Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Kitifo Ahyɛn” Di Akɔneaba wɔ Po So

“Kitifo Ahyɛn” Di Akɔneaba wɔ Po So

“Kitifo Ahyɛn” Di Akɔneaba wɔ Po So

WƆADI ako pii wɔ po so wɔ Mediterranea apuei fam. Wo de, bɔ mmɔden twa sɛnea po so akodi bi kɔɔ so bɛyɛ mfe 500 ansa na wɔrewo Kristo no ho mfonini wɔ w’adwenem hwɛ. Ɛhyɛn kɛse bi a etumi kɔ baabiara wɔ po so de ahoɔden fa po no so. Aharefo bɛyɛ 170 a wɔakyekyɛ wɔn mu akuw abiɛsa wɔ hyɛn no fã biara no tete akongua tofoo so de ahoɔden rehare hyɛn no.

Akohyɛn kɛse a etumi twa kwansin bɛyɛ 10 dɔnhwerew biara no de mmirika fa po no so de n’ani kyerɛ hyɛn bi a atamfo te mu no. Atamfo hyɛn no bɔ mmɔden sɛ ebeguan. Nanso eduu bere a anibere aba a ɛsɛ sɛ etu no, antumi antu, na ɛmaa hyɛn no nkyɛnmu bɛdaa hɔ. Dade a ano feaa a ɛbɔ akohyɛn kɛse no anim no kɔpem atamfo hyɛn no. Sɛnea ɛkɔbɔɔ mu na ɛbɔɔ mu tokuro maa po nsu no de ahoɔden faa mu kɔɔ hyɛn no mu no maa atamfo no bo tui. Akofo a akode hyehyɛ wɔn ho a wɔwɔ akohyɛn kɛse no mu no huruw fii wɔn hyɛn mu kɔtow hyɛɛ atamfo a wɔn hyɛn no asɛe no so. Nokware mu no, na tetefo ahyɛn no bi wɔ ahoɔden ankasa!

Wɔn a wosua Bible no ani agye nsɛm a ɛfa “Kitim” ne “Kitifo ahyɛn” ho a ebi yɛ nkɔmhyɛ no ho. (Numeri 24:24; Daniel 11:30; Yesaia 23:1) Ɛhefa ankasa na na Kitim wɔ? Dɛn na yenim fa n’ahyɛn ho? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mmuae no ho hia wo?

Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus frɛɛ Kitim “Chethimos,” na ɔkyerɛe sɛ ɛne Kipro supɔw no. Kition (anaa Citium) a ɛda supɔw no anafo fam apuei no ma yehu sɛ na Kitim no ara ne Kipro. Esiane sɛ na Kipro da aman a tete no na wodi gua paa ntam, na ɛbɛn aman a ɛwɔ Mediterranea apuei fam mpoano no nti, na enya aman no so mfaso. Baabi a na Kipro da no nti, na wɔtaa de wɔn ho gyigye aman afoforo ntam akodi mu nso, ma enti na wotumi yɛ afoforo aboafo anaa wɔn atamfo.

Nea Ɛpo no Ma Yehu Fa Kiprofo Ho

Tetefo nneɛma a wɔatutu po ase ne aboda mu ahu, ne afei tetefo nkyerɛwee ne adwini a wɔadi agu nkuku ho boa ma yehu sɛnea na Kiprofo ahyɛn te. Ná tete Kiprofo ho akokwaw paa wɔ sɛnea na wɔyɛ ahyɛn mu. Ná kwaebirentuw wɔ supɔw no so, na na faka a eye a ɛwɔ hɔ no ma po so hyɛn tumi gyina hɔ. Ná ɛnyɛ ahyɛn nkutoo na na wotwa nnua de yɛ, mmom na wɔde sɔ gya a wɔde nan kɔbere nso—fagude a ɛmaa Kipro gyee din tete no.

Aguade a na Kiprofo de kɔ amannɔne nti, Foinikefo a wɔhyehyɛɛ atubra aman wɔ mmeae a na wɔfa de wɔn aguade kɔ amannɔne no ani baa wɔn so. Mmeae yi mu biako ne Kition a na ɛwɔ Kipro no.—Yesaia 23:10-12.

Bere a wɔsɛee Tiro no, ɛda adi sɛ kurow no mufo binom kɔbɔɔ wɔn ho aguaa wɔ Kitim. Ɛbɛyɛ sɛ na Foinikefo a wonim po so adwuma yiye no ka ho bi paa na Kiprofo huu po so akodi no. Baabi a Kition da no nso maa Foinikefo nyaa baabi pa a na wɔbɛbɔ wɔn ahyɛn ho ban.

