Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Wode W’ahonim Bɛyɛ Adwuma

Sɛnea Wode W’ahonim Bɛyɛ Adwuma

Sɛnea Wode W’ahonim Bɛyɛ Adwuma

“Nneɛma nyinaa ho tew ma wɔn a wɔn ho tew. Nanso wɔn a wɔn ho agu fĩ na wonnye nni no de, biribiara ho ntew.”—TITO 1:15.

1. Dɛn na Paulo yɛ de boaa asafo ahorow a na ɛwɔ Kreta no?

BERE a ɔsomafo Paulo wiee n’asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abiɛsa no, wɔkyere no kɔɔ Roma de no kɔtoo afiase mfe abien. Bere a wogyaa no no, dɛn na ɔyɛe? Bere bi akyi no, ɔne Tito kɔɔ Kreta supɔw so, na Paulo kyerɛw kɔmaa no sɛ: “Migyaw wo Kreta, na woasiesie nea atɔ kyima na woapaw mpanyimfo wɔ kurow biara mu.” (Tito 1:5) Ná adwuma yi a Tito bɛyɛ no hwehwɛ sɛ ɔne nnipa a ɛsono wɔn ahonim di nsɛm.

2. Ɔhaw bɛn na na ɛsɛ sɛ Tito di ho dwuma wɔ Kreta supɔw no so?

2 Paulo kaa nea wɔhwehwɛ na ama obi afata sɛ asafo mu ɔpanyin kyerɛɛ Tito. Afei ɔkae sɛ na “nnipa pii yɛ asobrakyefo, wɔn a wɔkeka nsɛnhunu na wɔdaadaa nkurɔfo.” Ná eyinom “dan mmusua mũ butuw bere a . . . wɔkyerɛkyerɛ nea ɛnsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ.” Ná ɛsɛ sɛ Tito “kɔ so yi wɔn ntɛn.” (Tito 1:10-14; 1 Timoteo 4:7) Paulo kae sɛ wɔn adwene ne wɔn ahonim ho “agu fĩ.” Ɔde asɛmfua a ekura adwene a ɛne sɛ biribi tumi kã ade mu, te sɛ nea aduru a wɔde hyɛ ntama betumi akã atade a ɛyɛ fɛ mu, na edii dwuma. (Tito 1:15) Ebetumi aba sɛ na saa mmarima no bi yɛ Yudafo, efisɛ na “wɔagye twetiatwa agyina mu.” Ɛnnɛ mmarima a wokura adwene a ɛte saa nni asafo ahorow a ɛwɔ hɔ no mu; nanso yebetumi asua ahonim ho ade pii afi afotu a ɔsomafo Paulo de maa Tito no mu.

Wɔn a Wɔn Ahonim Ho Agu Fĩ

3. Dɛn na Paulo kyerɛw kɔmaa Tito wɔ ahonim ho?

3 Hyɛ nea ɛmaa Paulo kaa ahonim ho asɛm no nsow. “Nneɛma nyinaa ho tew ma wɔn a wɔn ho tew. Nanso wɔn a wɔn ho agu fĩ na wonnye nni no de, biribiara ho ntew, na wɔn adwene ne wɔn ahonim nyinaa ho agu fĩ. Wɔpae mu ka no baguam sɛ wonim Onyankopɔn, nanso wɔde wɔn nnwuma pa no.” Ɛda adi sɛ saa bere no na ehia sɛ ebinom yɛ nsakrae na ama “wɔayɛ den wɔ gyidi no mu.” (Tito 1:13, 15, 16) Ná ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobehu nea ɛho tew ne nea ɛho ntew mu nsonsonoe, na na eyi fa wɔn ahonim ho.

4, 5. Sintɔ bɛn na na ebinom a wɔwɔ asafo ahorow no mu wɔ, na eyi kaa wɔn dɛn?

