Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Misuae Sɛ Mede Me Ho Bɛto Yehowa So Koraa

Misuae Sɛ Mede Me Ho Bɛto Yehowa So Koraa

Asetram Nsɛm

Misuae Sɛ Mede Me Ho Bɛto Yehowa So Koraa

Sɛnea Aubrey Baxter ka kyerɛe

Memeneda anwummere bi, wɔ afe 1940 mu no, mmarima baanu bi tow hyɛɛ me so bɔɔ me too fam. Ná polisifo baanu bɛn hɔ, sɛ́ anka wobegye me no, wodidii me atɛm mmom, na wɔka kyerɛɛ asisifo no sɛ wɔayɛ ade. Nea ɛma wɔyɛɛ me ayayade yi yɛ nsɛm bi a na akɔ so wɔ m’asetram mfe anum a na atwam no, bere a na me ne adwumakuw bi a wotu biriw yɛ adwuma no. Ɛno na ɛmaa mmarima no yɛɛ me ayayade a ɛte saa no. Ma menka m’asetram nsɛm nkyerɛ wo.

WƆWOO me wɔ afe 1913 mu wɔ Swansea a ɛyɛ kurow bi a ɛda mpoano wɔ New South Wales, Australia no mu, na me na na meyɛ mmabarima baanan no mu nea ɔto so abiɛsa. Bere a midii mfe anum no, Spania influensa yare bɔne a ekunkum nnipa ɔpepem pii wɔ wiase nyinaa no kaa yɛn abusua no mufo nyinaa. Anigyesɛm ne sɛ, yɛn mu biara anwu. Nanso, wɔ afe 1933 mu no, awerɛhosɛm bi sii wɔ yɛn abusua no mu. Maame a na wadi mfe 47 no wui saa bere no. Ná Maame yɛ ɔbea a osuro Onyankopɔn, na na wagye nhoma a wɔde sua Bible a Yehowa Adansefo akyekyɛ a wɔato din Light no apo abien no nyinaa bi.

Saa bere no, na meyɛ adwuma wɔ baabi a wotu biriw. Esiane sɛ na m’adwuma no tumi sɔre denneennen bere bi na emu adwo kosi sɛ ɛbɛsan asɔre bio nti, na mede nhoma no kɔ adwumam de kanea a ɛbɔ me kyɛ anim no kenkan. Ankyɛ koraa na mihui sɛ mahu nokware no. Mifii ase tiee Bible mu ɔkasa a na Adansefo no ma wɔ radio so no nso. Nea ɛmaa m’ani gyei kɛse ne sɛ Paapa ne me nuanom nyinaa ani begyee Bible mu nokware no ho.

Awerɛhosɛm san sii yɛn abusua no mu bio wɔ afe 1935 mu bere a mpafe kum me nuabarima kumaa Billy no. Ná wadi mfe 16 pɛ. Nanso, saa bere yi de, owusɔre ho anidaso no kyekyee yɛn abusua no werɛ. (Asomafo Nnwuma 24:15) Bere bi akyi no, Paapa ne me nuabarimanom mpanyimfo a wɔne Verner ne Harold, ne wɔn yerenom hyiraa wɔn nkwa so maa Onyankopɔn. Wɔ m’abusuafo no nyinaa mu no, me nkutoo na meda so te ase. Nanso, Verner yere Marjorie, ne Harold yere Elizabeth, nso da so ara resom Yehowa denneennen.

Misuae sɛ Mede Me Ho Bɛto Yehowa So

Midii kan huu Yehowa Adansefo wɔ afe 1935 awiei mu, bere a ɔbea bi a ofi Ukraine a na ɔte baesekre so baa yɛn fie no. Mekɔɔ Kristofo nhyiam nea edi kan wɔ Kwasida a edi hɔ no, na dapɛn akyi no, me ne kuw no mufo kɔɔ asɛnka. Nea ɛyɛɛ me nwonwa paa ne sɛ, Ɔdansefo a ɔhwɛɛ asɛnka nhyiam no so no maa me nhomawa ahorow bi, na ɔkae sɛ me nkutoo menkɔ! Miduu ofie a edi kan mu no, na ehu aka me araa ma me yam a na anka manya obon bi abɔ awura mu! Nanso, ofiewura no ani gyee asɛm no ho, na ogyee nhoma mpo.

