Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Tie W’ahonim

Tie W’ahonim

Tie W’ahonim

“Amanaman mufo a wonni [Onyankopɔn] mmara no fi awosu mu yɛ mmara no mu nneɛma.”—ROMAFO 2:14.

1, 2. (a) Esiane sɛ nnipa pii dwen afoforo ho nti, dɛn na wɔayɛ ama wɔn? (b) Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso bɛn na ɛkyerɛ sɛnea nnipa dwen afoforo ho?

ƆBARIMA bi a wadi mfe 20 a otwa wɔ no so fi baabi a ogyina wɔ keteke gyinabea a ɛwɔ asase ase twa hwee keteke kwan no so. Bere a ɔbarima bi a ɔne ne mmabea gyina hɔ hui no, ohuruw sii fam. Ɔtwee ɔbarima a otwa wɔ no so no hyɛɛ ɛkã bi a ɛda keteke kwan no ntam mu, na ɔdaa no so sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛbɔ ne ho ban afi keteke a na ɛrebegyina no ho. Ebinom bɛka sɛ ɔbarima yi dii mmarimasɛm, nanso ɔkae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛyɛ adepa. Ɛyɛ papayɛ. Manyɛ sɛ mede repɛ edin anaa anuonyam.”

2 Ebia wunim obi a ɔde ne nkwa too asiane mu boaa afoforo. Nnipa pii yɛɛ saa wɔ Wiase Ko II no mu; wɔde ahɔho siei. Afei kae nea ɛtoo ɔsomafo Paulo ne nnipa afoforo 275 a woguu asu wɔ Malta a ɛbɛn Sicily no. Mpɔtam hɔfo kɔboaa saa ahɔho no de daa “yɔnkodɔ soronko” adi. (Asomafo Nnwuma 27:27–28:2) Na Israelni abeawa a ebia wamfa ne nkwa anto asiane mu, nanso ɔdaa ayamye adi kyerɛɛ Siriafo a wɔfaa no dommum no mu baako no nso ɛ? (2 Ahene 5:1-4) Susuw Samariani mmɔborohunufo ho mfatoho a Yesu mae a nnipa pii nim yiye no nso ho hwɛ. Ɔsɔfo ne Lewini bi ammua wɔn yɔnko Yudani a na ɔreyɛ awu no, nanso Samariani bi fi ayamye mu boaa no. Mfatoho yi aka nnipa pii a wofi aman ahorow so koma wɔ mfe pii a atwam no mu.—Luka 10:29-37.

3, 4. Dɛn na ayamye mu a nnipa pii fi de wɔn nkwa to asiane mu boa afoforo no ma yehu wɔ adannandi nkyerɛkyerɛ no ho?

3 Nokwarem no, yɛte “mmere a emu yɛ den” mu; nnipa pii yɛ “keka” na “wɔmpɛ papa.” (2 Timoteo 3:1-3) Nanso, so yenhui sɛ afoforo ada ayamye adi, a ebia yɛn ankasa mpo anya so mfaso? Nnipa pii wɔ ɔpɛ sɛ wɔde wɔn nkwa bɛto asiane mu aboa afoforo ma enti ebinom susuw sɛ ɛyɛ nnipa su.

4 Ɔpɛ a ɛte saa a nnipa wɔ sɛ wɔde wɔn nkwa bɛto asiane mu aboa afoforo no da adi wɔ mmusua ne aman ahorow mu, na ɛne asɛm a wɔka sɛ nnipa fi adannandi mu no nhyia koraa. Francis S. Collins a ɔyɛ awosu ho nimdefo a odii Amerika aban no anim ma wɔyɛɛ nhwehwɛmu de huu nea awosu (DNA) kyerɛ no kae sɛ: “Nnipa a wogye adannandi tom no ntumi nkyerɛkyerɛ ayamye su a nnipa wɔ no mu. . . . Sɛnea nkwammoaa no mu biara pere ne ti no ma ɛyɛ den sɛ wobetumi akyerɛkyerɛ ayamye su a nnipa da no adi no mu.” Ɔsan kae sɛ: “Nnipa binom tumi tu wɔn ho ma boa wɔn a wɔne wɔn nni abusuabɔ biara ne wɔn a wɔne wɔn nni hwee yɛ koraa. . . . Ɛte sɛ nea wontumi nnyina adannandi so nkyerɛkyerɛ eyi mu.”

