Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛnnennen a Wodi so de Asɛmpa no Kɔma Afoforo

Nsɛnnennen a Wodi so de Asɛmpa no Kɔma Afoforo

Nsɛnnennen a Wodi so de Asɛmpa no Kɔma Afoforo

YƐN lɔre no adu baabi a nnipa bɛyɛ 60 a wɔyɛ mmarima, mmea, ne mmabun kurakura akode gyinagyina hɔ rewɛn. Ebinom hyɛ asraafo ntade; afoforo nso hyehyɛ ntade biara kɛkɛ. Wɔn mu pii kurakura atuo a ɛyɛ nnam. Ɛte sɛ nea wɔretwɛn yɛn. Ɔmanko rekɔ so.

Yɛadi nnanan wɔ kwan mu, na Bible ho nhoma a emu duru yɛ tɔn du wɔ lɔre no mu. Yentumi nhu sɛ wɔbɛma yɛatwam anaa. So wobegye sika? Bere tenten ahe na ebegye na yɛama wɔahu sɛ yɛde asomdwoe na ɛnam?

Ɔbarima baako a ne ho pere no sɛ ɔbɛtow tuo no tow gu wim de kyerɛɛ yɛn sɛ ɔno na ɔwɔ tumi wɔ hɔ. Ohu telefon a yekurakura no, na ɔka kyerɛ yɛn sɛ yɛmfa mma no. Bere a yɛampɛ sɛ yɛde ma no no, ɔde ne nsa to ne menem kyerɛ yɛn sɛ sɛ yɛamfa amma no a, obekum yɛn. Yɛde yɛn telefon no maa no.

Prɛko pɛ, ɔbea bi a ɔhyɛ asraafo atade faa ne tuo baa yɛn nkyɛn. Ɔne wɔn “kyerɛwfo,” na ɔno nso pɛ biribi afi yɛn hɔ. Abrabɔ mu yɛ den, na biribi ketewaa bi a yɛde bɛma no no, n’ani bɛsɔ. Afei ɔsraani foforo twee pɛtro a ɛwɔ yɛn lɔre no mu bi guu ne galɔn kɛse mu. Yɛkae sɛ onnyae, nanso wantie, na ɔkae sɛ ɔno de wɔasoma no. Ná yɛrentumi nyɛ ho hwee. Ná yɛn mpaebɔ ara ne sɛ afoforo nso renyɛ saa ara.

Awiei koraa no, wobuee kwan no ma yɛkɔe. Me ne nea ɔka me ho no koma tɔɔ yɛn yam paa. Ná ɛyɛ hu, nanso esiane sɛ yɛtaa hyia tebea a ɛte saa nti, akokwaw yɛn. Efi April 2002 besi January 2004 no, yɛatwa kwan a ɛte saa mpɛn 18 afi Douala po so hyɛn gyinabea a ɛwɔ Cameroon, akɔ Bangui a ɛyɛ Central African Republic ahenkurow no mu. Yɛtaa hyia asiane ne nneɛma a yɛnhwɛ kwan bere a yɛretwa ɔkwan a ɛyɛ akwansin 1,000 yi. *

Joseph ne Emmanuel a wɔyɛ ahyɛnkafo a wɔtaa twa kwan yi kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Yɛasua nneɛma pii afi akwantu yi mu. Yɛahu sɛ nyansa wom sɛ yɛbɔ mpae wɔ yɛn tirim na yɛyɛ komm. Odwontofo no kyerɛwee sɛ, ‘Onyankopɔn so na mede me ho mato, merensuro, nnipa betumi ayɛ me dɛn?’ Yɛbɔ mmɔden sɛ yebenya su a ɛte saa ara. Yɛwɔ awerɛhyem sɛ Yehowa nim sɛ, anidaso nsɛm a nnipa hia paa na yɛde rekɔma wɔn.”—Dwom 56:11.

