Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momma Yɛnhwehwɛ “Onyankopɔn Nneɛma A Emu Dɔ No” Mu

Momma Yɛnhwehwɛ “Onyankopɔn Nneɛma A Emu Dɔ No” Mu

Momma Yɛnhwehwɛ “Onyankopɔn Nneɛma A Emu Dɔ No” Mu

“Honhom no hwehwɛ nneɛma nyinaa mu, Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no.”—1 KORINTOFO 2:10.

1. Bible mu nokware ahorow a ɛma Bible asuafo a wɔyɛ foforo ani gye no bi ne dɛn?

YƐN mu dodow no ara a yɛwɔ Kristofo asafo no mu no betumi akae anigye a yenyae bere a edi kan a yehuu nokware no. Yehuu sɛnea Yehowa din no ho hia, nea enti a ɔma kwan ma nnipa hu amane, nea enti a nnipa binom bɛkɔ soro, ne nea nnipa anokwafo a wɔaka no benya daakye. Ansa na yɛrehu eyinom nyinaa no, ebia ná yɛadi kan akenkan Bible no pɛn, nanso yɛanhu saa nneɛma yi sɛnea nnipa dodow no ara nhui no. Ná yɛte sɛ onipa bi a ɔde n’ani kann rehwe ɛpo ase botan bi a ɛyɛ fɛ. Sɛ onni ahwehwɛniwa a wɔhyɛ de kɔ nsu ase a ɔde rehwɛ a, ɔrentumi nhu nneɛma a ɛyɛ fɛ a ɛhyehyɛ ɔbotan no mu no. Nanso, sɛ ɔhyɛ ahwehwɛniwa a wɔde kɔ nsu ase, anaa ɔtra ahyɛmma bi a ase yɛ ahwehwɛ mu a, n’ani begye sɛ obehu nneɛma a ɛyɛ fɛ a ɛhyehyɛ po ase botan no mu no. Nneɛma a obetumi ahu no bi ne mpataa ahorow a ebi yɛbea te sɛ nhwiren, ne ɛpo mu mmoa foforo a wɔn ho yɛ fɛ. Saa ara na bere a obi fii ase sɛ ɔbɛboa yɛn ma yɛate Kyerɛwnsɛm no ase no, yedii kan huu “Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ” no ho biribi kakra.—1 Korintofo 2:8-10.

2. Dɛn nti na anigye a yenya fi Onyankopɔn Asɛm a yesua mu no betumi ayɛ nea ɛrensa da?

2 So ɛsɛ sɛ yɛma Bible mu nokware kakra a yɛahu no ara dɔɔso ma yɛn? “Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no” yɛ Onyankopɔn nyansa a ɔde asie nkurɔfo a honhom kronkron no ama Kristofo ahu no. (1 Korintofo 2:7) Hwɛ sɛnea Onyankopɔn nyansa a yɛrentumi nhwehwɛ mu nwie da no ma yɛn ani gye kɛse! Yɛrentumi nhwehwɛ nyansa a ɛwɔ Onyankopɔn akwan mu no mu nwie da. Sɛ yɛkɔ so hwehwɛ “Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no” mu a, ɛremma yɛn werɛ mfi anigye a yenyae bere a yedii kan suaa Bible mu mfitiase nkyerɛkyerɛ no da.

3. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛte nea enti a yegye nneɛma bi di no ase yiye paa?

3 Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛte saa “nneɛma a emu dɔ” no ase? Sɛ yɛte nneɛma a yegye di no ase, na ɛnyɛ sɛ yegye di kɛkɛ, na mmom, sɛ yenim nea yɛn gyidi no gyina so a, ɛma yɛn gyidi mu yɛ den, na yenya ahotoso. Kyerɛwnsɛm no ka kyerɛ yɛn sɛ, yɛmfa yɛn “adwene” ‘nsɔ nhwɛ nhu Nyankopɔn pɛ a eye na ɛsɔ ani na edi mu’ no. (Romafo 12:1, 2) Sɛ yɛte nea enti a Yehowa pɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra wɔ akwan bi so no ase a, ɛboa yɛn ma yɛkɔ so tie n’asɛm. Ne saa nti, “nneɛma a emu dɔ no” a yebehu no betumi ahyɛ yɛn den ama yɛatwe yɛn ho afi nneɛma bɔne ho, na aboa yɛn ma yɛabɔ “nnwuma pa ho mmɔden” nso.—Tito 2:14.