4 Bɛboro mfe du ansa na Paulo rekyerɛw Tito no, na Kristofo sodikuw no asi gyinae sɛ ɛho nhia sɛ obi twa twetia ansa na wabɛyɛ nokware somfo, na na wɔaka akyerɛ asafo ahorow no. (Asomafo Nnwuma 15:1, 2, 19-29) Nanso na ebinom a wɔwɔ Kreta no da so ara ‘gye twetiatwa tom.’ Wɔne sodikuw no anyɛ adwene koraa, na na “wɔkyerɛkyerɛ nea ɛnsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ.” (Tito 1:10, 11) Esiane sɛ na wonkura adwempa nti, ɛbɛyɛ sɛ na wɔhyɛ afoforo sɛ wonni Mmara no mu ahyɛde a ɛfa aduan ne ahotew ho no so. Ebetumi aba sɛ wɔde nsɛm bi kekaa Mmara no ho sɛnea wɔn agyanom a na wɔwɔ Yesu bere so yɛe no, na wɔhyɛɛ Yudafo anansesɛm ne ahyɛde a nnipa de asisi hɔ ho nkuran.—Marko 7:2, 3, 5, 15; 1 Timoteo 4:3.

5 Adwene a ɛte saa a na wɔwɔ no nyaa wɔn nsusuwii ne wɔn ahonim so nkɛntɛnso bɔne. Paulo kyerɛwee sɛ: “Wɔn a wɔn ho agu fĩ na wonnye nni no de, biribiara ho ntew.” Wɔn ahonim sɛee araa ma afei na entumi mma wonhu sɛ wɔn nneyɛe ne wɔn nsusuwii teɛ anaa ɛnteɛ. Bio nso, wobuu wɔn mfɛfo Kristofo atɛn wɔ nsɛm a ɛfa wɔn ankasa ho, nsɛm a ebia ɛbɛsono sɛnea Kristoni biara besi ho gyinae. Wɔ eyi mu no, na Kretafo yi bu nneyɛe ne nneɛma bi sɛ ɛho ntew bere a na ɛnte saa. (Romafo 14:17; Kolosefo 2:16) Bere a wɔka sɛ wonim Onyankopɔn no, na wɔn nnwuma nkyerɛ saa.—Tito 1:16.

“Nneɛma Nyinaa ho Tew ma Wɔn a Wɔn ho Tew”

6. Nnipakuw abien bɛn na Paulo kaa wɔn ho asɛm?

6 Yɛbɛyɛ dɛn anya asɛm a Paulo kyerɛw kɔmaa Tito no so mfaso? Hyɛ nsonsonoe a ɛwɔ asɛm yi mu no nsow: “Nneɛma nyinaa ho tew ma wɔn a wɔn ho tew. Nanso wɔn a wɔn ho agu fĩ na wonnye nni no de, biribiara ho ntew, na wɔn adwene ne wɔn ahonim nyinaa ho agu fĩ.” (Tito 1:15) Ná ɛnyɛ nea Paulo kyerɛ ne sɛ wɔ Kristoni a ne ho tew wɔ abrabɔ fam ho no, na biribiara ho tew ma no na ɔwɔ hokwan sɛ ɔyɛ. Yebetumi ahu saa efisɛ na Paulo akyerɛkyerɛ mu wɔ krataa foforo a ɔkyerɛwee mu sɛ obiara a ɔbɔ aguaman, ɔsom abosom, na odi ahonhonsɛm ne nea ɛkeka ho no “rennya Onyankopɔn ahenni.” (Galatifo 5:19-21) Enti yebetumi aka sɛ na Paulo rema nokwasɛm bi a ɛfa nnipakuw abien ho ada adi, wɔn a wɔn ho tew wɔ abrabɔ ne honhom fam ne wɔn a wɔn ho ntew wɔ saa kwan no so.

