Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Dwetɛ Wɔ Me, Na Sika Wɔ Me”

“Dwetɛ Wɔ Me, Na Sika Wɔ Me”

“Dwetɛ Wɔ Me, Na Sika Wɔ Me”

WƆ AFEHA a ɛto so asia A.Y.B. mu no, Ɔhene Kores a ofi Persia yii Onyankopɔn nkurɔfo fii nkoasom mu wɔ Babilon. Wɔn mu mpempem pii san kɔɔ Yerusalem sɛ wɔrekosi Yehowa asɔrefie a na abubu no. Ná wɔn a wɔsan kɔe no sikasɛm nyɛ papa, na aman a wɔte bɛn wɔn a na wɔmpɛ wɔn asɛm no nso sɔre tiaa wɔn wɔ ɔdansi adwuma no ho. Enti, na adansifo no bi adwene nsi wɔn pi sɛ ebia wobetumi awie adwuma a na ɛho hia no.

Yehowa nam ne diyifo Hagai so maa adansifo no nyaa awerɛhyem sɛ ɔno Yehowa ankasa taa wɔn akyi. Onyankopɔn kae sɛ: “Mɛwosow amanaman nyinaa, na amanaman nyinaa ade a wɔpɛ bɛba, na mede anuonyam mɛhyɛ ofi yi ma.” Hagai kaa asɛm a edi hɔ yi kyerɛɛ adansifo a na wɔredwen sika a na wɔde besi ɔdan no ho sɛ: “Me na dwetɛ wɔ me, na sika wɔ me, asafo [Yehowa, NW] asɛm ni.” (Hagai 2:7-9) Bere a Hagai kaa saa nsɛm yi de hyɛɛ adansifo no nkuran no, annu mfe anum na wowiee ɔdan no si.—Esra 6:13-15.

Hagai asɛm no ahyɛ Onyankopɔn asomfo nkuran nnansa yi nso, bere a wɔreyɛ nnwuma bi a ɛfa Yehowa som ho no. Wɔ afe 1879 mu, bere a akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no fii ase tintim Ɔwɛn-Aban yi a saa bere no na wɔfrɛ no Zion’s Watch Tower and Herald of Christ’s Presence no, wɔkaa saa asɛm yi wom sɛ: “Yegye di sɛ YEHOWA na ɔtaa ‘Zion’s Watch Tower’ no akyi, na bere a eyi te saa no, yɛremmisa na yɛrensrɛ nnipa sɛ wɔmmoa yɛn da. Sɛ Ɔno a ɔka sɛ: ‘Mmepɔw so sika ne dwetɛ nyinaa wɔ me’ no antumi amfa sika a ehia no amma a, yɛbɛte ase sɛ bere adu sɛ yegyae nsɛmma nhoma no tintim.”

Wonnyaee Ɔwɛn-Aban no tintim da. Wotintim nea wodii kan yɛe no mmiako mmiako 6,000 wɔ Borɔfo kasa nkutoo mu. Ɛnnɛ, wotintim Ɔwɛn-Aban no mmiako mmiako 28,578,000, wɔ kasa 161 mu. * Wontintim Awake! a ɛka Ɔwɛn-Aban no ho nso mmiako mmiako 34,267,000, wɔ kasa 80 mu.

Ɔwɛn-Aban no atirimpɔw ne sɛ wɔnam so bɛkamfo Yehowa sɛ ɔno ne Amansan Hene, na wɔde aka n’Ahenni no ho asɛmpa no. Yehowa Adansefo yɛ nnwuma pii a ɛno nso kura atirimpɔw koro no ara. (Mateo 24:14; Adiyisɛm 4:11) Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ no nso wɔ gyidi te sɛ nea wɔkaa ho asɛm wɔ nsɛmma nhoma yi mu wɔ afe 1879 mu no. Wogye di sɛ Onyankopɔn taa wɔn adwuma no akyi, na wobenya sika de ayɛ nnwuma a ɛsɔ Onyankopɔn ani no. Nanso, ɔkwan titiriw bɛn na Yehowa Adansefo fa so nya sika de yɛ wɔn nnwuma ahorow no? Na nnwuma bɛn na wɔreyɛ a ɛboa wɔn ma wotumi ka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa?

Wɔyɛ Dɛn Nya Sika De Yɛ Adwuma No?