4. Bible a yebesua no hwehwɛ sɛ yɛyɛ dɛn?

4 Ɛsɛ sɛ yesua ade na ama yɛate nneɛma a emu dɔ no ase. Nanso, ɛsono adesua, ɛnna ɛsono sɛ yɛbɛkenkan nhoma bi kɛkɛ. Adesua ne sɛ, yɛbɛtɔ yɛn bo ase ahwehwɛ asɛm bi mu yiye, na yɛahwɛ sɛ ɛne nea yenim dedaw no hyia anaa. (2 Timoteo 1:13) Nea ɛka ho bio nso ne sɛ yebesusuw emu nsɛm no ho. Sɛ yɛresua Bible no a, ɛsɛ sɛ yesusuw ɔkwan a yebetumi afa so de nea yɛresua no asisi gyinae a nyansa wom, ne sɛnea yɛde bɛboa afoforo no ho. Afei nso, esiane sɛ “Kyerɛwnsɛm nyinaa fi Nyankopɔn honhom mu” nti, ɛsɛ sɛ yesua “asɛm biara a efi Yehowa anom” no. (2 Timoteo 3:16, 17; Mateo 4:4) Bible sua gye animia ankasa! Na ebetumi ayɛ anigye nso, na ɛnyɛ den pii nso sɛ yɛbɛte “Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no” ase.

Yehowa Boa Ahobrɛasefo Ma Wɔte N’Asɛm Ase

5. Henanom na wotumi te “Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no” ase?

5 Sɛ na woyɛ obi a wommɔ mmɔden wɔ sukuu adesua mu, na w’ani nnye adesua ho mpo a, nyɛ w’adwene sɛ worentumi nsua “Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no” nte ase. Bere a na Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ asase so no, Yehowa amma anyansafo ne animdefo anhu N’atirimpɔw, na mmom ɛyɛ nnipa a na wonsuaa nhoma ne mpapahwekwa a wɔbrɛɛ wɔn ho ase maa Onyankopɔn somfo no kyerɛkyerɛɛ wɔn no na ɔma wɔtee ase. Sɛ wɔde wɔn a na wonsuaa nhoma no toto wɔn a na wɔakɔ sukuu no ho a, na wɔn a wonsuaa nhoma no te sɛ nkokoaa. (Mateo 11:25; Asomafo Nnwuma 4:13) Bere a ɔsomafo Paulo reka “nneɛma a Nyankopɔn asiesie ama wɔn a wɔdɔ no” ho asɛm akyerɛ ne mfɛfo gyidifo no, ɔkae sɛ: “Yɛn na Onyankopɔn nam ne honhom so ayi akyerɛ yɛn, efisɛ honhom no hwehwɛ nneɛma nyinaa mu, Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no.”—1 Korintofo 2:9, 10.

6. Asɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 2:10 no kyerɛ dɛn?

6 Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn honhom hwehwɛ “Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no” mu? Yehowa nka n’asɛm nkyerɛ Kristofo sɛ ankorankoro, na mmom, ɔde ne honhom no kyerɛ n’ahyehyɛde no kwan ma ɛboa Onyankopɔn nkurɔfo a wɔayɛ biako no ma wɔte Bible no ase. (Asomafo Nnwuma 20:28; Efesofo 4:3-6) Asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa no wɔ nhyehyɛe koro a wɔde sua Bible no. Wɔde mfe dodow bi sua Bible nkyerɛkyerɛ ahorow pii. Honhom kronkron no nam asafo no so boa nkurɔfo ma wonya su a ɛbɛboa wɔn ma wɔate “Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no” ase.—Asomafo Nnwuma 5:32.