7. Dɛn na Hebrifo 13:4 bara, nanso asɛmmisa bɛn na ebetumi asɔre?

7 Ɛnyɛ nneɛma a Bible bara ankasa no nkutoo na ehia sɛ nokware Kristoni twe ne ho fi ho. Sɛ nhwɛso no, susuw asɛm a wɔaka no pen yi ho hwɛ: “Mo nyinaa mma aware ho mmra nyam, na munngu aware mpa ho fĩ, efisɛ Onyankopɔn bebu aguamammɔfo ne awaresɛefo atɛn.” (Hebrifo 13:4) Wɔn a wɔnyɛ Kristofo ne wɔn a wonnim Bible ho hwee mpo begye atom sɛ kyerɛwsɛm yi bara awaresɛe. Kyerɛwsɛm yi ne kyerɛw nsɛm afoforo ma ɛda adi pefee sɛ Onyankopɔn bara ɔbarima anaa ɔbea warefo a ɔne obi foforo a ɔnyɛ ne kunu anaa ne yere bɛda. Na nnipa baanu a wɔnwaree a ɔbarima no taforo ɔbea no anan mu na ɔbea no nso goru ne barima ho nso ɛ? Mmerante ne mmabaa pii susuw sɛ asɛm biara nni eyi ho efisɛ ɛnyɛ ɔbarima ne ɔbea nna ankasa. So Kristoni betumi abu obi anan mu a wɔtaforo anaa obi barima a wogoru ho sɛ ɛho tew?

8. Ɛdefa obi anan mu a wɔtaforo ne obi barima a wogoru ho ho no, ɔkwan bɛn so na Kristofo da nsow wɔ nnipa pii a wɔwɔ wiase no ho?

8 Hebrifo 13:4 ne 1 Korintofo 6:9 ka sɛ Onyankopɔn ani nnye awaresɛe ne aguamammɔ (Hela, por·neiʹa) ho. Dɛn na aguamammɔ kyerɛ? Hela asɛmfua no kyerɛ awode a wɔde di dwuma wɔ ne kwan so a ɛmfata anaa wɔ ɔkwammɔne so. Ɛfa nna ho nneyɛe biara a ɛnyɛ ne kwan so a obi de ne ho bɛhyem wɔ n’aware mu hokafo akyi ho. Enti obi anan mu a wɔtaforo anaa obi barima a wogoru ho ka ho, ɛmfa ho sɛ wɔaka akyerɛ mmerante ne mmabaa pii a wɔwɔ wiase sɛ asɛm biara nni ho anaa wɔn ankasa susuw saa no. Nokware Kristofo mma nea “wɔn a wɔkeka nsɛnhunu na wɔdaadaa nkurɔfo” ka no nhyɛ wɔn nsusuwii ne wɔn nneyɛe so. (Tito 1:10) Wɔde Kyerɛw Kronkron mu gyinapɛn a ɛkorɔn no na ɛbɔ wɔn bra. Sɛ́ anka wobebu obi anan mu a wɔtaforo ne obi barima a wogoru ho sɛ asɛm biara nni ho no, wɔte ase sɛ Kyerɛwnsɛm ka sɛ ɛyɛ aguamammɔ, por·neiʹa, na wɔtete wɔn ahonim wɔ eyi ho. *Asomafo Nnwuma 21:25; 1 Korintofo 6:18; Efesofo 5:3.

Ɛsono Obiara Ahonim, Ɛnna Ɛsono Obiara Gyinaesi

9. Sɛ “nneɛma nyinaa ho tew” a, dwuma bɛn na ahonim no di?

9 Dɛn na na Paulo kyerɛ bere a ɔkae sɛ “nneɛma nyinaa ho tew ma wɔn a wɔn ho tew” no? Ná Paulo reka Kristofo a na wɔde Onyankopɔn mmara a yehu wɔ n’Asɛm mu no atete wɔn ahonim na wɔde ateɛteɛ wɔn nsusuwii no ho asɛm. Kristofo a wɔte saa no hui sɛ wɔ nneɛma pii a Onyankopɔn nhyɛ da mmara ho no, na Kristoni biara betumi asi ne gyinae. Sɛ́ anka wobebu afoforo atɛn no, wohui sɛ nneɛma a Onyankopɔn mmara ntia no ho “tew.” Wɔnhwɛ kwan sɛ afoforo bedwen pɛpɛɛpɛ te sɛ wɔn wɔ asetra mu nsɛm bi a Bible mfa akwankyerɛ pɔtee mma wɔ ho no ho. Momma yensusuw nhwɛso bi ho nhwɛ.

10. Ɔkwan bɛn so na ayeforohyia (anaa ayi) betumi ayɛ asɛnnennen?

