Yonatan ‘Ɔne Nyankopɔn na Ɛyɛɛ Adwuma’
Yonatan ‘Ɔne Nyankopɔn na Ɛyɛɛ Adwuma’
ISRAEL hene a odi kan babarima kɔsraa oguanfo bi. Ɔka kyerɛɛ oguanfo no sɛ: “Nsuro, na m’agya Saul nsa renka wo, na wo na wubedi Israel so hene, na mayɛ w’adiakyiri.”—1 Samuel 23:17.
Ɛyɛ Yonatan na ɔkɔsraa oguanfo no, na oguanfo no ne Dawid. Sɛ ɛnyɛ sɛ Yonatan wui wɔ asɛm yi akyi bere tiaa bi a, anka ebia ɔbɛyɛ obi a ɔbɛn Dawid paa wɔ n’ahenni mu.
Ná Yonatan ne Dawid ayɔnkofa no yɛ soronko koraa. Nokwarem no, na Yonatan yɛ ɔbarima a ɔda nsow. Ná ne beresofo nso susuw saa, efisɛ wɔkaa ne ho asɛm sɛ: ‘Ɔne Nyankopɔn na ɛyɛɛ adwuma.’ (1 Samuel 14:45) Dɛn nti na wɔkaa saa? Su bɛn na na Yonatan wɔ? Na n’asetram asɛm bɛboa wo dɛn?
Ɔko ‘Den’ Israelfo No
Bere a edi kan a Bible kaa Yonatan ho asɛm no, na ɔko ‘aden’ Israelfo no anaa na wɔakɔ ahokyere mu. Ná Filistifo no akɔfow wɔn asase, na na wɔmma wɔn kwan mma wɔnyɛ akode biara mfa mmɔ wɔn ho ban.—1 Samuel 13:5, 6, 17-19.
Nanso Yehowa kae sɛ ɔrennyaw ne nkurɔfo, na na Yonatan wɔ ahotoso saa. Ɛyɛ ne papa Saul na Onyankopɔn kaa ne ho asɛm sɛ: “Onnye me man mfi Filistifo nsam.” Yonatan gyee saa asɛm no dii. Ná n’ankasa adi Israelfo 1,000 a wonkura akode papa biara anim ma wɔadi Filistifo so nkonim dedaw. Afei de, na ɔpɛ sɛ odum Filistifo no gya koraa.—1 Samuel 9:16; 12:22; 13:2, 3, 22.
Akokoduru a Wɔde Kɔtoaa Wɔn Atamfo
Yonatan de n’ani sii Filistifo bansifo a na wɔwɔ baabi a ɛbɛn Mikmas obon no so. (1 Samuel 13:23) Sɛ na obetumi adu hɔ a, na gye sɛ ɔde ‘ne nsa ne ne nan foro.’ Ɛno ammɔ no hu. Yonatan yɛɛ n’adwene sɛ ɔne n’akodekurafo no nkutoo bɛkɔ akohyia wɔn, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ebia [Yehowa, NW] bedi ama yɛn, na biribiara nsiw [Yehowa, NW] kwan sɛ ɔde ade bebree anaa ketewa begye nkwa.”—1 Samuel 14:6, 13.
Israelfo baanu no hwehwɛɛ sɛnkyerɛnne bi fii Yehowa hɔ. Wɔkae sɛ wɔde wɔn ho bɛkyerɛ bansifo no. Na sɛ Filistifo no ka sɛ: “Munnyina hɔ na yɛmmra mo nkyɛn a,” ɛnde na Yonatan ne n’akodekurafo no remforo nkɔ wɔn nkyɛn. Nanso sɛ wɔn atamfo no ka sɛ: “Momforo mmra yɛn so a,” ɛbɛkyerɛ sɛ na Yehowa bɛma Yonatan ne n’akodekurafo no adi nkonim. Ná Yonatan wɔ gyidi sɛ Onyankopɔn taa n’akyi, enti ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔne bansifo no bɛkɔ akɔko.—1 Samuel 14:8-10.