Wɔne Aman Ahorow Dii Gua Paa

Ná wodi nneɛma pii ho gua wɔ tete Mediterranea apuei fam saa bere no. Ná wɔde nneɛma a ɛsom bo fa po so hyɛn fi Kipro kɔ Kreta, Sardinia, Sicily, ne afei Aegean supɔw ahorow no so. Wɔahu nkuruwa ne nkuku a efi Kipro wɔ mmeae a ɛtete saa, na wɔahu Helafo nkuku pii a ɛyɛ fɛ nso wɔ Kipro. Bere a abenfo bi yɛɛ kɔbere a wohui wɔ Sardinia mu nhwehwɛmu no, wogye toom sɛ efi Kipro.

Wɔ afe 1982 mu no, wohuu hyɛn bi a ɛbɔe bɛyɛ mfe 3,300 a atwam ni no wɔ Turkey anafo fam mpoano. Bere a wotutuu po ase no, wohuu nneɛma a ɛsom bo pii te sɛ kɔbere a wogye di sɛ efi Kipro, Kanaanfo nkuruwa, duabo, asonse, Kanaanfo agude a wɔde sika ne dwetɛ ayɛ, ne nneɛma afoforo a efi Misraim. Bere a abenfo binom yɛɛ dɔte a wɔde yɛɛ nkuku a wohui no mu nhwehwɛmu no, wɔkyerɛe sɛ ɛbɛyɛ sɛ na saa hyɛn no fi Kipro.

Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, bere a wosusuw sɛ hyɛn yi bɔe no na ɛbɛyɛ sɛ Bileam kaa ahyɛn a efi Kitim ho asɛm wɔ ne ‘kaseɛ a ɔbɔe no mu.’ (Numeri 24:15, 24) Ɛda adi sɛ na Kiprofo ahyɛn agye din yiye wɔ aman a na ɛwɔ Mediterranea Apuei fam no mu. Ná ahyɛn yi te dɛn?

Aguadifo Ahyɛn

Wɔahu ahyɛn pii a wɔde dɔte anwene wɔ aboda mu wɔ tete kurow Amathus a ɛwɔ Kipro mu. Eyi ma yehu sɛnea na Kiprofo ahyɛn te yiye. Wɔde bi asisi tete nneɛma akorae.

Sɛnea wɔayɛ tete ahyɛn no ma ɛda adi sɛ na ɛnyɛ akohyɛn, na mmom na wɔde di gua. Ná nnipa 20 na wɔtaa hare ahyɛn nketewa no. Ná wɔde ahyɛn a emu dɔ no fa nneɛma ne nnipa kɔ mmeae a ɛbemmɛn Kipro mpoano no. Pliny Ɔpanyin ka sɛ, Kiprofo yɛɛ hyɛn ketewa bi a wɔhare a emu nyɛ duru a etumi fa nneɛma a emu duru bɛyɛ tɔn 90.

Eyi akyi no, na wɔwɔ aguadifo ahyɛn akɛse te sɛ nea wohui wɔ baabi a ɛbɛn Turkey mpoano no. Ná ahyɛn yi bi tumi fa nneɛma a emu duru bɛyɛ tɔn 450 de fa po so. Ná ahyɛn akɛse a ne tenten bɛyɛ anammɔn 100, na ne mframatama no tenten bɛyɛ anammɔn 30 no mu aharefo no dodow betumi adu 50, a wɔn mu 25 biara wɔ hyɛn no fã biara.

“Kitim” Akohyɛn Ho Asɛm a Wɔka wɔ Bible Nkɔmhyɛ Mu

Yehowa honhom na ɛma wɔkaa asɛm yi: “Ahyɛn befi Kitim fam aba, na wɔabɛbrɛ [Asiria] ase.” (Numeri 24:2, 24) So nkɔmhyɛ yi baa mu? Dwuma bɛn na Kiprofo ahyɛn dii wɔ nkɔmhyɛ yi mmamu mu? Ná ‘ahyɛn a efi Kitim mpoano bɛba’ no nyɛ aguadifo ahyɛn a na ɛfa Mediterranea Po no so no. Ná ɛyɛ akohyɛn a ɛmfa asomdwoe mmrɛ nnipa.

Bere a nneɛma a wɔde di ako sakrae no, wɔsesaa sɛnea na wɔyɛ ahyɛn no yɛɛ ahyɛn a ɛwɔ ahoɔden a etumi kɔ ntɛmntɛm. Ɛbɛyɛ sɛ tete Kiprofo akohyɛn na wɔhwɛɛ so yɛɛ mfonini bi a wohui wɔ Amathus no. Ná ɛyɛ hyɛn teaa bi a ne to no apagyaw te sɛ Foinikefo akohyɛn. Dade a ano feaa bɔ anim, na akokyɛm bobɔ hyɛn no nkyɛnmu wɔ anim ne akyi.