10 Mmusua pii wɔ hɔ a awarefo no mu baako abɛyɛ Kristoni nanso ɔfoforo no nyɛ Kristoni. (1 Petro 3:1; 4:3) Eyi betumi de nsɛnnennen aba bere a obusuani bi rehyia ayeforo anaa wɔreyɛ obusuani bi ayi no. Susuw Kristoni ɔbea bi a ne kunu nni asafo no mu ho hwɛ. Ɔbarima no busuani bi rehyia ayeforo, na wɔbɛyɛ no wɔ Kristoman asɔre bi mu. (Anaa obusuani bi, ebia ne papa anaa ne maame awu, na wɔbɛyɛ ayi no wɔ asɔredan mu.) Wɔato nsa afrɛ awarefo no, na ɔbarima no pɛ sɛ ne yere ne no kɔ. Dɛn na ɔbea no ahonim ka kyerɛ no wɔ kɔ a ɔbɛkɔ no ho? Dɛn na ɔbɛyɛ? Susuw nneɛma abien a obetumi ayɛ yi ho hwɛ.

11. Kyerɛkyerɛ sɛnea ebia Kristoni ɔbea bi besusuw ho sɛ ɔbɛkɔ ayeforo bi a wɔrehyia wɔ asɔredan mu anaa ɔrenkɔ mu, na gyinae bɛn na osi?

11 Lois susuw Bible ahyɛde a anibere wom, ‘Mumfi Babilon Kɛse,’ wiase nyinaa atoro som ahemman no mu ho. (Adiyisɛm 18:2, 4) Bere bi na ɔkɔ asɔre a ɛhɔ na wobehyia ayeforo no, na onim sɛ bere a ɛrekɔ so no, wɔbɛma wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa de wɔn ho ahyɛ nyamesom mu nneyɛe te sɛ mpaebɔ, nnwonto, ne nneɛma afoforo mu. Wasi ne bo sɛ ɔmfa ne ho nhyɛ ɛno mu, na mpo ɔmpɛ sɛ ɔkɔ hɔ na anhyɛ no ma wanyɛ biribi a etia Bible mmara. Lois bu ne kunu, na ɔpɛ sɛ otie ne kunu a Bible ka sɛ ɔyɛ ne ti no; nanso ɔmpɛ sɛ ɔbɛyɛ biribi a ebebu Bible mmara so. (Asomafo Nnwuma 5:29) Enti, ɔde anifere kyerɛkyerɛ mu kyerɛ ne kunu sɛ, sɛ ɔno a ɔyɛ ne kunu no pɛ sɛ ɔkɔ mpo a, ɔno de ontumi nkɔ. Ebia Lois bɛkyerɛkyerɛ mu akyerɛ ne kunu sɛ sɛ ɔkɔ na wanyɛ nneɛma a wɔreyɛ no bi a, anhwɛ a ɛbɛhaw ne kunu no, enti sɛ wankɔ a, ɛbɛboa no. Gyinae a Lois sii no ma onyaa ahonim pa.

12. Sɛ wɔto nsa frɛ obi sɛ ɔnkɔ ayeforohyia wɔ asɔredan mu a, obedwen ho dɛn?

12 Ɛkame ayɛ sɛ Rut nso hyia tebea a ɛte saa ara. Obu ne kunu, na wasi ne bo sɛ obedi Onyankopɔn nokware, na otie n’ahonim a ɔde Bible atete no no nso. Bere a Rut susuw nsɛm te sɛ nea Lois susuw ho no, ɔde mpaebɔ susuw “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ May 15, 2002 Ɔwɛn-Aban mu no ho. Ɔkae sɛ Hebrifo baasa no tiee ahyɛde a ese wɔnkɔ baabi a wɔbɛkotow ohoni no, nanso wodii nokware ma enti wɔankotow ohoni no. (Daniel 3:15-18) Ɔyɛ n’adwene sɛ ɔne ne kunu bɛkɔ nanso ɔmfa ne ho nhyɛ nyamesom adeyɛ biara mu, na saa na n’ahonim kyerɛ no sɛ ɔnyɛ. Ɔde anifere kyerɛkyerɛ nsɛm mu fann kyerɛ ne kunu wɔ nea n’ahonim bɛma wayɛ ne nea ɔrenyɛ mu. Rut wɔ awerɛhyem sɛ ne kunu behu nsonsonoe a ɛda nokware som ne atoro som ntam.—Asomafo Nnwuma 24:16.