“Yɛn Ahonim”

5. Dɛn na wɔtaa hu wɔ nnipa ho?

5 Ɔbenfo Collins twe adwene si ayamye su a yɛwɔ no ho ade biako so: “Yɛn ahonim na ɛka yɛn ma yɛboa afoforo bere mpo a yennya hwee mfi mu.” * Ebia “ahonim” a ɔkaa ho asɛm no ma yɛkae nokwasɛm a ɔsomafo Paulo kae yi: “Bere biara a amanaman mufo a wonni mmara no fi awosu mu yɛ mmara no mu nneɛma no, ɛwom sɛ saa nnipa yi nni mmara de, nanso nea wɔyɛ no yɛ mmara ma wɔn ankasa. Wɔn ankasa na wɔkyerɛ sɛ wɔakyerɛw mmara no nnyinasode agu wɔn komam, bere a wɔn ahonim ka wɔn ho di adanse, na wobu wɔn ho fɔ anaa woyi wɔn ho ano wɔ wɔn ankasa nsusuwii mu.”—Romafo 2:14, 15.

6. Dɛn nti na nnipa nyinaa bebu akontaa akyerɛ Ɔbɔadeɛ no?

6 Wɔ Paulo krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Romafo no mu no, ɔkyerɛe sɛ nnipa bebu akontaa akyerɛ Onyankopɔn efisɛ wɔ a Onyankopɔn wɔ hɔ ne ne su ahorow da adi wɔ nneɛma a wabɔ mu. Saa na ɛte “fi wiase bɔ so.” (Romafo 1:18-20; Dwom 19:1-4) Nokwarem no, nnipa pii ntie wɔn Bɔfo no na wɔbɔ ahohwibra. Nanso nea Onyankopɔn pɛ ne sɛ nnipa behu ne trenee na wɔasakra afi wɔn akwammɔne ho. (Romafo 1:22–2:6) Ná Yudafo no nni biribiara a wobetumi agyina so de ayi wɔn ho ano, efisɛ Onyankopɔn nam Mose so de ne Mmara maa wɔn. Ná ɛsɛ sɛ nnipa a wonni “Onyankopɔn nsɛm kronkron” no mpo hu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ.—Romafo 2:8-13; 3:2.

7, 8. (a) So nnipa nyinaa mpɛ nsisi? Kyerɛkyerɛ mu. (b) Dɛn na eyi kyerɛ?

7 Papa ne bɔne ho adwene a nnipa wɔ no ne ade titiriw a enti ɛsɛ sɛ obiara gye Onyankopɔn tom na ɔde n’asɛm bɔ ne bra. Nsisi a yɛmpɛ no kyerɛ sɛ yɛwɔ ahonim. Twa eyi ho mfonini hwɛ: Mmofra bi ato santen retwɛn sɛ wɔbɛtow adonko. Prɛko pɛ abofra baako fi akyi besian ne mfɛfo ho kodi anim. Wɔn mu pii ka sɛ, ‘Woyɛ saa a, enye!’ Afei bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn nti na mmofra pii mpo tumi da no adi sɛ wɔmpɛ nsisi?’ Saa a wɔyɛ no kyerɛ sɛ wonim papa ne bɔne. Paulo kyerɛwee sɛ: “Bere biara a amanaman mufo a wonni mmara no fi awosu mu yɛ mmara no mu nneɛma no.” Wanka sɛ, “Sɛ ɛba sɛ,” te sɛ nea ɛyɛ biribi a ɛntaa nsi. Ɔkae sɛ “bere biara,” anaa “bere,” a ɛkyerɛ biribi a ɛtaa si. Ɛne sɛ, nnipa “fi awosu mu yɛ mmara no mu nneɛma,” kyerɛ sɛ papa ne bɔne ho adwene a wɔwɔ no na ɛka wɔn ma wɔde nea wɔkenkan wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no bɔ wɔn bra.