Sɛ Yehowa Adansefo kɔ asɛnka a, nkurɔfo taa bisa wɔn sɛ: “Adwuma a moreyɛ yi, so wotua mo ka?” Mmuae no yɛ dabi, wontua wɔn ka. Wɔde wɔn bere ma kwa. Esiane anisɔ a saa asɛmpakafo yi wɔ nti, wɔde nnɔnhwerew pii ka Yehowa ne asetra pa a Bible hyɛ ho bɔ no ho asɛm kyerɛ afoforo. Yehowa Adansefo ani sɔ nea Onyankopɔn ayɛ ama wɔn, ne sɛnea asɛmpa no ama wɔn ankasa anya asetra pa ne anidaso no. Enti, wɔpɛ sɛ wɔka saa nneɛma pa yi ho asɛm kyerɛ afoforo. Wotie Yesu asɛm a ɔkae yi, na wɔde yɛ adwuma. Ɔkae sɛ: “Munyaa no kwa, momfa mma kwa.” (Mateo 10:8) Nokwarem no, ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wobedi Yehowa ne Yesu ho adanse no hyɛ wɔn nkuran ma wɔde wɔn ankasa kotoku mu sika kɔka wɔn gyidi ho asɛm kyerɛ nkurɔfo, a wɔn a wɔtete akyirikyiri mpo ka ho.—Yesaia 43:10; Asomafo Nnwuma 1:8.

Baabi a asɛnka adwuma no atrɛw akodu, ne nneɛma a ɛboa ma wotumi ka asɛm te sɛ nhoma tintimbea, adwumayɛbea, Nhyiam Asa ahorow, asɛmpatrɛwfo afie, ne nea ɛkeka ho no gye sika kɛse. Ɛhe na wonya saa sika yi fi? Nkurɔfo na wofi wɔn pɛ mu yi ntoboa ma wɔde yɛ saa nnwuma yi nyinaa. Yehowa Adansefo nhyɛ asafo no mufo sɛ wonyi sika mfa mmoa ɔsom adwuma no, na saa ara nso na wontwa bo nto nhoma a wɔde ma nkurɔfo no so. Nanso, sɛ obi fi ne pɛ mu yi sika de boa nkyerɛkyerɛ adwuma a Adansefo no reyɛ no a, wɔde anigye gye. Ma yensusuw nea ɛboa Adansefo no ma wotumi ka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa no mu biako pɛ a ɛno ne nhoma asekyerɛ no ho nhwɛ.

Wɔkyerɛ Nhoma Ahorow Ase Kɔ Kasa 437 Mu

Mfe pii ni na wɔahu sɛ Yehowa Adansefo nhoma ahorow ka nhoma a wɔakyerɛ ase akɔ kasa pii mu wɔ wiase nyinaa no ho. Wɔakyerɛ nkratawa, nhomawa, nsɛmma nhoma, ne nhoma akɛse ase akɔ kasa 437 mu. Nokwarem no, wɔbɔ ka kɛse wɔ nhoma asekyerɛ ho te sɛ nea wɔbɔ ka wɔ nnwuma afoforo a wɔyɛ de boa asɛmpaka adwuma no ho ara pɛ. Ɔkwan bɛn ankasa na wɔfa so kyerɛ nhoma ahorow no ase?

Sɛ wɔkyerɛw Yehowa Adansefo nhoma wɔ Borɔfo kasa mu, na sɛ samufo hwɛ mu wie a, wɔde fa Intanɛt so kɔma kuw ahorow a wɔatete wɔn a wɔkyerɛ nhoma ase a wɔwɔ wiase nyinaa no. Nhoma asekyerɛ kuw biara na wɔkyerɛ nhoma ahorow ase kɔ kasa a saa kuw no mufo ka no mu. Nnipa bɛyɛ 5 kosi 25 na wɔwɔ kuw biako mu. Nnipa dodow a wɔfa wɔn wɔ kuw bi mu no gyina nhoma dodow a wɔkyerɛ ase ne sɛnea kasa a wɔkyerɛ nhoma no ase kɔ mu no yɛ den fa no so.

