Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nneɛma a Yɛyɛ a Ɛma Yɛn Ani Gye

Nneɛma a Yɛyɛ a Ɛma Yɛn Ani Gye

Nneɛma a Yɛyɛ a Ɛma Yɛn Ani Gye

“MIHUI a, anka manyɛ no saa!” Mpɛn ahe na woaka saa asɛm yi? Yɛn nyinaa mpɛ sɛ yɛbɛyɛ nneɛma bi a yebenu yɛn ho wɔ ho akyiri yi, titiriw bere a saa nneɛma no fa yɛn abrabɔ ho no. Nanso, yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ nneɛma bi a ɛbɛma yɛn ani agye?

Nea edi kan koraa no, yehia nhwɛsode bi a yebetumi de yɛn ho ato so koraa. So nhwɛsode a ɛte saa bi wɔ hɔ? Nnipa pii susuw sɛ ebi nni hɔ. Sɛnea nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ United States daa no adi no, na kɔlegefo a wɔrebewie kɔlege no mu ɔha biara mu 75 gye di sɛ, papa ne bɔne ho nhwɛsode biara nni hɔ, na “ɔman a obi fi mu amammerɛ ne wɔn abrabɔ so” na wogyina kyerɛ sɛ biribi yɛ papa anaasɛ ɛyɛ bɔne.

So ntease wom ankasa sɛ yɛbɛka sɛ nea obi anaa nnipa dodow bi bu no sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne no so na yebegyina akyerɛ sɛ biribi ye anaa enye? Dabi, ɛnte saa. Sɛ wɔma nnipa kwan ma wɔyɛ nea wɔpɛ biara a, anka nea ebefi mu aba no renyɛ papa. Hena na n’ani begye ho sɛ ɔbɛtra baabi a mmara nni hɔ, asɛnnibea nni hɔ, na polisifo nso nni hɔ? Afei nso, ɛnyɛ bere nyinaa na adwene a obi wɔ wɔ biribi ho yɛ papa. Yebetumi ayɛ biribi a yegye di sɛ ɛyɛ papa, nanso akyiri yi yebehu sɛ yedii mfomso. Nokwarem no, nea akɔ so wɔ nnipa asetram fi teteete no di adanse sɛ Bible mu nnyinasosɛm yi yɛ nokware. Bible ka sɛ: “Enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Yeremia 10:23) Ɛnde, sɛ yɛresisi gyinae bi a ɛfa yɛn asetram nneɛma bi a ɛho hia ho a, ɛhe na yebetumi akɔhwehwɛ akwankyerɛ?

Aberante sodifo a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm a edi eyi anim mu no huu nyansa kɔɔ Yesu nkyɛn. Na sɛnea yɛahu no, bere a Yesu rebua aberante no asɛmmisa no, ɔtwee adwene sii Onyankopɔn Mmara so. Yesu gye toom sɛ Yehowa Nyankopɔn na ɔyɛ nimdeɛ ne nyansa nyinaa Wura, na Ɔno na onim nea eye sen biara ma N’abɔde. Enti, Yesu kae sɛ: “Nea mekyerɛkyerɛ no nyɛ me dea, na mmom nea ɔsomaa me no dea.” (Yohane 7:16) Nokwarem no, Onyankopɔn Asɛm mu na yenya akwankyerɛ a edi mu a ebetumi aboa yɛn ma yɛasisi gyinae a nyansa wom wɔ yɛn asetra mu. Ma yensusuw nnyinasosɛm kakra a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu a sɛ yɛde yɛ adwuma a, ɛbɛboa yɛn ma yɛanya anigye no ho nhwɛ.

Sɛnea Ɛsɛ sɛ Yɛne Afoforo Di Nsɛm

Wɔ Yesu Bepɔw so Asɛnka a agye din no mu no, ɔkyerɛkyerɛɛ nnyinasosɛm titiriw bi a ebetumi aboa yɛn ma yɛasisi gyinae a nyansa wom wɔ yɛne afoforo ntam abusuabɔ mu. Nea ɔkae ne sɛ: “Nea mopɛ sɛ nnipa nyɛ mo biara no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.”—Mateo 7:12.

