Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sirakusa Baabi A Wogyinaa Kakra Wɔ Paulo Akwantu Mu

Sirakusa Baabi A Wogyinaa Kakra Wɔ Paulo Akwantu Mu

Sirakusa Baabi A Wogyinaa Kakra Wɔ Paulo Akwantu Mu

BƐYƐ mfe 1,948 a atwam ni no, hyɛn bi tu fii Malta supɔw a ɛwɔ Mediterranea ho de n’ani kyerɛɛ Italy. Ná hyɛn no agyiraehyɛde ne “Seu Mma,” anyame a na wobu wɔn sɛ wɔbɔ hyɛn mu adwumayɛfo ho ban no. Bible kyerɛwfo Luka ka sɛ hyɛn no ‘kogyinaa Sirakusa’ a ɛwɔ Sicily anafo apuei fam mpoano, na ‘wodii hɔ nnansa.’ (Asomafo Nnwuma 28:11, 12) Ná Aristarko ne ɔsomafo Paulo a wɔde no rekɔ Roma akodi n’asɛm no ka Luka ho wɔ hyɛn no mu.—Asomafo Nnwuma 27:2.

Sɛ wɔmaa Paulo sii wɔ Sirakusa a, yennim. Sɛ ɔno anaa wɔn a wɔka ne ho no sii a, dɛn na ɛbɛyɛ sɛ wohui?

Wɔ Helafo ne Romafo bere so no, na Sirakusa yɛ kurow titiriw te sɛ Atene ne Roma. Sɛnea atetesɛm kyerɛ no, Korintofo na wɔkyekyee kurow no bɛyɛ mfe 2,741 a atwam ni no. Sirakusa asi so pɛn, na ɛhɔ na wɔwoo nnipa bi a tete no wogyee din, a wɔn mu bi ne agorukyerɛwfo Epicharmus ne Archimedes a na ɔyɛ akontaabufo no. Bɛyɛ mfe 2,219 a atwam ni na Romafo no dii Sirakusa so nkonim.

Sɛ wokɔ kurow a ɛwɔ hɔ nnɛ yi mu a, ebetumi ama woahu sɛnea na Sirakusa te ho biribi wɔ Paulo bere so. Ná kurow no mu akyɛ abien—na ɔfã wɔ Ortygia supɔw ketewaa a ɛbɛyɛ sɛ ɛhɔ na hyɛn a na Paulo te mu no gyinae no so, ɛnna na ɔfã biako nso wɔ Italy asase ankasa so.

Ɛnnɛ, sɛ wokɔ supɔw yi so a, wubetumi ahu asɔredan bi a akyɛ paa a ɛwɔ Sicily a wosii no sɛ Helafo dan no amamfo a ɛyɛ Apollo asɔredan a wosii no bɛyɛ mfe 2,500 a atwam ni no. Afei nso, asɔredan a wosi maa Atena bɛyɛ mfe 2,400 a atwam ni no adum wɔ hɔ, nanso akyiri yi, wosii asɔredan kɛse bi wɔ eyi so.

Ɛnnɛ, kurow yi wɔ Italy asase ankasa so, baabi a wubetumi akɔhwɛ tetefo nneɛma a wɔatutu wɔ Neapolis. Helafo adehwɛbea bɛn beae yi kwan ano. Ɛyɛ Helafo adehwɛbea a ɛso paa no mu biako a ɛda so ara wɔ hɔ. Esiane sɛ na ani kyerɛ po no nti, na ɛyɛ beae a ɛyɛ fɛ. Romafo adehwɛbea kɛse a wosii bɛyɛ mfe 1,800 a atwam ni no nso wɔ baabi a tetefo nneɛma wɔ yi anafo fam. Ɛyɛ kurukuruwa te sɛ kesua, ne sorokɔ yɛ anammɔn 460, na ne trɛw yɛ anammɔn 390, na ɛyɛ Italy adehwɛbea a ɛsosõ paa no mu nea ɛto so abiɛsa.

Sɛ wunya hokwan kɔ Sirakusa a, wubetumi atra akongua bi a esi mpoano wɔ Ortygia no so, na woabue Asomafo Nnwuma 28:12 wɔ wo Bible mu, na woayɛ ɔsomafo Paulo a ɔte hyɛn no mu bere a ɛrekogyina hyɛn gyinabea a ɛwɔ ha no ho mfonini ahwɛ.

[Nsɛm a wɔahyehyɛ/​Asase mfonini wɔ kratafa 30]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Malta

Sicily

Sirakusa

ITALY

Regio

Puteoli

Roma

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Hela adehwɛbea a ɛwɔ Sirakusa no amamfõ