Kyerɛw nsɛm te sɛ Ɔsɛnkafo 12:1 ne Mateo 28:19, 20 kaa me koma paa ara ma m’ani begyee ho sɛ mɛyɛ ɔkwampaefo anaa bere nyinaa ɔsɛmpakafo. Na Paapa penee gyinae a misii no so. Ɛwom sɛ na minnya mmɔɔ asu de, nanso mehyɛe sɛ mefi akwampae adwuma no ase July 15, 1936. Saa da no, mekɔɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Sydney no, na wɔmaa me ne akwampaefo 12 kɔyɛɛ asɛnka adwuma no wɔ Sydney borɔn bi a wɔfrɛ no Dulwich Hill so. Akwampaefo no kyerɛɛ me sɛnea wɔde afiri a wɔde nsa kyim de yam awi no yam ade. Saa bere no na akwampaefo de afiri no yɛ esiam sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremmɔ aduan ho ka pii.

Yɛyɛɛ Akwampae Adwuma wɔ Nkuraase

Wɔbɔɔ me asu wɔ saa afe no awiei mu, na wɔmaa me ne akwampaefo baanu a wɔne Aubrey Wills ne Clive Shade kɔyɛɛ asɛnka adwuma no wɔ Queensland mfinimfini fam. Nneɛma a yɛde kɔe ara ne Aubery kar, baesekre ahorow bi, gramafon korokorowa bi a na yɛde bɛbɔ Bible ho ɔkasa, ntamadan a yɛdaa mu mfe abiɛsa, mpa abiɛsa, ɔpon, ne kyɛnsee a na yɛbɛnoa aduan wom. Anwummere bi a eduu me so sɛ menoa aduan no, mede atosode ne nhabamma ne awi yɛɛ aduan, na na misusuw sɛ manoa “akɔnnɔduan” bi. Nanso, yɛn mu biara antumi amfa aduan no bi anka n’ano. Ná pɔnkɔ bi nenam hɔ, enti mede aduan no kɔmaa no. Nanso, bere a pɔnkɔ no huaa aduan no, ɔwosow ne ti gyaw hɔ kɔe! Efi saa da no, manyɛ m’adwene sɛ mɛnoa aduan bi a minnim yɛ bio da.

Bere bi akyi no, yesii gyinae sɛ yɛbɛyɛ yɛn asasesin no mu adwuma ntɛmntɛm, enti yɛkyɛɛ mu abiɛsa maa yɛn mu biara yɛɛ biako mu adwuma. Mpɛn pii no, ebedu anwummere no, na mewɔ akyirikyiri ma enti na mintumi nsan mma baabi a yɛte no, na ɛtɔ bere bi a, na meda nkuraa no asefo no bi a wɔn yam ye no nkyɛn. Da bi, medaa mpa bi a ɛso yɛ tofoo so wɔ ahɔhodan bi mu wɔ akuraa bi a wɔyɛn anantwi wɔ hɔ ase, na ɛda a edi hɔ anadwo no, medaa fam wɔ ɔdan bi a na emu yɛ fĩ mu wɔ ɔbɔmmɔfo bi sese ase, na na mmoa nhoma a emu bɔn ahyɛ hɔ mma. Ná metaa da wuram. Bere bi, asakraman betwaa me ho hyiae, na wogyinagyina akyirikyiri, na wɔboboom denneennen wɔ esum no mu. Bere a mantumi anna saa anadwo no, ade kyee no, mihui sɛ sɛɛ ná ɛnyɛ me nti na asakraman no baa hɔ, na mmom mmoa yam ade bi a na wɔabɛtow agu baabi a na meda hɔ no na na wɔpɛ sɛ wɔbɛwe.

Yɛde Kar Bi a Akasam Si so Yɛɛ Asɛnka Adwuma No

Kar bi a akasam si so no boaa yɛn paa ma yɛkaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm no. Polisifo a wɔwɔ hɔ no ma yɛde yɛn kaa no sii Townsville kurow a ɛwɔ Queensland atifi fam no mfinimfini. Nanso, ɔkasa no a yɛbɔe no hyɛɛ Salvation Army asɔre no mufo bi abufuw, na wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yemfi hɔ nkɔ. Bere a yɛankɔ no, wɔn mu baanum bɛwosow yɛn kar no denneennen. Saa bere no, na mehyɛ kar no mu rekyinkyim afiri no! Yebehui sɛ nyansa nnim sɛ yɛbɛka sɛ yɛwɔ hokwan sɛ yɛkɔ so bɔ ɔkasa no, enti bere a mmarima no gyaee nea wɔreyɛ no, yefii hɔ kɔe.

