Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛsɛ sɛ Wudwen Nnɛ Nkutoo Ho?

Ɛsɛ sɛ Wudwen Nnɛ Nkutoo Ho?

Ɛsɛ sɛ Wudwen Nnɛ Nkutoo Ho?

“MINNWEN daakye ho. Ɛnkyɛ koraa na aba.” Wɔkyerɛ sɛ Albert Einstein, nyansahufo a wagye din no na ɔkaa asɛm yi a nkurɔfo taa fa ka asɛm no. Nnipa pii ka nsɛm a ɛte saa. Ebia wɔbɛka sɛ, “Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wudwen daakye ho?” Anaa ebia woate sɛ nkurɔfo ka nsɛm te sɛ: “Nhaw wo ho.” “Yɛ nea wubetumi nnɛ.” “Nnwen ɔkyena ho.”

Nokwarem no, wofi kaa nsɛm yi akyɛ. “Didi, nom, na gye w’ani. Ɛno ara na ehia.” Eyi ne nsɛm a na Epikurofo a wɔtraa ase tete no taa ka. Ná nnipa a wɔwɔ ɔsomafo Paulo bere so no kura adwene a ɛte saa ara. Ná wɔka sɛ, “Momma yennidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu.” (1 Korintofo 15:32) Ná wogye di sɛ nnipa ammedi nna ahe biara wɔ asase so, enti na wɔn adwene ne sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara wɔ asetram.

Akyinnye biara nni ho sɛ, wɔ nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ asase so fam no, ɛnyɛ anigye a wobenya no ne ade a ɛho hia wɔn sen biara. Tebea a emu yɛ den a nnipa pii fa mu wɔ asetra mu nnɛ no ma wɔbrɛ ankasa ansa na wɔn nsa akɔ wɔn ano. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wodwen daakye, “ɔkyena” bi a ɛte sɛ nea anidaso biara nnim ho?

Ɛsɛ sɛ Yedwen Ɔkyena Ho?

Mpɛn pii no, nnipa a wɔn ho nkyere wɔn pii no mpo nhu nea enti a ɛsɛ sɛ wodwen ɔkyena ho. Ebia wobebisa sɛ, “Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔhaw wɔn ho?” Ebia ebinom besusuw sɛ ebewie ase no na nnipa a wodwen daakye ho no nsa asi fam anaa wɔn aba mu abu. Agya panyin Hiob a ɔtraa ase tete no mpo abam bui yiye bere a ohui sɛ “wɔatwitwa” ne nsusuwii a anka ɛbɛma ɔne n’abusua ani agye daakye mu no.—Hiob 17:11; Ɔsɛnkafo 9:11.

Anwensɛm kyerɛwfo Robert Burns a ofi Scotland no de yɛn tebea a ɛyɛ den no totoo okisi bi a Burns anhyɛ da na n’afiri a ɔde refuntum n’asase sɛee ne bɔn no ho. Okisi no guan peree ne nkwa bere a ohui sɛ n’anidaso nyinaa asa no. Anwensɛm kyerɛwfo no kae sɛ, ‘Nokwarem, mpɛn pii no yetumi hyia tebea bi a ɛboro yɛn ahoɔden so, na ɛma yɛn aba mu bu ma nhyehyɛe pa a yɛayɛ mpo gye gu.’

Enti mfaso nni so sɛ yedwen daakye ho? Nokwasɛm ne sɛ sɛ yɛanyɛ nhyehyɛe pa a, yɛn ho betumi akyere yɛn paa bere a ahum kɛse bi atu anaa atoyerɛnkyɛm bi asi no. Sɛ nhwɛso no, ɛwom sɛ na obiara ntumi nsiw ahum kɛse a etui a wɔfrɛ no Katrina no ano de, nanso sɛ ebia wosusuw nneɛma ho kɔɔ akyiri na wɔyɛɛ nhyehyɛe pa a, anka ɛrentew ɔhaw a ɛde baa kurow no ne emufo so no so?

Wudwen ho dɛn? So ntease wom ankasa sɛ yebedwen nnɛ nkutoo ho a yɛrennwen ɔkyena nso ho? Susuw nea asɛm a edi hɔ no bɛka afa asɛm yi ho no ho hwɛ.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 3]

“Didi, nom, na gye w’ani. Ɛno ara na ehia”

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Sɛ wosusuw nneɛma ho kɔɔ akyiri na wɔyɛɛ nhyehyɛe pa a, so anka ɛbɛtew ɔhaw a Katrina de bae no so?

[Asɛm Fibea]

U.S. Coast Guard Digital