Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sodifo Bi a Ɔyɛ Ɔdefo Ansi Gyinae Pa

Sodifo Bi a Ɔyɛ Ɔdefo Ansi Gyinae Pa

Sodifo Bi a Ɔyɛ Ɔdefo Ansi Gyinae Pa

NÁ ABERANTE sodifo bi a ɔyɛ ɔdefo no yɛ ade a ɛteɛ, odi mmara so, na na n’ani gye nyamesom ho nso. Ɔkɔɔ Yesu nkyɛn kobuu nkotodwe bisaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo Pa, dɛn na menyɛ na manya daa nkwa?”

Yesu kae sɛ, sɛ ɔbarima no benya nkwa a, na ɛsɛ sɛ odi Onyankopɔn mmara nsɛm so. Bere a aberante no bisaa Yesu sɛ ɔnkyerɛ no mmara pɔtẽẽ a ɛsɛ sɛ odi so no, Yesu kae sɛ: “Nni awu, Nsɛe aware, Nwia ade, Nni adansekurum, Di wo papa ne wo maame ni, afei, Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” Ná eyinom ne ahyɛde titiriw a ɛwɔ Mmara a wɔde maa Mose no mu. Aberante no kae sɛ: “Madi eyinom nyinaa so. Ɛdɛn na ɛka me bio?”—Mateo 19:16-20.

Yesu ‘dɔɔ no,’ na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ na kɔtɔn nea wowɔ na fa ma ahiafo, na wubenya ademude wɔ soro, na bra bedi m’akyi.”—Marko 10:17-21.

Ná ɛsɛ sɛ aberante a ɔyɛ sodifo no si gyinae bi a ɛho hia paa wɔ amonom hɔ ara. Dɛn na na ɔbɛyɛ? So na obefi ne pɛ mu de n’ahonyade no ama ahiafo na wabedi Yesu akyi, anaasɛ na ɔbɛkora n’ahonyade no so? So na ɔbɛhwehwɛ ademude wɔ asase so, anaasɛ ɔbɛhwehwɛ ademude wɔ soro? Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ den maa no sɛ obesi gyinae. Ɛda adi pefee sɛ, na n’ani gye ho sɛ ɔne Onyankopɔn benya abusuabɔ pa, efisɛ na odi Mmara no so, na ɔhwehwɛɛ ade foforo a ɔbɛyɛ aka ho a ɛbɛma wanya Onyankopɔn anim dom. Gyinae bɛn na osii? “Ɔde yaw fii hɔ kɔe, efisɛ na ɔwɔ agyapade bebree.”—Marko 10:22.

Aberante a ɔyɛ sodifo no ansi gyinae pa. Sɛ ɔbɛyɛɛ Yesu kyidifo a, anka obetumi anya ade a na ɔrehwehwɛ a ɛno ne daa nkwa no. Wɔanka nea ɛtoo saa aberante no ho asɛm ankyerɛ yɛn. Nanso, yenim sɛ bɛyɛ mfe aduanan akyi no, Roma asraafo bɛsɛee Yerusalem ne Yudea fã kɛse no ara. Yudafo pii hweree wɔn ahonyade ne wɔn nkwa.

Nanso, ɔsomafo Petro ne asuafo foforo sii gyinae pa, na wɔanyɛ wɔn ade te sɛ aberante sodifo no. ‘Wogyaw nneɛma nyinaa’ hɔ kodii Yesu akyi. Hwɛ sɛnea wonyaa saa gyinae a wosii no so mfaso! Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ wobenya nneɛma a wɔagyaw no hɔ no mmɔho pii. Afei nso, na wobenya daa nkwa. Gyinae a wosii no nyɛ nea wobenu wɔn ho wɔ ho akyiri yi.—Mateo 19:27-29.

Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa sisi gyinae wɔ yɛn asetram—gyinaesi no bi yɛ nea ɛho hia paa, na ebi nso yɛ nea ɛho nhia pii. Afotu bɛn na Yesu de mae wɔ gyinae a ɛte saa a ɛsɛ sɛ yesisi no ho? So wubetie n’afotu no? Sɛ wutie a, wubenya nhyira pii. Afei, ma yensusuw sɛnea yebetumi adi Yesu akyi, na yɛanya n’afotu no so mfaso no ho nhwɛ.