Bere a na yɛwɔ Bundaberg no, ɔbarima bi a n’ani gye asɛm no ho maa yɛn ɔkorow sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi afi Burnett Asubɔnten a ɛda kurow no mu so aka asɛm no. Aubrey ne Clive de akasam afiri no kɔtraa ɔkorow no mu, na me nso mekaa asa a na yɛahane no so. Saa anadwo no, yɛbɔɔ Joseph F. Rutherford kasa bi a emu yɛ hyew a ɔmae wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti a na wɔakyere agu apaawa so no ma egyigyei wɔ Bundaberg kurow no mu nyinaa. Onua Joseph F. Rutherford maa Bible mu kasa no akokoduru so, na na ɛka koma. Nokwarem no, na saa bere no yɛ anigye bere a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo de gyidi ne akokoduru ka asɛm no.

Ɔko no De Ɔhaw Pii Bae

Bere a Wiase Ko II no fii ase wɔ September 1939 mu no, November 1 Borɔfo Ɔwɛn-Aban no kyerɛkyerɛɛ nea enti a ɛnsɛ sɛ Kristofo de wɔn ho hyehyɛ ɔko ne amanyɔsɛm mu no mu. Akyiri yi, m’ani gyei sɛ na masua saa asɛm no wɔ Ɔwɛn-Aban no mu. Nanso, bere a me ne Aubrey ne Clive boom yɛɛ adwuma mfe abiɛsa akyi no, wɔmaa yɛn dwumadi foforo a ɛmaa yɛn mu tetewee. Wɔma mekɔyɛɛ ɔhwɛfo kwantufo wɔ Queensland atifi fam, na saa dwumadi no ma wɔsɔɔ ahotoso a mewɔ wɔ Yehowa mu no hwɛe mpɛn pii.

Wɔ August 1940 mu no, mekɔsom asafo a ɛwɔ Townsville a na akwampaefo baanan a wɔne Percy ne Ilma Iszlaub * ne Norman ne Beatrice Bellotti a wɔyɛ obi ne nua wom no mu. Mekɔsraa wɔn no, mfe asia akyi na mewaree Beatrice. Memeneda anwummere bi a na yɛadi adanse wɔ mmɔnten so awie no na nkurɔfo bi tow hyɛɛ me so sɛnea mekaa ho asɛm mfiase no. Nanso, asisisɛm yi hyɛɛ me den mmom ma mekɔɔ so yɛɛ Yehowa som adwuma no.

Ná anuanom mmea baanu a wɔyɛ obi ne ne nua a wɔfrɛ wɔn Una ne Merle Kilpatrick de nsi reyɛ asɛnka adwuma no wɔ atifi fam. Me ne wɔn de anigye kɔɔ asɛnka da koro bi, na wɔkae sɛ me ne wɔn ntwa asubɔnten bi nkɔsra abusua bi a wɔn ani gye asɛm no ho. Ná ɛsɛ sɛ miguare asubɔnten no kɔfa ɔkorow bi a na wɔamantam wɔ asu no agya, na mehare ba de bɛfa wɔn twa asubɔnten no. Na bere a mikoduu ɔkorow no ho no, na atabon a wɔde hare no ayera! Akyiri yi, yehui sɛ na ɛyɛ obi a ɔmpɛ yɛn asɛm na ɔde akosie. Nanso, nea ɔyɛe no ammu yɛn abam. Ná mayɛ adwuma sɛ obi a okoyi wɔn a nsu refa wɔn, na na meda so ara nim asuguare yiye. Enti, mede hama a ɛsa ɔkorow no so no kyekyeree m’asen, na mede guare baa asu no agya bɛfaa anuanom mmea no de wɔn kɔe san bae. Yehowa hyiraa yɛn mmɔdenbɔ no so, efisɛ ankyɛ koraa na abusua a na wɔn ani gye asɛm no ho no bɛyɛɛ Adansefo.