8 Nnipa a wonim papa ne bɔne wɔ aman pii so. Ɔbenfo bi a ɔwɔ Cambridge Suapɔn mu kyerɛwee sɛ Babilonfo, Misraimfo, Helafo, ne Aboriginefo a wɔwɔ Australia ne Amerikafo ankasa mmara a wɔahyehyɛ no “tia nhyɛso, awudi, apoobɔ, ne atorodi, na mmara koro no ara nso ka ayamye a ɛsɛ sɛ wɔda no adi kyerɛ nkwakoraa ne mmerewa, mmofra, ne wɔn a wonni ahoɔden ho asɛm.” Ɔbenfo Collins nso kyerɛwee sɛ: “Ɛte sɛ nea nnipa nyinaa nim papa ne bɔne.” So eyi mma wonkae asɛm a ɛwɔ Romafo 2:14 no?

W’ahonim Yɛ Adwuma Dɛn?

9. Dɛn ne ahonim no, na ɛbɛyɛ dɛn atumi aboa wo ansa na woayɛ biribi?

9 Bible ma yehu sɛ ahonim no yɛ biribi a ɛwɔ wo mu a ɛma w’ani ku wo nneyɛe ho na wususuw ho. Ɛte sɛ nea ɛnne bi wɔ wo mu a ɛka kyerɛ wo sɛ biribi ye anaa enye. Paulo kaa ɛnne a ɛwɔ ne mu yi ho asɛm sɛ: “M’ahonim di me adanse honhom kronkron mu.” (Romafo 9:1) Sɛ nhwɛso no, bere a ebia woresusuw biribi a wopɛ sɛ woyɛ a ɛfa papa ne bɔne ho no, w’ahonim yi betumi adi kan akasa akyerɛ wo. W’ahonim betumi aboa wo ma woasusuw biribi a wopɛ sɛ woyɛ ho, na akyerɛ wo sɛnea sɛ woyɛ a, wobɛte nka.

10. Ɔkwan bɛn so na ahonim taa yɛ adwuma?

10 W’ahonim taa yɛ adwuma bere a woayɛ biribi awie no. Bere a Dawid guan fii Ɔhene Saul anim kohintawee no, Dawid nyaa hokwan a na ɛbɛma watumi ayɛ biribi atia Onyankopɔn hene a wɔasra no no, na ɔyɛɛ saa nso. Ɛno akyi no, “Dawid koma bɔɔ no paa.” (1 Samuel 24:1-5; Dwom 32:3, 5) Wɔammɔ asɛmfua “ahonim” din wɔ saa kyerɛwtohɔ no mu; nanso Dawid ahonim na na ɛreyɛ adwuma no. Yɛn mu biara ahonim ahaw no pɛn te sɛ Dawid. Yɛyɛɛ biribi, na akyiri yi ɛhaw yɛn. Nnipa binom a wɔantua wɔn tow no ahonim haw wɔn ara ma akyiri yi wokotuae. Afoforo nso ahonim ahaw wɔn ma wɔaka wɔn ahokafo akyi a wofii ho asɛm akyerɛ wɔn. (Hebrifo 13:4) Enti sɛ obi yɛ nea n’ahonim ka kyerɛ no a, obetumi anya akomatɔyam ne asomdwoe.