“Onyankopɔn Nneɛma a Emu Dɔ No”

7. Dɛn nti na nnipa pii nte “Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no” ase?

7 Ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ “nneɛma a emu dɔ” no yɛ nneɛma a asete yɛ den. Nnipa dodow no ara na wonni “Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no” ho nimdeɛ. Ɛnyɛ sɛ ɛyɛ den dodo sɛ wobenya Onyankopɔn nyansa, na mmom ɛyɛ Satan na ɔdaadaa wɔn ma wɔpo mmoa a Yehowa nam N’ahyehyɛde no so de ma wɔn no.—2 Korintofo 4:3, 4.

8. Nneɛma a emu dɔ bɛn na ɛwɔ Paulo krataa a ɔde kɔmaa Efesofo no ti abiɛsa no mu?

8 Wɔ Paulo krataa a ɔde kɔmaa Efesofo no mu no, ɔkae wɔ ti abiɛsa no mu sɛ nokware a Yehowa nkurɔfo dodow no ara te ase yiye a ebi ne onii a ɔno ne Aseni a wɔhyɛɛ no ho bɔ no, ɔkwan a wɔfaa so paw nnipa bi a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛkɔ soro, ne Mesia Ahenni no ka “Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no” ho. Paulo kyerɛwee sɛ: “Awo ntoatoaso afoforo mu no wɔamma nnipa mma anhu ahintasɛm yi sɛnea seesei wɔnam honhom so ayi akyerɛ n’asomafo ne adiyifo kronkron no, sɛ ɛsɛ sɛ amanaman mufo nso fa asɛmpa no so bɛyɛ mfɛfo adedifo ne nipadua no ho akwaa na wɔne yɛn nyinaa anya bɔhyɛ no mu kyɛfa wɔ Kristo Yesu mu.” Paulo kae sɛ, wɔama no adwuma sɛ ɔmma “nnipa nhu sɛnea ahintasɛm kronkron no yɛ adwuma, nea wɔde ahintaw fi teteete wɔ Onyankopɔn a ɔbɔɔ nneɛma nyinaa mu no.”—Efesofo 3:5-9.

9. Dɛn nti na ɛyɛ hokwan kɛse sɛ yɛbɛte “Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no” ase?

9 Paulo kɔɔ so kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, wɔnam Onyankopɔn apɛde so bɛma nea “ɛwowɔ ɔsoro atrae ahu Onyankopɔn nyansa a egu ahorow pii no.” (Efesofo 3:10) Sɛ abɔfo hu nyansa a ɛwɔ sɛnea Yehowa ne Kristofo asafo no di nsɛm no mu, na wɔte ase a, wotumi sua biribi fi mu. Hwɛ sɛnea ɛyɛ hokwan kɛse ma yɛn sɛ yɛbɛte nneɛma a abɔfo mpo ani gye ho no ase! (1 Petro 1:10-12) Bio nso, Paulo kae sɛ, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛte Kristofo gyidi no ase, na yɛne “akronkronfo nyinaa atumi ahu ne tɛtrɛtɛ ne ne tenten ne ne sorokɔ ne sɛnea emu dɔ yiye” no. (Efesofo 3:11, 18) Afei, ma yensusuw nneɛma a emu dɔ a ebetumi ama yɛanya nimdeɛ pii no bi ho nhwɛ.

Onyankopɔn Nneɛma a Emu Dɔ no Bi

10, 11. Sɛnea Kyerɛwnsɛm no kyerɛ no, bere bɛn na Yesu bɛyɛɛ Onyankopɔn soro “ɔbea” no “aseni” no mu otitiriw?

