Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fa W’ani Kyerɛ Kanea No

Fa W’ani Kyerɛ Kanea No

Fa W’ani Kyerɛ Kanea No

ABANTENTEN a kanea si so a wɔde kyerɛ po so hyɛn kwan agye nnipa pii nkwa. Nanso, wɔ ɔkwantuni a wabrɛ fam no, sɛ ohu kanea wɔ akyirikyiri a, ɛbɔ no kɔkɔ sɛ abotan a ɛyɛ hu wɔ hɔ. Ɛsan nso ma ohu sɛ ɔreyɛ adu baabi a ɔrekɔ. Nea ɛne eyi di nsɛ no, ɛnnɛ Kristofo nso reyɛ awie akwantu tenten bi. Ɛyɛ akwantu bi a ɛde wɔn afa wiase bi a atwe ne ho afi Onyankopɔn ho, a emu yɛ sum na ɛyɛ hu mu. Bible no de adesamma a wɔatwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho no toto “ɛpo a ehuru kutukutu; na entumi nyɛ komm, na emu nsu puw dontori ne dɔte gu” ho. (Yesaia 57:20) Nnipa a wɔte saa atwa Onyankopɔn nkurɔfo ho ahyia. Nanso Onyankopɔn nkurɔfo wɔ anidaso sɛ wobenya nkwagye, a wɔn fam no ɛyɛ sɛnkyerɛnne kwan so kanea a wotumi de wɔn ho to so. (Mika 7:8) Esiane Yehowa ne n’Asɛm no nti, “wɔde hann agu ama ɔtreneeni, ne anigye ama koma mu teefo.”—Dwom 97:11. *

Nanso Kristofo binom ama nneɛma a yebetumi de atoto abotan a ɛhyɛ nsu ase ho te sɛ adedodowpɛ, ɔbrasɛe, anaa mpo ɔwae atwetwe wɔn afi Yehowa hann no ho ma wɔn gyidi agu asu. Nokwarem no, sɛnea na ɛte wɔ afeha a edi kan mu no, saa ara nso na nnɛ ebinom “gyidi agu asu.” (1 Timoteo 1:19; 2 Petro 2:13-15, 20-22) Yebetumi de wiase foforo no atoto hyɛn gyinabea a yɛn ani kyerɛ hɔ no ho. Esiane sɛ yɛabɛn hɔ pɛɛ nti, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ awerɛhow sɛ obi bɛhwere Yehowa anim dom!

Hwɛ na ‘Wo Gyidi Angu Asu’!

Mfe pii a atwam no, na po so hyɛn tumi twa kwantenten a hwee nsi, nanso na etumi gu asu bere a ɛreyɛ adu mpoano no. Mpɛn pii no, na akwantu no fã a ɛyɛ hu paa ne bere a hyɛn no abɛn mpoano no. Saa ara na wɔ nnipa pii fam no, bere a ɛyɛ hu paa wɔ nnipa abakɔsɛm mu no ne wiase a ɛwɔ hɔ yi “nna a edi akyiri” no. Bible ka nna yi ho asɛm ma ɛfata sɛ “emu yɛ den” ma Kristofo a wɔahyira wɔn ho so no titiriw.—2 Timoteo 3:1-5.

Dɛn nti na nna a edi akyiri yi mu yɛ den saa? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Satan nim sɛ “bere a aka” a ɔde bɛko atia Onyankopɔn nkurɔfo no “yɛ tiaa.” Enti wawe ahinam so sɛ ɔbɛsɛe wɔn gyidi. (Adiyisɛm 12:12, 17) Nanso yɛwɔ ɔboafo a ɔbɛma yɛn akwankyerɛ. Yehowa da so ara yɛ wɔn a wotie n’asɛm no guankɔbea. (2 Samuel 22:31) Wama yɛn nhwɛso ahorow a ɛbɛboa yɛn ma yɛahu Satan nnɛɛdɛe akwan no. Afei ma yensusuw nhwɛso abien a ɛte saa a ɛfa Israelfo no ho bere a na wɔrebɛn Bɔhyɛ Asase no ho nhwɛ.—1 Korintofo 10:11; 2 Korintofo 2:11.