11. Dɛn nti na asiane wom sɛ ‘wobɛma w’ahonim nkutoo akyerɛ wo kwan’? Ma nhwɛso.

11 Enti, so yebetumi ‘ama yɛn ahonim nkutoo akyerɛ yɛn kwan’? Ɛwom, ɛyɛ papa sɛ yetie yɛn ahonim, nanso nea ɛka kyerɛ yɛn no betumi adaadaa yɛn paa. Nokwarem no, “sɛnea yɛte wɔ yɛn mu no” betumi adaadaa yɛn. (2 Korintofo 4:16) Susuw nhwɛso bi ho hwɛ. Bible ka Stefano, Kristo akyidini mapa a na “adom ne tumi ayɛ no mã” no ho asɛm. Yudafo binom twee Stefano fii Yerusalem kosiw no abo kum no. Ná Saul (a akyiri yi ɔbɛyɛɛ ɔsomafo Paulo no) gyina hɔ, na ‘ɔpenee kum a na wɔrekum’ Stefano no so. Ɛte sɛ nea na Yudafo no gye tom paa sɛ wɔayɛ adepa, ma enti wɔn ahonim anhaw wɔn. Ɛbɛyɛ sɛ saa ara na Saul nso tee nka efisɛ ɛno akyi no, na “ɔda so rehunahuna Awurade asuafo no na ɔpɛ sɛ okunkum wɔn.” Ɛda adi pefee sɛ saa bere no n’ahonim daadaa no.—Asomafo Nnwuma 6:8; 7:57–8:1; 9:1.

12. Dɛn ne ade biako a ebia anya yɛn ahonim so nkɛntɛnso?

12 Ɛbɛyɛ sɛ dɛn na enyaa Saul ahonim so nkɛntɛnso? Emu biako betumi ayɛ nnipa a ɔne wɔn bɔɔ kɛse no. Ebia yɛn mu pii ne ɔbarima bi a ne nne sɛ ne papa de paa akasa wɔ telefon so pɛn. Ɔkwan bi so no, ebetumi aba sɛ wɔde ne babarima no nne woo no, nanso ebia sɛnea papa no kasa no nso nyaa ne ba no so nkɛntɛnso. Saa ara nso na ɛbɛyɛ sɛ Yudafo a na wɔtan Yesu, na wɔannye ne nkyerɛkyerɛ antom a Saul ne wɔn bɔɔ kɛse no nyaa no so nkɛntɛnso. (Yohane 11:47-50; 18:14; Asomafo Nnwuma 5:27, 28, 33) Nokwarem no, ɛbɛyɛ sɛ Saul ayɔnkofo no na wonyaa n’ahonim so nkɛntɛnso.

13. Ɔkwan bɛn so na baabi a obi te betumi anya n’ahonim so nkɛntɛnso?

13 Baabi a yefi anaa sɛnea nnipa yɛ wɔn ade wɔ baabi a yɛte no nso betumi anya yɛn ahonim so nkɛntɛnso, sɛnea sɛ obi tra baabi a, ebetumi ama wakasa te sɛ ɛhɔfo no ara pɛ no. (Mateo 26:73) Ɛbɛyɛ sɛ saa na ɛbae wɔ tete Asiriafo no fam. Ná wonim wɔn yiye sɛ wɔpɛ sraadi, na adwinni ahorow a wɔadi a ɛkyerɛ sɛnea wɔyɛ wɔn a wɔafa wɔn nnommum no ayayade no da eyi adi. (Nahum 2:11, 12; 3:1) Wɔka Niniwefo a na wɔwɔ Yona bere so no ho asɛm sɛ na wonnim “nifa ne benkum.” Kyerɛ sɛ na wonni mmara a ɛteɛ a wogyina so hu nea ɛyɛ papa ne bɔne wɔ Onyankopɔn ani so. Hwɛ sɛnea na saa tebea no betumi anya obi a wɔtetee no wɔ Niniwe so nkɛntɛnso! (Yona 3:4, 5; 4:11) Saa ara na nnɛ sɛ obi te nnipa bi mu a, wɔn su betumi anya n’ahonim so nkɛntɛnso.

Yɛbɛyɛ Dɛn Ama Yɛn Ahonim Akasa Akyerɛ Yɛn Yiye?

14. Dɛn na Genesis 1:27 ma yehu wɔ yɛn ahonim ho?

14 Yehowa de ahonim bɔɔ Adam ne Hawa, na wɔde ahonim a ɛte saa woo yɛn. Genesis 1:27 ka kyerɛ yɛn sɛ Onyankopɔn bɔɔ nnipa wɔ ne suban so. Ɛno nkyerɛ sɛ ɔbɔɔ yɛn sɛnea Onyankopɔn nipadua te, efisɛ ɔyɛ honhom na yɛyɛ honam. Onyankopɔn suban so a ɔbɔɔ yɛn no kyerɛ sɛ yɛwɔ ne su ahorow, a ebi ne ahonim a ɛma yehu papa ne bɔne no. Eyi ma yehu sɛ ɔkwan bi wɔ hɔ a yebetumi afa so atete yɛn ahonim ma ayɛ adwuma yiye. Ɛne sɛ yebesua Ɔbɔadeɛ no ho ade pii, na yɛabɛn no kɛse.