Yehowa Bɔɔ Yɛn Ho Ban

Esiane ɔmanfo no ahobammɔ nti, na asraafo gyinagyina Innisfail kurow no kurotia hwehwɛ nkurɔfo nneɛma mu. Nanso, esiane sɛ na wonim me sɛ mete kurow no mu nti, na mitumi kogye tumi krataa de fi kurow no mu san ba mu, na ɛno so baa mfaso bere a na ananmusifo a wofi Yehowa Adansefo baa dwumadibea bɛsra yɛn wɔ kurow no mu no. Nea ɛbɛyɛ na mede wɔn atwam wɔ baabi a asraafo no gyinagyina no, na mede wɔn hyɛ akongua a ɛwɔ me kar no akyi no ase.

Saa bere no, na pɛtro ho ayɛ den, na ná wɔde afiri bi a wɔde yɛ ogyaframa asisi kar pii mu. Nea ɛbɛyɛ na afiri yi ayɛ ogyaframa ma kar no engine atumi ayɛ adwuma no, ɛtwe mframa fi gyabiriw bi a adɔ ma ayɛ kɔɔ mu. Ná mifi kurow no mu anadwo, na sɛ merekɔ a mede nkotoku pii a gyabiriw wom gu me kar no akyi, baabi a na onua no ahintaw no. Sɛ midu baabi a asraafo gyinagyina no na migyina a, nea ɛbɛyɛ na wɔn adwene mma kar no so nhwehwɛ mu pii no, na mema kar no gya no kɔ soro ma dade a gyabiriw no gu mu no yɛ hyehyeehyew. Anadwo biara a na mede onua no retwam no, na meteɛm ka kyerɛ asraafo no sɛ: “Sɛ midum kar no gya no a, ogyaframa no ano bɛkɔ fam, na ɛbɛyɛ den sɛ metumi asan asɔ ogya no bio.” Ɛba saa a, ɔhyew, dede, ne wusiw kumɔnn a efi kar no mu nti, na asraafo no nhwehwɛ kar no mu yiye, na na wɔka sɛ menkɔ.

Saa mmere no, wɔkae sɛ menyɛ ɔmantam nhyiam ho nhyehyɛe wɔ Townsville mma Adansefo a wɔwɔ kurow no mu no. Ná aduan ho yɛ na, na sɛ yɛpɛ sɛ wɔma yɛn aduan tɔ a, na ɛsɛ sɛ yekogye tumi krataa fi ɔtemmufo a ɔwɔ kurow no mu no hɔ. Saa bere no, esiane sɛ na yɛn nuanom Kristofo mfa wɔn ho nhyehyɛ amanyɔsɛm ne ɔko no mu nti, na wɔkyere wɔn gu afiase. Enti, bere a meyɛɛ nhyehyɛe sɛ mɛkɔ akohu ɔtemmufo no, mekae wɔ me tirim sɛ, ‘So nyansa wɔ ade a mereyɛ yi mu, anaasɛ merekɔhyɛ no abufuw?’ Nanso, sɛnea wɔkae sɛ menyɛ no, mekɔe.

Miduu hɔ no, ná ɔtemmufo no te ɔpon kɛse bi akyi, na ɔkae sɛ mentra ase. Bere a mebɔɔ m’amanneɛ wiei no, omuna hwɛɛ me dinn. Afei, ɔtew n’anim bisaa me sɛ, “Aduan dodow ahe ne wopɛ?” Mede krataa a na mahyehyɛ nnuan a na yɛrepɛ no mu biara nkakrankakra wɔ so no maa no. Ɔhwɛɛ krataa no so no, ɔkae sɛ: “Ɛyɛ me sɛ nea woakyerɛw yi sua. Ma yɛnyɛ no mmɔho abien mma wo.” Bere a mifii n’adwumam hɔ no, mede anigye kɛse daa Yehowa ase sɛ wama manya asuade foforo wɔ ahotoso a ɛsɛ sɛ yenya wɔ ne mu no ho.

Wɔ January 1941 mu no, wɔbaraa asɛnka adwuma a Yehowa Adansefo yɛ wɔ Australia no. Nnipa pii nyaa yɛn ho adwemmɔne, na wɔbɔɔ yɛn sobo mpo sɛ yɛkeka ɔman no mu nsɛm kyerɛ Japanfo! Bere bi, asraafo ne polisifo a wɔahyɛ kar abien mu mama gyee bum kɔɔ Kingdom Farm a ɛyɛ asase bi a yɛtɔe a na yɛyɛ afuw wɔ so a ɛwɔ Atherton Plateau no so. Ná wɔrehwehwɛ kanea soronko bi a wosusuw sɛ yɛde ne wɔn atamfo no de di nkitaho. Wɔsan bɔɔ yɛn sobo sɛ yɛhyɛ da dua aburow wɔ ɔkwan soronko bi so a sɛ wɔn atamfo no de wimhyɛn nam wim a wobetumi ahwɛ aburow no ahu nea ɛkyerɛ! Nokwarem no, ɛbɛdaa adi sɛ saa sobo ahorow no nyinaa nyɛ nokware.

