Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dwen Ɔkyena Nso Ho

Dwen Ɔkyena Nso Ho

Dwen Ɔkyena Nso Ho

YESU KRISTO kae wɔ ɔkasa bi a agye din a ɔmae wɔ Galilea bepɔw so mu sɛ: “Munnnwinnwen ɔkyena ho.” Yesu toaa so sɛ: “Ɔkyena ankasa bedwinnwen ne ho.”—Mateo 6:34, The New English Bible.

Wususuw sɛ asɛm “ɔkyena ankasa bedwinnwen ne ho” no kyerɛ dɛn? So ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wodwen nnɛ nkutoo ho a wunnwen ɔkyena ho? So ɛne nea na Yesu ne n’akyidifo gye di no hyia?

“Monnnwennwene”

W’ankasa kenkan Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 6:25-32 no nyinaa. Ne fã bi ka sɛ: “Monnnwennwene mo kra ho sɛ dɛn na mubedi anaa dɛn na mobɛnom, anaa mo nipadua ho sɛ dɛn na mobɛhyɛ. . . . Monhwɛ ewim nnomaa; wongu aba na wontwa na wɔmmoaboa ano ngu asan so, nanso mo soro Agya ma wɔn aduan. . . . Mo mu hena na sɛ ɔdwennwene a obetumi de basafa biako aka ne nkwa nna ho? Bio nso, ɛdefa atade ho no, dɛn nti na modwennwene? Monhwɛ wuram sukooko nsua biribi, sɛnea enyin; ɛnyɛ adwuma, na ɛnto asaawa . . . Enti monnnwennwene nka sɛ, ‘Dɛn na yebedi?’ anaasɛ, ‘Dɛn na yɛbɛnom?’ anaasɛ, ‘Dɛn na yɛbɛhyɛ?’ Na eyinom nyinaa ne nneɛma a amanaman no di akyi denneennen. Na mo soro Agya nim sɛ muhia saa nneɛma yi nyinaa.”

Yesu de afotu abien na ewiee ne kasa no fã yi. Nea edi kan: “Monkɔ so nhwehwɛ [Onyankopɔn] ahenni no ne ne trenee kan, na ɔde nneɛma a aka yi nyinaa bɛka ho ama mo.” Nea ɛto so abien: “Monnnwennwene adekyee ho, na adekyee ankasa benya ne dadwen. Da biara mu bɔne ankasa dɔɔso ma da no.”—Mateo 6:33, 34.

Mo Agya Nim Nea Muhia

Wususuw sɛ na Yesu mpɛ sɛ n’asuafo no, ne akuafo ‘begu aba na wɔatwa, na wɔaboaboa nnɔbae ano agu asan so’? Anaasɛ na ɔmpɛ sɛ ‘wɔyɛ adwuma, na wɔto asaawa’ nya ntade a na wohia? (Mmebusɛm 21:5; 24:30-34; Ɔsɛnkafo 11:4) Ɛnte saa ankasa. Sɛ wogyae adwuma yɛ a, nea ɛbɛba ara ne sɛ ‘wɔbɛsrɛsrɛ ade otwabere,’ na wonnya nea wobedi anaa nea wɔbɛhyɛ.—Mmebusɛm 20:4.

Na adwennwene nso ɛ? So na Yesu kyerɛ sɛ n’atiefo no betumi akwati adwennwene koraa? Ná entumi nyɛ yiye saa. Yesu ankasa ho yeraw no paa na dadwen hyɛɛ no so anadwo a wɔkyeree no no.—Luka 22:44.

Ná Yesu rema nokwasɛm bi ada adi. Sɛ wudwennwen boro so a, ɛremmoa wo mma wunni ɔhaw biara a wuhyia ho dwuma da. Sɛ nhwɛso no, ɛremmoa wo mma wunnyin nkyɛ. Yesu kae sɛ, ɛremfa ‘basafa biako nka wo nkwa nna ho.’ (Mateo 6:27) Nokwarem no, sɛ wudwennwen pii a, ebetumi atew wo nkwa nna so.

Ná mfaso wɔ n’afotu no so paa. Nneɛma a yedwennwen ho de haw yɛn ho no mu pii mma saa ankasa. Britain ɔmanyɛfo Winston Churchill huu nokwasɛm a asɛm yi yɛ bere a na nneɛma nkɔ yiye wɔ Wiase Ko II mu no. Ɔkyerɛw nneɛma a na ɔdwennwene ho saa bere no mu bi ho asɛm sɛ: “Sɛ misusuw nsɛm a na ɛhaw me yi nyinaa ho a, ɛma mekae akwakoraa bi a na ɔrewu asɛm a ɔkae no. Ɔkae sɛ na wadwennwen nneɛma pii ho wɔ n’asetra mu a emu dodow no ara amma saa ankasa.” Nokwarem no, nyansa wom sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi biara da biara, titiriw bere a nneɛma a ɛhyɛ yɛn so ne ɔhaw ahorow a yehyia no betumi ama adwennwene ahyɛ yɛn so no.