Yɛn Nuanom a Wɔwɔ Amannɔne Bɔ Mmɔden sɛ Yebenya Honhom Fam Aduan

Nnipa pii a wɔwɔ Afrika aman yi mu no ani gye ho sɛ wɔbɛte Onyankopɔn Ahenni ho asɛm. Wɔasiesie nhoma a yɛde kɔma wɔn no na aboa wɔn ma wɔn nsa aka wɔn honhom mu ahiade. (Mateo 5:3; 24:14) Yehowa Adansefo adwumayɛbea a ɛwɔ Douala, Cameroon no de nhoma kɔma nnipa bɛboro 30,000 a wɔbɔ Ahenni no ho dawuru ne wɔn a wɔn ani gye ho a wɔte Cameroon ne aman ahorow anan a ɛbemmɛn hɔ no bere nyinaa.

Nhoma yi twa kwantenten ansa na adu Cameroon. Wotintim emu dodow no ara wɔ England, Finland, Germany, Italy, ne Spain. Afei wɔde fa po so fi France ba. Ɛkame ayɛ sɛ nnawɔtwe abien biara woyi Bible ho nhoma pii wɔ Douala hyɛn gyinabea.

Wɔde nhoma no fa lɔre fi hɔ ba Betel adwumayɛbea hɔ. Wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ baabi a wɔhwɛ nhoma so no hyehyɛ nhoma no ma wɔde kɔ baabiara a ɛsɛ sɛ ɛkɔ. Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wɔde nhoma no bɛkɔ nkurow nketewa a ɛwɔ akyirikyiri no so. Nanso eyi ka asɛmpa no a yɛde ‘kɔ asase ano nohoa’ no ho. (Asomafo Nnwuma 1:8) Ɛdenam yɛn nuanom a wofi wɔn pɛ mu tu wɔn ho ma de lɔre twa kwan a ɛyɛ hu yi so no, nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ Afrika mfinimfini fam no nya Bible ho nhoma ahorow daa.

Sɛnea Akwantu no Te

Lɔre na ɛde nhoma kɔ Cameroon, Chad, Equatorial Guinea, Gabon, ne Central African Republic. Ma yɛne lɔre biako ne emufo ntu kwan nhwɛ. Fa no sɛ wote ahyɛnkafo no nkyɛn, na morebetwa kwan a asiane wom a ebegye nna du anaa nea ɛboro saa.

Ahyɛnkafo baasia na wotwa kwan yi. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ nnipa a wɔn ho yɛ den, wɔwɔ abotare, na wɔn ahosiesie nso fata. Wɔhyɛ Afrikafo ntade anaa hyɛɛt a wɔabɔ tae wɔ so. Bere bi a atwam no, aban mpanyimfo a wɔhwɛ gyigye tow wɔ ɔman no ahye so kae sɛ: “Hwɛ sɛnea lɔre no ho tew na ahyɛnkafo no nso asiesie wɔn ho fɛfɛɛfɛ. Wɔte sɛ nnipa a yehu wɔn wɔ mfonini a ɛwɔ wɔn nhoma mu no ara pɛ.” Nea ehia sen ahyɛnkafo no ahosiesie koraa ne sɛnea wofi wɔn pɛ mu kɔ baabiara a ɛho behia kɔsom afoforo no.—Dwom 110:3.

Yetu fi Douala bɛyɛ anɔpa nnɔnsia bere a owia repue, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrenkodi lɔre pii a ɛbɛkyere so wɔ kurow a ɛretrɛw ntɛmntɛm no mu so. Bere a yɛatwa ɛtwene a ɛbɛn Betel, na yɛatwam afa kurow a adagyew nnim yi mu no, yɛde yɛn ani kyerɛ apuei fam kɔ baabi a yebedi kan agyina—Yaoundé a ɛyɛ Cameroon ahenkurow no.