Sɛ wɔkyerɛ nhoma no ase wie a, wɔhwɛ mu siesie mfomso a ɛwɔ mu no. Nea enti a wɔyɛ saa ne sɛ wɔbɛma ntease a ɛwɔ Borɔfo no mu ada adi pɛpɛɛpɛ, na emu nso ada hɔ wɔ kasa a wɔakyerɛ ase akɔ mu no mu. Eyi yɛ nna fam. Sɛ wɔrekyerɛ nhoma bi ase, na sɛ emu nsɛmfua no yɛ nea nnipa pii nni ho nimdeɛ a, ɛsɛ sɛ nhoma asekyerɛfo no ne wɔn a wɔhwɛ mu no yɛ nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri wɔ kasa a wɔrekyerɛ asɛm no ase afi mu (te sɛ Borɔfo anaa kasa bi te sɛ Franse, Russia, anaa Spania) ne kasa a wɔrekyerɛ ase akɔ mu no mu, sɛnea ɛbɛyɛ a ntease no bɛda adi pɛpɛɛpɛ. Sɛ nhwɛso no, sɛ wɔrekyerɛ asɛm bi a ɛwɔ Awake! mu a ɛfa biribi a nnipa pii nni ho nimdeɛ ho, anaa ɛfa abakɔsɛm ho a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho nhwehwɛmu kɔ akyiri.

Nhoma asekyerɛfo pii yɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ahorow, ebinom de wɔn bere nyinaa na ɛyɛ adwuma no, na afoforo nso de bere fã na ɛyɛ saa. Nhoma asekyerɛfo foforo nso yɛ wɔn adwuma no wɔ mmeae a wɔka kasa a wɔkyerɛ ase no. Wontua nhoma asekyerɛfo no ka wɔ adwuma a wɔyɛ no ho. Nea wɔde ma wɔn a wɔde wɔn bere nyinaa kyerɛ nhoma ase no ara ne dabere, aduan, ne sika kakra a wɔde bɛtotɔ wɔn ho nneɛma nketenkete. Wɔ wiase nyinaa no, Adansefo bɛyɛ 2,800 na wɔsom sɛ nhoma asekyerɛfo. Seesei, Yehowa Adansefo baa dwumadibea 98 na akuw a wɔkyerɛ nhoma ase te hɔ, anaasɛ wɔhwɛ akuw foforo a wɔwɔ mmeae bi so. Nhwɛso biako ne sɛ, Russia baa dwumadibea no hwɛ nhoma asekyerɛfo bɛboro 230 a wɔn mu binom de wɔn bere nyinaa kyerɛ nhoma ase, ne afoforo nso a wɔde wɔn bere fã yɛ saa no so. Wɔkyerɛ nhoma ase kɔ kasa bɛboro 30 mu, na kasa no bi wɔ hɔ a nnipa kakraa bi na wɔka. Saa kasa no bi ne Chuvash, Ossetian, ne Uighur.

Nea Wɔayɛ a Ɛma Nkyerɛase no Tu Mpɔn

Sɛnea obiara a wabɔ mmɔden pɛn sɛ obesua kasa foforo nim no, ɛnna fam sɛ obi bɛkyerɛ asɛm bi a asete yɛ den ase pɛpɛɛpɛ. Wɔn a wɔkyerɛ nhoma ase no botae ne sɛ wɔbɛkyerɛ asɛm no ase pɛpɛɛpɛ ma adwene a ɛwom no ada adi, na bere koro no ara nso, nkyerɛase no akenkan ayɛ nea ɛkɔ yɔɔ te sɛ nea wɔankyerɛ ase amfi kasa foforo mu no. Sɛ obi betumi akyerɛ nhoma ase yiye a, gye sɛ osua ho ade. Egye mfe pii ansa na nhoma asekyerɛfo a ɔyɛ foforo ahu adwuma no ani so. Na Yehowa Adansefo yɛ nhyehyɛe tete wɔn bere nyinaa. Ɛtɔ mmere bi a, anuanom bi a wonim adwuma no ani so yiye kɔsra akuw ahorow no boa wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ahu adwuma no yiye, ne ɔkwan a wɔbɛfa so de kɔmputa nso ayɛ adwuma no.

Mfaso kɛse afi ntetee a wɔde rema no mu aba. Sɛ nhwɛso no, Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Nicaragua no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Eyi ne nea edi kan a onua bi a onim nhoma asekyerɛ ani so yiye a ofi Mexico baa yɛn baa dwumadibea ha bɛkyerɛkyerɛɛ nhoma asekyerɛfo a wɔwɔ ha a wɔkyerɛ nhoma ase kɔ Miskito kasa mu no akwampa a wɔfa so kyerɛ kasa ase. Eyi aboa nhoma asekyerɛfo a wɔwɔ ha no ma wɔanya nkɔso kɛse wɔ wɔn adwuma no mu. Wɔn nkyerɛase no atu mpɔn yiye.”