15. Dɛn ne ɔkwan biako a yebetumi afa so anya yɛn Agya a yebehu no no so mfaso?

15 Bible ma yehu sɛ Yehowa yɛ yɛn nyinaa Agya. (Yesaia 64:8) Nokware Kristofo, sɛ wɔwɔ ɔsoro anidaso anaasɛ wɔbɛtra asase so paradise no betumi afrɛ Onyankopɔn sɛ Agya. (Mateo 6:9) Ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛbɛn yɛn Agya no paa na ama yɛahu n’adwene ne ne mmara. (Yakobo 4:8) Nnipa pii ani nnye ho sɛ wɔbɛyɛ saa. Wɔte sɛ Yudafo a Yesu kaa wɔn ho asɛm yi: “Montee ne nne da na munhuu ne nipaban nso; na n’asɛm nni mo mu.” (Yohane 5:37, 38) Yɛntee Onyankopɔn ankasa nne pɛn, nanso yebetumi ahu n’adwene, na yɛabɛyɛ te sɛ ɔno, na yɛate nka sɛ ɔno.

16. Dɛn na Yosef asɛm no ma yehu wɔ sɛnea ehia sɛ yɛtete na yetie yɛn ahonim no ho?

16 Yosef a na ɔwɔ Potifar fie no ho asɛm ma yehu eyi. Potifar yere bɔɔ mmɔden sɛ ɔne Yosef bɛda. Ɛwom sɛ saa bere no na wɔnkyerɛw Bible mu nhoma biara, na na wɔmfaa Mmara Nsɛm Du no mmae de, nanso Yosef kae sɛ: “Ɛdɛn na menyɛ amumɔyɛ kɛse yi, na menyɛ bɔne mintia Onyankopɔn?” (Genesis 39:9) Ɛnyɛ sɛ na ɔpɛ sɛ ɔsɔ n’abusua ani nti na ɔyɛ saa, efisɛ na ɔmmɛn wɔn koraa. Nea na ehia no paa ne sɛ ɔbɛsɔ Onyankopɔn ani. Ná Yosef nim Onyankopɔn gyinapɛn wɔ aware ho—ɔbarima nware ɔbea baako na wɔn baanu no nyɛ “ɔhonam koro.” Ná ɛbɛyɛ sɛ wate sɛnea Abimelek tee nka bere a ohui sɛ Rebeka yɛ ɔwarefo no—kyerɛ sɛ ɔne no da a, ɛyɛ bɔne, na na ɛde asodi bɛto ne nkurɔfo so. Nokwarem no, Yehowa hyiraa wɔn de kyerɛe sɛ ɔmpene awaresɛe so. Ɛbɛyɛ sɛ eyinom nyinaa a na Yosef nim no na ɛkaa n’ahonim ma enti wamfa ne ho anhyɛ nna mu ɔbrasɛe mu no.—Genesis 2:24; 12:17-19; 20:1-18; 26:7-14.

17. Dɛn nti na yɛn tebea no ye koraa sen Yosef wɔ mmɔden a yɛrebɔ sɛ yɛbɛyɛ te sɛ yɛn Agya no mu?

17 Nokwarem no, yɛn tebea no ye sen Yosef de no koraa. Yɛwɔ Bible mũ no nyinaa a ebetumi aboa yɛn ma yɛahu yɛn Agya no adwene ne sɛnea ɔte nka, nea ɔpɛ ne nea ɔmpɛ. Dodow a yesua Bible no yiye no, dodow no ara na yebetumi abɛn Onyankopɔn na yɛayɛ te sɛ ɔno. Bere a yɛreyɛ saa no, yɛn ahonim bɛyɛ adwuma yiye ma yɛasusuw nsɛm ho te sɛ yɛn Agya no. Ɛbɛma yɛayɛ Onyankopɔn apɛde yiye.—Efesofo 5:1-5.