Bere a Wɔbɛn Bɔhyɛ Asase No

Mose dii Israelfo no anim ma wogyee wɔn fii Misraimfo no nsam. Ankyɛ koraa na wɔbɛn ɔhye a ɛda Bɔhyɛ Asase no anafo fam. Afei Mose somaa mmarima 12 sɛ wɔnkɔhwɛ asase no. Akwansrafo no mu 10 a na wonni gyidi no bɛbɔɔ amanneɛ a na etu koma. Wɔkae sɛ Israelfo no ntumi nko ntia Kanaanfo no efisɛ wɔyɛ “abran ara nko,” na wonim akodi yiye. Eyi kaa Israelfo no dɛn? Kyerɛwtohɔ no ka sɛ wofii ase nwiinwii tia Mose ne Aaron, na wɔkae sɛ: “Ɛdɛn nti na [Yehowa, NW] de yɛn reba asase yi so sɛ yɛmmɛtotɔ nkrante ano, na wɔmfa yɛn yerenom ne yɛn mma nnommum? . . . Momma yensi otitiriw na yɛnsan nkɔ Misraim.”—Numeri 13:1, 2, 28-32; 14:1-4.

Wode susuw ho hwɛ! Ná saa nkurɔfo yi ara adi kan ahu sɛnea Yehowa nam ɔhaw du ne anwonwade a ɛso bi mmae da a ɔyɛe wɔ Po Kɔkɔɔ no mu so asɛe Misraim a saa bere no na edi wiase nyinaa so tumi no. Ná Bɔhyɛ Asase no da wɔn anim pɛɛ, enti na nea ehia ara ne sɛ wɔde wɔn ani bɛkyerɛ hɔ sɛnea po so hyɛn de n’ani kyerɛ kanea a ɛma ohu baabi a ɔrekogyina no. Nanso na wonni gyidi sɛ Yehowa betumi atu ahemman nketewa a na ɛwɔ Kanaan no agu. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ gyidi a na wonni yi maa Onyankopɔn ne akwansrafo akokodurufo baanu, Yosua ne Kaleb, a na wɔte nka sɛ Kanaan te sɛ “[Israel] aduan” no werɛ howee! Esiane sɛ na saa mmarima baanu no akyinkyin Kanaan asase no so nyinaa nti, na wonim sɛnea ɛhɔ te. Bere a nkurɔfo no ankɔ Bɔhyɛ Asase no so no, na ɛsɛ sɛ Yosua ne Kaleb nso kɔ so tra sare no so mfe pii, nanso wɔanwu wɔ hɔ sɛnea wɔn a wonni gyidi no wuwui no. Nokwarem no, Yosua ne Kaleb dii nkyirimma a wɔbae no anim fii sare no so kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so. (Numeri 14:9, 30) Bere a Israelfo no bɛn Bɔhyɛ Asase no ne mprenu so no, na wobehyia sɔhwɛ foforo. Ná wɔbɛyɛ dɛn agyina ano?

Moab hene Balak bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma Bileam a ɔyɛ odiyifo ɔtorofo no adome Israel. Nanso Yehowa maa Bileam dan nnome no nhyira mmom de sɛee pɔw a ɔbɔe no. (Numeri 22:1-7; 24:10) Bileam aba mu ammu, na mmom ɔsan bɔɔ pɔw bɔne bi a na ɛremma Onyankopɔn nkurɔfo no nnya asase no. Ɔyɛɛ no dɛn? Ɔdaadaa wɔn ma wɔde wɔn ho hyɛɛ ɔbrasɛe ne Baal som mu. Ɛwom sɛ pɔw yi annya Israel man no nyinaa de, nanso enyaa wɔn mu 24,000. Wɔne Moabfo mmea dedae, na wɔde wɔn ho kɔbɔɔ “Baal-Peor.”—Numeri 25:1-9.

Susuw eyi ho hwɛ! Ná saa Israelfo no mu pii ahu sɛnea Yehowa adi wɔn anim afa “sare kɛse a ɛso yɛ hu” no so a hwee anyɛ wɔn. (Deuteronomium 1:19) Ɛno mpo no, bere a woduu Bɔhyɛ Asase no ano pɛɛ no, honam akɔnnɔ nti, Onyankopɔn nkurɔfo 24,000 wuwui wɔ Yehowa nsa ano. Hwɛ sɛnea eyi yɛ kɔkɔbɔ ma Onyankopɔn nkurɔfo nnɛ bere a wɔrebɛn asase a ɛkyɛn so koraa a wɔde ahyɛ wɔn bɔ no!