Ebinom aka saa asɛm yi akyea no. Wɔka no sɛ: “Ade a wɔde yɛ wo a ɛrenyɛ wo dɛ no, mfa nyɛ wo yɔnko.” Nea ɛbɛyɛ na woahu nsonsonoe a ɛwɔ asɛm a Yesu kae no ne nea nkurɔfo aka akyea no mu no, susuw Yesu mfatoho a ɛfa Samariani ɔyamyefo no ho hwɛ. Wɔbobɔɔ Yudani bi gyaw no too kwankyɛn a na ɔreyɛ awu. Ɔsɔfo ne Lewini bi huu no, nanso wosian no ho kɔe. Esiane sɛ wotwaam kɔe kɛkɛ a wɔanyɛ no bɔne bi nti, yebetumi aka sɛ wɔanyɛ no biribi a obi de yɛ wɔn a ɛrenyɛ wɔn dɛ. Nanso, Samariani bi a na ɔretwam no kɔɔ ne nkyɛn kɔboaa no. Ɔkyekyeree ɔbarima no akuru, na ɔfaa no kɔɔ ahɔhofie bi mu. Ade a Samariani no ani begye ho sɛ afoforo bɛyɛ ama no no na ɔyɛ maa ɔbarima no. Ɔde asɛm a Yesu kae no yɛɛ adwuma—na ɛno ma ɔyɛɛ ade pa.—Luka 10:30-37.

Akwan pii wɔ hɔ a yebetumi afa so de abrabɔ mu nnyinasosɛm yi ayɛ adwuma ma yɛne afoforo anya anigye. Fa no sɛ abusua bi atu abɛtra mo mpɔtam hɔ foforo. Dɛn nti na wunni kan nkɔkyea wɔn, na womma wɔn akwaaba? Wubetumi aboa wɔn ma wɔahu mpɔtam hɔ yiye, na woabua wɔn nsɛmmisa bi, na woaboa wɔn ma wɔn nsa aka nneɛma bi a wohia. Sɛ wudi kan da ayamye adi kyerɛ wɔn a, ɛbɛma wo ne w’afipamfo foforo yi anya abusuabɔ pa. Wubenya abotɔyam nso sɛ woyɛɛ ade a ɛsɔ Onyankopɔn ani. So ɛnyɛ eyi ne ade a ɛsɛ sɛ woyɛ?

Nneɛma a Afoforo Ho Dɔ Ma Yɛyɛ

Ade a yɛpɛ sɛ nnipa yɛ ma yɛn a yɛbɛyɛ ama wɔn a Yesu kaa ho asɛm akyi no, ɔde akwankyerɛ foforo mae a ɛbɛboa wo ma woayɛ nneɛma a nyansa wom. Bere a wobisaa Yesu sɛ Mose Mmara no mu nea ɛwɔ he na ɛyɛ kɛse no, obuae sɛ: “Ɛsɛ sɛ wode wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn. Eyi ne ahyɛde a ɛyɛ kɛse sen biara ne nea edi kan. Nea ɛto so abien a ɛte sɛ ɛno ne sɛ, ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’ Ahyɛde abien yi so na Mmara no nyinaa ne Adiyifo no sɛn.”—Mateo 22:36-40.

Wɔ anadwo a ade rebɛkye ma Yesu awu no, ɔde “ahyɛde foforo” maa n’asuafo no sɛ, wɔnnodɔ wɔn ho. (Yohane 13:34) Dɛn nti na ɔkae sɛ saa ahyɛde no yɛ foforo? Nokwarem no, so na Yesu nnii kan nka nkyerɛɛ wɔn sɛ, wɔn yɔnko a wɔbɛdɔ no no yɛ ahyɛde abien a ɛso na Mmara no nyinaa sɛn no mu biako? Wɔ Mose Mmara no ase no, wɔka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’ (Leviticus 19:18) Nanso, saa bere yi de, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ, wɔnyɛ nea ɛsen saa. Saa anadwo no ara, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ ɔde ne nkwa rebɛto hɔ ama wɔn. Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “M’ahyɛde ne sɛ monnodɔ mo ho sɛnea medɔ mo no. Obiara nni ɔdɔ a ɛsen eyi, sɛ obi de ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo.” (Yohane 15:12, 13) Nokwarem no, na saa ahyɛde yi yɛ foforo, efisɛ, na ɛhwehwɛ sɛ obi de afoforo ahiade di n’ankasa de kan.