10 Yenim sɛ Yesu na ɔyɛ Onyankopɔn soro “ɔbea” no ‘aseni’ no mu otitiriw a wɔaka ne ho asɛm wɔ Genesis 3:15 no. Nea ɛbɛyɛ na ntease a yɛwɔ wɔ asɛm yi ho ayɛ kɛse no, yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Bere bɛn na Yesu bɛyɛɛ Aseni a na wɔahyɛ ne ho bɔ no? So ɛyɛ bere a na onnya mmaa asase so sɛ onipa no, bere a wɔwoo no sɛ onipa no, anaa bere a wɔbɔɔ no asu no, anaasɛ ɛyɛ bere a wonyan no fii awufo mu no?’

11 Ná Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ, n’ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro a wɔkaa ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ mu sɛ Onyankopɔn “ɔbea” no bɛwo aseni bi a ɔbɛbɔ ɔwɔ no ti. Nanso, mfe mpempem pii twaam a na Onyankopɔn ɔbea no nwoo aseni biara a obetumi asɛe Satan ne ne nnwuma. Enti, Yesaia nkɔmhyɛ no frɛɛ ɔbea no “bonin” ne ɔbea “ɔredi honhom mu yaw.” (Yesaia 54:1, 5, 6) Bere no dui no, wɔwoo Yesu wɔ Betlehem. Nanso, ɛyɛ bere a wɔbɔɔ Yesu asu akyi, na wɔde honhom no woo no ma ɔbɛyɛɛ Onyankopɔn honhom mu ba no nkutoo na Yehowa kae sɛ: “Oyi ne me Ba.” (Mateo 3:17; Yohane 3:3) Afei de, na ɔbea no “aseni” titiriw no ada ne ho adi. Akyiri yi, wɔde honhom kronkron no sraa Yesu akyidifo no nso ma wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn honhom mu mma. Awiei koraa no, ná Yehowa “ɔbea” no a wadi yaw bere tenteenten te sɛ ɔbea a ‘wanwo’ no betumi adi “ahurusi.”—Yesaia 54:1; Galatifo 3:29.

12, 13. Kyerɛw nsɛm bɛn na ɛkyerɛ sɛ Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so nyinaa na wɔbom yɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no?

12 Nneɛma a emu dɔ no ho nhwɛso a ɛto so abien a wɔama yɛahu no fa nea enti a Onyankopɔn paw nnipa 144,000 fii adesamma mu no ho. (Adiyisɛm 14:1, 4) Yɛate ase, na yegye di nso sɛ wɔn a wɔasra wɔn a wɔte ase wɔ asase so wɔ bere bi mu no nyinaa na wɔbom yɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no a Yesu kae sɛ ɔbɛma ne nkoa “aduan” wɔ bere a ɛsɛ mu no. (Mateo 24:45) Bible mu nsɛm bɛn na esi so dua sɛ saa nkyerɛkyerɛ yi yɛ nokware? So ebetumi aba sɛ nea na Yesu reka ne sɛ Kristoni biara a ɔbɛma ne nuanom honhom fam aduan de ahyɛ wɔn den wɔ Onyankopɔn som mu no ne saa akoa no?

13 Onyankopɔn ka kyerɛɛ Israel man no sɛ: “Mone m’adansefo, . . . m’akoa a mayi no no.” (Yesaia 43:10) Nanso, wɔ Nisan da a ɛto so 11 afe 33 Y.B. mu no, Yesu ka kyerɛɛ Israel akannifo no sɛ, Onyankopɔn apo wɔn man no, na wɔnyɛ Ne somfo bio. Ɔkae sɛ: “Wobegye Nyankopɔn ahenni afi mo nsam na wɔde ama ɔman a ɛbɛsow aba.” Yesu ka kyerɛɛ nnipakuw no sɛ: “Hwɛ! Wɔagyaw mo fie ama mo.” (Mateo 21:43; 23:38) Sɛ́ Yehowa akoa no, Israel fie anni nokware, na saa ara nso na wannyɛ ɔbadwemma. (Yesaia 29:13, 14) Saa da no ara, bere a Yesu bisae sɛ: “Hena ankasa ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma . . . no?” asɛm ankasa a na ɔrebisa ne sɛ, ‘Ɔman bɛn na ɛyɛ ɔbadwemma a wɔde besi Israel ananmu ma ayɛ Onyankopɔn akoa nokwafo no?’ Ɔsomafo Petro maa asɛm yi ho mmuae bere a ɔka kyerɛɛ Kristofo a wɔasra wɔn asafo no sɛ: “Moyɛ . . . ‘ɔman kronkron, nnipa a wɔde wɔn ayɛ agyapade soronko.’” (1 Petro 1:4; 2:9) Saa honhom mu ɔman a ɛne “Nyankopɔn Israel no” bɛyɛɛ Yehowa akoa foforo no. (Galatifo 6:16) Sɛnea na wɔfrɛ tete Israelfo nyinaa sɛ “akoa” no, saa ara na Kristofo a wɔasra wɔn nyinaa a wɔwɔ asase so wɔ bere bi mu no nso bom yɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no. Hwɛ hokwan a yɛanya sɛ yɛnam Onyankopɔn akoa no so nya “aduan”!

