Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yedi Ahurusi sɛ ‘Ɔne Oguammaa No Adi Nkonim’

Yedi Ahurusi sɛ ‘Ɔne Oguammaa No Adi Nkonim’

Yedi Ahurusi sɛ ‘Ɔne Oguammaa No Adi Nkonim’

CAREY W. BARBER kaa mfe 50 a edi kan a ɔde som nokware Nyankopɔn no ho asɛm wɔ ne krataa a ɔkyerɛw no afe 1971 mu no mu sɛ: “M’ani agye yiye paa wɔ mfe a mede asom Yehowa no mu. Ne nkurɔfo a me ne wɔn abɔ; ahobammɔ a manya afi abɔnefo a wɔwɔ Satan wiase no mu ho; anidaso a mewɔ sɛ me ne Oguammaa, Yesu Kristo bedi nkonim; ne Yehowa dɔ a wada no adi no nyinaa ma minya asomdwoe ne abotɔyam ankasa a ɛbɔ koma ho ban, na ɛma minya anidaso sɛ awiei koraa no medi nkonim.”

Mfe asia akyi no, Onua Barber, Kristoni a wɔde honhom asra no no bɛyɛɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni. Bere a na ɔresom sɛ Sodikuw no muni wɔ mfe 30 a edi hɔ no mu no, ɔkɔɔ so hwɛɛ kwan sɛ ‘ɔne Oguammaa no bedi nkonim.’ Ɛdenam nokware a odi kosii owu mu wɔ Kwasida, April 8, 2007, bere a na wadi mfe 101 so no, ɛbaa mu saa.—1 Korintofo 15:57.

Wɔwoo Carey Barber wɔ England wɔ 1905, na ɔbɔɔ asu wɔ Winnipeg, Canada, wɔ afe 1921 mu. Mfe abien akyi no, ɔne ne nua Norman, a wɔyɛ ntafo no tu kɔɔ Brooklyn, New York, kɔboaa adwuma foforo bi a na wɔrebɛyɛ. Saa bere no, na Yehowa nkurɔfo ankasa rebefi ase atintim wɔn nhoma a wɔde bɛtrɛw Ahenni ho asɛmpa no mu “wɔ asase so nyinaa.” (Mateo 24:14) Adwuma a Onua Barber dii kan yɛe no mu biako ne afiri ketewa bi a na ɔde tintim nhoma. Nneɛma a na wotintim no bi ne nsɛm a na wɔasiesie a wɔde kɔ Amerika Asɛnnibea Kunini kodi no. Bere bi akyi no, Onua Barber yɛɛ adwuma wɔ Ɔsom Dwumadibea, na odii asafo no ho nsɛm ne asɛmpaka adwuma a na wɔbɛyɛ wɔ ɔman no mu no ho dwuma.

Ɔsom Dwumadibea a Onua Barber kɔyɛɛ hɔ adwuma nti, bere a wɔpaw no sɛ ɔmansin sohwɛfo wɔ afe 1948 mu sɛ ɔnyɛ amansin nhyiam na ɔnsrasra asafo ahorow a ɛwɔ Amerika atɔe fam no, na ɔfata paa. Ɔkae sɛ na n’ani gye sɛ ɔbɛyɛ asɛmpaka adwuma no wɔ mmɔnten so. Adwuma yi maa Onua Barber ne anuanom mmarima ne mmea pii bɔe. Esiane sɛ na n’adwenem da hɔ na ɔyɛ nsi wɔ asɛnka mu nti, akyiri yi bere a ɔkɔɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu adesuakuw a ɛto so 26 no, ɛboaa no paa. Bere a ɔwɔ sukuu mu no, ɔne Sydney Lee Brewer a ofi Canada a ɔno nso baa sukuu no bi faa adamfo. Wowiee sukuu no, wɔwaree na wokogyee wɔn ahome kakra bere a na wɔrekɔsom asafo ahorow a ɛwɔ Chicago, Illinois mpɔtam no. Wɔ mfe 20 a wɔde yɛɛ akwantu adwuma no, Onuawa Barber bɛyɛɛ ɔhokafo a ɔsom bo ne ɔboafo pa bere nyinaa maa ne kunu.

Wɔn a wobehuu Onua Barber yiye wɔ mfe a ɔde somee sɛ ɔmantam anaa ɔmansin sohwɛfo anaa wɔ mfe 30 a ɔde somee sɛ Sodikuw no muni a na ɔkɔsrasra anuanom no werɛ remfi ne kasa ahorow ne nsɛm a ɛyɛ dɛ a na ɔka no. Yɛwɔ nea yebetumi agyina so adi ‘nkonim a ɔne Oguammaa no adi’ no ho ahurusi.