Nsɛm a Ɛka Koma

Nea enti a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ Bible ne Bible ho nhoma ase akɔ kasa a nkurɔfo ka no mu ne sɛ, wɔbɛma nhoma no mu nsɛm no aka nkurɔfo koma, na saa pɛpɛɛpɛ na ɛrekɔ so. Wɔ afe 2006 mu no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ Bulgaria no ani gyei sɛ woyii Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm Wiase Foforo Nkyerɛase no adi wɔ Bulgaria kasa mu. Baa dwumadibea a ɛwɔ Bulgaria no bɔɔ amanneɛ sɛ, wɔn nsa aka nkrataa pii a nkurɔfo de bɛkyerɛɛ anisɔ wɔ Bible no a woyii no adi no ho. Asafo no mufo ka sɛ: “Seesei, ɛnyɛ wɔn adwene nko na Bible no kanyan, na mmom ɛka wɔn koma ankasa nso.” Onua bi a ne mfe akɔ anim a ofi Sofia kae sɛ: “Mfe pii na mede akenkan Bible, nanso menkenkanee nkyerɛase bi a asete yɛ mmerɛw na ɛka koma saa da.” Saa ara na wɔ Albania nso, bere a Ɔdansefo bi a ɔwɔ asafo a ɛwɔ hɔ mu nsa kaa New World Translation mũ no nyinaa bi no, ɔkae sɛ: “Hwɛ sɛnea Onyankopɔn Asɛm yɛ dɛ wɔ Albania kasa mu! Hwɛ nhyira kɛse a yɛanya sɛ Yehowa kasa kyerɛ yɛn wɔ yɛn ankasa kasa mu!”

Egye mfe pii na nhoma asekyerɛfo kuw bi atumi akyerɛ Bible mũ no nyinaa ase. Nanso, sɛ nnipa ɔpepem pii tumi te Onyankopɔn Asɛm no ase yiye nea edi kan wɔ wɔn kurom kasa mu a, so worenka sɛ mfaso wɔ mmɔden a wɔbɔe no nyinaa so?

“Yɛyɛ Nyankopɔn Mfɛfo Adwumayɛfo”

Nokwarem no, nhoma asekyerɛ yɛ nnwuma pii a ɛboa ma yetumi ka asɛmpa no yiye no mu biako pɛ. Bible ho nhoma no kyerɛw, ne tintim, sɛnea wɔde mena, ne nnwuma afoforo pii a wɔyɛ wɔ baa dwumadibea, amansin mu, ne Yehowa Adansefo asafo ahorow mu no gye mmɔdenbɔ ne sika pii. Nanso, Onyankopɔn nkurɔfo ‘yi wɔn yam koraa’ yɛ saa nnwuma yi. (Dwom 110:3) Wobu Yehowa adwuma a wotumi yɛ bi no sɛ ɛyɛ hokwan ne nhyira a wɔanya, ma ɛno nti, Yehowa bu wɔn sɛ ne “mfɛfo adwumayɛfo.”—1 Korintofo 3:5-9.

Ɛyɛ ampa sɛ nea ɔka sɛ “me na dwetɛ wɔ me, na sika wɔ me” no nhia yɛn sika na ama watumi ayɛ n’adwuma yi. Nanso, Yehowa adi n’asomfo ni sɛ ɔde hokwan yi adom wɔn ma wɔreyi ntoboa de aka nokware ahorow a egye nkwa no akyerɛ “amanaman nyinaa” de atew ne din ho. (Mateo 24:14; 28:19, 20) So eyi nka wo koma mma wonyɛ nea wubetumi nyinaa mfa mmoa adwuma a wɔrensan nyɛ bio da yi?

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Sɛ wopɛ sɛ wuhu kasa horow a wotintim wɔ mu no a, hwɛ nsɛmma nhoma yi kratafa 2.

[Adaka wɔ kratafa 18]

“ƐMA YESUSUW NNEƐMA HO ANIBERE SO”

Abeawa bi a wadi mfe 14 kyerɛw krataa kɔmaa Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Cameroon no sɛ: “Bere a metotɔɔ me nneɛma a mede rekɔ sukuu wiei no, metɔn me sukuu nhoma abien a na masua awie no de gyee francs 2,500 [dɔla 5, U.S.]. Mede nhoma no sika yi ne sika foforo a ɛyɛ francs 910 [dɔla 1.82, U.S.] a miyi fii me sika a mede asie mu no aka ho de rebrɛ mo. Mehyɛ mo nkuran sɛ monkɔ so nyɛ adwuma pa a moreyɛ no. Meda mo ase wɔ Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma no a mutintim ma yɛn no ho. Ɛma yesusuw nneɛma ho anibere so.”