13. Sɛ Kristofo baanu si gyinae soronko a, dɛn nti na ɛho nhia sɛ ɛhaw adwene?

13 So nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Kristofo baanu betumi asi gyinae a ɛsono emu biara no kyerɛ sɛ nea obi yɛ mfa ho anaasɛ wɔn mu baako ahonim yɛ mmerɛw anaa? Dabi. Esiane sɛ Lois nim sɛ wɔtow nnwom na wɔyɛ nneɛma afoforo pii wɔ asɔredan mu hɔ nti, ebia ohu sɛ sɛ ɔkɔ a ɛbɛyɛ asiane kɛse ama no. Afei nso ebia sɛnea ɔne ne kunu abɔ ɔsom mu nneɛma ho nkɔmmɔ pɛn no betumi anya n’ahonim so nkɛntɛnso. Enti onim yiye sɛ ne gyinaesi no ye paa ma no.

14. Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo ma ɛtra wɔn adwenem wɔ nsɛm a ɛsɛ sɛ ankorankoro si ho gyinae ho?

14 Nanso, so Rut ansi gyinae pa? Afoforo nni ho kwan sɛ wobu eyi ho atɛn. Ɛnsɛ sɛ wobu no atɛn anaa wɔkasa tia no sɛ ɔkɔe nanso wamfa ne ho anhyɛ ɔsom mu adeyɛ biara mu. Kae afotu a Paulo de mae wɔ aduan a obi bedi anaa ɔrenni a ɔno ara besi ho gyinae no: “Mma nea odi no mmmu nea onni no animtiaa, na mma nea onni no mmmu nea odi no atɛn, . . . N’ankasa ne wura anim na ogyina anaasɛ ɔhwe ase. Nokwarem no, wɔbɛma wagyina, efisɛ Yehowa betumi ama wagyina.” (Romafo 14:3, 4) Akyinnye biara nni ho sɛ nokware Kristoni biara nni hɔ a ɔbɛpɛ sɛ ɔhyɛ obi ma obu n’ani gu n’ahonim a watete no no so, efisɛ saa a ɔbɛyɛ no bɛyɛ te sɛ nea ɔrema onii no abu n’ani agu nea n’ahonim reka akyerɛ no a ebetumi agye no nkwa no so.

15. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw afoforo ahonim ne wɔn nkate ho anibere so?

15 Bere a yɛretoa asɛm yi so no, ɛsɛ sɛ Kristofo baanu no nyinaa susuw nsɛm afoforo ho. Emu biako ne sɛnea ɛbɛka afoforo. Paulo tuu yɛn fo sɛ: “Momfa eyi nyɛ mo botae, sɛ moremfa hintidua anaa akwanside nto onua biara anim.” (Romafo 14:13) Ebia Lois nim sɛ nsɛm a ɛte saa asi pɛn ma ahaw asafo no anaa n’abusua, na nea ɔbɛyɛ no betumi aka ne mma paa. Nanso wɔ Rut fam no, ebia onim sɛ nsɛm a ɛtete saa asi pɛn a anhaw asafo no anaa nnipa a wɔwɔ ne mpɔtam. Ɛsɛ sɛ mmea baanu yi ne yɛn nyinaa hu sɛ sɛ yɛtete yɛn ahonim yiye a, yebesusuw sɛnea yɛn nneyɛe bɛka afoforo ho. Yesu kae sɛ: “Obiara a ɔbɛto nkumaa a wogye me di yi mu baako hintidua no, anka eye ma no mmom sɛ wɔde owiyammo a afurum twe bɛsɛn ne kɔn mu de no akɔto po mfinimfini.” (Mateo 18:6) Sɛ obi ansusuw afoforo a ɔbɛto wɔn hintidua ho a, n’ahonim ho betumi agu fĩ te sɛ Kristofo binom a na wɔwɔ Kreta no.