‘Monkɔ So Nhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni Kan’

Nokwarem no, na ɛnyɛ Yesu atiefo no honam fam ne nkate fam ahiade nkutoo na na odwen ho. Ná onim sɛ asetra mu ahiade ho dadwen, ne ahonyade ne anigye a na wɔn ani abere sɛ wobenya no betumi atwetwe wɔn adwene afi nneɛma a ɛho hia paa no so. (Filipifo 1:10) Ebia wubebisa wo ho sɛ, ‘Dɛn na ɛho hia sen sɛ menya nneɛma a ɛho hia wɔ asetra mu?’ Nea ɛho hia sen saa ne sɛ yɛbɛsom Onyankopɔn. Yesu sii so dua sɛ ade a ɛsɛ sɛ yɛma ɛho hia yɛn paa wɔ asetram ne sɛ ‘yɛbɛkɔ so ahwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan.’—Mateo 6:33.

Yesu bere so no, na nnipa pii ani abere rehwehwɛ ahonyade. Ahonyade pii a na wobenya no ne ade a na ehia wɔn paa wɔ asetram. Nanso Yesu hyɛɛ n’atiefo no nkuran sɛ wɔnsesa wɔn adwene. Sɛ́ nnipa a na wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn no, na wɔn ‘asɛde nyinaa’ ne sɛ ‘wobesuro Onyankopɔn, na wɔadi ne mmara nsɛm so.’—Ɔsɛnkafo 12:13.

Honam fam nneɛma—“wiase yi mu dadwen ne ahonyade nnaadaa”—a na Yesu atiefo no bɛma agye wɔn adwene no betumi ama wɔayi wɔn adwene afi Onyankopɔn som so. (Mateo 13:22) Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Wɔn a wɔn ani abere sɛ wɔbɛyɛ adefo no hwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea akɔnnɔ a ɛyɛ hu bebree mu, na ɛno na ɛde nnipa kɔ ɔsɛe pasaa mu.” (1 Timoteo 6:9) Nea na ɛbɛboa Yesu akyidifo ma wɔakwati “afiri” yi no, ɔkaee wɔn sɛ wɔn soro Agya no nim sɛ wohia nneɛma yi nyinaa. Onyankopɔn bɛma wɔn nsa aka wɔn ahiade sɛnea ɔma “ewim nnomaa” aduan no. (Mateo 6:26, 32) Na ɛsɛ sɛ wɔyɛ nea wobetumi biara de di wɔn honam fam ahiade ho dwuma na afei wogyaw asɛm no ma Yehowa sen sɛ anka wɔbɛma dadwen ahyɛ wɔn so.—Filipifo 4:6, 7.

Bere a Yesu kae sɛ “ɔkyena ankasa bedwinnwen ne ho” no, na nea ɔrepɛ akyerɛ ara ne sɛ ɛnsɛ sɛ yɛde nea ebetumi asi ɔkyena haw yɛn ho nnɛ. Bible nkyerɛase foforo nso kyerɛ n’asɛm no ase sɛ: “Munnnwinnwen ɔkyena ho; na ɔkyena ankasa bedwinnwen ne ho. Da biara wɔ ne haw, enti ɛho nhia sɛ yɛde bi ka ho.”—Mateo 6:34, Today’s English Version.

“W’ahenni Mmra”

Nsonsonoe kɛse wɔ dwen a yɛrennwennwen ɔkyena ho dodo ne sɛ yɛrennwennwen ho koraa mu. Yesu anka ankyerɛ n’asuafo no da sɛ mma wonnwennwen ɔkyena ho koraa. Mmom no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmma daakye ho asɛm nhia wɔn paa. Ná ɛsɛ sɛ wɔbɔ aduan a wohia no nnɛ ho mpae. Nanso na ɛsɛ sɛ wodi kan bɔ nneɛma a ɛbɛba daakye—Onyankopɔn Ahenni ne Onyankopɔn pɛ a ɛbɛyɛ hɔ wɔ asase so ho mpae.—Mateo 6:9-11.

Ɛnsɛ sɛ yesuasua Noa beresofo no. “Wodidi nomee, mmarima warewaree na wɔde mmea memaa aware” na “wɔanhu” nea na ɛrebɛto wɔn no. Dɛn na efi mu bae? “Nsuyiri no bae bɛpraa wɔn nyinaa kɔe.” (Mateo 24:36-42) Ɔsomafo Petro de asɛm a esii ankasa yi kae yɛn hia a ɛho hia sɛ yedwen ɔkyena nso ho. Ɔkyerɛwee sɛ: “Esiane sɛ eyinom nyinaa bɛnan nti, munhu nnipa ko a ɛsɛ sɛ moyɛ wɔ abrabɔ kronkron ne nyamesom pa mu bere a motwɛn na moma Yehowa da no ba yɛ ntɛm mo adwenem!”—2 Petro 3:5-7, 11, 12.