Dɛn na na mmarima baanu betumi ayɛ atia asraafo bansifo no? So Yehowa ammoa Ɔtemmufo Ehud ma wɔanni Israelfo anim ma wɔanko antia Moab? So Onyankopɔn annyina Samgar akyi ma wamfa nantwika poma ankunkum Filistifo 600? Na Yehowa amma Simson ahoɔden ma ne nkutoo ankunkum Filistifo no? Ná Yonatan wɔ ahotoso sɛ Onyankopɔn bɛboa ɔno nso.—Atemmufo 3:12-31; 15:6-8, 15; 16:29, 30.
Bere a Filistifo no huu Israelfo baanu no, wɔteɛɛm sɛ: “Momforo mmra yɛn nkyɛn na yɛnkyerɛ mo biribi.” Yonatan ne n’akodekurafo no foro kɔe. Wɔde akokoduru tow hyɛɛ wɔn so, na wokunkum wɔn atamfo asraafo no bɛyɛ 20, na ɛma ehu kaa asraafodɔm no nyinaa. Ɛbɛyɛ sɛ Filistifo no susuwii sɛ na Israelfo akofo pii di nnipa baanu no akyi. Ɛno akyi no, kyerɛwtohɔ no ka sɛ, “ehu baa . . . dɔm no nyinaa mu; . . . na asase no wosowee; na ɛyɛɛ ehu kɛse pa ara [a efi Onyankopɔn hɔ].” Esiane sɛ Onyankopɔn na ɔmaa 1 Samuel 14:11-23, 31.
asase no wosowee nti, basabasayɛ sii Filistifo no mu ma enti ‘obiara de nkrante kyerɛɛ ne yɔnko so.’ Bere a Israelfo asraafodɔm huu nea asi no, wonyaa akokoduru. Israelfo a na wɔde wɔn ho akohintaw ne wɔn a na wɔwɔ Filistifo no afã nyinaa ‘kunkum Filistifo no da no fi Mikmas koduu Ayalon.’—Ɔman no Gyee Yonatan
Ɔhene Saul hyɛɛ mmara a na ntease biara nnim. Ɔkae sɛ ɔbɛdome n’asraafo no mu biara a obedidi ansa na wɔadi nkonim wɔ ɔko no mu no. Biribi nti Yonatan ante asɛm yi. Enti Yonatan didii. Ɔde ne poma a na okura no kaa ɛwo bi dii. Ɛte sɛ nea eyi ma onyaa ahoɔden foforo ma ɔde wiee ɔko no.—1 Samuel 14:24-27.
Bere a Saul tee sɛ Yonatan adidi no, ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ owu. Ná Yonatan nsuro sɛ obewu. Ɔkae sɛ: “Hwɛ, owu na mewu! Na ɛdɔm no ka kyerɛɛ Saul sɛ: So Yonatan a wayɛ Israel mu ogye adwuma kɛse yi nwu anaa? Ɛmpare no! Sɛ [Yehowa, NW] te ase yi, ne ti nhwi biako po rentɔ fam, efisɛ ɔne Nyankopɔn na ayɛ ade nnɛ da yi. Na ɔman no gyee Yonatan na wanwu.”—1 Samuel 14:38-45.
Ɛnnɛ obi a ɔsom Onyankopɔn nni ako ankasa, nanso ɛtɔ mmere bi a wo nso wubehia gyidi ne akokoduru. Ebetumi ayɛ den sɛ wobɛyɛ ade a ɛteɛ bere a nnipa a wɔatwa wo ho ahyia nyinaa nyɛ ade pa no. Nanso, Yehowa bɛhyɛ wo den na wahyira ɔpɛ a wowɔ sɛ wode ne mmara a ɛteɛ bɛyɛ adwuma no so. Ebia wubehia akokoduru na woadi ɔsom mu asɛyɛde bi ho dwuma wɔ Yehowa ahyehyɛde mu, te sɛ wo som adwuma a wobɛtrɛw mu, ɔsom hokwan foforo a wubegye atom, anaa sɛ wubetu akɔ baabi a wohia Ahenni adawurubɔfo pii. Ebia w’adwene bɛyɛ wo sɛ wuntumi nyɛ saa adwuma no. Nanso nya awerɛhyem sɛ, sɛ wode wo ho ma Yehowa ma ɔde wo di dwuma sɛnea ɔpɛ a, ɛyɛ adepa. Kae Yonatan! ‘Ɔne Nyankopɔn na ɛyɛɛ adwuma.’