Yebetumi Anya Adesua a Yɛn Ankasa Yɛyɛ Mu Anigye

14. Dɛn nti na sɛ yesua Bible, na yɛankenkan no kɛkɛ a, ɛma yenya anigye?

14 Sɛ yenya Kyerɛwnsɛm no mu ntease foforo a, so ɛnhyɛ yɛn gyidi den mma yɛn ani nnye? Ɛno nti na sɛ yesua Bible na yɛankenkan no kɛkɛ a, ɛma yɛn ani gye no. Enti, sɛ wokenkan Kristofo nhoma ahorow a, bisa wo ho sɛ: ‘Sɛ mede saa nkyerɛkyerɛmu yi toto ntease a mewɔ dedaw wɔ saa asɛm yi ho a, ɛte dɛn? Kyerɛwnsɛm mu nsɛm anaa nsɛm foforo bɛn na metumi asusuw ho a ebesi nkyerɛkyerɛmu a wɔde ama wɔ saa asɛm yi ho no so dua?’ Sɛ ɛho hia sɛ wokɔ so yɛ nhwehwɛmu wɔ asɛm no ho a, kyerɛw asɛm a wopɛ sɛ wunya ho mmuae no to hɔ, na akyiri yi woayɛ ho nhwehwɛmu.

15. Nneɛma bɛn na sɛ wusua ho ade a, ebetumi ama w’ani agye, na wobɛyɛ dɛn atumi anya so mfaso daa?

15 Nneɛma bɛn na sɛ wusua ho ade a, wubenya ntease foforo a ɛbɛma w’ani agye? Nneɛma no bi ne apam ahorow a Onyankopɔn ayɛ a ɛso ba adesamma mfaso a yebesua ho ade akɔ akyiri no. Sɛ wusua nkɔmhyɛ ahorow a ɛkaa Yesu Kristo ho nsɛm, anaa wususuw Bible mu nkɔmhyɛ nhoma no mu biako nkyekyɛm ho mmiako mmiako a, ebetumi ahyɛ wo gyidi den. Sɛ mowɔ Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom * nhoma no bi wɔ mo kasa mu a, wubetumi de ayɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ ho abakɔsɛm ho nhwehwɛmu, na ɛno nso betumi ahyɛ wo gyidi den. Na sɛ wokenkan “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a aba dedaw wɔ Ɔwɛn-Aban mu no a, akyinnye biara nni ho sɛ ebetumi ama woate kyerɛw nsɛm bi ase yiye. Sɛ worekenkan a, hyɛ ɔkwan a wɔfaa so de Kyerɛwnsɛm kyerɛkyerɛɛ asɛm no mu no nsow yiye. Eyi bɛboa wo ma woatete ‘w’adwene tumi,’ na ama woanya nhumu. (Hebrifo 5:14) Sɛ woresua ade a, kyerɛw nsɛm bi gu wo Bible mu, anaa krataa bi so sɛnea ɛbɛyɛ a wo ne wɔn a wubetumi de aboa wɔn no benya so mfaso daa.