Satan nni ɔkwan foforo biara a ɔfa so bere a ɔrebɔ mmɔden a etwa tõ sɛ ɔbɛma akatua a Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ benya abɔ wɔn no. Ɛnnɛ Satan taa fa ahunahuna, ɔtaa, anaa fɛwdi so sɛ ɔbɛma ehu aka yɛn na yɛn adwenem ayɛ yɛn naa te sɛ nea ɛtoo Israelfo no bere a edi kan a wɔbɛnee Bɔhyɛ Asase no. Kristofo binom ama ahunahuna a ɛte saa anya wɔn. (Mateo 13:20, 21) Anifere kwan foforo a ɔde di dwuma paa ne sɛ ɔbɛsɛe Kristofo suban pa. Ɛtɔ da bi a, ebinom wiawia wɔn ho ba Kristofo asafo no mu, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe wɔn a wɔyɛ mmerɛw wɔ honhom mu a wɔnnantew Onyankopɔn hann mu no.—Yuda 8, 12-16.

Wɔ Kristofo a wɔne Onyankopɔn wɔ abusuabɔ pa na wɔn ani da hɔ fam no, wohu sɛ wiase no bra a ɛresɛe ntɛmntɛm no yɛ adanse a tumi wom a ɛkyerɛ sɛ Satan ani abere. Nokwarem no, Satan nim sɛ aka kakra, ɔrennya Onyankopɔn asomfo anokwafo bio. Enti saa bere yi ne bere a ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ wɔ Onyankopɔn som mu na Satan annya yɛn.

Nneɛma a Ɛbɛma Yɛn Ani Ada Hɔ wɔ Onyankopɔn Som Mu

Ɔsomafo Petro kaa Onyankopɔn nkɔmhyɛ ho asɛm sɛ “kanea a ɛhyerɛn sum mu,” efisɛ ɛboa Kristofo ma wɔte sɛnea Onyankopɔn atirimpɔw ba mu ase. (2 Petro 1:19-21) Wɔn a wɔwɔ Onyankopɔn Asɛm ho dɔ, na wɔkɔ so ma ɛkyerɛ wɔn kwan no hu sɛ Yehowa bɛma wɔn akwan ateɛ. (Mmebusɛm 3:5, 6) Esiane sɛ saafo yi wɔ anidaso nti, wɔde “koma pa bɛto ahurusi dwom,” bere a awiei koraa no wɔn a wonnim Yehowa anaa wɔman fi ne kwan so no te “koma mu yaw” na wɔn ‘honhom bubu’ no. (Yesaia 65:13, 14) Enti sɛ yesua Bible no anibere so na yɛde nea yesua no yɛ adwuma a, yebetumi de yɛn ani asi yɛn anidaso a enni huammɔ no so sen sɛ yɛde besi wiase yi mu anigyede a ɛrenkyɛ ebetwam no so.

Sɛ yɛn ani bɛkɔ so ada hɔ wɔ Onyankopɔn som mu a, mpaebɔ nso ho hia. Bere a Yesu reka wiase a ɛwɔ hɔ yi awiei ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Monwɛn, na monsrɛ bere nyinaa na moatumi aguan nneɛma a etwa sɛ esisi yi nyinaa, na moatumi agyina onipa Ba no anim.” (Luka 21:34-36) “Monsrɛ” a Yesu de dii dwuma wɔ ha no kyerɛ mpae a wɔbɔ no anibere so. Ná Yesu nim sɛ daa nkwa a yebenya no ho betumi aba asɛm wɔ bere bɔne yi mu. So wo mpaebɔ da no adi sɛ wowɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wobɛma w’ani ada hɔ wɔ Onyankopɔn som mu?

Mommma yɛn werɛ mfi sɛ ɔkwan a yɛretu akɔ asase a wɔde ahyɛ yɛn bɔ no so no fã a ɛyɛ hu paa betumi ayɛ akwantu no fã a etwa tõ no. Enti hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛmma yɛn ani mfi hann a ebetumi de yɛn akɔ nkwagye mu no so.