Yonatan ne Dawid
Bɛyɛ mfe 20 akyi no, Filistini Goliat a na waben wɔ akodi mu no twaa Israelfo asraafo dɔm no mpoa, nanso Dawid kum no. Ɛwom sɛ na Yonatan anyin sen Dawid bɛyɛ mfe 30 de, nanso na wɔn baanu no di nsɛ wɔ nneɛma pii mu. * Dawid daa akokoduru a Yonatan daa no adi wɔ Mikmas no nso bi adi. Nea ɛsen saa koraa no, na Dawid wɔ Yehowa tumi a ɔde gye nkwa no mu gyidi te sɛ Yonatan ara, na ɛboaa no ma ɔde akokoduru hyiaa Goliat wɔ ne mpoatwa no ho bere a na ehu aka Israelfo afoforo no. Enti na “Yonatan kra akyekyere Dawid kra ho, na Yonatan dɔɔ no sɛ n’ankasa ne kra.”—1 Samuel 17:1–18:4.
Ɛwom sɛ Dawid akokoduru maa Ɔhene Saul buu no sɛ ne tamfo de, nanso Yonatan anyɛ biribiara a ɛkyerɛ sɛ na n’ani bere Dawid ketekete mpo. Dawid bɛyɛɛ ne yɔnko berɛbo, na ɛbɛyɛ sɛ bere a na wɔredi atirimsɛm no, Yonatan behui sɛ wɔasra Dawid sɛ Israel hene a odi hɔ. Yonatan gyee Onyankopɔn gyinaesi no toom.
Bere a Ɔhene Saul ka kyerɛɛ ne ba ne ne nkoa sɛ ɔpɛ sɛ okum Dawid no, Yonatan yii Dawid asotiw. Yonatan maa Saul awerɛhyem sɛ ɛho nhia sɛ osuro Dawid. Nokwarem no, na Dawid nyɛɛ bɔne biara ntiaa ɔhene no! So Dawid amfa ne nkwa anto asiane mu ankohyia Goliat? Sɛnea Yonatan fi ne komam srɛ maa n’adamfo a na ne papa bu no sɛ onipa bɔne no maa Saul bo dwoe. Nanso ankyɛ na ɔhene no san nyaa Dawid ho adwemmɔne sɛ obekum no, ma enti Dawid guanee.—Yonatan gyinaa Dawid akyi denneennen. Nnamfo baanu no hyiae dwennwenee nea na wɔbɛyɛ ho. Yonatan a na ogyina n’adamfo akyi denneennen na bere koro no ara nso ɔrebɔ mmɔden sɛ obedi ne papa nokware no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Ɛmpare wo, worenwu.” Nanso Dawid ka kyerɛɛ Yonatan sɛ: “Ɔnammɔn pɛ na ɛda me ne owu ntam.”—1 Samuel 20:1-3.
Yonatan ne Dawid bɔɔ pɔw bi a na wɔde bɛsɔ Saul adwene ahwɛ. Sɛ ɔhene no hu sɛ Dawid amma ɔhene pon ho ammedidi a, na Yonatan bɛka akyerɛ ne papa sɛ Dawid asrɛ kwan sɛ ɔrekɔka n’abusua ho ma wɔakɔbɔ afɔre. Sɛ Saul bo fuw a, ɛbɛkyerɛ sɛ na ɔda so ara tan Dawid. Yonatan hyiraa no, na ɔkaa asɛm yi de kyerɛe sɛ ogye ɔhene a Dawid bɛyɛ daakye no tom: “[Yehowa, NW] nni w’akyi sɛnea odi m’agya akyi no.” Wɔn baanu no kekaa wɔn ho ntam sɛ wobedi wɔn ho wɔn ho nokware, na wɔkyerɛɛ sɛnea na Yonatan bɛma Dawid ate nea na ebefi Saul adwene a wɔrekɔsɔ ahwɛ no mu aba no.—1 Samuel 20:5-24.
