhwɛ a, na yɛreda mmɔborohunu adi.

9. Dɛn nti na ayamye soronko a yɛbɛda no adi akyerɛ wɔn a wɔfata no nyɛ mfomso?

9 So animhwɛ a yɛrenyɛ no kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛda ayamye soronko adi kyerɛ obiara da? Ɛnte saa koraa. Ɔsomafo Paulo kyerɛw ne yɔnko dwumayɛni Epafrodito ho asɛm kɔmaa Kristofo a na wɔwɔ Filipi no sɛ: “Monkɔ so mmu nnipa a wɔte saa sɛ wɔsom bo.” Dɛn ntia? “Efisɛ Awurade adwuma nti ɔbɛn owu pɛɛ, de ne kra too asiane mu sɛnea ɛbɛyɛ a obesi mo ananmu esiane sɛ munni ha na moatumi asom me nti.” (Filipifo 2:25, 29, 30) Nokwaredi a Epafrodito de somee no fata nkamfo. Bio nso yɛkenkan wɔ 1 Timoteo 5:17 sɛ: “Wɔmfa nidi mmɔho mma mpanyimfo a wodi nneɛma anim yiye no, ne titiriw no wɔn a wɔbɔ wɔn ho mmɔden wɔ kasa ne ɔkyerɛkyerɛ mu no.” Su pa a obi da no adi wɔ Onyankopɔn som ho nso fata nkamfo. Ayamye a ɛte saa a yɛbɛda no adi akyerɛ obi no nyɛ animhwɛ.

‘Nyansa a Efi Soro no Wɔ Mmɔborohunu’

10. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn tɛkrɛma yiye?

10 Yakobo kaa tɛkrɛma no ho asɛm sɛ: “Ɛyɛ ade bɔne a wobɔ so a ɛmmɔ, na awuduru ahyɛ no mã. Ɛno na yɛde hyira Yehowa, Agya no, na ɛno ara nso na yɛde dome nnipa a wɔayɛ wɔn ‘Onyankopɔn sɛso so’ no. Ano koro no ara mu na nhyira ne nnome fi ba.” Yakobo de kaa ho sɛ: “Na sɛ mowɔ ahoɔyaw denneennen ne mansotwe wɔ mo komam a, monnhoahoa mo ho nnni atoro nntia nokware no. Eyi nyɛ nyansa a efi soro ba no, na mmom ɛyɛ asase so ne honam ne adaemone de. Na baabi a ahoɔyaw ne mansotwe wɔ no, ɛhɔ na sakasaka ne akyide biara wɔ. Nanso nyansa a efi soro no, nea edi kan no ɛho tew, ɛpɛ asomdwoe, ɛwɔ ntease, ɛyɛ asoɔmmerɛw, mmɔborohunu ne aba pa ayɛ no mã, ɛnhwɛ nnipa anim nyɛ nyiyim, ɛnyɛ nyaatwom.”—Yakobo 3:8-10a, 14-17.

11. Yɛbɛyɛ dɛn ada mmɔborohunu adi wɔ yɛn kasa mu?

11 Ɔkwan a yɛfa so kasa kyerɛ afoforo no betumi akyerɛ sɛ yɛwɔ nyansa a ‘mmɔborohunu ayɛ no mã’ anaa yenni bi. Na sɛ anibere nti yɛhoahoa yɛn ho, yedi atoro, anaa yɛtrɛw nseku bɔne mu a, afoforo bebu yɛn dɛn? Dwom 94:4 ka sɛ: “Amumɔyɛfo nyinaa di ahantansɛm.” Na sɛ yɛka obi a ne ho nni asɛm ho asɛmmɔne a, hwɛ sɛnea ebetumi asɛe ne din! (Dwom 64:2-4) Afei nso, susuw ɔhaw ara a ‘ɔdansekurumfo a ohuw atosɛm’ betumi de aba no ho hwɛ. (Mmebusɛm 14:5; 1 Ahene 21:7-13) Bere a Yakobo kaa sɛnea yebetumi de yɛn tɛkrɛma asɛe afoforo ho asɛm wiei no, ɔkae sɛ: “Me nuanom, ɛnsɛ sɛ eyinom ba saa!” (Yakobo 3:10b) Nea mmɔborohunu kyerɛ ankasa ne sɛ yɛbɛka nsɛm a ntease wom, ɛho tew, na ɛma asomdwoe. Yesu kae sɛ: “Mise mo sɛ asɛm biara a mfaso nni so a nnipa ka no, wobebu ho akontaa Atemmu Da no.” (Mateo 12:36) Hwɛ hia ara a ehia sɛ yɛka nsɛm a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ mmɔborohunu!

‘Momfa Nkurɔfo Mfomso Mfiri Wɔn’

12, 13. (a) Mmɔborohunu ho ade bɛn na yesua fi mfatoho a ɛfa akoa a na ɔde ne wura ka pii no mu? (b) Sɛ́ yɛde befiri yɛn nua “mpɛn aduɔson ason” no kyerɛ dɛn?