Akwan pii wɔ hɔ a yebetumi afa so ada ɔdɔ a efi komam adi, na yɛayɛ ade akɔ akyiri asen yɛn ankasa ahiade a yɛbɛhwehwɛ. Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ, wote ofie bi mu, na w’ani gye nnwom a wobue no hoo ho, nanso ɛhaw obi a ɔte ofie hɔ. So w’ani begye ho sɛ wobɛka w’anigye ahyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a onipa a ɔte ofie hɔ no benya asomdwoe kakra? Ɔkwan foforo so no, so wode nea wo ne no te ofie biako mu no ahiade bedi w’ankasa wo de kan?

Susuw tebea foforo ho hwɛ. Da bi a awɔw wom a na osu retɔ ma ewim ayɛ nwini wɔ Canada no, Yehowa Adansefo baanu bi kɔsraa akwakoraa bi. Bere a wɔrebɔ nkɔmmɔ no, akwakoraa no kae sɛ ne komayare nti na wantumi anwerɛwerɛw sukyerɛma a ɛwɔ ne fie no anim no. Bɛyɛ dɔnhwerew biako akyi no, akwakoraa no tee dede bi. Ná Adansefo baanu no asan aba hɔ a wɔrewerɛwerɛw sukyerɛma a egu ne fie kwan ne atrapoe a ɛkɔ ne pon ano so no. Akwakoraa no kyerɛw Yehowa Adansefo adwumayɛbea a ɛwɔ Canada no kae sɛ: “Ɛnnɛ na mahu sɛnea nokware Kristofo dɔ te ankasa. Ama manya anidaso kakra, na adwene a na anka mikura sɛ biribi pa nni ɛnnɛ wiase yi mu no asesa. Afei nso, ama obu kɛse a mewɔ ma mo wɔ adwuma a moreyɛ wɔ wiase nyinaa ho dedaw no mu ayɛ den.” Yiw, sɛ woboa afoforo na ɛte sɛ nea mmoa a woyɛɛ wɔn no sua mpo a, ebetumi ama wɔn ani agye. Nokwarem no, anigye pii wɔ nneɛma a yefi ahofama a ɛte saa mu yɛ ma afoforo no mu!

Nneɛma a Onyankopɔn Ho Dɔ Ma Yɛyɛ

Ade foforo nso a ɛsɛ sɛ yesusuw ho bere a yɛresisi gyinae ne nea Yesu kaa ho asɛm sɛ ɛno ne ahyɛde a ɛyɛ kɛse no. Na ɛno ne ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no. Yesu kaa saa asɛm no kyerɛɛ Yudafo a na wɔahyira wɔn ho so sɛ ɔman ama Yehowa dedaw no. Nanso, na ɛsɛ sɛ Israelni biara si gyinae sɛ obefi ne kra nyinaa ne ne koma nyinaa mu adɔ Onyankopɔn.—Deuteronomium 30:15, 16.

Saa ara na nneɛma ahorow a woyɛ no na ɛma wohu sɛ wodɔ Onyankopɔn. Sɛ nhwɛso no, bere a wunya Bible mu nimdeɛ so mfaso ne ɛho anisɔ kɛse no, ɛsɛ sɛ wo nso wusi gyinae. So w’ani begye ho sɛ wubesua Bible daa, sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛyɛ Yesu kyidifo? Sɛ woyɛ saa a, akyinnye biara nni ho sɛ, w’ani begye, efisɛ Yesu kae sɛ: “Anigye ne wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade.”—Mateo 5:3.