Bere a Saul hui sɛ Dawid nni hɔ no, Yonatan kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Dawid asrɛ no sɛ: “Sɛ manya w’anim anuonyam a, ma menkɔ menkɔhwɛ me nuanom.” Ná Yonatan nsuro sɛ obegye atom sɛ Dawid anya n’anim dom. Ɔhene no bo fuwii paa! Ɔyeyaw Yonatan, na ɔde abufuw kae sɛ Dawid pɛ sɛ ogye ne ba no ahenni fi ne nsam. Saul ka kyerɛɛ Yonatan sɛ ɔmfa Dawid mmra na wonkum no. Yonatan kae sɛ: “Ɛdɛn nti na wonkum no? Dɛn na wayɛ?” Saul de abufuhyew tow peaw sɛ ɔde rebɔ ne ba no. Yonatan twee ne ho, enti wampira, nanso Dawid nti ne werɛ howee paa.—1 Samuel 20:25-34.
Nokwaredi bɛn ara na Yonatan daa no adi sɛɛ yi! Wɔ nnipa ani so no, na ɔrennya mfaso ahe biara mfi ɔne Dawid ayɔnkofa no mu, na na obetumi ahwere nneɛma pii mmom. Nanso na Yehowa ahyɛ ato hɔ sɛ Dawid na obedi Saul ade sɛ ɔhene, na na nea Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no bɛboa Yonatan ankasa ne afoforo nso.
Wɔde Nusu Dii Ntetewmu
Yonatan wiaa ne ho kɔkaa nea asi kyerɛɛ Dawid. Ɛbɛdaa adi sɛ na Dawid ntumi ntu ne nan nsi Saul ahemfie hɔ bio. Mmarima baanu no sui, na wɔbam wɔn ho. Afei Dawid de ne ho kohintawee.—1 Samuel 20:35-42.
Bere a Dawid de ne ho kohintaw Saul wɔ “Sif sare so wɔ Hores” no, Yonatan san huu oguanfo Dawid pɛnkoro pɛ. Saa bere no na Yonatan de nsɛm yi hyɛɛ Dawid nkuran: “Nsuro, na m’agya Saul nsa renka wo, na wo na wubedi Israel so hene, na mayɛ w’adiakyiri; na m’agya Saul nso nim sa.” (1 Samuel 23:15-18) Ɛno akyi no, ankyɛ na Yonatan ne Saul wui bere a na wɔne Filistifo reko no.—1 Samuel 31:1-4.
Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn nyinaa susuw sɛnea Yonatan bɔɔ ne bra no ho. So wuhyia tebea a Yonatan hyiae no bi? Ɛnde kae sɛ Saul hyɛɛ Yonatan sɛ ɔmpere ahenni no mma ne ho. Nanso Yonatan fi komam brɛɛ ne ho ase de hyɛɛ Yehowa anuonyam na ɔsom no. Odii ahurusi wɔ nea Onyankopɔn apaw no sɛ ɔbɛyɛ Israel hene a odi hɔ no ho. Nokwarem no, Yonatan gyinaa Dawid akyi, na odii Yehowa nokware.
Ná Yonatan wɔ su pa. Suasua no! Sɛ woyɛ saa a, nkurɔfo betumi aka wo ho asɛm sɛnea wɔkaa Yonatan ho asɛm sɛ ‘ɔne Nyankopɔn na ɛyɛɛ adwuma’ no.—1 Samuel 14:45.
[Ase hɔ asɛm]
^ nky. 18 Bere a edi kan a wɔkaa Yonatan ho asɛm sɛ ɔsahene wɔ mfe 40 a Saul de dii ade no mfiase mu no, na Yonatan adi bɛyɛ mfe 20. (Numeri 1:3; 1 Samuel 13:2) Enti ɛbɛyɛ sɛ na Yonatan reyɛ adi mfe 60 bere a owui wɔ bɛyɛ afe 1078 A.Y.B. no. Esiane sɛ na Dawid adi mfe 30 saa bere no nti, ɛda adi sɛ na Yonatan sen Dawid panyin bɛyɛ mfe 30.—1 Samuel 31:2; 2 Samuel 5:4.
[Mfonini wɔ kratafa 19]
Ná Yonatan ani mmere Dawid