12 Yesu mfatoho a ɛfa akoa a na ɔde ne wura ɔhene ka denare 60,000,000 no ma yehu ɔkwan foforo a yebetumi afa so ahu afoforo mmɔbɔ. Esiane sɛ na akoa no nni nea ɔde betua nti, ɔsrɛe sɛ ne wura nhu no mmɔbɔ. Asɛm no yɛɛ akoa no wura no “mmɔbɔ” na ogyaa no de ɛka a ɔde no no kyɛɛ no. Nanso akoa no fii adi kohuu ne yɔnko akoa bi a ɔno nso de no ka denare ɔha pɛ, na ɔkataa n’ani de no kɔtoo afiase. Bere a ne wura tee nea asi no, ɔfrɛɛ akoa a ɔde ne ho kyɛɛ no no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Akoa bɔne, bere a wosrɛɛ me no mede ka no nyinaa kyɛɛ wo. So ɛnsɛ sɛ anka wo nso wuhu wo yɔnko akoa mmɔbɔ sɛnea mihuu wo mmɔbɔ no?” Afei ne wura no de no hyɛɛ afiasehwɛfo nsa. Yesu de mfatoho no baa awiei sɛ: “Saa ara na mo nso sɛ moamfi mo komam amfa amfiri mo nuanom a me soro Agya ne mo bedi.”—Mateo 18:23-35.

13 Mfatoho yi ma yehu pefee sɛ mmɔborohunu a yɛbɛda no adi no hwehwɛ sɛ yɛyɛ krado sɛ yɛde afoforo bɔne befiri wɔn. Yehowa de yɛn bɔne ho ka kɛse a yɛde no no afiri yɛn. So ɛnsɛ sɛ yɛn nso yɛde ‘nkurɔfo mfomso firi wɔn’? (Mateo 6:14, 15) Ansa na Yesu de akoa otirimɔdenfo no ho mfatoho rema no, na Petro abisa no sɛ: “Awurade, mpɛn ahe na sɛ me nua yɛ me bɔne a ɛsɛ sɛ mede firi no? Ɛnkosi mpɛn ason anaa?” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Meka kyerɛ wo sɛ, ɛnyɛ mpɛn ason, na mmom ɛnkosi mpɛn aduɔson ason.” (Mateo 18:21, 22) Nokware mu no, ɛnyɛ den mma obi a ɔwɔ mmɔborohunu sɛ ɔde befiri “mpɛn aduɔson ason,” kyerɛ sɛ, mpɛn dodow a ɔde bɛyɛ saa no nni ano.

14. Sɛnea Mateo 7:1-4 ka no, yɛbɛyɛ dɛn atumi ada mmɔborohunu adi da biara?

14 Yesu rekyerɛ ɔkwan foforo a yebetumi afa so ada mmɔborohunu adi no, ɔkae wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ: “Mummmu atɛn na wɔammu mo atɛn; atɛn a mubu no, ɛno ara na wɔde bebu mo . . . Dɛn nti na wohwɛ ntɛtɛw a ɛda wo nua aniwa so, na wunhu mpuran a ɛda w’ankasa aniwa so? Anaasɛ wobɛyɛ dɛn atumi aka akyerɛ wo nua sɛ, ‘Ma minyi ntɛtɛw no mfi w’aniwa so’; bere a, hwɛ! mpuran da w’ankasa aniwa so?” (Mateo 7:1-4) Enti sɛ yenya afoforo mmerɛwyɛ ho koma na yɛammu wɔn fɔ a, yebetumi ada mmɔborohunu adi da biara.

‘Monyɛ Nnipa Nyinaa Yiye’

15. Dɛn nti na ɛnyɛ mfɛfo gyidifo nkutoo na ɛsɛ sɛ yehu wɔn mmɔbɔ?

15 Ɛwom sɛ Bible mu nhoma a ɛne Yakobo no twe adwene si mmɔborohunu a yɛbɛda no adi akyerɛ mfɛfo agyidifo so de, nanso eyi nkyerɛ sɛ Kristofo asafo no mufo nkutoo na ɛsɛ sɛ yehu wɔn mmɔbɔ. Dwom 145:9 ka sɛ: “[Yehowa, NW] ye ma nnipa nyinaa, na ne mmɔborohunu wɔ ne nnwuma nyinaa so.” Wotu yɛn fo sɛ, ‘yensuasua Onyankopɔn’ na “yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye.” (Efesofo 5:1; Galatifo 6:10) Ɛwom sɛ yɛnnɔ “wiase anaa nneɛma a ɛwɔ wiase” no de, nanso yemmu yɛn ani ngu nnipa a wɔwɔ wiase no ahiade so.—1 Yohane 2:15.