Wodii kan yɛɛ ahyɛn nketewa a nnipa akuw abien hare wɔ Hela bɛyɛ mfe 2,700 a atwam ni. Ná ahyɛn yi tenten yɛ bɛyɛ anammɔn 80, na ne trɛw bɛyɛ anammɔn 10. Mfiase no, na wɔde ahyɛn no fa akofo ma wokodi ako wɔ asase so. Ankyɛ na wohui sɛ mfaso wɔ so sɛ wɔyɛ akohyɛn akɛse a nnipa akuw abiɛsa hare, na wɔde dade a ano feãã bɔɔ anim. Saa akohyɛn akɛse yi na yedii kan kaa ho asɛm no. Bɛyɛ mfe 2,480 a atwam ni no, akohyɛn akɛse yi begyee din bere a Helafo dii Persiafo po so asraafo so nkonim wɔ Salamis no.

Akyiri yi, esiane sɛ na Alexander Ɔkɛseɛ pɛ sɛ odi afoforo so nti, ɔboaboaa n’akohyɛn akɛse ano de n’ani kyerɛɛ apuei fam. Akodi nti na wɔyɛɛ saa ahyɛn no, na na ɛnyɛ sɛ wɔde betu kwantenten wɔ po so, efisɛ na emu nsõ pii a wobetumi de nneɛma pii agu mu. Ne saa nti, na wɔtaa gyinagyina Aegean supɔw ahorow no so pɛ nneɛma a ehia wɔn, na wosiesie ahyɛn no nso. Ná Alexander botae ara ne sɛ ɔbɛsɛe Persiafo akohyɛn no. Nanso ansa na obetumi ayɛ saa no, na ɛsɛ sɛ odi kan di Tiro supɔw a ɛyɛ den no so nkonim. Bere a ɔrekɔ no, okogyinaa Kipro kakra.

Kiprofo de akohyɛn 120 maa Alexander Ɔkɛseɛ de boaa no bere a ɔne n’asraafo kotwaa Tiro ho hyiae bɛyɛ mfe 2,332 a atwam ni no. Kipro ahemfo baasa de wɔn ahyɛn kɔkaa Alexander de ho. Wɔboaa no wɔ asram ason a ɔde kotwaa Tiro ho hyiae no mu. Wɔsɛee Tiro, na Bible nkɔmhyɛ baa mu. (Hesekiel 26:3, 4; Sakaria 9:3, 4) Alexander maa Kipro ahemfo yi tumi kɛse de daa wɔn ase.

Mmamu a Ɛyɛ Nwonwa

Afeha a edi kan abakɔsɛm kyerɛwfo Strabo ka sɛ, Alexander gyee ahyɛn fii Kipro ne Foinike bere a na ɔretu Arabiafo so sa no. Ná ahyɛn yi mu nyɛ duru, na na ɛnyɛ den sɛ wobetutu, enti wɔde nnanson pɛ duu Tifsa a ɛda Siria atifi fam no. (1 Ahene 4:24) Efi hɔ no, na wobetumi afa asubɔnten so atwa akɔ Babilon.

Enti Bible mu asɛm bi a na ɛte sɛ nea emu nna hɔ papa no nyaa mmamu wɔ bɛyɛ mfe apem akyi! Nea ɛne asɛm a ɛwɔ Numeri 24:24 hyia no, Alexander Ɔkɛseɛ ne n’asraafodɔm a na wɔn ani abere no fi Makedonia de wɔn ani kyerɛɛ apuei fam kodii Asiria so nkonim, na awiei koraa no, wodii Mediafo ne Persiafo Ahemman a na ɛyɛ den no so nkonim.

Akyinnye biara nni ho sɛ, “Kitifo ahyɛn” ho nsɛm kakra a yenim no ma yehu Bible mu nkɔmhyɛ bi mmamu a ɛyɛ anigye. Adanse a ɛte saa a yenya fi abakɔsɛm mu no ma yenya ahotoso koraa sɛ yebetumi de yɛn ho ato Bible mu nkɔmhyɛ so. Nkɔmhyɛ a ɛtete saa no pii fa yɛn daakye ho ankasa, enti ɛsɛ sɛ yesusuw ho anibere so.

[Asase mfonini wɔ kratafa 16, 17]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

ITALY

Sardinia

Sicily

Aegean Po

HELA

Kreta

LIBIA

TURKEY

KIPRO

Kition

Tiro

MISRAIM

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Sɛnea na Helafo akohyɛn no te

[Asɛm Fibea]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Sɛnea na tete Foinikefo akohyɛn te

[Asɛm Fibea]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Kuku bi a wɔayɛ Kiprofo hyɛn mfonini wɔ ho

[Asɛm Fibea]

Published by permission of the Director of Antiquities and the Cyprus Museum

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Tete ahyɛn a wɔde fa nneɛma, a ɛte sɛ nea wɔaka ho asɛm wɔ Yesaia 60:9 no