Monhyehyɛ Ademude Ɔsoro

Ɛsɛ sɛ yɛma Yehowa da no yɛ ntɛm wɔ ‘yɛn adwenem.’ Saa a yɛbɛyɛ no bɛma yɛayɛ nsakrae kɛse wɔ sɛnea yɛde yɛn bere, yɛn ahoɔden, yɛn nimdeɛ, ne yɛn ahode bedi dwuma no mu. Ɛnsɛ sɛ yɛma honam fam nneɛma—sɛ ebia ɛyɛ ahiade ahorow anaa asetram anigye—akyidi gye yɛn adwene dodo a yɛrennya bere pii mma nneɛma a ɛbɛma yɛada “nyamesom pa” adi. Sɛ yɛde yɛn adwene si nea yebenya nnɛ nkutoo so a, ɛbɛyɛ te sɛ nea yebenya so mfaso ntɛm, nanso enni da bi. Yesu kae sɛ nyansa wom mmom sɛ ‘yɛbɛhyehyɛ ademude ama yɛn ho ɔsoro’ sen sɛ yɛbɛhyehyɛ wɔ asase so.—Mateo 6:19, 20.

Yesu sii saa asɛm no so dua wɔ mfatoho bi a ɛfa ɔbarima a ɔde nneɛma akɛse sisii n’ani so ho no mu. Ɔyɛɛ nhyehyɛe a wannwen Onyankopɔn ho. Ɔbarima no asase sow aba pii. Ɔyɛɛ n’adwene sɛ obebubu n’asan na wasisi akɛse sɛnea ɛbɛyɛ a obedwudwo ne ho, adidi, anom, na wagye n’ani. Ná mfomso bɛn na ɛwɔ ho? Ɔbarima no wui a wannya nea ɔbrɛɛ ne ho nyae no so mfaso. Nea na enye koraa ne sɛ na ɔnsom Nyankopɔn. Yesu wiee n’asɛm no sɛ: “Saa ara na onipa a ɔhyehyɛ ademude fa nanso ɔnyɛ ɔdefo wɔ Nyankopɔn fam no te.”—Luka 12:15-21; Mmebusɛm 19:21.

Dɛn na Wobɛyɛ?

Nni mfomso te sɛ ɔbarima a Yesu kaa ne ho asɛm no. Hwehwɛ nea Onyankopɔn asiesie ama daakye no, na gyina so bɔ wo bra. Onyankopɔn mfaa nea ɔbɛyɛ nsiee nnipa. Odiyifo Amos a ɔtraa ase tete no kyerɛwee sɛ: “[Yehowa, NW] Nyankopɔn renyɛ biribi gye sɛ wayi n’agyina adi akyerɛ ne nkoa adiyifo no ansa.” (Amos 3:7) Ɛnnɛ, nea Yehowa nam n’adiyifo so daa no adi no wɔ n’Asɛm a efi honhom mu, Bible no mu.—2 Timoteo 3:16, 17.

Ade biako a Bible ma yehu ne nea ɛrenkyɛ ɛbɛba daakye a ɛbɛka asase nyinaa no. Yesu kae sɛ: “Ahohiahia kɛse a efi wiase mfitiase besi mprempren ebi nsii, . . . bɛba.” (Mateo 24:21) Onipa biara nni hɔ a obetumi asiw ahohiahia kɛse no kwan. Nokwarem no, biribiara nni hɔ a enti ɛsɛ sɛ nokware Kristofo siw ano. Dɛn ntia? Efisɛ ebeyi abɔnefosɛm nyinaa afi asase so na ɛde “ɔsoro foforo ne asase foforo,” a ɛyɛ ɔsoro nniso foforo ne asase so abusua foforo aba. Wɔ saa wiase foforo no mu no, Onyankopɔn ‘bɛpopa nnipa aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio.’—Adiyisɛm 21:1-4.

Ɛnde, so nyansa nnim sɛ wubegye bere nnɛ ahwehwɛ nea Bible ka fa nea ɛbɛba daakye no ho mu? So wuhia mmoa a wode bɛyɛ saa? Ka kyerɛ Yehowa Adansefo na wɔmmoa wo. Anaasɛ kyerɛw wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi. Na hwɛ sɛ worennwen nnɛ nkutoo ho na mmom wubedwen anigye a ɛda w’anim daakye no nso ho.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

“Monnnwennwene . . . Adekyee ankasa benya ne dadwen”