Ahyɛnkafo baasia no nyinaa bɛka sɛnea ɛyɛ den sɛ wɔka lɔre a nhoma a emu duru yɛ tɔn du wom no ho asɛm akyerɛ wo. Nnansa a edi kan a yɛfa ɔkwan a wɔagu so so no, yenhyia ɔhaw pii, nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ kwan so. Afei osu fi ase tɔ a yɛnhwɛ kwan. Efi ha rekɔ no de, ɛyɛ mfutukwan. Yenhu kwan mu yiye, ɔkwan no so yɛ toro, na esiane sɛ ɔkwan no so atutu nti, ɛsɛ sɛ yɛtɔ yɛn bo ase. Ade resa. Bere aso sɛ yegyina pɛ aduan bi di, na yɛda lɔre no mu pagyapagya yɛn anan gu anim. Saa na akwantu no te!

Ade kye a, anɔpa tutuutu na yɛasan asim. Ahyɛnkafo no baako hwɛ sɛnea tebea no te wɔ kwan so yiye. Sɛ yɛrebɛn amena a ɛda kwankyɛn dodo a, ntɛm ara na waka akyerɛ yɛn. Ahyɛnkafo nim yiye sɛ sɛ wɔtɔ amena mu a, ebetumi agye nna bi ansa na wɔafi mu. Sɛ yetwa kɔ Central African Republic a, saa ara na ɛhɔ akwan no nso te. Yɛfa nkurow nketewa a ɛwɔ mmepɔw so twa akwansin 400 a ɛda yɛn anim no. Mmofra, mpanyin, ne mmaatan a woturu mma nyam wɔn nsa bere a yɛatɔ yɛn bo ase retwam wɔ wɔn nkuraase no. Ɔmanko no nti, kar pii mfa kwan no so nnansa yi, enti nkurɔfo puw bɛhwɛ yɛn.

Osuahu Ahorow a Ɛyɛ Anigye

Yɛn ahyɛnkafo no baako a wɔfrɛ no Janvier ka kyerɛ yɛn sɛ, ɛmfa ho sɛ wonni adagyew no, wɔtaa gyina nkurow nketewa mu gye wɔn ahome na wɔkyekyɛ Bible ho nhoma. Ɔka sɛ: “Bere biara a yebedu Baboua no, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛne ayaresabea dwumayɛni bi a ɔkyerɛɛ Ahenni asɛm no ho anigye no bɛkasa, na yɛne no ayɛ Bible adesua tiawa. Da bi mpo de, yeyii Noa video no kyerɛɛ ɔne n’abusua. Ne nnamfo ne n’afipamfo bae, na ankyɛ na nnipa a wɔn ani agye bɛhyɛɛ fie hɔ ma. Ná obiara ate Noa ho asɛm pɛn, nanso seesei de na wobetumi ahwɛ wɔ video so. Sɛnea wɔkyerɛɛ ho anigye no kaa yɛn koma. Ɛno akyi no, wɔnoaa aduan a ɛyɛ dɛ maa yɛn de kyerɛɛ sɛnea wɔn ani asɔ yɛn nsrahwɛ no, na wɔkae sɛ yɛnna mma ade nkye. Nanso na ɛsɛ sɛ yefi hɔ ntɛm ara toa yɛn akwantu tenten no so, na yɛn ani gyei sɛ yetumi kaa asɛmpa no kyerɛɛ nnipa a wonni bi yi.”

Israel a ɔno nso yɛ ɔhyɛnkafo no ka nsɛm bi a esisii bere bi a na wɔrekɔ Bangui, baabi a yɛn ani kyerɛ no. Ɔka sɛ, “Bere a yɛrebɛn Bangui no, yehyiaa asraafo a wɔasisi ban pii wɔ kwan no mu. Anigyesɛm ne sɛ, na asraafo no pii anim tew na na wɔkae sɛ yɛde lɔre no abɛfa hɔ pɛn. Wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛntra wɔn nkyɛn, na wɔde anigye gyee Bible ho nhoma. Wonni nhoma ho agoru koraa, enti wɔkyerɛw wɔn din, da a wɔn nsa kae, ne onii kõ a ɔde maa wɔn no din wom. Ná asraafo no binom abusuafo yɛ adansefo, na eyi ka ho bi nti na wɔtew wɔn anim maa yɛn no.”