Hwɛ Yiye wɔ Kanea a Ɛyɛ Nnaadaa Ho

Tete no a na wɔtaa de mframahyɛn tu kwan no, sɛ sum ba na ɛyɛ den ma hyɛn mu adwumayɛfo sɛ wobehu baabi a ɛsɛ sɛ wokogyina wɔ mpoano a, na nnipa abɔnefo tumi de hokwan no daadaa wɔn. Ná mmarima yi tumi de kanea kogyina mpoano baabi a ɛyɛ hu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛdaadaa ahyɛnkafo no ma wasesa wɔn kwan. Sɛ ɛba saa a, wɔn a wɔdaadaa wɔn no hyɛn betumi abɔ na wɔawia wɔn nneɛma, anaa wɔakunkum wɔn.

Saa ara na Satan, “hann bɔfo” daadaafo no pɛ sɛ ɔsɛe Onyankopɔn ne Ne nkurɔfo ntam. Ebia Ɔbonsam bɛfa “asomafo atorofo” ne awaefo a wɔyɛ wɔn ho “trenee asomfo” so adaadaa wɔn a wɔn ani nna hɔ no. (2 Korintofo 11:13-15) Nanso sɛnea ɛyɛ den sɛ wɔbɛdaadaa ɔhyɛnkafo ne n’adwumayɛfo a wɔn ho akokwaw no, saa ara na wɔn a wɔhyɛ atoro nkyerɛkyerɛ ne nyansapɛ ho nkuran no ntumi nnaadaa Kristofo a “esiane sɛ wɔde wɔn adwene tumi di dwuma nti, wɔatete no ma etumi hu papa ne bɔne mu nsonsonoe” no.—Hebrifo 5:14; Adiyisɛm 2:2.

Ná hyɛn mu adwumayɛfo wɔ kyerɛwtohɔ a ɛma wohu abantenten a kanea si so a ɛkyerɛ po so ahyɛn kwan a wobehyia wɔ wɔn akwantu no mu. Ná wɔakyerɛw nneɛma a ɛhyɛ emu biara agyirae wɔ so. Nhoma bi ka sɛ: “Sɛ hyɛn mu adwumayɛfo behu kanea ko a wohu wɔ wɔn anim ne baabi a esi a, gye sɛ wɔhwɛ nea ɛhyɛ kanea no agyirae no ne wɔn kyerɛwtohɔ no so.” (The World Book Encyclopedia) Saa ara na Onyankopɔn Asɛm boa nnipa komapafo ma wohu nokware som ne wɔn a wɔwom, titiriw wɔ nna a edi akyiri yi mu a Yehowa ama nokware som anya nkɔso koraa asen atoro som no. (Yesaia 2:2, 3; Malaki 3:18) Bere a Yesaia rekyerɛ nsonsonoe kɛse a ɛda nokware som ne atoro som ntam no, ɔkae wɔ Yesaia 60:2, 3 sɛ: “Esum bɛkata asase so, na sum kabii akata aman so; nanso [Yehowa, NW] bepue wo so, na n’anuonyam abɛda adi wo so. Na amanaman bɛnantew aba wo hann no ho, na ahene aba hyerɛn a apue wo so no ho.”

Bere a nnipa ɔpepem pii a wofi amanaman mu kɔ so ma Yehowa hann kyerɛ wɔn kwan no, wɔn gyidi rengu asu wɔ wɔn akwantu no fã a etwa tõ yi mu. Mmom no, wɔbɛfa wiase a ɛwɔ hɔ yi nna a aka no mu dwoodwoo akɔ wiase foforo a asomdwoe wom no mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 2 Kyerɛwnsɛm no de “hann” di dwuma sɛnkyerɛnne kwan so wɔ akwan pii so. Sɛ nhwɛso no, Bible ka sɛ Onyankopɔn yɛ hann. (Dwom 104:1, 2; 1 Yohane 1:5) Wɔde Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ho nimdeɛ a ɛwɔ N’Asɛm mu no toto hann ho. (Yesaia 2:3-5; 2 Korintofo 4:6) Bere a Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ asase so no, na ɔyɛ wiase hann. (Yohane 8:12; 9:5; 12:35) Wɔka kyerɛɛ Yesu akyidifo sɛ wɔmma wɔn kanea nhyerɛn.—Mateo 5:14, 16.

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Sɛnea hyɛn mu adwumayɛfo yɛ no, Kristofo hwɛ yiye sɛ wɔremma kanea bi nnaadaa wɔn