Esiane sɛ na wɔabara yɛn nti, sɛ yɛde nhoma rema a, na yɛyɛ anifere. Sɛ nhwɛso no, bere a woyii Children nhoma no adi no, migyee adaka biako wɔ Brisbane de faa keteke kɔɔ atifi fam. Sɛ ná keteke no gyina kurow biara a asafo wɔ hɔ so a, na miyi nhoma no bi ma anuanom a wɔwɔ hɔ no. Nea ɛbɛyɛ na polisifo ne asraafo renhwɛ ade a ɛwɔ adaka no mu no, mede sradaa tenten bi a ɛyɛ hankare kɔe, na sɛ merebesi fam a na mede akyekyere adaka no ho. Ɛwom sɛ nea meyɛe no nyɛ ade a ɛkyɛn so biara de, nanso amma wɔanhwehwɛ adaka no mu da. Ɔtemmufo bi kaa bara a na wɔabara yɛn no ho asɛm sɛ: “Ɛyɛ nea ntease nnim, na wɔanyɛ nsɛm mu nhwehwɛmu yiye na wɔbaraa yɛn, na afei nso ɛyɛ nhyɛso bɔne,” enti woyii nsa a na wɔde ato yɛn so no fii hɔ wɔ June 1943 mu maa Yehowa nkurɔfo ho tɔɔ wɔn pii.

Wɔfrɛɛ Yɛn sɛ Yɛnkɔ Sraadi

Wɔ afe a na atwam no mu no, wɔfrɛɛ me ne Aubrey Wills ne Norman Bellotti sɛ yɛnkɔ sraadi. Bere a wodii Aubrey ne Norman asɛm buaa wɔn fɔ sɛ wɔmfa wɔn ngu afiase asram asia no, dapɛn biako akyi ansa na wɔredi m’asɛm. Saa bere no, sɛ Ɔdansefo bi kra Ɔwɛn-Aban a, na posɔfese adwumayɛfo no mfa mma no, nanso wɔn a wɔnyɛ Adansefo a wɔkra bi no de, na wɔde ma wɔn. Enti, na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ wɔn a wɔkra Ɔwɛn-Aban no mu bi, na yegye bi fi wɔn hɔ hwɛ so yɛ bi na yɛkyekyɛ ma mfɛfo Adansefo no nyinaa. Saa kwan yi so na yɛnam nyaa honhom fam aduan daa.

Bere a wɔkae sɛ wɔmfa me nto afiase asram asia sɛnea na mehwɛ kwan no, ntɛm ara na mede asɛm no kɔdan asɛnnibea foforo sɛnea na baa dwumadibea a ɛwɔ Sydney no aka kyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no. Ná nea enti a yɛyɛ saa ne sɛ, yɛbɛtwe asɛnni no asensɛn na ama asafo no anya bere de apaw obi ma wahwɛ adwuma no so. Mede ahofadi kakra a minyae no kɔsraa Adansefo 21 a na wɔde wɔn agu afiase wɔ Queensland atifi fam no mu bi. Ná wɔn mu dodow no ara wɔ afiase biako mu, na na afiasehwɛfo panyin a ɔwɔ hɔ no mpɛ yɛn asɛm. Bere a meka kyerɛɛ no sɛ ɔsom ahorow mu mpanyimfo tumi sra wɔn asɔremma no, ne bo fuwii yiye. Ɔteɛɛm sɛ: “Sɛ mewɔ tumi a, anka mɛto Yehowa Adansefo nyinaa santen na mabobɔ mo tuo!” Afiase ahwɛfo no yɛɛ ntɛm de me fii adi.

Bere soe sɛ wɔsan di m’asɛm no, aban no maa me mmaranimfo bi sɛ ɔmmoa me. Nanso, sɛ yɛbɛka paa a, m’ankasa na mekaa m’asɛm, na na eyi hwehwɛ sɛ mede me ho to Yehowa so koraa. Na Yehowa nso anni me huammɔ. (Luka 12:11, 12; Filipifo 4:6, 7) Anwonwasɛm ne sɛ, midii nkonim, efisɛ nea ɔkyerɛw sobo a wɔde bɔɔ me no dii mfomso wɔ sɛnea ɔkyerɛw sobo no mu!