[Adaka/​Mfonini wɔ kratafa 18]

NTOBOA SORONKO BI

Manuel a wadi mfe asia a ɔte Chiapas Mantam mu no kyerɛw krataa bi kɔmaa Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Mexico no de kyerɛɛ anisɔ. Esiane sɛ onnim akyerɛw nti, ɔmaa n’adamfo bi na ɔkyerɛw krataa no maa no. Manuel ka sɛ: “Me nenabea maa me prakobere sɛ menyɛn no. Bere a prako no woe no, miyii prako ba a ne ho yɛ fɛ paa no, na anuanom a wɔwɔ asafo no mu no boaa me ma meyɛn no. Ɛyɛ me anigye kɛse sɛ mede sika a metɔn prako no nyae no remena mo. Ná prako no mu duru yɛ nkaribo 220, na metɔn no de gyee pesos 1,250 [dɔla 110, U.S.]. Mesrɛ mo, momfa sika no nyɛ Yehowa adwuma no.”

[Adaka wɔ kratafa 19]

‘MOMFA SIKA YI NKYERƐ BIBLE NO ASE’

Wɔ afe 2005 ɔmantam nhyiam a Yehowa Adansefo yɛe wɔ Ukraine ase no, woyii Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm Wiase Foforo Nkyerɛase no adi wɔ Ukraine kasa mu. Ade kyee no, wohui sɛ obi akyerɛw asɛm yi de ato ntoboa adaka a ɛwɔ nhyiam no ase bi mu sɛ: “Meyɛ abeawa a madi mfe akron. Yɛda mo ase paa sɛ moama yɛanya Hela Kyerɛwnsɛm no. Yɛn maame de saa sika yi maa me ne me nuabarima kumaa sɛ yɛmfa mfa bɔs nkɔ sukuu. Nanso, esiane sɛ osu antɔ nti, yɛnantew kɔɔ sukuu, na yɛde saa hryvnia 50 [dɔla 10, U.S.] no siei. Me ne me nuabarima no pɛ sɛ mode saa sika yi kyerɛ Bible mũ no nyinaa ase ba Ukraine kasa mu.”

[Adaka wɔ kratafa 20, 21]

AKWAN A EBINOM FA SO YI NTOBOA

NTOBOA MA WIASE NYINAA ADWUMA NO

Nnipa pii yi sika to hɔ, anaa wɔyɛ nhyehyɛe de kɔto ntoboa nnaka a wɔakyerɛw ho “Ntoboa Ma Wiase Nyinaa Adwuma No—Mateo 24:14” no mu.

Ɔsram biara, asafo ahorow de sika yi mena Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛhwɛ wɔn aman dwumadi so no. Wubetumi de sika a wufi wo pɛ mu yi nso amena Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania, Attention Treasurer’s Office, 25 Columbia Heights, Brooklyn, New York 11201-2483 tẽẽ, anaa wode akɔ Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛhwɛ wo man dwumadi so no. Ɛsɛ sɛ wokyerɛw “Watch Tower” wɔ krataa a wɔde yi sika no so de kɔma address a ɛwɔ atifi hɔ no. Wubetumi de agude anaa nneɛma foforo a ɛsom bo nso ama. Ɛsɛ sɛ wode krataa bi a ɛkyerɛ sɛ saa ntoboa yi yɛ akyɛde koraa ka ho.

NTOBOA A WƆDE MA KOSI BERE BI HO NHYEHYƐE

Obi betumi de sika ama Ɔwɛn Aban Asafo no ahwɛ so ma wɔde ayɛ adwuma wɔ wiase nyinaa. Nanso, sɛ ɛba sɛ onipa a ɔde mae no bisa a, wɔbɛsan de ama no. Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, yɛsrɛ sɛ wo ne Treasurer’s Office no nni nkitaho denam address a yɛaka ho asɛm no so.

ADƆE HO NHYEHYƐE

Wɔ sika a wɔde kyɛ koraa akyi no, akwan foforo wɔ hɔ a wubetumi afa so ayi bi ama de aboa wiase nyinaa Ahenni som adwuma no. Ebi ne:

Nsiakyibaa (Insurance): Obi betumi ayɛ nhyehyɛe ma Ɔwɛn Aban Asafo no anya kyɛfa wɔ ne nsiakyibaa sika anaa sika a sɛ ogyae adwuma anaa ɔkɔ pɛnhyen a, wɔde bɛma no no mu.