16. Nneɛma bɛn na ɛkyerɛ sɛnea yɛbɛda mmɔborohunu adi akyerɛ afoforo?

16 Sɛ́ Kristofo no, yeyi yɛn yam bere nyinaa yɛ nea yebetumi biara de boa wɔn a “asiane” to wɔn anaa wɔwɔ ahokyere mu no. (Ɔsɛnkafo 9:11) Nokwarem no, tebea a yɛn ankasa wom na ɛbɛkyerɛ nea yebetumi ayɛ ne dodow a yebetumi de ama. (Mmebusɛm 3:27) Sɛ yɛde honam fam mmoa rema afoforo a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na adepa a yɛreyɛ no ankɔyɛ sɛ yɛrehyɛ anihaw ho nkuran. (Mmebusɛm 20:1, 4; 2 Tesalonikafo 3:10-12) Enti ɛsɛ sɛ obi a ɔreda mmɔborohunu ankasa adi no fi ayamhyehye ne adwenemtew mu yɛ saa.

17. Dɛn ne ɔkwan a eye sen biara a yebetumi afa so ahu wɔn a wonni Kristofo asafo no mu mmɔbɔ?

17 Ɔkwan a eye sen biara a yebetumi afa so ahu nnipa a wonni Kristofo asafo no mu mmɔbɔ ne sɛ yɛbɛka Bible mu nokware no ho asɛm akyerɛ wɔn. Dɛn ntia? Efisɛ adesamma dodow no ara de wɔn ti repempem wɔ honhom fam sum mu. Esiane sɛ nnipa dodow no ara nni ɔkwan biara a wɔbɛfa so adi wɔn haw ho dwuma anaa wonni daakye ho anidaso biara nti, “wɔapirapira wɔn na wɔagyaw wɔn agu hɔ te sɛ nguan a wonni hwɛfo.” (Mateo 9:36) Onyankopɔn Asɛm betumi ayɛ wɔn “nan ase kanea,” na aboa wɔn ma wɔadi wɔn asetra mu haw ho dwuma. Ebetumi nso ayɛ wɔn “kwan so hann,” efisɛ Bible ka Onyankopɔn atirimpɔw ma daakye ho asɛm, na ɛbɛma wɔanya biribi a wobegyina so anya anidaso. (Dwom 119:105) Hwɛ hokwan ara a yɛanya sɛ yɛka nokware no ho asɛm kyerɛ wɔn a wohia paa no! Sɛ yɛhwɛ sɛnea “ahohiahia kɛse” a ɛreba no abɛn no a, ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛde nsi ka Ahenni asɛmpa no na yɛyɛ asuafoyɛ adwuma no. (Mateo 24:3-8, 21, 22, 36-41; 28:19, 20) Biribiara nni hɔ a yebetumi ayɛ de ada mmɔborohunu adi sen eyi.

‘Momfa Nea Ɛwɔ Mo mu no’ Mma

18, 19. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden da mmɔborohunu adi kɛse wɔ yɛn asetra mu?

18 Yesu kae sɛ: ‘Momfa nea ɛwɔ mo mu no nyɛ adɔe.’ (Luka 11:41) Sɛ adepa bi a yɛyɛ bɛkyerɛ sɛ yɛwɔ mmɔborohunu a, ɛsɛ sɛ efi yɛn mu, kyerɛ sɛ, efi ɔdɔ a yɛwɔ ne yɛn komam. (2 Korintofo 9:7) Wɔ wiase a atirimɔdensɛm ne pɛsɛmenkominya ahyɛ mu ma, na obi nnwen amanehunu ne ɔhaw a afoforo refa mu ho mu no, mmɔborohunu a ɛte saa a yɛda no adi no ma afoforo ho tɔ wɔn!

19 Ɛnde, momma yɛmmɔ mmɔden nna mmɔborohunu adi kɛse wɔ yɛn asetra mu. Mpɛn dodow a yehu foforo mmɔbɔ no, dodow no ara na yɛyɛ te sɛ Onyankopɔn. Eyi boa ma yenya atirimpɔw ne akomatɔyam wɔ yɛn asetra mu.—Mateo 5:7.

Dɛn na Wusuae

• Dɛn nti na ɛho hia paa sɛ yehu yɛn mfɛfo gyidifo mmɔbɔ?

• Yɛbɛyɛ dɛn ada mmɔborohunu adi wɔ Kristofo asafo no mu?

• Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ wɔn a wonni asafo no mu yiye?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Samariani no fi mmɔborohunu mu yɛɛ ade

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 27]

Kristofo yɛ nneɛma pii a ɛkyerɛ sɛ wɔwɔ mmɔborohunu

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Ɔkwan a eye sen biara a yebetumi afa so ahu wɔn a wonni asafo no mu mmɔbɔ ne sɛ yɛbɛka Bible mu nokware no akyerɛ wɔn