Wɔ afe 1944 mu no, wɔmaa me dwumadi sɛ menhwɛ ɔmansin kɛse bi a ɛfa South Australia nyinaa, Victoria atifi fam, ne Sydney kurow a ɛwɔ New South Wales mantam mu no so. Afe a edi hɔ no na yefii ase maa baguam ɔkasa wɔ wiase nyinaa, na na ɛsɛ sɛ ɔkasafo biara ankasa siesie kasa a ɔbɛma no. Ná ɛsɛ sɛ wogyina krataa a wɔhwɛ so ma ɔkasa a ɛyɛ kratafa biako a ahyehyɛde no de mae no so na esiesie ɔkasa no. Dɔnhwerew biako kasa no bɛyɛɛ asɛnnennen foforo maa yɛn, nanso yɛkɔɔ so de yɛn ho too Yehowa so koraa, na ohyiraa yɛn mmɔdenbɔ no so.

Aware ne Asɛyɛde Afoforo

Mewaree Beatrice Bellotti wɔ July 1946 mu, na yɛn baanu yɛɛ akwampae adwuma no. Ná yɛte ofie bi a wɔde ntaboo ayɛ a esi lɔre so mu. Yɛwoo yɛn babea a yedi no ɔbakoro a wɔfrɛ no Jannyce (Jann) no wɔ December 1950 mu. Yɛyɛɛ akwampae adwuma no wɔ mmeae pii a na Kempsey kurow a ɛwɔ New South Wales ka ho mu, na na yɛn nkutoo na yɛyɛ Adansefo wɔ hɔ. Kwasida biara na yɛkɔ ɔmanfo asa a ɛwɔ kurow no mu so, na na mema baguam ɔkasa a na yɛadi kan akyekyɛ nkratawa de abɔ ho dawuru no wɔ hɔ. Asram kakra a edi kan no, na Beatrice ne yɛn ba kumaa Jann nkutoo na na wotie ɔkasa no. Nanso, ankyɛ na afoforo fii ase baa nkakrankakra betiee bi. Ɛnnɛ, asafo abien a ɛredɔ ntɛmntɛm na ɛwɔ Kempsey kurow no mu.

Bere a Jann dii mfe abien no, yɛkɔtraa Brisbane. Afei, bere a Jann wiee sukuu no, abusua no nyinaa yɛɛ akwampae adwuma mfe anan wɔ New South Wales kurow Cessnock mu ansa na yɛresan akɔ Brisbane akɔhwɛ Beatrice maame a na ɔyare no. Seesei, manya hokwan resom sɛ ɔpanyin wɔ Chermside Asafo mu.

Me ne Beatrice da Yehowa ase wɔ ne nhyira pii a yɛanya, a emu bi ne hokwan a yɛanya de aboa nnipa 32 ma wɔabehu Yehowa no ho. M’ankasa nso meda Yehowa ase sɛ ɔmaa me ɔyere a ɔda me koma so. Ɛwom sɛ Beatrice mpɛ kasa, na odwo de, nanso wakɔ so de akokoduru aka Bible mu nokware no akyerɛ afoforo. Ɔdɔ a ɔwɔ ma Onyankopɔn ne ne mu ahotoso a ɔwɔ, ‘n’ani a ɔma ɛhwɛ tee’ no, ama wayɛ ɔyere ne ɛna pa ankasa. (Mateo 6:22, 23; Mmebusɛm 12:4) Me ne me yere betumi afi yɛn koma nyinaa mu aka sɛ: “Nhyira ne onii ko a ɔde ne ho to [Yehowa, NW] so, na [Yehowa, NW] yɛ n’anidaso!”—Yeremia 17:7.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 19 Percy Iszlaub asetram nsɛm puei wɔ May 15, 1981, Borɔfo Ɔwɛn-Aban no mu.

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Yɛde kar a akasam si so yi kaa asɛm no wɔ Queensland atifi fam

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Mereboa Kilpatrick anuanom mmea no ma wɔapia wɔn kar a atim wɔ osutɔbere mu wɔ Queensland atifi fam

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Yɛn ayeforohyia da