Sika a Wɔde Sie Wɔ Sikakorabea: Obi betumi ayɛ nhyehyɛe de ne sika a ɛwɔ sikakorabea, sika kɛse a ɛda sikakorabea ho adanse krataa, anaa sika a sɛ ogyae adwuma a wobetua ama no no ato hɔ ama Ɔwɛn Aban Asafo no anaa sɛ owu a wɔatua ama Ɔwɛn Aban Asafo no, sɛnea ɛne ne man mu sikakorabea ahwehwɛde hyia.

Adwuma Mu Kyɛfa ne Sika a Wɔde Bɔ Bosea: Obi betumi de adwuma a ɔyɛ mu kyɛfa a ɔwɔ ne sika a ɔde abɔ bosea a wɔbɛsan atua ama no no ama Ɔwɛn Aban Asafo no sɛ akyɛde koraa.

Adan ne Nsase: Obi betumi de adan anaa nsase a wotumi tɔn ama sɛ akyɛde koraa anaa ɛdefa adan a wɔte mu ho no, wobetumi ayɛ ho nhyehyɛe sɛnea ɛbɛma nea ɔde mae no akɔ so atra mu bere a ɔte ase no. Ɛsɛ sɛ wo ne wo man mu baa dwumadibea di nkitaho ansa na wode adan anaa nsase bi ama.

Akyɛde a Wɔde Ma na Wodidi Ho: Akyɛde a wɔde ma na wodidi ho yɛ nhyehyɛe a obi yɛ de sika bi ma adwumakuw bi a Yehowa Adansefo de di dwuma. Nea ɔde ma no anaa obi a nea ɔde ma no bɛpaw no no didi ho denam sika pɔtee bi a wotua ma no afe biara kosi sɛ obewu no so. Wɔtew tow a nea ɔde akyɛde a wodidi ho ma no tua no so wɔ afe a wɔyɛ ho nhyehyɛe no mu.

Nsamansew ne Sika a Wɔde Sie Ma Wɔhwɛ So: Obi betumi de agyapade anaa sika ama Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania denam mmara kwan so nsamansew so, anaa obetumi ayɛ nhyehyɛe na sɛ owu a, wɔde sika bi a ɔde asie sɛ wɔnhwɛ so no ama Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania. Wotumi tew tow a wotua wɔ sika a wɔde asie sɛ wɔnhwɛ so a wɔde ma nyamesom ahyehyɛde bi no so.

Sɛnea asɛm a ɛne “adɔe ho nhyehyɛe” kyerɛ no, saa ntoboa yi hwehwɛ ankasa sɛ nea ɔde ma no bɛyɛ nhyehyɛe wɔ nneɛma bi ho. Nea ɛbɛyɛ na wɔaboa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔboa Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwuma no denam adɔe ho nhyehyɛe bi so no, wɔasiesie Engiresi ne Spania kasa mu nhomawa a wɔato din Charitable Planning to Benefit Kingdom Service Worldwide. Wɔkyerɛw nhomawa no na wɔnam so de nkyerɛkyerɛmu a ɛfa akwan a wobetumi afa so de akyɛde ahorow ama mprempren anaasɛ bere a onipa no awu no ho ama. Bere a nnipa pii akenkan nhomawa no na wɔne wɔn ankasa mmaranimfo anaa towtua ho afotufo adi nkitaho no, wɔatumi aboa Yehowa Adansefo som adwuma ne adɔe a wɔyɛ nkurɔfo no wɔ wiase afanan nyinaa, na saa a wɔayɛ no ama wɔatew tow a wotua no so koraa. Wubetumi abisa Charitable Planning Office no tẽẽ ma wɔabrɛ wo nhomawa yi bi.

Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, wubetumi afa krataa-kyerɛw anaa telefon so de ase hɔ address no ne Charitable Planning Office no adi nkitaho. Saa ara na wubetumi ne Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛhwɛ wo man no dwumadi so no nso adi nkitaho.

Charitable Planning Office

Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania

100 Watchtower Drive

Patterson, New York 12563-9204

Telephone: (845) 306-0707

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 19]

Miskito nhoma asekyerɛfo a wɔwɔ Nicaragua baa dwumadibea