18. Ɛmfa ho nea asi wɔ yɛn asetra mu dedaw no, dɛn na yebetumi ayɛ ma yɛn ahonim ayɛ adwuma yiye?

18 Na sɛnea baabi a yɛte tumi nya yɛn ahonim so nkɛntɛnso no nso ɛ? Ebia adwene a yɛn abusuafo kura ne wɔn nneyɛe ne baabi a wɔtetee yɛn anya yɛn so nkɛntɛnso. Enti, ebia na nea yɛn ahonim ka kyerɛ yɛn no nyɛ papa anaa nokware. Ɛyɛɛ adwuma te sɛ nea wɔn a yɛne wɔn trae no de yɛ adwuma no ara pɛ. Nokwarem no, yɛrentumi nsesa nea asi wɔ yɛn asetra mu dedaw no; nanso yebetumi asi yɛn bo sɛ yɛbɛpaw nnamfo a wobenya yɛn ahonim so nkɛntɛnso pa na yɛatra baabi a ɛbɛboa yɛn ma yɛanya ahonim pa. Ade titiriw a ɛbɛboa ne sɛ yɛne nokware Kristofo a wɔde bere tenten asom na wɔabɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ te sɛ wɔn Agya no bɛbɔ daa. Asafo nhyiam, ne Kristofo a yɛne wɔn bɛbɔ ansa na yɛafi nhyiam no ase ne bere a yɛapɔn no, bɛma yɛanya hokwan a ɛfata ayɛ saa. Yebetumi ahu yɛn mfɛfo Kristofo nsusuwii ne wɔn nneyɛe a egyina Bible so, ne sɛnea wɔntwentwɛn wɔn nan ase sɛ wobetie wɔn ahonim bere a ɛda Onyankopɔn adwene ne n’akwan adi no. Bere rekɔ so no, eyi betumi aboa yɛn ma yɛagyina Bible no so de yɛn ahonim adi dwuma, na ama yɛada Onyankopɔn suban adi yiye. Sɛ yegyina yɛn Agya mmara so de yɛn ahonim di dwuma na yedi yɛn mfɛfo Kristofo nhwɛso pa akyi a, yɛn ahonim bɛyɛ adwuma yiye na ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ yebetie nea ɛka kyerɛ yɛn no.—Yesaia 30:21.

19. Ahonim ho ade bɛn na ɛda so ara fata sɛ yesusuw ho?

19 Ne nyinaa akyi no, ebinom yere wɔn ho sɛ wobetie wɔn ahonim da biara da. Adesua a edi hɔ no besusuw tebea horow bi a Kristofo ahyia ho. Sɛ yesusuw tebea horow a ɛte saa ho a, ebetumi ama yɛahu dwuma a yɛn ahonim di no yiye, nea enti a ɛsono obiara ahonim, ne sɛnea yebetumi akɔ so atie yɛn ahonim.—Hebrifo 6:11, 12.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Owen Gingerich a ɔyɛ nsoromma ho nhwehwɛmu wɔ Harvard Suapɔn mu no nso kyerɛwee sɛ: “Ayamye a nnipa da no adi no betumi ama asɛmmisa bi asɔre . . . a wontumi nnyina mmoadoma ho nhwehwɛmu a nyansahufo yɛ so nnya ho mmuae. Ebetumi aba sɛ su a Onyankopɔn de maa yɛn a ahonim nso ka ho no na yebetumi agyina so anya mmuae a ɛtɔ asom paa.”

Dɛn na Wusuae?

• Dɛn nti na nnipa nyinaa nim papa ne bɔne anaa wɔwɔ ahonim?

• Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamma yɛn ahonim nkutoo ankyerɛ yɛn kwan?

• Akwan a yebetumi afa so atete yɛn ahonim yiye no bi ne nea ɛwɔ he?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 23]

Dawid ahonim haw no . . .

nanso Saul a ofi Tarso de anhaw no

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Yebetumi atete yɛn ahonim