Mommoa Mmabun Mma Wɔn Ani Nnye Bible Sua Ho

16. Wobɛyɛ dɛn atumi aboa mmabun ma wɔn ani agye Bible a wobesua ho?

16 Awofo betumi ayɛ pii de aboa wɔn mma ma wɔn ani agye Onyankopɔn asɛm a wobesua ho. Munnnya adwene sɛ mo mma no ntumi nnte nneɛma a emu dɔ ase. Sɛ moma mo mma dwumadi sɛ wɔnyɛ nhwehwɛmu mfa nsiesie wɔn ho mma abusua Bible adesua a, mubetumi abisa wɔn nneɛma a wɔasua afi mu no ho asɛm. Sɛ moreyɛ mo abusua adesua a, mubetumi ayɛ nneɛma a moresua no ho ɔyɛkyerɛ na aboa mmabun no ma wɔahu sɛnea wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn gyidi mu, na wɔn ankasa ama afoforo ahu sɛ nneɛma a wɔakyerɛkyerɛ wɔn no yɛ nokware. Bio nso, mubetumi de ‘Hwɛ Asase Pa No’ * nhomawa no akyerɛkyerɛ wɔn nsase a Bible ka ho asɛm no, de ama wɔahu nsase a morekenkan ho nsɛm wɔ mo dapɛn biara Bible akenkan mu no.

17. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn bere nyinaa sua Bible mu nsɛm a emu dɔ no nkutoo?

17 Bible mu nsɛm a emu dɔ a w’ankasa wubesua no betumi ama w’ani agye, na ahyɛ wo gyidi den, nanso hwɛ yiye na woamma annye wo bere nyinaa na amma woammu w’ani angu nneɛma a ɛsɛ sɛ wusua ansa na woakɔ asafo nhyiam no so. Asafo nhyiam ahorow no nso yɛ ɔkwan foforo a Yehowa nam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so kyerɛkyerɛ yɛn. Nokwarem no, sɛ woyɛ nhwehwɛmu kɔ akyiri a, ebetumi aboa wo ma woama mmuae a ntease wom wɔ asafo nhyiam ahorow ase. Sɛ nhwɛso no, nhyiam ahorow bi te sɛ Asafo Nhoma Adesua, anaa bere a yɛreyɛ dapɛn biara Bible akenkan mu nsɛntitiriw wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu ase no.

18. Dɛn nti na mfaso wɔ mmɔden a yɛbɛbɔ de asua “Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no” so?

18 Adesua a emu dɔ a wobɛyɛ wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no betumi aboa wo ma woabɛn Yehowa. Bere a Bible rekyerɛ mfaso a ɛwɔ adesua a ɛte saa so no, ɛkae sɛ: “Nyansa onwini ase tra te sɛ sika onwini ase tra, na nimdeɛ yɛ mfaso, na nyansa gye ne wura nkwa.” (Ɔsɛnkafo 7:12) Enti, mfaso wɔ mmɔden a wobɔ sɛ wubenya Onyankopɔn asɛm a emu dɔ no mu ntease yiye no so. Bible hyɛ wɔn a wɔkɔ so yɛ nhwehwɛmu a ɛte saa no nyinaa bɔ sɛ: ‘Wobehu Onyankopɔn ho nimdeɛ.’—Mmebusɛm 2:4, 5.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 15 Yehowa Adansefo na wotintimii.

^ nky. 16 Yehowa Adansefo na wotintimii.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Dɛn ne “Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no”?

• Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yegyae nneɛma a emu dɔ a yebesua no da?

• Dɛn nti na Kristofo nyinaa betumi ate “Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no” ase na ama wɔn ani agye?

• Wobɛyɛ dɛn atumi anya “Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no” so mfaso kɛse?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Bere bɛn na Yesu bɛyɛɛ Aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no?

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Awofo betumi ama wɔn mma dwumadi ama wɔayɛ nhwehwɛmu de asiesie wɔn ho ama abusua adesua