Yennim sɛ ebia aberante sodifo no nuu ne ho wɔ gyinae a osii no ho. Nanso, yenim sɛnea ɔsomafo Petro tee nka bere a odii Yesu Kristo akyi mfe pii no. Wɔ bɛyɛ afe 64 Y.B. mu, bere a na aka kakra ma Petro awu no, ɔhyɛɛ ne mfɛfo gyidifo nkuran sɛ: “Monyɛ nea mubetumi biara mma [Onyankopɔn mmehu] mo sɛ nnipa a wɔn ho nni nkekae ne dɛm biara wɔ asomdwoe mu.” (2 Petro 1:14; 3:14) Ɛda adi pefee sɛ, na Petro nnuu ne ho wɔ gyinae a na wasi bɛyɛ mfe 30 a na atwam no ho, na ɔhyɛɛ afoforo nkuran sɛ wɔmmata gyinae a wɔasi no ho.

Sɛ wutie Petro afotu no a, na ɛkyerɛ sɛ woregye asɛyɛde ahorow a ɛwɔ Yesu suani a wobɛyɛ ho no atom, na woadi Onyankopɔn ahyɛde ahorow so. (Luka 9:23; 1 Yohane 5:3) Eyi yɛ betumi ayɛ te sɛ nea ɛyɛ den de, nanso Yesu ahyɛ yɛn bɔ bi a ahotoso wom sɛ: “Mo a moabrɛ na wɔde nnesoa asoa mo nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ho adwo mo. Momfa me kɔndua nto mo ho so na munsua me, efisɛ midwo, na mebrɛ me ho ase koma mu, na mo kra ho bedwo no. Na me kɔndua yɛ mmerɛw na m’adesoa mu yɛ hare.”—Mateo 11:28-30.

Susuw Arthur asɛm no ho hwɛ. Bere a Arthur dii mfe du na ofii ase sɛ ɔresua sanku bɔ, na na ɔpɛ sɛ ɔde yɛ n’adwuma. Bere a Arthur dii mfe 14 no, na ɔbɔ sanku de gyigye ɔmanfo ani. Nanso, na n’ani nnye. Bere nyinaa, na Arthur papa pɛ sɛ ohu nea enti a yɛte ase, na ɔtoo nsa frɛɛ ɔsom ahorow mu akyerɛkyerɛfo baa ne fie; nanso n’ani annye mmuae a wɔde maa no no ho da. Ná abusua no taa bɔ nkɔmmɔ sɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ankasa a, dɛn nti na ɔma bɔne ho kwan? Afei, Arthur papa fii ase ne Yehowa Adansefo bɔɔ nkɔmmɔ. Nkɔmmɔbɔ no kaa Arthur papa koma, na ɛmaa abusua no nyinaa fii ase suaa Bible no.

Bere kɔɔ so no, Arthur bɛtee nea enti a Onyankopɔn ma amanehu ho kwan no ase fii Kyerɛwnsɛm no mu, na ɔbɛtee nea enti a yɛte ase no ase pefee. Arthur ne n’abusua no mufo baasa sii gyinae, na Arthur nnuu ne ho da wɔ gyinae a osii no ho. Ohyiraa ne nkwa so maa Yehowa. Arthur ka sɛ: “M’ani agye yiye sɛ Yehowa ama manya nokware no ho nimdeɛ na wagye me afi akansi a ɛmfata a ɛkɔ so wɔ nnwontofo mu no mu. Edin a nnwontofo pɛ sɛ wonya nti, wɔyɛ nneɛma bɔne biara bi.”

Ɛwom sɛ Arthur ani da so gye ho sɛ ɔbɛbɔ sanku de agyigye ne namfonom ani de, nanso ɛnyɛ ɛno ne ade titiriw a ɔyɛ wɔ n’asetram. Mmom no, Onyankopɔn som na ɔde ayɛ ade titiriw wɔ n’asetram. Ɔresom wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea bi mu. Wo nso wubetumi asi gyinae a ɛbɛma woanya anigye kɛse a ɛno ne sɛ, wubegye nsa a Yesu to frɛ wo sɛ bɛyɛ ne kyidifo no so te sɛ nea Arthur ne nnipa ɔpepem pii ayɛ no, na ɛno remma wonyɛ te sɛ aberante sodifo a ɔyɛ ɔdefo no.

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Gyinae a wubesi betumi ama afoforo ani agye wɔ wɔn asetra mu

[Mfonini wɔ kratafa 7]

So wubesua Bible no na woabɛyɛ Yesu kyidifo?