16. Bere rekɔ so no, nsakrae bɛn na yebetumi ahwɛ kwan sɛ Kristoni bi bɛyɛ?

16 Ɛsɛ sɛ Kristoni ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ kɔ so nyin, na saa ara nso na ɛsɛ sɛ sɛnea otie n’ahonim na ɔde di dwuma no nso nyin. Momma yensusuw Mark a ɔbɔɔ asu nnansa yi ara no ho nhwɛ. N’ahonim ka kyerɛ no sɛ ɔntwe ne ho mfi nneɛma a kan na ɔyɛ a Bible kasa tia no ho, a ebia ahonisom ne mogya a ɔde di dwuma ka ho. (Asomafo Nnwuma 21:25) Nokwarem no, seesei ɔhwɛ yiye paa sɛ ɔmfa ne ho nhyɛ nneɛma bi a Onyankopɔn nhyɛ da mmara pɔtee mpo mu. Nanso onhu nea enti a ebinom po nneɛma bi a ohu sɛ mfomso biara nni ho te sɛ television so dwumadi ahorow bi.

17. Fa mfatoho kyerɛ sɛnea bere rekɔ so no, sɛ Kristoni bi ne Onyankopɔn nya abusuabɔ pa a, ebetumi aka n’ahonim ne ne gyinaesi.

17 Bere rekɔ so no, Mark nya nimdeɛ pii na ɔbɛn Onyankopɔn kɛse. (Kolosefo 1:9, 10) Dɛn na afi mu aba? Watete n’ahonim yiye. Seesei ɛyɛ mmerɛw ma Mark sɛ obetie n’ahonim, na osusuw Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ho yiye. Nokwasɛm ni, ohu sɛ nneɛma a Onyankopɔn nhyɛ da mmara pɔtee a ɔtwee ne ho fii ho no bi ntia Onyankopɔn mmara ankasa. Bio nso, esiane sɛ Mark de Bible nnyinasosɛm yɛ adwuma na ɔpɛ sɛ otie n’ahonim a watete no yiye nti, n’ahonim ka no ma ɔpo television so dwumadi a kan no na osusuw sɛ asɛm biara nni ho no. Nokwarem no, watete n’ahonim yiye.—Dwom 37:31.

18. Anigye bɛn na yenya?

18 Kristofo a ɛsono nkɔanim a obiara anya wɔ asafo dodow no ara mu. Wɔn mu binom baa asafo no mu nkyɛe. Ebia wɔn ahonim nkasa nkyerɛ wɔn wɔ nneɛma bi ho, nanso ɛkasa kyerɛ wɔn yiye wɔ sɛnea wosusuw nneɛma afoforo ho no ho. Ebia ebegye bere na wɔatumi aboa nnipa a wɔte saa ma wɔde Yehowa akwankyerɛ ayɛ adwuma na wɔatie wɔn ankasa ahonim a wɔatete no no. (Efesofo 4:14, 15) Anigyesɛm ne sɛ, wɔ asafo ahorow yi ara mu no, ebia na nnipa pii wom a wɔwɔ nimdeɛ, wonim sɛnea wɔde Bible nnyinasosɛm di dwuma yiye, na wɔn ahonim ne Onyankopɔn adwene hyia. Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yɛne “wɔn a wɔn ho tew” a wohu nneɛma a ɛsɔ Awurade ani sɛ ‘ɛho tew’ wɔ abrabɔ ne honhom fam no bɔ! (Efesofo 5:10) Momma yɛn nyinaa mfa nyɛ yɛn botae sɛ yɛbɛkɔ so ama yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ayɛ papa na yɛagyina nokware nimdeɛ ne onyamesom pa so akura ahonim a ɛte saa mu.—Tito 1:1.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 8 March 15, 1983 Borɔfo Ɔwɛn-Aban, kratafa 30-31 no kyerɛkyerɛ nsɛm a awarefo betumi asusuw ho mu.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na na Kristofo binom a wɔwɔ Kreta no ahonim ho agu fĩ?

• Dɛn nti na Kristofo baanu a wɔatete wɔn ahonim yiye betumi asi gyinae soronko?

• Bere rekɔ so no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn ahonim tumi yɛ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Asase mfonini wɔ kratafa 26]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Sicily

HELA

Kreta

ASIA KUMAA

Kipro

MEDITERRANEA PO

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Sɛ Kristofo baanu hyia tebea koro a, ebia ɛbɛsono sɛnea wɔn mu biara besi ho gyinae