Joseph a onim lɔre ka yiye wɔ wɔn nyinaa mu no ka nea osusuw sɛ ɛma akwantu a ɛtete saa no yɛ anigye paa no ho asɛm. Ɔka akwantu pɔtee bi ho asɛm sɛ: “Aka kakra ma yɛadu Bangui no, yɛfrɛɛ yɛn nuanom wɔ telefon so ka kyerɛɛ wɔn sɛ ɛrenkyɛ na yɛadu hɔ. Wodii yɛn anim de yɛn kɔɔ kurow no mu, na wɔboaa yɛn ma yedii nkrataasɛm nyinaa ho dwuma. Yekoduu hɔ no, anuanom a wɔwɔ Betel no puei de anigye bɛyɛɛ yɛn atuu. Anuanom a wɔwɔ Asafo ahorow a ɛbɛn hɔ mu no bɛboae, na ankyɛ koraa na yeyiyii Bible, nhoma, nhomawa, ne nsɛmma nhoma a ɛwowɔ nnaka pii mu no koguu baabi a wɔkora nhoma no.”

Joseph de ka ho sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a, na nneɛma no bi yɛ akyɛde te sɛ ntade, mpaboa, ne mmofra nneɛma a ɛrekɔ Democratic Republic of Congo. Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ anuanom kyerɛ nneɛma no ho anisɔ!”

Bere a yɛde da koro agye yɛn ahome no, yesiesie yɛn lɔre no san de yɛn ani kyerɛ fie. Yɛbɛsan abehyia ɔhaw wɔ kwan mu, nanso anigye kɛse a yenyae no boro ɔhaw biara a yɛbɛfa mu no so koraa.

Kwantenten a yetwa, osu kɛse a ɛtɔ, karkwan a enye, yɛn tae a edwo, ne yɛn lɔre a ɛsɛe wɔ kwan mu no tumi ma yɛyɛ basaa. Yɛtaa hyia asraafo a wɔn tirim yɛ den. Nanso biribiara nni hɔ a ɛma ahyɛnkafo yi abotɔyam sen Ahenni ho asɛmpa no a wɔde kɔ Afrika mmeae a ɛwɔ akyirikyiri na wohu sɛnea ɛsesa nnipa a wogye no abrabɔ no.

Sɛ nhwɛso no, esiane nhoma a wɔde kɔ yi nti, seesei obi a ɔte Central African Republic akuraa bi a ɛwɔ akyirikyiri a ɛbɛn Sudan hye so no tumi kenkan Bible a wɔde nnɛyi kasa akyerɛ ase. Ne yere sua Ɔwɛn-Aban a ɛba nnansa yi no bi, na wɔn mma nso kenkan Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No * nhoma no. Wɔne afoforo pii a wɔte nkuraa yi ase no nya honhom fam aduan sɛnea wɔn nuanom Kristofo a wɔwɔ nkurow akɛse pii mu nya no ara pɛ. Eyi ma yenya akomatɔyam ankasa!

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 6 Efi saa bere yi, wɔabɔ mmɔden atoto bammɔ ho nsɛm yiye wɔ ɔkwan a efi Douala kosi Bangui no so.

^ nky. 25 Yehowa Adansefo na wotintimii.

[Asase mfonini/​Mfonini wɔ kratafa 9]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

CAMEROON

Douala

CENTRAL AFRICAN REPUBLIC

Bangui

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Joseph

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Emmanuel

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Betel a ɛwɔ Bangui, Central African Republic

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Wɔreyi nneɛma afi lɔre no mu wɔ Bangui